So W’ani Sɔ Nea Onyankopɔn Ayɛ Ama Wo No?
ƆBEA bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛmpa a efi Bible mu no bi akyerɛ ne fipamfo, Chinani bea bi a ɔwɔ mma baanu. Nanso asɛm a wɔde hyiaa mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ ne sɛ: “Meremmɛyɛ Kristoni te sɛ wo da!”
Nanso, sɛ anka saa asɛm yi begye no asabawmu no, Kristoni bea no kɔɔ so yii ayamye adi kyerɛɛ ne fipamfo no, na ɔkɔboaa no mpɛn pii bere a ohia mmoa. Nkakrankakra no saa ayamye yi kaa ɔbea yi na awiei koraa no ɔpenee Bible adesua a wɔne no bɛyɛ so sɛnea ɛbɛyɛ na wasua Onyankopɔn a n’asomfo yi ɔdɔ a ɛte saa a pɛsɛmenkominya nni mu adi kyerɛ no ho ade pii. Bere bi akyi no Chinani bea no ankasa bɛyɛɛ Yehowa, Bible no Nyankopɔn no, somfo, na ɔyɛɛ eyi a ɔsɔretia a emu yɛ den a ne kunu de baa no so no mfa ho.
Saa osuahu yi di adanse sɛ onipa a n’adwene mu da hɔ biara ani sɔ ayamye ne ɔdɔ a woyi adi kyerɛ no. Na ɛyɛ nea ɛfata na ɛteɛ sɛ yeyi anisɔ adi kyerɛ obi a ɔda ayamye a ɛte saa adi. Fa no sɛ w’adamfo bi too nsa frɛɛ wo kɔɔ adidi bi a wasɛe bere ne sika pii wɔ ho ase. Bere a moadi aduan a ɛte saa awie no, so wubefi ɔpon no ho a wonka biribiara mfa nkyerɛ onii a ɔtoo nsa frɛɛ wo no ahɔhoyɛsu no ho anisɔ? Na, ɛnde, Ɔbɔadeɛ no nso ɛ? So w’ani sɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa no?