Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 8/1 kr. 15-18
  • Onyankopɔn Adɔfo Bɔ Wɔn Tirim. . .

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Adɔfo Bɔ Wɔn Tirim. . .
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ENTI MOMMA YƐMMƆ YƐN TIRIM SƐ
  • Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 8/1 kr. 15-18

Onyankopɔn Adɔfo Bɔ Wɔn Tirim. . .

Nnipa ɔpehaha pii a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam Horow no gyee saa tirimbɔ yi toom anigye so afe a etwaam no

1. Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa Adansefo de rema, na dɛn ntia?

BƐBORO mfe 100 ni no, Yehowa Nyankopɔn nam n’adansefo so de kɔkɔbɔ ama sɛ saa wiase yi anaasɛ nneɛma nhyehyɛe yi rentumi nnyina. Yɛn yɔnko nnipa ho a yesusuw, a ɔman anaa abusua a wofi mu anaasɛ kasa a wɔka mfa ho nti, ɔsoro dɔ ka yɛn ma yɛkyerɛ nkurɔfo kwan kɔ Onyankopɔn nhyehyɛe so sɛ ɛno nkutoo na ebetumi adi adesamma nsɛm a emu yɛ den ho dwuma.

2. Nneɛma bɛn na ayɛ basaa wɔ wiase?

2 Bere a yɛahyɛn 1980 mfe yi mu no, dɛn na yehu sɛ ɛreba nnipa ne aman a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn nhyehyɛe so anaasɛ wobu no animtiaa na wodi wɔn ankasa ho so anaasɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ no so? Nnipa mmadwemma a wɔwɔ baabiara yam hyehye wɔn wɔ wiase nsɛm tebea a ayɛ basaa no ho. Na ɛnyɛ nwonwa​—nneɛma pii ayɛ basaa. Wɔ akwantu mu, akwan horow a wɔnam so ne nnipa a wɔwɔ akyirikyiri di nkitaho, aduyɛ mu, mfiri ho nimdeɛ mu, nneɛma ahorow a bere bi a atwam no wɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ anidaso anaasɛ nhyira no nyinaa taa di huammɔ na edi awu mpo. Nsɛm a emu yɛ den na enni ano abunkam adesamma abusua no so​—nsɛmmɔnedi, odwowtwa, abɔnefosɛm, basabasayɛ, amumɔyɛ ne asiane ahorow a ɛyɛ hu. Ampa, adesamma wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ yi mu yɛ hu. Wɔ nnipa fam ankasa no, kɔ a mprempren wiase yi bɛkɔ so atra hɔ no yɛ asɛm a emu yɛ den a wobisa nnɛ. Nanso nnipa baahe na nnɛ wogyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so susuw nea tebea horow a ebi mmae da yi kyerɛ no ho?

3. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bɛn mmamu na ɛma Yehowa Adansefo gye di sɛ nhyehyɛe yi awiei abɛn? Dɛn na nkɔmhyɛ ahorow yi ka?

3 Yesu Kristo de nsɛnkyerɛnne ahorow bi mae a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ne bere a obefi ase adi n’ahenni tumi wɔ adesamma wiase yi so no ho. Ne nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn bere yi ho no yɛ nea wɔada no adi wɔ Mateo ti 24 ne 25, Luka ti 21 ne Marko ti 13. Nea ɛne nkɔmhyɛ kɛse yi hyia no, yehu nna a edi akyiri yi ho nsɛm afoforo a efi honhom mu nso wɔ 2 Timoteo 3:1-5, Adiyisɛm ti 6 ne nkɔmhyɛ afoforo a ɛfa eyi ho wɔ Hebrifo ne Kristofo Hela Nkyerɛwee no mu. Bible asuafo mmɔdenbɔfo a wɔwɔ yɛn mu ahu nkɔmhyɛ ahorow yi pii mmamu wɔ afeha yi mu.

4. Adanse a ɛda adi pefee bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ ‘abɔde nyinaa penepene’?

4 Wɔ asetra nyinaa mu ne baabiara no, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ “abɔde nyinaa penepene na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Rom. 8:22) Nkɔso a wɔka no baabiara sɛ aba wɔ aduruyɛ mu no akyi no, yehu nso sɛ nipadua mu, adwene mu ne nkate mu nyarewa ahorow haw nkurɔfo. Aware nhyehyɛe horow resɛe, ntetewmu ne awaregu ne aware horow a wɔhyehyɛ wɔ aman pii so no yɛ pɛ anaasɛ ɛboro so mpo. Abusua asetra ayɛ basaa, na ɛma ebinom adwenem yɛ wɔn nãa wɔ trã a adesamma abusua no nnyinaso yi betumi akɔ so atra hɔ no ho. Nkurɔfo ahorow ho akyere wɔn sika fam kɛse na ɛreyɛ ayɛ nea wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Amanaman ho yeraw wɔn, na mpaapaemu ahorow ba wɔn ankasa mu ma ɛhaw wɔn a ɛnyɛ atamfo a wofi baabi foforo na wɔde ɔhaw yi ba. Wiase nyinaa rehu amane wɔ sika fam ahokyere a aba, petrol a wonnya, mframa ne nneɛma afoforo a wɔsɛe no na ɛde nnipa nkwa to asiane mu, nnipa a wɔdɔɔso mmoroso ne aduan a wonnya wɔ mmeae horow pii mu. Nea ɛka eyinom nyinaa ho nso ne akodeyɛ bebrebe ho akansi a ebetumi de ɔhaw kɛse ne nuklea ɔsɛe aba adesamma so no. Ampa, nnipa retɔ beraw esiane nea wohu sɛ ɛreba asase a wɔte so yi so no ho hu nti.

5. (a) Wɔ mprempren basabasayɛ tebea yi mu no, dɛn na nnipa pii reyɛ? (b) Dɛn a wɔbɛyɛ so na nnipa nam betumi anya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu, na ogye ho nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ?

5 Ɔhaw ahorow yi nyinaa mu no, ebinom de hwee mfa wɔn ho. Ebinom de wɔn ho hyɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so ne nea wohu sɛ agye din no mu. Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo, a wɔhyɛ da sɔre tia ne trenee nnyinasosɛm ne amansan tumidi no nso wɔ hɔ. Sɛnea wiase no dua no, saa ara na etwa mprempren​—aba a aporɔw. Bere a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no abɛn ama ne sɛe a ɛba mpofirim. Wɔka kyerɛ nnipa a wɔdɔ trenee a wohu asiane a adesamma a wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wɔpɛ honam fam nneɛma, wɔpɛ anigyede akyidi na wɔnyɛ osetie no wom no sɛ wontie kɔkɔbɔ a efi soro no ansa na aka akyi dodo. Ɛdenam saa yɛ so no, ebia, nea ɛne Onyankopɔn nneyɛe wɔ mmere a atwam no mu no hyia no, wɔbɛka wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu no ho. Mfeha aduanan abiɛsa a atwam ni no Onyankopɔn kyɛee Noa ne ne fifo so wɔ nsuyiri a ɛbaa asase so nyinaa no mu. Mfehaha akyi no, ogyee Lot ne ne mmabea baanu no bere a ɔsɛee Sodom ne Gomora no. Eyinom ma yehu sɛnea ebia Onyankopɔn ne wɔn a wɔde gyidi di dwuma na wogye daa asɛmpa a wɔabɔ no dawuru afeha yi nyinaa mu no tom no.

6. (a) Dɛn nti na amanehunu, pii saa aba wiase fi 1914? (Adi. 12:7-12) (b) “Ahohiahia kɛse” no mu no, dɛn na ɛbɛba atorosom so, ne wiase aman horow no nso so? (Adi. 18:9, 10, 21-24; 19:11-16)

6 Nnɛyi abakɔsɛm kyerɛwfo ahu sɛ 1914 de nsakrae kɛse bae. Efi saa afe titiriw no so no, adesamma te basabasayɛ bere a ɛde nsakrae akɛse ba mu. Nea nnipa pii nhu ne sɛ Bible nkɔmhyɛ da no adi sɛ ɛyɛ amanehunu bere ma adesamma “efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adi. 12:7-12) Atemmu bere reba ntɛmntɛm. Ɛbɛba awo ntoatoaso yi mu wɔ nea Yesu kaa ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse” a emu na Onyankopɔn atemmu bɛba Babilon Kɛse, atorosom wiase ahemman a Kristoman ne ne fã titiriw, so no mu. Ɛno akyi no, aman a wɔsɔre tia Onyankopɔn ahenni, ne wiase nniso a ɛreba no, de wɔn ho bɛhyɛ Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ da kɛse no mu ko, a wɔfrɛ no Bible mu sɛ Harmagedon, no mu, na wobedi nkogu koraa.​—Adi. 16:14-16.

7. (a) Harmagedon akyi no, dɛn na ɛbɛba ɔbonsam ne n’ahonhom dɔm no so? (Adi. 20:1-3) (b) Daakye bɛn na adesamma benya mu anigye afei, sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ no? (Adi. 21:3, 4: Dw, 37:9-11, 29; Yes. 11:6-9; 33:24; 65:21-24)

7 Awiei koraa no, wɔbɛtow Ɔbonsam ne ahonhommɔne dɔm no agu sɛnkyerɛnne kwan so bun a wontumi nyɛ hwee wɔ mu no mu, na eyi bɛma Onyankopɔn ahenni no atumi adi asase nyinaa so mfirihyia apem a hwee nsiw no kwan. (Adi. 20:1-3; 21:3, 4) Hwɛ anigye ara a yɛwɔ sɛ yɛabenya ɔkwan a Onyankopɔn nam so beyi abɔnefosɛm afi asase so no ho nimdeɛ! So ɛnyɛ anigye na yɛde twɛn eyi a Onyankopɔn bɛyɛ no anaa? Yiw, na anigye so no yɛkamfo ɔsoro nniso foforo ne asase so adesamma abusua foforo a wɔatew wɔn ho a wahyɛ ho bɔ no!​—2 Pet. 3:13.

ENTI MOMMA YƐMMƆ YƐN TIRIM SƐ

8. Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no man mma anokwafo no, ɔkwan bɛn na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛfa so wɔ Yesu Kristo a yesuasua no no mu? (Marko 1:38; Luka 4:43; Yoh. 6:15; 15:19; 17:16; 18:36)

8 Yɛn, Yehowa Adansefo, yɛbɛyere yɛn ho wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛka Ahenni asɛmpa no nnam so na yɛde akokoduru aka Onyankopɔn atemmu asɛm no akyerɛ wɔ bere a ɔde ama no mu no mu. Yɛbɛkɔ so fi yɛn kra nyinaa mu de yɛn nokwaredi ama Onyankopɔn ahenni no na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ ne nkoa anokwafo. Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ oyi denam nokwaredi kwan a Yesu Kristo faa so no akyi a yebedi, atwe yɛn ho afi wiase yi ho, akwati n’amansɛmdi ahorow, a yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ n’akodi ahorow mu na yennyaa yɛn mudi mu so. Ɛwom sɛ eyi ma wɔkasa tia yɛn na wiase bo fuw yɛn de, nanso yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛma Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm a ese obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no yɛ ne ho Onyankopɔn tamfo no nkyerɛ yɛn kwan.​—Yak. 4:4.

9. (a) Kyerɛwsɛm mu kɔkɔbɔ bɛn na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ so de ama? (b) Dɛn na ɛwɔ gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsow Ahenni aba ne Onyankopɔn honhom no aba no ho dwuma a yebedi no mu? (Marko 13:10; Yoh. 13:34, 35; Gal. 5:22, 23; Kol. 3:12-14)

9 Bere a yɛafi Babilon Kɛse no mu no, yɛbɛkɔ so de Kyerɛwsɛm mu kɔkɔbɔ yi ama: “Me man, mumfi no mu, na moamfra ne nnebɔne, na moannya ne haw no bi.” (Adi. 18:4) Wɔ ahofama honhom mu no, yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ so aboa nnipa pii a ebia wɔbɛba nokware no afã ansa na Onyankopɔn atemmu aba atorosom wiase ahemman no so no. Bere a ɔkwammɔne a Kristoman nam so no de ahohorabɔ aba Onyankopɔn din so no, gyinae a yɛasi ne sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ Yesu Kristo nokware asuafo denam Ahenni no ne Onyankopɔn honhom no aba a yɛbɛsow na yɛnam so ahyɛ Yehowa, yɛn soro Agya, no anuonyam no so.​—Yoh. 15:8.

10. (a) Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma Onyankopɔn denam nokware no a yɛde bɛma wɔ ɔkwan bɛn so so? (Kol. 4:6; 1 Pet. 3:15) (b) Nnamyɛ ne akokoduru, ne obu ma tumidi ho nhwɛso bɛn na asomafo no yɛe a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yebedi akyi?

10 Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara ne faako a yɛte biara no, yɛn ani begye sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma Onyankopɔn adekyee ne adesae. Yɛbɛkɔ so de hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa adi dwuma de adi Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ho adanse, ada nokware no adi wɔ anigye kwan so, ‘ama yɛn kasa ho aba nyam daa a nkyene wom.’ (Kol. 4:6) Bere koro no ara mu no, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya akokoduru, de nnamyɛ aka Onyankopɔn asɛm no, titiriw wɔ ahunahuna, ɔtaa anaasɛ ɔsɔretia afoforo mu. Te sɛ asomafo no “yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate” no. (Aso. 4:19, 20) Bere a yɛde obu a ɛfata ma atumfoɔ no, na yɛde Kaesare nneɛma ma Kaesare no, sɛ asɛm bi sɔre a ɛfa yɛn som ma Onyankopɔn no ho a, yebesuasua asomafo no denam ‘Onyankopɔn a yebetie no sɛ sodifo asen nnipa’ no so.​—Aso. 5:29.

11. (a) Adwuma bɛn na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yebewie? (Mat. 24:14) (b) Hena na yɛde yɛn ani to no so ma wakyerɛ yɛn kwan, na so biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so ahwɛ mmoa a ɛte saa kwan? (Fil. 4:13)

11 Ɛdenam honhom mu nneɛma a yɛde di kan wɔ yɛn asetra mu no so no yɛn tirim a yɛbɔ ne sɛ yebewie Ahenni asɛmpa ho dawurubɔ adwuma no na yɛde ɔsoro kɔkɔbɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ama. Eyi yɛ mu no, yefi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho bɛto Yehowa so, de yɛn ho ato n’akwankyerɛ ne ne mmoa ne ne dɔ a oyi adi kyerɛ yɛn akwan afoforo so no so daa. Wɔ yɛn mpaebɔ mu no yɛbɛsrɛ yɛn soro Agya no sɛ eyi a yɛyɛ no bɛsɔ n’ani, ɔno a “otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa ma ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw.” (Efe. 3:20) Ne pɛ nyɛ hɔ, na ɛmfa anigye ne nhyira pii mmrɛ yɛn ne afoforo a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa, mprempren ne daa nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena