Teokrase Dwumadi Titiriw Foforo Wɔ Korea
SƐNEA ɛbɛyɛ a ɛne wiase nkae no bɛbɔ anan nti, Ahenni asɛnka adwuma no rekɔ anim ntɛmtɛm wɔ Korea. Bɛyɛ mfirihyia abiɛsa pɛ, fi bere a wobuee baa dwumadibea dan a ɛwɔ Kongdo, Korea no ano no, wɔsan buee foforo a wɔasi aka ho ano May 11, 1985.a Ná ɛyɛ teokrase dwumadi titiriw foforo wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Korea no abakɔsɛm mu.
Sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no, foforo a wɔasi aka ho no ne office abansoro a ɛto so abiɛsa no (nea ɛwɔ nifa so no) , abansoro abien a wɔde aka tintimbea dan no ho no (nea ɛwɔ mfinimfini no) , ne afei Betel fie abansoro a ɛtoa so abiɛsa a ɛka ho no (nea ɛwɔ benkum so no nyinaa) . Adan a ɛwɔ akyiri hɔ no ne Betel fie a ɛwɔ hɔ dedaw no.
Nanso dɛn nti na wosii eyi kaa ho ntɛm saa? Bere a wofii ase tintim nhoma wɔ tintimbea foforo hɔ wɔ 1982 mu no, na wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! 380,000 ɔsram biara. Mprempren eyi abu abɔ ho adu 760,000 ɔsram biara. Ampa, ɛyɛ nea wɔde tintimbea dan foforo a wɔasi aka ho no bedi dwuma pa. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi nkɔso yi ho dwuma nti, mprempren nnipa 86 na wɔsom wɔ baa dwumadibea hɔ. Ofie foforo a wɔasi no so yiye; mprempren wɔwɔ adan ma nnipa 120.
Ná A. D. Schroeder a ɔka Yehowa Adansefo Sodikuw a ɛwɔ Brooklyn, New York, no ho no wɔ hɔ bere a wobuee ano no. Korea Baa Dwumadibea Boayikuw no mufo kaa ɔman no mu ɔsom adwuma ne ɔdan no si ho asɛm. Nnipa 2,199 a wɔbae no nyinaa de aseda a efi komam maa Yehowa wɔ ne nhyira kɛse no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛdefa ɔdan no ano bue wɔ May 8, 1982, mo ho amanneɛbɔ ho no, yɛsrɛ wo hwɛ September 15, 1982, Watchtower no nkratafa 26-28.