Ɔfã 14: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
ƐBƐ NO MMAMU A ETWA TO NNƐ
36. So asuafo a wɔyɛ “nkoa” no Awurade no bae bio ansa na wɔresɛe Yerusalem anaasɛ wɔ ɛno ekyi, na dɛn na Yohane nsɛm a ɔde wiee Adiyisɛm no kyerɛe wɔ Kristo ba no ho?
36 Saa afeha a edi kan no mu “nkoa” a wɔmaa “talente” a ɛsom bo no bɛyɛɛ pii wɔ wiase nyinaa wɔ akodi ahorow, ɔyaredɔm ahorow, aduankɔm, nsasewosow ne ɔtaa ahorow mu no nyinaa wuwui, nanso wɔn Awurade ne wɔn Wura a na ɔkɔ no ansan amma wɔn bere so, ansa na Roma asraafo rebɛsɛe Yerusalem anaasɛ ɛno akyi. Ade a ɛyɛ hu a ɛmaa Yudafo nyamesom wiase no ho dwiriw no yi akyi bɛyɛ mfirihyia aduonu asia no, na ɔsomafo Yohane da afiase wɔ Supɔw Patmo so a Adiyisɛm a efi honhom mu a onyae no ama ne ho asɛpɛw no a emu na ɔkaa daakye ho asɛm sɛ: “Hwɛ ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no no.” Na Yohane de mpaebɔ wiee Adiyisɛm no mu nsɛm sɛ: “Amen! Yiw! Awurade Yesu, bra! Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo nyinaa.” (Adi. 1:7; 22:20, 21) Saa mpaebɔ a ano yɛ den wɔ Awurade no ba ho yi annya mmuae kosii sɛ bɛboro mfeha dunwɔtwe twaam ansa.
37. (a) Bere bɛn na Awurade Yesu Kristo san bae, na ɛne akwanhwɛ bɛn na ɛbɔ abira? (b) Efi saa bere no Ahenni asɛnka no nyaa ntease foforo bɛn, na dɛn ntia?
37 Awurade Yesu Kristo san a ɔbɛsan aba ne ne parousia anaasɛ ba a waba no nkutoo na ɛbɛma “talente” ho bɛ no mmamu a etwa to no aba. Wɔ afeha a ɛto so dunkron a atwam no fã a edi akyiri mu no, wosusuwii sɛ ná Awurade asan aba wɔ afe 1874 Y.B. mu na saa afe no na ne ba a waba honhom mu a aniwa ntumi nhu no fii ase. Nanso nokwarem, “sɛnkyerɛnne” a ɛfa ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no anna adi wɔ mfirihyia aduanan a edii hɔ no mu. Ɛyɛ bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ afe 1914 mu, bɛyɛ October 4/5 anaasɛ Yudafo bosome Tishri no mfinimfini mu hɔ no ansa. Saa bere no mu no Mesia ahenni a ɛreba ho asɛmpa a wɔka no sakra bɛyɛɛ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ ho asɛmpa a wɔka. Nneɛma a esisii wɔ wiase a edii akyi bae no dii adanse sɛ wɔ afe a emu yɛ den a yɛadi kan abɔ edin no mu na wɔwoo Onyankopɔn soro ahenni no denam ne Mesia, Yesu, Dawid ba, Abraham ba a wɔde no sii ahengua so na wɔde ahemmotiri hyɛɛ no no so. (Mat. 1:1) “Nea atemmu wɔ no no” aba. Ampa, wasan aba!—Hes. 21:25-27.
38. Wobuu “talente” ho bɛ no sɛ nkɔmhyɛ bɛn fã, na enti ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ne mmamu a etwa to wɔ yɛn bere so?
38 Yesu Kristo de “talente” ho bɛ no mae sɛ́ “sɛnkyerɛnne” a nneɛma pii wom a ɛbɛhyɛ ne parousia anaasɛ ba a waba no agyirae no fã. Enti ɛsɛ sɛ ɛbɛ no a wɔma enya mmamu wɔ yɛn bere so no di adanse bio sɛ wasan aba wɔ honhom mu na ne ba a waba no wɔ yɛn so. Ɛda adi sɛ, sɛ yɛka sɛ Awurade Yesu Kristo ba a waba n’ahenni mu no fii ase wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yenya nokwasɛm ahorow bi wɔ hɔ a ɛhyɛ mu den sɛ ɛbɛ no renya ne mmamu a etwa to wɔ yɛn bere yi mu. Dɛn ne nokwasɛm ahorow no?
39. Dɛn na akoa a onyaa talente biako no yɛe, na bere bɛn na akontaa a wɔne nkoa no bu no fi ase?
39 Nea edi kan no, yɛnhwɛ sɛnea ɛbɛ no baa awiei. Enti yɛtoa so kenkan Yesu bɛ no sɛnea edi so yi: “Na nea onyaa biako no de ɔkɔe kofunuu fam, na ɔde ne wura sika no siei. Na ɛkyɛe kyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.”—Mat. 25:18, 19.
40. (a) Wɔ ɛbɛ no mu no, dɛn na “nkoa no wura” no san de bae? (b) Afe 1914 fa ‘ahenni tumi’ pɔtee bɛn ho, na akwan bɛn so na ɛte saa?
40 Bere a “nkoa no wura” bae no, ɔde nea otuu kwan konyae no na ɛsan bae. Ɔno ankasa nsɛm a ɔkae akyiri no kyerɛ sɛ na wakonya “anigye” a ɔne ne nkoa anokwafo no rebɛkyɛ; ɔsan bae a na wanya “ade pii” a bere a ɔde dwetɛ talente awotwe no hyɛɛ wɔn nsa no na onnyae. Ɛbɛ a edi eyi anim a Yesu bui a ɛne “mmɛnnaa du” ho bɛ no kyerɛ pɔtee sɛ nea ɔsan de bae no yɛ ‘ahenni tumi.’ (Luka 19:12-15) Amanaman Mmere, anaa ‘amanaman no mmere a wɔahyɛ ato hɔ,’ no fa ‘ahenni tumi’ ho, titiriw no ‘ahenni tumi’ a ɛfa ɔhene Dawid a ofi Yerusalem no abusua ho, ahenni tumi a ɛwɔ Dawid abusua mu a Babilon hene Nebukadnesar tu gui wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Saa afe a wɔsɛee wɔn no mu na wofii ase kan Amanaman Mmere a ɛyɛ mfirihyia 2,520 no ara de besii afe 1914 Y.B. mu. Enti na nyansa wom sɛ ɛsɛ sɛ saa Amanaman Mmere no awiei a ɛyɛ bɛyɛ October 4/5, 1914, no de nsakrae bi ba wɔ tebea a ɛte sɛɛ a atra hɔ akyɛ no mu. Enti ɛnyɛ ɔkwa na October 4/5, 1914 no na Amanaman no wɔ amanehunu mu, a na wɔde wɔn ho ahyɛ wiase nyinaa ko a edi kan wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu asram abien dedaw.
41. (a) So Wiase Ko I kunkum Awurade Yesu Kristo asuafo a wɔyɛ “nkoa” no kakraa a na wɔwɔ asase so saa bere no? (b) Dɛn na amanaman no hwehwɛe sɛ wɔyɛ wɔn wɔ adansedi adwuma a wɔbɛtoa so ayɛ no ho?
41 Na ɛnde Kristofo “nkoa” a na Owura Yesu Kristo a ɔwɔ soro no de ne “talente” a ɛsom bo no ahyɛ wɔn nsa no nso ɛ? Ɛde besi nnɛ no saa “nkoa” anokwafo a na wɔwɔ asase so wɔ saa bere a wɔahyɛ no agyirae no mu a wofi Kyerɛw Kronkron no mu nyaa nea Wiase Ko I kyerɛ ho ntease no kakra da so ara wɔ hɔ. Saa amanaman ntam apereperedi a awiei koraa no ɛtwetwee aman ne nhemman aduonu awotwe kɔɔ akodi koraa mu no ankum saa ɔsoro Hene foforo a wɔde no asi ahengua so, Yesu Kristo no “nkoa” anokwafo no amfi hɔ. Asase so atamfo a wɔampɛ sɛ Yesu Kristo bedi wɔn so sɛ asase nyinaa so Hene no pɛe sɛ anka wokum saa “ne nkoa” yi fi hɔ, nanso wɔantumi anyɛ saa. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobegye saa sɛnkyerɛnne kwan so “talente” a wɔanya afi wɔn Wura a ɔwɔ soro no hɔ no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nneɛma pa a wɔatumi ayɛ ne honhom fam mfaso horow a saa “nkoa” yi anya ama ɔsoro Hene foforo a wɔde no asi ahengua so no nyinaa. Eyi nti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nkɛntɛnso a eyinom wɔ wɔ nnipa a wɔwɔ amanaman no mu so no. Wɔde anibere bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nsiesiei, a eyinom ayɛ, anaa nhyɛase a wɔato, ama Ahenni no ho adansedi daakye no.
42, 43. (a) Wiase Ko I a ɛbaa awiei 1918 mu no bɛtoo Owura a ɔwɔ soro no “nkoa” no wɔ tebea bɛn mu? (b) Sɛnea ne nyinaa kyerɛ no, dɛn na ná aba “talente” a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no so?
42 Wiase Ko I awiei, wɔ November 11, 1918 no ná ɔsoro Hene a ɔredi tumi no “nkoa” no te sɛ nea wɔawu koraa wɔ dinpa a wɔwɔ wɔ nnipa a wɔwɔ Kristoman mu ne akyi anim no mu. Obu a na wɔwɔ wɔ nnipa mu sɛ Kristofo no fii hɔ koraa esiane atoro a wodi guu wɔn so ne ahohorabɔ a nnipa a wɔyɛ ɔmampɛfo ne wɔn a na ɔko adi wɔn ti de baa wɔn so no nti. Nnipa dɔm de basabasayɛ ahorow asɔre atia wɔn. Sɛ wɔantwe wɔn ankasa aso a, wosiw wɔn Bible nhoma ahorow ano. Ná wɔn mu pii wɔ afiase, a eyinom mu atitiriw ne Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, ne nea na ɔyɛ kyerɛwfo ne ɔfotosanfo saa bere no, ne atitiriw baasia foforo a wɔka wɔn ho esiane atorosɛm a wɔka guu wɔn so nti, a ɔko no akyi nkutoo na wotumi ma ɛdaa adi sɛ nsɛm a wɔka guu wɔn so no nyɛ nokware.
43 Ɛte sɛ nea wogyee biribiara a asase yi Sodifo a ɔfata no “nkoa” yi wɔ no fii wɔn nsam. Ná ɛte sɛ nea wɔagye “talente” a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no. Wɔn atamfo ani gyei sɛ wɔasiw adwuma a saa “nkoa” no bɛyɛ ama wɔn Wura a ɔwɔ soro no ano korakora, na ná wonnye nni sɛ eyinom benya ahoɔden afi ase bio.
44. (a) Bere bɛn na nneɛma san fii ase yɛɛ yiye, na ɔkwan bɛn so? (b) Asemmisa bɛn na ɛsɔre afei wɔ “nkoa” a wɔkae no ho, na dɛn ntia?
44 Bɛboro asram anan akyi ansa, bere a ɔko no baa awiei no akyi, na atamfo no ho dwiriw wɔn, wɔbɔɔ piriw wɔ nsakrae a efii ase sɛ ɛreba no ho. Eyi yɛ bere a woyii saa Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo baawɔtwe yi fii afiase wɔ Atlanta (Georgia) Ɔman Afiase wɔ March 25, 1919, na wɔma wodii wɔn agyinam gyaee wɔn ɛda a edi hɔ no wɔ Brooklyn, New York no. Bere tiaa mu no, wodii bem wɔ saa atorosɛm akɛse a wɔka guu wɔn so no mu. Nanso eyi kaa nnipa a ná ɔko no ama wɔayɛ mmerɛw a wokura adwene a ɛnteɛ na akyea wɔ Yesu Kristo “nkoa” no ho esiane ɔko no ho nnaadaa ne gye a egyee wɔn adwene nti no dɛn? Ná ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ “nkoa” no susuw ho. So na wobetumi asɔre na wɔakɔ wɔn anim bio wɔ tebea horow a ɛhaw adwene yi mu? So ná wɔwɔ akokoduru ne ahotoso wɔ wɔn Wura a ɔwɔ soro no mu sɛ ɔbɛyɛ saa? Ampa, na ɛyɛ sɔhwɛ bere ma saa Kristofo nkoa yi.
45. (a) Sɛnea ɛbɛ no kyerɛ no, dɛn na na bere adu sɛ “nkoa no wura” no yɛ? (b) Ɛdefa “talente” a na wɔwɔ ho no, dɛn na ná ehia sɛ wɔyɛ ma saa Kristofo nkoa yi?
45 “Talente” ho bɛ no kyerɛe sɛ, sɛ ɔkwantufo no san ba a, ɔne wɔn bebu akontaa. Na eyi kyerɛ hwɛ a ɔbɛba abɛhwɛ wɔn. Nyansa mu no, saa nneɛma a ɛsakrae wɔ fefɛw bere mu 1919 no nti ná ɛbɛyɛ bere a ɛfata ma “nkoa no wura” a ɔwɔ soro no sɛ ɔba bɛhwɛ wɔn. Nanso na akontaa bɛn na wobetumi abu wɔ ne “talente” a ɔde ahyɛ nkoa kuw no nsa no ho? Nkɔso biara a ebia wonyae ansa na ɔko bere mu ɔtaa no mu rebɛyɛ den wɔ 1918 mu no bɛyɛɛ te sɛ nea wɔapopa afi hɔ. Na wɔte sɛ nea wonni sɛnkyerɛnne kwan so “talente” biara. Afei sɛ na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nkɔso biara a wɔanya wɔ wɔn Wura “talente” no ho a, na ɛsɛ sɛ wonya saa nkɔso yi wɔ ɔko bere no akyi na wɔde saa nkɔso a aba wɔ ne nneɛma a ɔwɔ ho no ma no daakye. Na etwa sɛ wɔma wɔn hokwan foforo bio na wɔde ne “talente” a ɛsom bo no ‘ayɛ adwuma.’ Eyi ne sɛnea wodii ho dwuma wɔ abakɔsɛm mu, esiane wɔn ho a wɔn Wura a ɔwɔ soro no susuw mmɔborohunu mu nti.
46. (a) Na dɛn na bere adu sɛ woyi fi ho, na dɛn na ná ehia sɛ wɔsan hyehyɛ no foforo? (b) Esiane sɛ na wɔde ‘ahenni tumi’ ama wɔn Wura a ɔwɔ soro no nti, na tebea no ne bere no ye ma dɛn?
46 Ná afe 1919 yɛ bere titiriw a ɛsɛ sɛ wɔde yi nnipa ho hu a nkoa kuw no mufo anya wɔ wiase nyinaa ko a edi kan basabasayɛ ne akakabensɛm no mu, a na ɛno ama nkoa kuw no agyae adwuma a wɔbɛyɛ sɛ Ɔhene a ɔredi tumi Yesu Kristo nkoa a asɛyɛde da wɔn so no kakra no fi hɔ. Ná bere adu sɛ wɔboaboa wɔn ho ano ma adwuma a ɛso sen biara wɔ wɔn Wura a mprempren wanya ahenni tumi no som mu. Afei sɛ́ nea ɛmmae da no, wɔn Wura no wɔ tumi wɔ asase nyinaa so sɛ n’afuw a wɔbɛyɛ mu adwuma ma ɛde asuafo afoforo a wɔde ɔsoro ahenni ho anidaso adom wɔn aba. Na obetumi de hokwan fɛfɛ no ahyɛ wɔn nsa ma wɔde ‘ayɛ adwuma’ wɔ ne som mu. Na ɛyɛ bere pa ma asuafo a wɔyɛ “nkoa” kuw no sɛ wɔbɛsɔre sɛnea wɔde akoa a wɔmaa no “talente anum” no yɛɛ ho mfonini no, ne kuw a wɔde akoa a wɔde talente abien hyɛɛ ne nsa no yɛɛ wɔn ho mfonini no. Wɔyɛɛ saa, efisɛ na “talente” ho bɛ no rentumi nni huammɔ wɔ ne mmamu ho, titiriw wɔ ne fã a etwa to yi mu.
47. Wɔ 1919 mu no, ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ wɔn den sɛ ɛnsɛ sɛ wosuro na mmom wɔmfa wɔn ho mma ɔko no akyi adwuma no?
47 Wɔansɛe bere. Wɔ 1919 mu no saa “nkoa” akuw abien yi bɛyɛɛ wɔn a wonni adagyew. Wonyaa nkuranhyɛ kɛse fii nsɛm a na ɛwɔ August 1 ne 15, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu a ɛne “Nhyira ne Akokodurufo” no mu. Wɔbɔɔ ose wɔ amanneɛbɔ a ɛfa nnaawɔtwe nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Cedar Point, Ohio, wɔ September 1-8, 1919, no ho. Wɔansuro sɛ wɔbɛkɔ saa nhyiam kɛse no sɛ ebia wɔde ɔko akyi adwuma a ebegye ahoɔden kɛse ne akokoduru wɔ wɔn fam bɛba abɛto wɔn so, a ɔtaa foforo a ɛbɛba wɔn so ka ho.
48. Ɔkwan bɛn so na Cedar Point nhyiamfo no gyee amanneɛbɔ a ɛfa nsɛmma nhoma foforo a ɛyɛ Ɔwɛn-Aban no hokafo ho no so? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde saa nsɛmma nhoma foforo yi ayɛ adwuma besi nnɛ?
48 Esiane anigye a na wɔwɔ sɛ wobehu ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ wɔfa so yɛ adwuma a ɛda wɔn anim no nti, nnipa mpemnsia a wofi Canada ne United States, Amerika, titiriw bae no kɔɔ saa Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw nhyiam yi fã biara ase daa. Wɔde ahodwiriw ne anisɔ a efi komam nso gyee amanneɛbɔ a ɛfa nsɛmma nhoma foforo a na wobefi ase atintim no October 1, 1919 a wɔfrɛ no Engiresi mu The Golden Age no sɛ́ Ɔwɛn-Aban no hokafo no so. Saa nsɛmma nhoma foforo yi bɛyɛ nea wɔde rebɛboa wɔ Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔde asi hɔ no ho dawurubɔ mu. Na ɛbɛyɛ adwinnade foforo a wɔde bedi dwuma wɔ mmeae afoforo a wobetumi anya Awurade Yesu Kristo asuafo pii, de adua na wɔde agugu so nsu. Ɔwɛn-Aban no ne saa nsɛmma nhoma foforo a (afei wɔfrɛ no Nyan!) no abom ayɛ adwuma pii de abesi nnɛ, akanyan anigye foforo wɔ nnipa a wɔyɛ komapafo mu na ɛresiesie wɔn ama wɔagye nneɛma a emu dɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Ayɛ nsiesie adwuma a ɛyɛ nwonwa.
49. Dɛn na wɔyɛe wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow ho, na mmeae horow a wɔde hyɛɛ wɔn hwɛ ase no anya nkɔso akodu he?
49 Afei nso, nkitahodi ahorow a ɛda Ɔwɛn Aban Asafo no ti ne ne baa dwumadibea ahorow a atwa wiase ho ahyia a na wiase ko no ama emu atetew no, wɔsan fii ase ma emu yɛɛ den, na wɔhyehyɛɛ baa dwumadibea afoforo wɔ nsase ahorow so sɛnea bere ne tebea horow ma ɛdaa adi sɛ ɛho hia no. Eyi maa mmeae horow a wɔde hyɛɛ Owura a ɔwɔ soro Yesu Kristo “nkoa” no nsa sɛ wɔnhwɛ so yiye no bɛdɔɔso na ɛboae kɛse wɔ adwuma no a wɔbɛhyɛ mu den wɔ saa mmeae horow yi a wɔbɛyɛ mu adwuma na wɔde aboaboa asuafo pii ano wɔ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu no mu. Fi baa dwumadibea kakraa bi a na ɛwɔ hɔ saa bere no so no, nnɛ ne dodow akɔ anim akodu aduɔkron asia. Eyinom na wɔhwɛ aba a wogu ne ɛho nnwuma ahorow a wɔreyɛ wɔ aman ne po so nsupɔw horow ahanu ne asia so no.
50. (a) Dɛn nti na wɔn a wɔkɔɔ 1922 Cedar Point nhyiam no huu wɔn ho sɛ wogyina Yesaia gyinabea wɔ asɔrefi hɔ? (b) Yesaia gye a ogyee nsa a Yehowa to frɛɛ no no so no maa asemmisa bɛn sɔree wɔ wɔn ho?
50 Wɔ September 1922 mu no, wɔhyɛɛ saa Kristofo nkoa a wɔka ɔsoro ahenni no ho no ma wohui sɛ afei de wɔwɔ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, Awurade Yesu a ɔredi tumi no ba a ɔbɛba abɛhwɛ wɔn no ase ampa. Wɔ Malaki 3:1 mmamu mu no, ɔkaa Yehowa Nyankopɔn ho bere a ɔreba ne honhom mu asɔrefi abɛyɛ atemmu adwuma wɔ ne “nkoa” a ɔde honhom awo wɔn no ho wɔ asɔrefi hɔ no. Wɔn a wɔkɔɔ Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw nhyiam a ɛto so abien wɔ Cedar Point, Ohio, no da a ɛto so anan September 8, 1922, a wɔtoo din sɛ “Da No” no huu wɔn ho afei sɛ wogyina odiyifo Yesaia gyinabea, bere a onyaa anisoadehu a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ho wɔ n’asɔrefi no, Yesaia tee nka sɛ ɛho hia sɛ wɔtew ne ho wɔ honhom mu, na wofi mmɔborohunu mu tew ne ho sɛnea ehia. Eyi de no baa gyinabea a ɛfata mu sɛ ɔde ahopere bɛteɛm agye nsa a Yehowa to frɛ no no so sɛ: “Mini! Soma me!” (Yes. 6:1-8) Enti ná asemmisa no ne sɛ, So wɔn a wɔbaa Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw nhyiam no begye nsa a ɛte saa ara a Yehowa to frɛ wɔn wɔ adwuma a wɔde reto wɔn so saa bere no mu no atom anaa?
51. Ɔde ne kasa a ɛfa “Da No” ho reba awiei no, nsɛm bɛn na Asafo no titrani no bisaa nhyiamfo no, na afotu a etwa to bɛn na ɔde maa wɔn?
51 Wɔ nkyekyem abien a etwa to wɔ ne kasa a ɛfa Yesaia anisoadehu no ho mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, J. F. Rutherford bisaa wɔn a wɔaba nhyiam no nsɛm pii a eyinom a etwa to yi ka ho: “So mugye di sɛ Awurade wɔ n’asɔrefi mprempren a ɔrebu amanaman a wɔwɔ asase so no atɛn? So mugye di sɛ anuonyam Hene no afi ne tumidi ase?” Anigye kɛse mu no, nnipa mpempem a wɔbaa nhyiam no teɛɛm sɛ yiw. Wɔ eyi mu no, ɔkasafo no de ne kasa no baa awiei sɛ: “Ɛnde monsan nkɔ afuw no mu, O mo ɔsorosoroni Nyankopɔn no mma! Monhyɛ mo akotade! Mo ani nna hɔ, monwɛn, monyɛ adwuma, munnya akokoduru. Monyɛ adansefo anokwafo mma Awurade. Monkɔ mo anim wɔ ɔko no mu nkosi sɛ Babilon afa horow nyinaa bɛyɛ amamfo. Monka asɛm no wɔ baabiara. Etwa sɛ wiase no hu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn, ne sɛ Yesu Kristo yɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Eyi ne nna nyinaa mu da no. Hwɛ, ɔhene no di tumi! Moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene ne n’ahenni no ho dawuru.”—Hwɛ November 1, 1922, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkrat. 332-337.
52. (a) Wɔ 1920 mu no, dɛn na Asafo no yɛe na ama Bible nhoma horow kyekyɛ no anya nkɔso? (b) Wɔ 1924 mu no, ɔkwan foforo a wɔfa so bɔ Ahenni no ho dawuru bɛn na Asafo no fii ase de dii dwuma, na wɔtrɛw mu akyiri yi denam ɔkwan foforo bɛn a wɔnam so bɔ dawuru no so?
52 Wɔ nnamyɛ ne mmɔdenbɔ kɛse a ɛsen biara mu no Awurade Yesu Kristo a wasan aba no “nkoa” no kɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ Ɔhene a ɔredi tumi, kaa asɛm baguam wɔ afie afie ne baguam asɛnka agua so. Efi afe 1920 na wɔn ankasa nyaa wɔn nhoma tintimbea wɔ Brooklyn, New York, na eyi ma wonyaa Bible nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, nhoma a akyi yɛ den, ne afei Bible no ankasa pii a ne bo nyɛ den a wɔde bɛbɔ Ɔhene Mesia no ne n’ahenni no ho dawuru. Efi Kwasida, February 24, 1924 no, wofii ase de radio adwumayɛbea a ɛyɛ saa “akoa” yi mmara kwan so ahyehyɛde no de no dii dwuma wɔ Ahenni asɛm no ho dawurubɔ mu kyerɛɛ atiefo a wontumi nkan wɔn a wonhu wɔn no wɔ wɔn radio nnaka ho. Bere kɔɔ so no, wɔde radio adwumayɛbea pii dii dwuma, a ebia wotua ho ka anaasɛ wontua ho hwee wɔ nsase pii so de bɔɔ Ahenni ho asɛmpa no dawuru koduu asase ano pɛɛ. Nea wɔde bɛkaa saa kwan a wɔfa so bɔ dawuru no ho mfe bi akyi ne kar a mfiri ahorow a wɔkasa gu mu sisi so ne gramafon nketewa a Kristo “nkoa” no de kɔɔ afie afie mu kɔbɔɔ Ahenni ho dawuru no kyerɛɛ afiewuranom.
53. Dɛn nti na ne akenkanfo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye March 1, 1952, Ɔwɛn-Aban mu asɛm titiriw no ho?
53 Ɛyɛɛ Ɔwɛn-Aban akenkanfo anigye bere a wonyaa March 1, 1925 de no na wɔkenkan asɛm titiriw a ɛwom a ɛne “Ɔman no Awo” no. Dɛn ntia? Efisɛ emu na wonyaa Adiyisɛm ti dumien ho ntease yiye. Wobuee wɔn ntease aniwa ma wohui sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔbabarima no awo a wɔaka ho asɛm anigye so wɔ saa ti no mu a ayɛ ahintasɛm ama wɔn bere tenten ni no, yɛ Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔwoo no afe 1914 mu wɔ Amanaman Mmere no awiei ho mfonini. Asɛm no baa awiei wɔ kratafa 74 sɛ: “Ɔsoro ahenni no wɔ ha. Ogye da no abɛn. Monka asɛmpa yi nkyerɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Nkonim yɛ yɛn Hene no de. Munni nokware mprempren nkosi ɔko no awiei; na yɛbɛtra ne dɔ wia a ɛbɔ no mu daa, baabi a anigye ne ahosɛpɛw a ewie du wɔ daa daa.”
54, 55. Ɔkwan bɛn so na nnipa dodow a wonyaa Awurade Anwummeduan no di mu kyɛfa wɔ 1925 mu no kyerɛ nkɔso wɔ mmeae horow a na wɔreyɛ adwuma no?
54 Afe afe Awurade Anwummeduan afahyɛ a wodii no Wukuda, April 8, 1925, no daa biribi a ɛhyɛ nkuran adi. Esiane aba no a wodua, gugu so nsu, na wɔyɛ ho adwuma a na akɔ so abedu saa bere no wɔ mmeae afoforo a abɛka ho ne nnwinnade afoforo a wɔanya a wɔde bɔɔ Ahenni no ho dawuru no nti, asafo ahorow a asuafo a wɔwɔ ɔsoro anidaso wom no bɛdɔɔso. Asafo ahorow no mufo dodow kɔɔ anim. Enti saa Awurade Anwummeduan afahyɛ yi ase no, nnipa a wonyaa mu kyɛfa no dodow daa saa nkɔso yi ne Kristo asuafo a wɔrenya no adi. Nnipa baahe na wonyaa mu kyɛfa saa afe no? September 1, 1925, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 263, wɔ atifi asɛm “Nkaedi Ho Akontaabu” ase no se:
55 “Yɛn ani agye sɛ nnipa a wɔrenya Nkaedi no mu kyɛfa no ayɛ kɛse saa, efisɛ ɛda nokware no ho anigye adi baabiara, na eyi ne nea ɛsɛ sɛ ɛba. Ɛho akontaabu nyinaa besi nnɛ yɛ 90,434, a ɛboro nea wobuu ho akontaa afe a etwaam no so 25,329.”
56. Dɛn na eyi kyerɛe wɔ ‘adwuma’ a asuafo a wɔyɛ “nkoa” no yɛe wɔ “talente” a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no ho?
56 Ampa, Kristo “nkoa” no, kuw a wɔde akoa a wɔmaa no “talente anum” no yɛɛ wɔn ho mfonini ne kuw a wɔde akoa a wɔde talente abien hyɛɛ ne nsa yɛɛ wɔn ho mfonini no, de ‘yɛɛ adwuma’ ntɛm so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mmeae afoforo a wobetumi anya Kristo asuafo pii. Nokwasɛm a wɔdaa no adi no kyerɛ sɛ ná saa “nkoa” yi renya nhyira wɔ wɔn mmɔdenbɔ no mu na wonyaa nkɔso. Eyi hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔkɔɔ so yɛɛ pii.
ANIGYE
57. (a) Dɛn nti na ɔdefo a ɔwɔ ɛbɛ no mu no tuu kwan kɔɔ baabi? (b) Enti nsemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛfa Yesu Kristo ho wɔ ɛbɛ no mmamu mu?
57 Nanso, afei wɔ abakɔsɛm mu no nokwasɛm foforo da adi pefee wɔ asɛm no mu. Wɔ Yesu bɛ no mu no, onipa a na ɔwɔ dwetɛ talente awotwe ne nkoa baasa no antu kwan ankɔ asase bi so a na ɔrekogye n’ani ara kwa. Nea enti a otu kwan kɔ baabi no yɛ nea anibere wom; ná ɔpɛ sɛ okonya biribi a ɛsom bo. Sɛnea ɛbɛ no kyerɛ no, nea enti a ɔkɔɔ baabi ne sɛ, na ɔrekonya “anigye” bi a ‘nneɛma pii’ ka ho. Enti ná ɛsɛ sɛ otu kwan a ɛware, a ebegye bere tenten, na watumi asrɛ nea obetumi ama no saa “anigye” pɔtee no. Eyi da adi wɔ Yesu bɛ no mu, ɛwom sɛ “talente” ho bɛ no nna no adi saa de. Esiane sɛ ɔdefo a ɔwɔ ɛbɛ no mu no yɛ Awurade Yesu Kristo ho mfonini nti, onipa a otu kwan tenten kɔ baabi no yɛ Awurade Yesu a ɔkɔ anigye titiriw a ɛwɔ n’adwenem no Fibea biako no hɔ. Afei, hena nkyɛn na ɔkɔe? Na hena ne saa anigye Fibea no?
58, 59. (a) Hena nkyɛn na Yesu Kristo a wɔanyan no no kɔ konyaa saa “anigye” no? (b) Henanom nso na Ɔyɛ wɔn anigye Fibea, sɛnea wɔada no ɛdi wɔ Romafo 15:13 no?
58 Wɔada eyi adi ama yɛn wɔ Hebrifo 12:2, a ɛkenkan sɛ: “Nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.”
59 Aa, yiw, Yehowa Nyankopɔn ne saa “anigye” no Fibea. Ne nkyɛn na Yesu Kristo a wɔanyan no no kɔe, gyaw n’asuafo anokwafo no wɔ asase so ha, de “nea ɔwɔ,” ne “talente” no, maa wɔn. Ná ɔsoro Agya no ne Yesu “anigye” titiriw no Fibea. Yehowa Nyankopɔn yɛ anigye Fibea ma ne Dɔba no asuafo no nso. Enti, bere a saa asuafo no mu biako rekyerɛw akɔma mfɛfo Kristofo wɔ Roma no, ɔkae sɛ: “‘Na anidaso Nyankopɔn no mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, honhom kronkron ahoɔden mu.” (Rom. 15:13) Onyankopɔn tumi maa saa mpaebɔ a ɛfata no ho mmuae.
60. (a) Afei a Yesu Kristo asan aba a wɛn a ‘n’anigye’ no, hena na bere adu sɛ wɔde nidi a ɛfata ma no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde nidi a ɛfata yi maa No wɔ ne din ho?
60 Wɔ nneɛma ho dwumadi a ɛfata mu no, na ɛbɛyɛ bere pa sɛ wɔbɛma Onyankopɔn, ɔsoro anigye Fibea no, anya nidi a ɛfata wɔ Awurade Yesu Kristo “nkoa” no ani so bere a wasan aba anigye mu, na wɔawo Onyankopɔn Mesia ahenni no wɔ soro yi. Bere adu sɛ saa ɔsoro anigye Fibea yi gye din ma ne ho, na nea edi kan no eyi hwehwɛ sɛ wɔbɛda Ne din ankasa adi. Na wɔdaa saa din yi adi sɛnea ɛsɛ. Sɛnea ɛfata no, wɔde dii dwuma wɔ n’asɔrefo a wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ asase so no mu daa, na wɔabɔ ho dawuru akyin asase nyinaa so sen bere biara a abetwam. Bere a afe 1926 fii ase no, Ɔwɛn-Aban a edii kan bae no daa asɛm titiriw yi adi, “Hena Na Ɔbɛhyɛ Yehowa Anuonyam?” Efi saa bere no, wɔmaa din kronkron a epue mpɛn mpempem pii wɔ Bible no mfitiase Hebri de no mu no so kosii beae a ɛsɛ sɛ wɔde si wɔ Onyankopɔn Ba no “nkoa” no mu. Wofii ase yɛɛ adansefo maa Ɔno titiriw, nanso wɔammrɛ adansefo a wɔyɛ ma ne Ba Yesu Kristo no ase. Wofi ɔdɔ mu dii wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ nea Ɔno Nko kura edin Yehowa no adansefo no ho dwuma.
61. (a) Ɛdenam tirimbɔ wɔ 1931 mu so no, Yesu Kristo asuafo a wɔyɛ nkoa no daa wɔn ho adi sɛ wɔmpɛ edin ahorow bɛn a wɔde frɛ wɔn? (b) Edin bɛn na efi saa bere no wɔpɛe sɛ wɔde frɛ wɔn?
61 Mfe anum ne fã a wɔde di saa Din kronkron no ho adanse dii akyi. Afei na bere adu ama Kristofo “nkoa” no sɛ wɔbɛda wɔn ho adi, wɔbɛda nsow wɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ Kristoman mu nyinaa no mu. Wɔ eyi mu no, Yesu Kristo “nkoa” no dii adeyɛ bi ho dwuma Kwasida awia July 26, 1931, wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, U.S.A. no ase. Wɔ 4:00 p.m. no, wɔkenkan tirimbɔ bi kyerɛɛ nnipa mpempem a wɔaba nhyiam no, a ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde ne nkyekyem anan, anum ne asia mu nsɛm bɛba nhoma yi mu: “ENTI, afei, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn gyinabea ankasa bɛda adi, a yegye di sɛ eyi ne Onyankopɔn pɛ hyia sɛnea wɔakyerɛ wɔ n’Asɛm mu no nti, ‘MOMMA YƐMMƆ YƐN TIRIM, sɛnea edidi so yi: SƐ yɛwɔ ɔdɔ kɛse ma Onua Charles T. Russell, esiane n’adwuma nti, ne sɛ yɛde anigye gye tom sɛ Awurade de no dii dwuma na ohyiraa n’adwuma so kɛse, nanso nea ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia no, yentumi mpene so mma wɔmfa edin “Russellfo” no mfrɛ yɛn; ne sɛ Watch Tower Bible and Tract Society ne International Bible Students Association ne Peoples Pulpit Association yɛ adwumayɛkuw din ara kwa a, sɛ́ Kristofo no yekura de yɛ yɛn adwuma wɔ osetie mu ma Onyankopɔn ahyɛde ahorow, nanso edin ahorow yi mu biara nni hɔ a ɛfata yɛn sɛ́ Kristofo a yɛaka abom a yedi yɛn Awurade ne Owura Kristo Yesu anammɔn akyi; ne sɛ yɛyɛ Bible asuafo, nanso, sɛ Kristofo a yɛaka abom no, yɛpow sɛ wɔde din “Bible Asuafo” no bɛto yɛn so anaasɛ wɔde bɛfrɛ yɛn, anaasɛ din a ɛtete saa sɛ kwan a wɔnam so hu yɛn gyinabea ankasa wɔ yɛn Awurade no anim; yɛpow sɛ wɔde onipa biara din bɛto yɛn so anaasɛ wɔde bɛfrɛ yɛn; SƐ, esiane sɛ wɔde Yesu Kristo, yɛn Awurade ne Ogyefo no mogya a ne bo yɛ den atɔ yɛn, na Yehowa Nyankopɔn abu yɛn bem, awo yɛn, na wafrɛ yɛn aba n’ahenni no mu nti, yɛpae mu ka sɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛn nokwaredi ne yɛn ho nyinaa ma Yehowa Nyankopɔn ne n’ahenni no; ne sɛ yɛyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔahyɛ sɛ yɛnyɛ adwuma wɔ ne din mu, na n’ahyɛde ho osetieyɛ mu no, yenni Yesu Kristo ho adanse, na yɛmma nnipa nhu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nti; yɛde anigye gye na yɛfa edin a Awurade Nyankopɔn ano na aka no, na yɛpɛ sɛ wohu yɛn na wɔfrɛ yɛn Yehowa Adansefo.”—Yes. 43:10-12; 62:2; Adi. 12:17.
62. Nsa bɛn na wɔto frɛɛ afoforo wɔ tirimbɔ no nkyekyem a etwa to no mu?
62 Tirimbɔ no nkyekyem a ɛto so awotwe na etwa to no kae sɛ: Yɛde ahobrɛase to nsa frɛ nnipa a wɔde wɔn ho nyinaa ama Yehowa ne n’ahenni no nyinaa sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛmpa yi a wɔka kyerɛ afoforo no mu, na wɔama Awurade trenee nnyinasosɛm no so, na nnipa a wɔwɔ wiase no ahu baabi a wobehu nokware no na wɔanya ahotɔ ho anidaso; na nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ wɔbɛtew Yehowa Nyankopɔn din a ɛsõ na ɛyɛ kronkron no ho na wɔama so.
63. (a) Wɔ ne nyinaa mu no, henanom na wogyee Edin Foforo no ho tirimbɔ yi toom? (b) Ɛno akyi no, ɔkwan bɛn so na wɔnam bɔɔ tirimbɔ no ho dawuru na wɔde bɔɔ wiase no amanneɛ?
63 Ɛnyɛ wɔn a ná wɔwɔ Columbus, Ohio nhyiam no ase nko na wɔde anigye gyee saa tirimbɔ yi toom, na mmom akyiri yi Yesu Kristo “nkoa” no asafo a wɔwɔ wiase nyinaa nso. Enti wofi wɔn pɛ mu gyee edin “Yehowa adansefo” no toom. Wotintim saa tirimbɔ a ɛfa edin no ho no nso wɔ nhomawa a woyii no adi wɔ nhyiam no ase a wɔtoo din Brɔfo mu sɛ “The Kingdom, the Hope of the World” no mu. Ná ɛno ara ne baguam ɔkasa a Asafo no titrani J. F. Rutherford ma kyerɛɛ atiefo a na wɔwɔ nhyiam no ase ne atiefo a na wonhu wɔn a wotiee no wɔ radio so fi awia dumien rekɔ no asɛmti. Ɛno akyi no, wɔde saa nhomawa a ekura baguam ɔkasa ne Tirimbɔ no bi kɔmaa Katolekfo ne Protestantfo asɔfo no ne annammuifo ne nnwumayɛfo akɛse. Afei nso wɔkyekyɛɛ pii wɔ nnipa no nyinaa mu. Wɔ saa kwan yi so no, wɔbɔɔ wiase nyinaa amanneɛ sɛ saa Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asɔrefo a wɔabu wɔn bem na wɔde honhom awo wɔn no bɛnantew wɔn Nyankopɔn no din mu na edin Yehowa Adansefo no nkutoo na wobegye atom.—Mika 4:5.
64. Dɛn nti na wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ Yehowa adansefo Kristofo?
64 Esiane sɛ ná nokware Nyankopɔn teasefo koro no adansefo wɔ hɔ ansa na Awurade Yesu Kristo reba nea edi kan nti, wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ Yehowa adansefo Kristofo.—Yes. 43:10-12; 44:8; Heb. 11:1 kosi 12:1. Hwɛ September 15, 1931, Engiresi Ɔwɛn-Aban nkrat. 278, 279 nso.