Ɔfã 23: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
42. Bere a onyaa hokwan a edi kan no, ɔkwan bɛn so ne ɛdenam hena so na “onipa a onni mmara” no maa ne ho so ‘hyɛɛ nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa nea wɔsom nyinaa’?
42 Wɔ afe 379a mu no, hokwan no ba maa paapa sɔfo panyin a ɔwɔ Roma no. Eyi yɛ bere a Ɔhempɔn Gratian a ose ɔyɛ Kristoni no gyaee abosonsom abodin dibea a ɛne Pontifeks Maksimo a na okura no mu no. Bere a n’ahonim nhaw no no, Paapa Damasus fae esiane nyamesom tumi, ahoɔden ne nkɛntɛnso a ɛbɛma wanya wɔ nnipa no nyinaa so, a na pii no ara da so yɛ abosonsomfo na wogyee abosonsom abodin no toom no nti. Eyi maa paapa sɔfo panyin a ɔwɔ Rome no so traa Roma ɔhempɔn no wɔ nyamesom nsɛm mu. Ɛde besi nnɛ, Roma Katolek Asɔre paapa no akɔ so afa saa abosonsom abodin no na ɔde adi dwuma sɛnea ɛda adi wɔ paapa no ho no, na nea ɔyɛ kɛse paa wɔ asɔfokuw, “onipa a onni mmara” no mu no rema ne ho so ‘ahyɛ nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa.’ Obiara nim sɛ Kristoman asɔfo ne akyerɛkyerɛfo pɛ sɛ wɔde abodin ahorow a ɛwɔ borɔfo mu te sɛ “Reverend,” “Most Reverend” ne “Most Right Reverend” no frɛ wɔn. Wɔhyɛ wɔn asɔre mma sɛ wɔmfa nidi a ɛtete saa mma wɔn.
43. Asɔredan bɛn mu na “onipa a onni mmara” kuw no tra sɛ ‘onyame,’ na henanom na ɛhyɛ wɔn ma wogye ne tumi no tom?
43 “Onyankopɔn asɔredan” a “onipa a onni mmara” no kɔtra mu na ɔde “ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn” ne ne nea wɔkyerɛ sɛ ɛne Onyankopɔn Asɔre no. Afeha a edi kan no mu nokware Kristofo no na ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “So munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu? Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.” (1 Korintofo 3:16, 17; afei nso 2 Korintofo 6:16) Ɛyɛ honhom mu “asɔredan” kuw yi na wɔn a wɔde “ɔwae” no bae no dii kan fii mu kɔe. Wɔpowee sɛ wobegye mfitiase nokware “asɔredan” kuw no atom, na asafo a wɔn a wɔawae yi hyehyɛe no na wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn asɔredan.” Ɛyɛ atoro “asɔredan” yi mu na wɔtra na wokura wɔn dibea sɛ “asɔfo” a ɛsono wɔn wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn “asɔre mma” ho no. Ɛhɔ na Kristoman asɔfokuw no da ne ho adi sɛ ‘onyame.’ Ɛhyɛ amansɛmdifo, nnwumayɛfo akɛse ne asraafo mpanyimfo ma wogye ne tumi no tom. Edu ɔko bere a, amammui nniso horow no hwehwɛ asɔfokuw no tumi ne wɔn mmoa bere nyinaa.
“NEA ESIW KWAN” WƆ AFEHA A EDI KAN NO MU
44, 45. (a) Dɛn na “esiw” “onipa a onni mmara” no ba ne ne dwumadi “kwan” wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Yohane yɛɛ tumi a esiw kwan yi ho nhwɛso sɛnea waka ho asɛm wɔ ne krataa a ɛto so abiɛsa no mu no?
44 Nnɛ, wɔ mmere pii akyi no, “onipa a onni mmara” no ada ne ho adi wɔ mfehaha pii mu. Nanso na eyi nte saa wɔ afeha a edi kan no mu, wɔ Yesu Kristo nokware asomafo no bere so. Afei na na ɛrebɛda adi saa bere no. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo Kristofo no wɔ ne krataa a ɔkyerɛw no bɛyɛ 51 Y.B. mu no mu sɛ: “Na afei, nea esiw kwan no, munim sɛ wobeyi no adi ne bere mu.” (2 Tesalonikafo 2:6) Ná saa afeha a edi kan Kristofo no nim “nea esiw kwan no, efisɛ Paulo daa no adi kyerɛɛ wɔn, ampa, ɔyɛɛ ho nhwɛso kyerɛɛ wɔn. Wiɛ, na dɛn ne “nea esiw kwan” saa bere no? Na ɛyɛ Yesu Kristo nokware asomafo kuw a ɔsomafo Paulo ka ho. Wɔboom sɔre tiaa “onipa a onni mmara . . . . ɔsɛe ba” no ba ne ne dwumadi. Sɛ eyi ho nhwɛso no, eyi ne nea bere a ɔsomafo Yohane rekyerɛw bɛyɛ afe 98 Y.B. mu no, ɔkae wɔ ne krataa a ɛto so abiɛsa na etwa to a ɔde kɔmaa Kristofo no mu:
45 “Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara. Eyi nti sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne na eyi annɔɔ no sõ, na n’ankasa nnye anuanom no, na osiw wɔn a wɔpɛ kwan, na otu wɔn fi asafo no mu.” (3 Yohane 9, 10) Ampa, ná saa Diotrefe no reda “onipa a onni mmara” no su adi. Ɔsomafo Yohane bɔɔ mmɔden sɛ obesiw n’ano, ‘obesiw no kwan’ sɛnea ɛfata. Asomafo afoforo yɛɛ saa ara wɔ nsɛm a ɛtete saa mu.
46. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi kyerɛɛ Tesalonikafo no sɛ wɔ saa bere no mu mpo no na “onipa a onni mmara” kuw no pɛ sɛ ɛba?
46 Saa bere no mpo, bere a wɔde Kristofo “asɔredan” kuw no sii hɔ wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. mu akyi nea ennu mfirihyia aduonu no, ná ɔsomafo Paulo nim sɛ adanse ahorow wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea “onipa a onni mmara . . . ɔsɛe ba” no pɛ sɛ ɔba. Ɛno nti na ɔkɔɔ so ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Tesalonika no sɛ: “Mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa.”—2 Tesalonikafo 2:7.
47. Dɛn nti na ɔsomafo Paulo kaa nea na ɛredi dwuma dedaw no ho asɛm sɛ “mmarato ahintasɛm”?
47 Na nyamesom mu ahintasɛm bi wɔ hɔ a ɛfa nea ɔyɛ “onipa a onni mmara” a ɔreba yi ho. Ɛde besi nnɛ, Bible nkyerɛasefo wɔ Kristoman mu a wogye akyinnye sɛ saa “onipa” yi yɛ ɔbarima biako, a wɔfrɛ no Antikristo. Nanso sɛnea ɛfata no, An American Translation frɛ saa ahintasɛm nipa yi sɛ “asoɔdenfo kuw.” (2 Tesalonikafo 2:3) Eyi ne nokwasɛm a ɛne sɛ “onipa a onni mmara” yi dan bɛyɛ nnipakuw, asɔfokuw a enni Yehowa Nyankopɔn ho mmara na atra hɔ wɔ mfehaha pii mu no hyia. Wɔ ntease pa mu no, na Paulo betumi aka sɛ “mmarato ahintasɛm” no anya reyɛ adwuma wɔ ne bere so. Ná ennya nyɛɛ nea wobetumi de onipa ayɛ ne ho sɛnkyerɛnne. Nanso na nneɛma bi rekɔ so wɔ Kristofo asafo no mu a awiei koraa no ɛbɛma saa kuw a ɛda adi koraa yi aba. Nanso wɔ Paulo bere so no na “nea onni mmara” no ba no da so ara yɛ “ahintasɛm.”
48. Sɛ́ nea edi adanse sɛ na “mmarato ahintasɛm” no redi dwuma dedaw no, dɛn na ɛho behia maa Paulo sɛ ɔkyerɛw kɔma Korintofo Kristofo no?
48 Ɔrekyerɛ sɛ na “mmarato ahintasɛm” no reyɛ adwuma dedaw wɔ Kristofo asafo no mu no, ɔsomafo Paulo hui, bere a waka ho asɛm akyi mfe kakraa bi no, sɛ ɛho hia sɛ ɔkyerɛw kɔma asafo a ɛwɔ Korinto, Hela no: “Na nea meyɛ no, mɛyɛ ara, na masiw wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn nea wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara. Na saa nnipa yi yɛ atoro asomafo, nnaadaa adwumayɛfo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse bi; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.”—2 Korintofo 11:12-15.
49. Ɔkwan bɛn so na wɔdaa no adi denam Yohane so sɛ ne “mmarato ahintasɛm” no dwumadi da so ara rekɔ so wɔ afeha a edi kan no mfe du a etwa to no mu?
49 Saa nyamesom mu adeyɛ a ɛma atoro akannifo, “atoro asomafo” ba no kɔɔ so ara besii afeha a edi kan Y.B. mfe du a etwa to no mpo mu. Nea edi eyi ho adanse no, ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakora no nsa kaa Adiyisɛm no bɛyɛ afe 96 Y.B. mu, na Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no kyerɛɛ wɔ mu sɛ ɔnkyerɛw nkɔma asafo a ɛwɔ Efeso, Asia Kuma, no mu “mpanyimfo kuw” no. Ɔreka nea Yesu kyerɛe sɛ ɔnyɛ wɔ anisoadehu no mu no, Yohane se: “Efeso asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu, nea ɔnam sika akaneadua ason no mfinimfini no se: Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔne, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn atorofo . . . Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.”—Adiyisɛm 2:1-4; 1 Timoteo 4:14, asehɔ asɛm.
50. Sɛ́ nea edi adanse sɛ wɔ asomafo no bere so mpo no na “mmarato ahintasɛm” no reyɛ adwuma no, dɛn na Yohane kyerɛw faa antikristo ho wɔ ne krataa a edi kan no mu?
50 Ansa na ɔrewie n’asase so adwuma no, ɔsomafo Yohane a na wabɔ akora no kyerɛw nkrataa abiɛsa kɔmaa Kristofo no. Nea edi adanse sɛ na “mmarato ahintasɛm” reyɛ adwuma wɔ Kristo asomafo no bere so mpo no, Yohane kyerɛwee wɔ ne krataa a edi kan no mu sɛ: “Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛnna yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni. Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn traa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho. Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de. Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” (1 Yohane 2:18-20; 4:1; a ɔkyerɛwee bɛyɛ 98 Y.B. mu.) Esiane sɛ na wonnye Onyankopɔn Ba no ntom sɛ Mesia anaa Kristo bio nti, saa antikristofo no annye Agya Nyankopɔn no nso antom.—1 Yohane 2:22-24.
51. Dɛn na asɛm “nea ɔda so siw kwan” no kyerɛ, na bere bɛn na woyii eyi ‘fii kwan mu’?
51 Yebetumi ahu wɔn a na ɔsomafo Paulo reka wɔn ho asɛm sɛ “nea ɔda so siw kwan” no afi saa nkrataa ahorow a asomafo no kyerɛwee a na ɛreda tebea bɔne ahorow a na ɛreda adi baabiara wɔ asafo ahorow no mu no adi no mu, (2 Tesalonikafo 2:7) Na ɔrenka Onyankopɔn asafo a ɛwɔ asase so no nyinaa muni bi a ɔyɛ ɔbarima, asomafo no mu biako te sɛ ɔno ho asɛm, na mmom Yesu Kristo nokware asomafo kuw no nyinaa a na wɔwɔ saa afeha a edi kan no mu no. Ná saa asomafo kuw, te sɛ onipa biako no ‘da so ara’ wɔ hɔ, sɛnea Paulo kyerɛ no, a ɔresiw ka a ebinom bɛka abom ayɛ “onipa a onni mmara” wɔ Kristofo asafo no nyinaa mu na wadi so no kwan. Enti, woyii nea na “ɔda so siw kwan” no ‘fii’ “mmarato ahintasɛm” no ‘kwan mu,’ bere a Kristo nokware asomafo no mu nea otwa to wui no. Ebia eyi bɛyɛ ɔsomafo Yohane a owui ɛrekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei mu hɔ no.
52. Hena so na wɔnam de “ɔsɛe ba” no sɛe bɛba, wɔ bere bɛn mu?
52 Wɔfrɛɛ “onipa a onni mmara” kuw no sɛ “ɔsɛe ba.” Ná eyi yɛ ɔkwan foforo a wɔnam so kyerɛ sɛ na Yehowa Nyankopɔn abu nea onni mmara yi fɔ ama ɔsɛe. Bere a ɔredi Ne sɛe atemmu no ho dwuma no, Yehowa Nyankopɔn de ne Ba Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no di dwuma. Enti, ɔreka nea ɛbɛba bere a owu ma asomafo a wɔyɛ “nea esiw kwan” no nyinaa fi ɔkwan mu akyi ho asɛm no, Paulo se: “Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara bi no adi, nea Awurade [Yesu] de n’anom home bekum no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.”—2 Tesalonikafo 2:8.
53. (a) Ɛnde, dɛn nti na yɛn bere anaasɛ awo ntoatoaso yi ne bere a wobekum “onipa a onni mmara” no? (b) Wɔ ɔkwan foforo so no, saa “onipa” yi a wobeyi no afi hɔ no bedi nokwasɛm bɛn ho adanse?
53 Awurade Yesu nkum “onipa a onni mmara” no ntɛm ara, bere a wada ne ho adi koraa a wohu no yiye, a ɔte “Onyankopɔn asɔredan” mu na ɔde “ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn” akyi no. Ɔsomafo Paulo kyerɛ bere a wobeyi “onipa a onni mmara” no afi hɔ no sɛ, ɛyɛ Awurade Yesu “ba” anaasɛ parousia no mu. Ɛno kyerɛ mprempren yi ara, wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu, efisɛ Awurade Yesu “ba” anaasɛ parousia sɛ ɔhene no fii ase wɔ Amanaman Mmere no awiei, wɔ afe 1914 Y.B. mu. Yehu “sɛnkyerɛnne” a edi eyi ho adanse, na yehu sɛ yɛwɔ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu. (Mateo 24:3 kosi 25:46, NW) Afei, yɛn de yi ne bere a nnipa a wɔwɔ awo ntoatoaso yi mu behu “onipa a onni mmara” no a Awurade Yesu de n’anom “home” bekum no, ne “nea onni mmara” no a Awurade Yesu nam n’ahoyi, ne parousia no so beyi no hɔ koraa no! Saa ɔsɛe adwuma yi bɛyɛ ‘ahoyi’ a edi adanse sɛ Awurade Yesu aba wɔ honhom mu, ne sɛ ne parousia no yɛ paara. “Home,” adeyɛ tumi, a efi n’anom no na ɔde bɛsɛe “onipa a onni mmara” kuw no nyinaa.
NEA ONNI MMARA NO “BA” NO ADANSE
54. (a) Sɛ wode toto Awurade Yesu bɛ no ho a, bere bɛn na “nea onni mmara” no ba no fi ase? (b) Dɛn na wɔde bɛhyɛ “nea onni mmara” no parousia no agyirae?
54 Wɔ ha yi no, ɔsomafo Paulo dan fi Awurade Yesu “ba” ho asɛm no so na ɔka “onipa a onni mmara” no “ba” anaasɛ parousia ho asɛm. Nea onni mmara yi ba anaasɛ parousia no di kan anaasɛ efi ase ansa na Awurade Yesu ‘aba’ wɔ Ahenni tumi mu. Hyɛ sɛnea Paulo de nea onni mmara no ba ho adanse ma no nsow. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɔno nso na ne ba [Hela: pa.rou.si’a] no, ɔba no Satan adwumayɛ so, atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu.”—2 Tesalonikafo 2:9, 10a.
55. Yɛyɛ dɛn hu sɛ parousia a wɔkaa ho asɛm wɔ 2 Tesalonikafo 2:9 no fa “nea onni mmara” no de no ho na ɛnyɛ Yesu de no?
55 Roman Katolek Jerusalem Bible no kenkan wɔ ha sɛ: “Nanso sɛ Otuatewfo no ba a, Satan bɛyɛ adwuma: ɔbɛyɛ anwonwade ahorow nyinaa bi ne nnaadaa sɛnkyerɛnne ne ahodwiride, ne biribiara a ɛyɛ bɔne a ebetumi adaadaa wɔn a wɔbɛsɛe wɔn no.” (2 Tesalonikafo 2:9, 10; hwɛ The New American Bible, The New English Bible; Murdock The Syriac New Testament nso mu.) Nkyekyem 9 no mfiase hɔ kenkan wɔ Hela mu sɛ: “Ɔno na ne ba.” Nanso, esiane sɛ asɛm “nea onni mmara” no mpue wɔ saa nkyekyem 9 yi mu ara kwa nti no nkyerɛ sɛ asɛm “ba” anaa parousia no fa Awurade Yesu “ba” (parousia) a wɔkaa ho asɛm wɔ nkyekyem (8) a edi ɛno anim pɛɛ no mu no ho. Mmom no, asɛm no fa ɔfoforo a wɔreka ne ho asɛm a ɔne nea onni mmara no “ba” no ho. Ɛno nti na An American Translation fi nkyekyem 9 ase sɛ: “Ɔfoforo bi no ahoyi, nam Satan adwumayɛ so” no. “Apam Foforo” no Westminster Version no kenkan saa ara sɛ: “Nanso ɔfoforo bi no ba nam Satan adwumayɛ so.” Enti Hela edin nsiananmu “ɔno” a ɛwɔ nkyekyem 9 no ne “no” a ɛwɔ nkyekyem 8 no hyia, a ɛfa nea onni mmara no ho. Sɛ wɔde tõa mu a sɛɛ na ɛbɛkenkan “Wobeyi nea onni mmara bi no adi, ɔno na Awurade Yesu bekum no ɔno na [ɛyɛ] ne ba.”
56. “Onipa a onni mmara” no “ba” ankasa no yɛ nea wobetumi aka sɛ efi hena nkutoo, na dɛn ntia?
56 Nea-otia-Nyankopɔn, “onipa a onni mmara,” no “ba” ankasa fi Kristo asomafo no wu akyi de besi mprempren yɛ nea wobetumi aka sɛ emfi obiara sɛ Satan Ɔbonsam. Esiane sɛ “onipa a onni mmara” kuw yi traa “Onyankopɔn asɔredan” mu nti, yɛrentumi nnye akyinnye sɛ “nea onni mmara” yi fi Yehowa Onyankopɔn. Saa “asoɔdenfo kuw” yi “ba” fi bere tenten no anya adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ efi “Satan adwumayɛ” anaasɛ sɛnea n’adwuma te. Edin Satan no ase kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” na ɔno na ɔhyɛ sɔre a wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn wɔ soro ne asase so no nyinaa akyi, a sɔre a “nea ɔnni mmara” no sɔre tia Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ka ho. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔma wɔn a wɔde “ɔwae” anaasɛ atuatew ba no ma wɔn ho so kodu “asɔfo” dibea so na wɔnam saa yɛ so da wɔn ho nsow wɔ asafo no mufo a wɔaka a wɔfrɛ wɔn “asɔre mma” no ho. Ná eyi yɛ Satan Ɔbonsam nnaadaa a ɔnam so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan Kristo asuafo asafo no nyinaa atia Yehowa Nyankopɔn.
57. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya asɔfo no ma wɔadi tumi na wama asɔfo no atra hɔ no, ɔkwan bɛn na ɔfaa so, na atirimpɔw bɛn nti na ɔfaa ɔkwan a ɛte saa so?
57 Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya wɔn a wɔfrɛ wɔn “Kristofo” asɔfo no ma wɔadi tumi na wɔatrã hɔ no, na ɛsɛ sɛ Satan adwumayɛ yɛ nea ɛwɔ “atoro tumi [anwonwade ahorow, Je] ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa mu ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu.” Saa atoro, atoro adanse a ɛkyerɛ sɛ “asɔfo” no wɔ mmoa a ɛsen onipa de no nyinaa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma asafo no mufo agye adi sɛ asɔfo no gyina nokware Nyankopɔn no ananmu na ɔno na wapaw wɔn, agye wɔn atom a ogyina wɔn akyi na wɔyɛ n’asase so adwumayɛfo. Ɔma wɔyɛ te sɛ nea wɔn nkutoo ne nnipa a wɔayi wɔn asi hɔ na wɔapaw wɔn ama Onyankopɔn Asɛm no ho adwumayɛ, a tumi, hokwan, ahobammɔ, dibea ne abodin atitiriw bi ka ho a wɔn a wɔba fam, “asɔre mma” no nnya bi.
58. Dɛn nti na ahoɔden nnwuma, sɛnkyerɛnne, ahodwiride, ne nea ɛkeka ho a asɔfo no yɛ no renyɛ nea efi asomafo de no mu nti, na mmom ɛyɛ Satan adwumayɛ?
58 Enti, saa ahoɔden nnwuma anaa anwonwade ahorow, saa sɛnkyerɛnne ne ahodwiride ne abɔnefo nnaadaa no yɛ pɛsɛmenkominya atirimpɔw bi nti, na ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam ne nkamfo nti. Saa Satan adwumayɛ a eyi ne ho adi yi yɛ nea ɛbae wɔ Kristo asomafo no wu akyi. Ampa saa asomafo no yɛɛ anwonwade, sɛnkyerɛnne ne ahodwiride ahorow, efisɛ wonyaa Onyankopɔn honhom denam Kristo so. Saa asomafo no nyaa tumi ne ahoɔden a ná wotumi de honhom no ma gyidifo a wɔabɔ wɔn asu a honhom akyɛde ahorow a wɔde yɛ anwonwade ahorow te sɛ kasa horow, nkɔmhyɛ, nsɛm asekyerɛ, ayaresa, ne nea ɛtete saa ka ho. Kristo asomafo no wu akyi no, honhom a wɔde ma afoforo a anwonwa kwan so akyɛde ahorow ka ho no gyaee. Saa ara na bere a wɔn a na wɔnam asomafo no so anya akyɛde no wuwui no, saa anwonwa kwan so akyɛde ahorow no gyaee, wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so abien Y.B. mu, na saa nneɛma no anyɛ adanse a ɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ Nyankopɔn nokware asomfo ne wɔn a wɔbom yɛ nokware Kristofo asafo no bio. (Asomafo no Nnwuma 8:14-18; 1 Korintofo 13:8) Enti, nea ɛte sɛ saa “akyɛde ahorow” no a wɔda no adi wɔ ɛno akyi no bɛyɛ nea emfi Onyankopɔn na mmom efi Satan.
59. (a) So nneɛma a ɛyɛ anigye a wɔde nsa kyerɛ so wɔ asɔfo no fam no kyerɛ sɛ eyinom yɛ Onyankopɔn asomfo? (b) Dɛn so na nokware asomfo dan kɔ sɛ nea edi ɔsoro paw ho adanse?
59 Enti, afei, ma Kristoman asɔre ahorow a asɔfo na ɛkyerɛ no kwan no ntwe adwene nkɔ ahoɔden nnwuma, anwonwade ahorow, sɛnkyerɛnne ne ahodwiride a wɔpɛ nyinaa so mma wɔn asɔfo no wɔ mfehaha pii no mu. Ma wɔntwe adwene nkɔ asɔfo no gyinabea akɛse wɔ wiase yi mu, nidi ne anuonyam akɛse a wɔde ama asɔfo no, wɔn ntade ne kyɛw akɛseakɛse a etwitwa nyinamnyinam, wɔn abodin akɛseakɛse, wɔn asɔredan afɛfɛ, wɔn asɔre amanne ahorow a ɛyɛ nwonwa, abodoo ne bobesa a wɔkyerɛ sɛ wɔsakra no wɔ “Mass” mu, wɔn sukuu akɛse a wɔakokɔ, gyinabea ne tumi a wɔne amammui Man ne asraafo wɔ no so, nanso saa nneɛma no nyinaa ne tumi a saa nneɛma no anya wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn “asɔre mma” so no kyerɛ sɛ Kristoman asɔfo a wɔama wɔn ho so no mfi Onyankopɔn, na wɔnyɛ n’asomfo. Satan a ɔdan ne ho “hann bɔfo” no ma n’asase so nyamesom asomfo “dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo.” (2 Korintofo 11:14, 15) Ɛnyɛ nneɛma a ɛte saa a wohu no so na Yehowa Nyankopɔn nokware Kristofo asomfo nam da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ n’asomfo a wapaw wɔn a wɔagye wɔn atom, na mmom denam Onyankopɔn nokware Asɛm a wɔakyerɛw no so.
60. Ná asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no dodow wɔ wiase nyinaa yɛ nwonwa kɛse kodu he?
60 Nea ná ɛyɛ nwonwa kɛse ne asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no dodow a ɛkɔɔ anim wɔ wiase nyinaa no. Wɔ afe 1971 Y.B. mu, bere a nnipa a wɔwɔ Kristoman mu no dodow a ɛsen biara bɛyɛɛ 985,363,400 no, na nyamesom asɔfo dodow adu mpem ɔhaha pii. Wɔ Roma Katolek Asɔre no mu nkutoo no, na wɔwɔ asɔfo 419,611 ma asɔre no mufo a na wɔn dodow yɛ 566,771,600 wɔ wiase nyinaa saa afe 1971 no mu no.
61. Paulo kae sɛ henanom nti na Satan a ɔyɛ adwuma anifere kwan so no yɛ saa nnaadaa nneɛma no? Na dɛn nti na Onyankopɔn na ɔma ho kwan?
61 Henanom na saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wohu no daadaa wɔn ma wogye di? Henanom na wɔn ani gye “atoro tumi ne sɛnkyerɛnne ne ahodwiride nyinaa” a ɛte sɛɛ a emfi Kyerɛwsɛm mu no ho na wɔma ɛdaadaa wɔn? Henanom nti na Satan a ɔyɛ adwuma wɔ anifere kwan so no yɛ saa nneɛma yi? Ɔsomafo Paulo se “Satan adwumayɛ” wɔ asɔfo a wɔne “nea onni mmara” no, ba mu no yɛ “nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, efisɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa. Eyi nti Onyankopɔn bɛsoma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atoro adi, na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn.”—2 Tesalonikafo 2:10-12.
62. So Onyankopɔn hyɛ da soma “nnaadaa a emu yɛ den” ba wɔn a wɔadaadaa wɔn no so tẽe, ne dɛn na Ɔnam saa “nnaadaa a emu yɛ den” yi so ma ɛda adi?
62 Onyankopɔn nhyɛ da nsoma “nnaadaa a emu yɛ den” mma wɔn a wɔadaadaa wɔn yi so tẽe. Ɔma ɛba wɔn so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔahu nea wɔpɛ, na afei nso, efisɛ eyi ne nea wɔpɛ ankasa. Eyi ne nea ɔsomafo Paulo daa no adi kyerɛɛ ne yɔnko ɔsɛmpatrɛwfo Timoteo wɔ krataa a etwa to a ɔde kɔmaa no no mu. Paulo kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔpɛe sɛ Timoteo ka Onyankopɔn Asɛm no na ogyina mu bere nyinaa wɔ Kristofo asafo no mu no mu. Paulo kae sɛ: “Na ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.” (2 Timoteo 4:2-4) Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so no, obi betumi abɔ ne ho ban afi “nnaadaa a emu yɛ den” ho wɔ “nea onni mmara” no ba no mu. Nanso esiane sɛ wɔma Satan kwan ma ɔkɔ so wɔ “nnaadaa a emu yɛ den” mu na ɔnam saa yɛ so ma adwumayɛ yi kɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu nti, Yehowa Nyankopɔn sɔ wɔn hwɛ sɛ ebia ‘wogye nokware dɔ’ no anaasɛ wɔdɔ atoro no.
63. Dɛn a abɛn na ɛma wiase tebea no yɛ nea anibere wom kɛse ma adesamma nyinaa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛpaw mprempren?
63 Nea ɛsen bere biara wɔ asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” no ‘ba a waba’ no bere a aka no mu ne wɔ Awurade Yesu ba a waba anaa parousia no mu no, “nnaadaa a emu yɛ den” akɔ nnipa no nkyɛn a Onyankopɔn ma ho kwan. Atɛn a wobebu atia wɔn a ‘wonnye nokware dɔ’ no a “wɔn ani sɔ nea ɛnteɛ” no a ɛrebɛn no ma wiase tebea no yɛ nea anibere wom kɛse ma nnipa no nyinaa. Efi afe 1914 Y.B. no, Bible asuafo a wɔwɔ honhom mu ntease de bere tenten ahu “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Kristo ba anaa parousia wɔ honhom mu no, na wohu sɛ bere no bɛba yɛn so mpofirim na ɔde “ne ba no pue” atia asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara . . . ɔsɛe ba no.” (2 Tesalonikafo 2:8) Enti, afei dɛn na yɛpɛ—sɛ́ wɔbɛsɛe yɛne “nea onni mmara” no anaasɛ wobegye yɛne wɔn a wɔdɔ nokware no nkwa?
“ONIPA A ONNI MMARA” NO A WOBEYI NO AFI HƆ
64. Ɔkwan bɛn so na “onipa a onni mmara” kuw no ayɛ ne ho Babilon Kɛse no fã?
64 Asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no fi mfehaha pii ni akyerɛkyerɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ ahorow a efi tete Babilon na wɔama abosonsom nkyerɛkyerɛ ahorow yi ne nnipa atetesɛm so asen Kyerɛw Kronkron a efi honhom mu no. Kristoman asɔfo asɔre atia na wɔataa wɔn a wɔdɔ Bible mu nokware na wɔaka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo na wɔtra ase ma ɛne no hyia no. Asɔfo no ayɛ wɔn ho wiase no adamfo na wɔne amammui sodifo ne nnipa a wɔyɛ nnwuma Akɛse no abɔ honhom mu aguaman, na wɔaboa asraafo ne wɔn a wɔde akodi ba. Wɔnam saa yɛ so ayɛ wɔn ho Babilon Kɛse, a egyina hɔ ma wiase atoro som ahemman no fã a ɛyɛ den. Yiw, “onipa a onni mmara” kuw no yɛ Babilon Kɛse, nyamesom mu “aguaman kɛse” a ɔno na “wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsã no abobow wɔn a wɔtete asase so no” fã a asɛe kɛse.—Adiyisɛm 17:1, 2.
65. Ɔkwan bɛn so na “onipa a onni mmara” asɔfo no tra “aboa kɔkɔɔ” no so, na dɛn na wɔpɛ sɛ ɔyɛ?
65 Esiane sɛ ɔka nyamesom Babilon Kɛse no ho nti, asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no te sɛnkyerɛnne kwan so “aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.” Saa sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ne nnɛyi wiase ahyehyɛde ma amanaman ntam asomdwoe ne ahobammɔ, Amanaman Nkabom a nnipa ahyehyɛ no. Eyi ne sɛnkyerɛnne kwan so ‘ɔhene a ɔto so awotwe,’ Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe, wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no. (Adiyisɛm 17:1-11) Eye ma “onipa a onni mmara” kuw, Kristoman asɔfo no sɛ wɔbɛkamfo amanaman ntam ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne ahobammɔ a nnipa ahyehyɛ, na mpo wɔde Mesia no dwumadi ama saa ahyehyɛde a ɛnyɛ Kristofo de no. Nea “onipa a onni mmra” asɔfo no pɛ ne sɛ ebia saa amanaman ntam ahyehyɛde yi begye wiase no afi wiase ntawtawdi a ɛto so abiɛsa, nuklea akodi mu.
66. Dɛn nti na tra a “onipa a onni mmara” no tra no so no renkyɛ afei, na dɛn na ne so a wɔtra no awiei bɛkyerɛ ama saa asɔfo yi?
66 Afei saa sɛnkyerɛnne kwan so “aboa kɔkɔɔ” no so a wɔtra no renkyɛ bio. Sɛnea nyamesom mu aguaman Babilon Kɛse no kɔ no, saa nso na “onipa a onni mmara” asɔfo no kɔ. Sɛnea Adiyisɛm anisoadehu no ka too hɔ ampa no, sɛnkyerɛnne kwan so aboa no “mmɛn” du nniso ahorow no bɛdan aba nea ɔte ne so a ne ho agu fĩ, Babilon Kɛse, no so wɔ ɔtan mu. Yiw, ti ason a ɛkyerɛ aboa no ankasa kwan no bɛtan amanaman ntam aguaman yi. Ɛbɛma wɔatow ahyɛ no so. Dɛn na aboa no, ne ti ne ne mmɛn no bɛyɛ no? “Wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” (Adiyisɛm 17:16) Bere a wɔyɛ no pasaa na wɔma ɔda adagyaw, di ne nam na wɔde ogya hyew no koraa no, wɔyɛ “onipa a onni mmara” asɔfo no pasaa, wɔda adagyaw, wodi wɔn nam na wɔhyew wɔn pasaa.
67. Dɛn nti na eyi bɛkyerɛ “ahohiahia” a ɛyɛ “kɛse” ampa ama “onipa a onni mmara” asɔfo no?
67 Ɛno bɛkyerɛ “ahohiahia kɛse” ama “onipa a onni mmara” asɔfo no, efisɛ asɔfo no ne nnɛyi sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a anni nokware, Kristoman, fã titiriw. Tete Yerusalem a Romafo sɛee no wɔ 70 Y.B. mu no yɛ ɔsɛe a ɛreba Kristoman ne ne nyamesom sodifo ahorow, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “Kristofo” asɔfo so no ho nhwɛso. Tete Yerusalem ahohiahia wɔ bere a na n’asɔre dan no wɔ hɔ, na wɔyɛ asɔfodwuma no yɛɛ “kɛse” ampa. Na ahohiahia a ɛrenkyɛ ɛbɛka Kristoman ne “onipa a onni mmara” asɔfo no nso ɛ? Ɛbɛyɛ ahohiahia a ɛsen biara a aka adesamma abusua no pɛn. Emu na wobeyi asɔfo a wɔyɛ “ɔsɛe ba” no afi hɔ wɔ ɔsɛe koraa mu.—Mateo 24:15-22; Marko 13:14-20.
68. Abakɔsɛm mu nhwɛso a wɔka too hɔ bɛn mu na yebetumi afi ahu nea eyi bɛkyerɛ ama Kristoman?
68 So yebetumi ahu nea ɛno bɛkyerɛ? Wɔn a wɔda so ara wɔ obu ma Kristoman asɔfo a wɔasra wɔn no rentumi nsusuw ho sɛ wɔbɛsɛe saa nyaatwom asɔfo a wobu wɔn ho kronkron no aka Babilon Kɛse no ho, efisɛ ɛte sɛnea ɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ wobesusuw ade a ɛte saa ho mpo. Nnipa a wɔte sɛɛ suro sɛ wobesusuw ho sɛ wɔbɛsɛe asɔredan a asɔfo no tra mu na ɛma ɛyɛ te sɛ nea wɔfata sɛ wɔhyɛ wɔn anuonyam te sɛ onyame bi no. Wɔ wɔn fam no, ade a ɛte sɛɛ te sɛ nea woregu nea ɛyɛ kronkron, wɔatew ho, ho fĩ. Nanso saa ara na afeha a edi kan Yudafo a wɔwɔ nyamesuro a ná wɔnyɛ Kristofo no buu nkɔmhyɛ biara a na ɛfa Yerusalem kurow no ne n’asɔredan kronkron no sɛe ho. Nanso, nea Yesu ka too hɔ wɔ ne nkɔmhyɛ no mu bere a na ɔte Ngo Bepɔw so no nyinaa baa mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.—Mateo 24:1, 2.
69. (a) Wɔ anyamesomfo fam no, “onipa a onni mmara” kuw no sɛe no bɛyɛ nwonwa esiane sɛ wobu no sɛ dɛn ntia? (b) Saa kuw no bɛhwe ase awu te sɛ henanom, na hena na obekum no?
69 Wɔ wɔn a wɔbɔ mmɔden a wɔde wɔn ho afam Kristoman ho no fam no, asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no a wobeyi no afi hɔ no bɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa a ɛwosow wɔn nyamesom gyidi ahorow no. Ɛbɛhyɛ onyame bi wu agyirae, efisɛ “onipa a onni mmara” kuw no ne nea ‘ɔkɔtra Onyankopɔn’ asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn’ no. (2 Tesalonikafo 2:4) Yesu ankasa gyee Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no toom sɛ nnipa wɔ asɛm so a wɔfrɛ wɔn “anyame,” atumfoɔ. Sɛ́ nea edi eyi ho adanse, sɛnea Yohane 10:34-36 kyerɛ no, ɔfaa dwom a ɛto so aduɔwɔtwe abien no mu nsɛm kae, a ese:
“Onyankopɔn gyina Onyankopɔn asafo mu, obu atɛn anyame ntam. Da bɛn na mubebu ntɛnkyew, na moahwɛ abɔnefo anim akosi? Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni. Munnye ɔbrɛfo ne hiani, munhwim wɔn mfi abɔnefo nsam.
Wonnim [saa atemmu anyame yi] de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow.
Me de, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma, nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara.”
Asɔfo a wɔyɛ “onipa a onni mmara” kuw no nyɛ onyame a onwu da, na mmom obewu te sɛ onipa foforo biara, te sɛ oyimafo Yuda Iskariot a ɔno nso wɔfrɛɛ no “ɔsɛe ba” no. (Yohane 17:12) Ɛmfa ho sɛ ɛma ne ho so “hyɛ nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa,” saa ɔhene a ɔyɛ “onipa a onni mmara” no bɛyɛ sɛ nnipa ahemfo a wonni nokware no mu biako na Yehowa Mesia no bɛma wahwe ase, na wakum no.—Dwom 82:1-7.
70. Esiane ɛnonom nti, nsɛm bɛn na ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho esiane nea Paulo kyerɛw faa “nnaadaa a emu yɛ den” ho no nti?
70 Esiane saa nneɛma yi nti, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho nsɛm bi mprempren a yenntu nhyɛ da: So meda so ara wɔ “nea ɛnteɛ nnaadaa” a Satan ahyehyɛ a ɛfa Kristoman “onipa a onni mmara” kuw no ho no ase? So “nnaadaa a emu yɛ den” a Onyankopɔn ma ɛba wɔn a wɔyera so no aka me ma enti meda so ara gye atoro no di? So mapow sɛ ‘megye nokware dɔ’ no, ma enti mepɛ atoro no na m’ani sɔ nea ɛnteɛ a Kristoman asɔfo ayɛ no?
71. Atoro a yebedi mprempren wɔ eyi mu no bɛkyerɛ dɛn ama yɛn, na wɔ “da” bɛn a mprempren ɛda adi sɛ abɛn mu?
71 Mfaso nni so sɛ yebedi atoro, yɛbɛdaadaa yɛn ho wɔ nsemmisa yi ho mmuaema mu. Sɛ́ obi renni nokware no ma obi boapa nantew kɔ ɔsɛe mu, efisɛ, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: wɔasiesie “nea ɛnteɛ nnaadaa” no ama “wɔn a wɔyera no.” Onipa a n’adwene mu da hɔ bɛn na ɔbɛpɛ sɛ ɔyera bere a Onyankopɔn bu atɛn tia wɔn a wɔadaadaa wɔn no? Saa atemmu yi abɛn afei ama wɔn a wɔkɔ so ara gye atoro di no. Yɛrenni atorɔ wɔ eyi ho, efisɛ wɔayi “onipa a onni mmara . . . ɔsɛe ba” no adi na wɔama ne ho ada hɔ. Yɛadu akyiri nso wɔ Awurade Yesu parousia anaasɛ ne “ba” no mu. “Ɔwae” a wɔkaa ho asɛm too hɔ no adu nea ebedu. Eyinom ne nneɛma a ɛsɛ sɛ edi “[Yehowa]” ɔsɛe “da” a ɛreba no anim. Saa da no kyerɛ ɔsɛe a ɛba “onipa a onni mmara” no so sɛnea wɔada no adi wɔ n’abodin “ɔsɛe ba” no mu no.
72. Yɛn ho a yɛbɛtwe mprempren afi saa “onipa a onni mmara” no ho no bɛkyerɛ dɛn a yebekwati?
72 Eyi nyɛ asɛm bi a wɔde yi hu ara kwa. Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa Asɛm na mprempren ɛde kɔkɔbɔ a emu yɛ den rema a tebea horow ne nea ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu no ama ano ayɛ den! Ɛnde, so bere nsoe sɛ obiara a ɔdɔ Nyankopɔn mmara no bɛtwe ne ho afi saa “onipa a onni mmara” a wɔayi no adi no ho? Saa a yɛbɛyɛ no kyerɛ kwati a yebekwati sɛe a wɔbɛsɛe yɛn aka ne ho wɔ wiase “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu.—Adiyisɛm 7:14, 15.
[Ase hɔ asɛm]
a New Catholic Encyclopedia, Po 6, kratafa 706, wɔ “Gratian” ase.