Nkokoaa Asubɔ—Nea Enti A Asɔfo Binom Se Dabi
NÁ ALAN ne Sonia pɛ sɛ wɔbɔ wɔn ba no asu. Enti wɔn ho dwiriw wɔn bere a ɛnyɛ pow nko na wɔn Anglican sɔfo no powee sɛ ɔbɛbɔ akokoaa no asu na mmom ɔde afotu yi nso kaa ho no: “Mo ankasa monyɛ.” Dɛn ntia? Ná Alan ne Sonia nyinaa ntaa nkɔ asɔre.—The Christian Century, June 3-10, 1981,
Wɔaka eyi bi akyerɛ awofo binom nnansa yi ara—biribi a ɛkyerɛ pefee sɛ asɔre ahorow binom resesa wɔn adwene wɔ nkokoaa asubɔ ho. Susuw Roman Katolek Asɔre no ho. Wɔ Vatican II nhyiam no akyi no, asɔre no yɛɛ nsakrae wɔ nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu no mu. Yiw, asɔre no da so ara bɔ nkokoaa asu, nanso afei de ɛsɛ sɛ awofo no di kan hyɛ bɔ sɛ wɔbɛtete abofra no ma wabɛyɛ Katolekni. Wofi Vatican hyɛe sɛ: “Sɛ bɔ yi nyɛ nea wɔhyɛ no anibere so ankasa a, wobetumi atwe asubɔ no asan; na sɛ wɔanhyɛ koraa de a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ wɔbɔ koraa mpo.”—L’Osservatore Romano, “Nkokoaa Asubɔ ho Akwankyerɛ,” December 1, 1980.
Eyi yɛ soronko koraa wɔ bere a sɛnea Katolekni sɔfo Joseph M. Champlin kyerɛ no na “asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ nnam bɔ abosonsomfo mma a wɔagyaw wɔn agu kwankyɛn asu,” na asɔfo “tu awofo fo sɛ wɔnntwentwɛn wɔn nan ase wɔ nkokoaa Asubɔ ho mma ɛmmoro ɔsram biako wɔ ɔdesani bɔne a ɛyɛ yaw mu” no.
Dɛn na ɛhyɛ wɔn adwene a asesa yi akyi? Ade biako ne sɛ, ɛnnɛ asɔfo no ahu sɛ ɛnyɛ asubɔ na ɛma obi yɛ Kristoni. Nnipa dodow a wɔkɔ asɔre no so a ɛrehuan ne ahofama a Katolekfo a wɔabɔ asu nni no abɛyɛ nea ɛhaw wɔn ankasa. Asɛm bi a na ɛwɔ U.S. Catholic mu bisae sɛ, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asɔre no ma ɔhaw no yɛ kɛse denam bɔ a ɛbɔ mmofra a ɛda adi sɛ sɛ wɔyɛ mpanyimfo a wɔrenkɔ asɔre no asu no so?”
Adwene foforo a ɛfa asubɔ ho no ma wohu mpaepaemu kɛse a ɛwɔ asɔfo no ntam nso. Sɛnea Katolekni ɔkyerɛwfo Joseph Martos ka no. asɔfo pii nnye nni sɛ nkokoaa asubɔ yɛ “nyankonne bi a enya tumi bi a aniwa nhu wɔ ɔkra no so.” Wɔ wɔn fam no, adwene a ɛte sɛɛ yɛ nea ne bere atwam.
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Katolekfo koma pafo pii ayɛ basaa. So ɛnyɛ nea asɔre no akyerɛkyerɛ bere nyinaa sɛ nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu no betumi akɔ hell-gya mu anaa ahodwiragya mu? Ebinom bisa sɛ, sɛ eyi yɛ nokware a, dɛn nti na wɔde asubɔ kame wɔn wɔ tebea horow bi mu? Eyi yɛ nsemmisa a ɛho hia. Sɛnea Katolek sɔfo Vincent Wilkin kae no, wɔn a wɔammɔ wɔn asu a wɔawuwu no “dodow nni ano ampa, na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka sɛ wɔyɛ adesamma abusua no mufo a wɔdɔɔso.”
Enti, ma yɛnhwehwɛ nkokoaa asubɔ ho asɛm no mu kakraa—wɔ abakɔsɛm mu ne Bible mu.