Nkamfo Krataa
Anuanom Adɔfo,
Bere a mokae sɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no yɛ “ɔkyerɛkyerɛ mmoa a ɛyɛ nwonwa” no na ɛyɛ nokware ampa.
Bere a merehwɛ me de no mu no na m’adwenem yɛ me naa te sɛ Toma. Ná nhoma no yɛ fɛ a n’akenkan ne asete nyɛ den, nanso so nnipa nti a wɔyɛe, obiara a ɔwɔ fie, adwumayɛbea ne afipamfo, ani begye ho?
Mmuae no yɛ yiw! yiw! yiw! Mede nhoma no pii ama wɔ oduruyɛfo bi adwumayɛbea, faako a meyɛ adwuma no, nanso nhoma no ankasa kɔ afie a ɛbɛn no mu.
D—D—te bɛn me. Ɔyɛ abeawa a ne ho yɛ fɛ a wadi mfirihyia 13 a n’ani so yɛ hyew na ɔkasa a ɔmmrɛ, na odi akɔ-ne-aba da mũ no nyinaa.
Bere a ɔbɛsraa me babea no da koro awia no, ɔfaa “nhoma kɔkɔɔ ketewaa” no. D—asesa fi saa bere no. Ti a edi kan no nkutoo na wasua na wakɔ nhyiam horow a n’agya ama no kwan sɛ ɔnkɔ no nyinaa, wasiesie ne dan mu, ɔhwɛ ne kasa, ne fekubɔ ne ne nnwom a otie yiye. Wayɛ obi a odwo, nea ɔbrɛ ne ho ase na ɛyɛ anigye ankasa sɛ wɔne no bɛbɔ. Wasesa koraa ma mprempren ne na pɛ sɛ osua nhoma koro no ara sɛnea ɛbɛyɛ a obenya anigye te sɛ ne babea kumaa no.
Minnim faako a eyi bɛkɔ akowie, nanso mewɔ anidaso, dabi, mebɔ mpae mmom sɛ yebenya nnipa baanu foforo a wɔdɔ Yehowa ne ne Ba no a wɔne afoforo bɛkyɛ “nhoma kɔkɔɔ ketewa” no mu nsɛm.
Mede ɔdɔ a emu yɛ den kyia mo,
D. L. F.