Sɛnea Aware Yi San Yɛɛ Yie
Ɔkenkanfo bi a ɔwɔ anisɔ a ofi South Africa kyerɛwee sɛ: “Afotu a ɛwɔ Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye mu a mede dii dwuma na ama m’aware asan ayɛ yiye no. Ti anum a ɛne ‘Ɔyere a Wɔdɔ No Yiye’ no abue m’ani. Ná ɛnyɛ nea masusuw ho pɛn sɛ nea meyɛ betumi de ɔhaw ahorow pii aba saa. Meda mo ase pii. Ná m’aware no wɔ tebea a emu yɛ den paa mu, nanso afei wɔ asram bi akyi no, asan ayɛ nea anigye wom.”
Sɛ wopɛ nea ɛbɛboa wo na ama w’aware ayɛ anigye a, nhoma yi ho betumi aba wo mfaso. Hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase hɔ no fa mana na wo nsa bɛka bi.
Mesrɛ mo, momfa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no biako mmana me. Mede ₵60 ahyem de retua ka.