Afotu A Eye Se Biara Ma Nnɛyi Ware
Ne fipamfo no de n’ano too’ asɛm no mu sɛ, “Oo, ɛsɛ sɛ wotɔ nsɛmma nhoma yi bi na wokenkan. “ Afei obisaa ɔbea a ɔde nsɛmma nhoma no rema no sɛ: “Wunim nea enti a mepɛ sɛ ɔkenkan bi no? Esiane mo nhoma no nti, masan akɔ me kunu nkyɛn. Migyaw no hɔ na me ne me na kɔtráe afe ne fá.Wo nkurɔfo no bi baa me nkyɛn begyaw nhoma no bi maa me na mekenkanee. Eyi ma misii gyinae sɛ mɛsan akɔ me kunu no nkyɛn. Meda so ara kenkan mo nhoma ahorow no na mprempren m’ani agye wɔ m’aware mu.” Eyi maa ofiewura no gyee nsɛmma nhoma ahorow no ntɛm ara.
Mpɛn pii Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no kura Bible mu afotu a wɔde di abusua mu nsɛnnennen ahorow ho dwuma. Fa ₵240.00 pɛ mana yɛn na wo nsa bɛka abien yi nyinaa bi (anan ɔsram biara) afe biako.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no afe biako. Mede ₵240. 00 ahyem de retua ka.