Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 9/1 kr. 4-7
  • So Ɛsɛ Se Wɔbɔ Nkokoaa Asu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Se Wɔbɔ Nkokoaa Asu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Anaa Nnipa Atetesɛm?
  • ’Wɔ Hell Ahye So’
  • Akyinnyegye No Sɔre Bio
  • Nkokoaa Asubɔ Ne Wo Ba
  • Nkokoaa Asubɔ​—Nea Enti A Asɔfo Binom Se Dabi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Dɛn Ne Asubɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 9/1 kr. 4-7

So Ɛsɛ Se Wɔbɔ Nkokoaa Asu?

Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ akokoaa no yɛ ɔbɔnefo. Nanso nea tete amanne yi fa ho ne bɔne a wɔhohoro. Nea ɔrehwɛ ma wɔabɔ no asu no pow Satan ne ne nnwuma mprɛnsa. Afei ɔsɔfo no fa kuruwa ketewa bi na ohwie nsu gu akokoaa no momaso brɛoo mprɛnsa na ɔka sɛ, “Mebɔ wo asu wɔ Agya, ne Ɔba, ne Sunsum Kronkron no din mu.”

BƐYƐ mfirihyia mpem abien ni a wɔakɔ so abɔ nkokoaa asu wɔ adeyɛ bi a ɛte sɛɛ mu. Ebia awofo bɛka ho asɛm sɛ ɛyɛ adeyɛ a ɛkã koma kɛse. Nanso, so adeyɛ yi mfiase fi Onyankopɔn Asɛm no mu? Katolek asɔfo gye tom sɛ ɛnte saa.​—Hwɛ New Catholic Encyclopedia mu, Po 2, kratafa 69.

W’ankasa kenkan Bible nhoma a ɛne Asomafo no nnwuma no na wubehu ntɛm ara sɛ wɔ tete Kristofo no mu no, na wɔn a wɔbɔ wɔn asu ne wɔn a ‘wotie na wogye tom’ a wɔwɔ ntease na ‘wɔsakra wɔn adwene.’ (Asomafo no nnwuma 2:14, 22, 38, 41, Douay Version) Nneɛma a ɛyɛ den sɛ akokoaa betumi ayɛ! Ampa, Bible no ka afi mũ, te sɛ Kornelio de no, a wɔbɔɔ emufo nyinaa asu ho asɛm.a Nanso wɔ ɛno mu mpo no, na ɛyɛ “wɔn a wɔtee asɛm no”​—ɛnyɛ nkokoaa.​—Asomafo no Nnwuma 10:44-47.

Onyankopɔn Anaa Nnipa Atetesɛm?

Esiane sɛ Vatican ntumi ntwe adwene nsi Bible mu nhwɛso bi so nti, ɛka sɛ, “Yebu nkokoaa asubɔ sɛ atetesɛm a akyɛ yiye ho mmara.” Nanso so Yesu Kristo na ɔde atetesɛm yi sii hɔ? Dabi, efisɛ wɔamfi ase ammɔ nkokoaa asu kosii bere a asomafo no wuwui akyi bere bi. Wɔ afeha a ɛto so abien no awiei no, Tertullian a ɔyɛ asɔre no agya no kae sɛ, “Momma [mmofra] mmɛyɛ Kristofo bere a wɔayɛ wɔn a wobetumi ahu Kristo no.”

Nanso ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ, bere bi bɛba a “wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no.” (2 Timoteo 4:3) Bere a asomafo no wuwui na wɔantumi ‘ansiw kwan’ bio no, wofii ase de nneyɛe ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia baa Kristosom mu. (2 Tesalonikafo 2:6) Nea na ɛka ho ne nkokoaa asubɔ. Nanso wɔanhyɛ nkokoaa asubɔ ho mmara kosii afeha a ɛto so anum no mu. Saa bere no mu na akyinnyegye kɛse bi sɔree a asakra Kristoman koraa fi saa bere no.

Efii ase bere a Britaniani ɔkokorani a wɔfrɛ no Pelagius kɔɔ Rome no. Esiane sɛ nneɛma bɔne a ɔsɔfo yi hui sɛ ɛrekɔ so wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mu no yɛɛ no abofono nti, ofii ase sɛ ɔbɛkanyan nnipa no wɔ “abrabɔ pa ho mmɔdenbɔ kɛse” ho. Pelagius kae sɛ onipa rentumi nka sɛ ne mmerɛwyɛ ahorow no fi ‘mfitiase bɔne’ no. “Ade biara a eye ne nea enye no . . . yɛn na yɛyɛ, ɛnyɛ biribi o wɔde woo yɛn.” Ankyɛ na Pelagius nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ Kristoman mu.

Nanso ankyɛ, Asɔre no mpanyimfo buu ‘mfitiase bɔne’ ho asɛm a oyi fii mu no sɛ abususɛm. Na bere a Pelagius nnim no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ wɔn nsa denam pene a ɔpenee nea na ɛyɛ amanne a wɔagye atom kɛse saa bere no​—nkokoaa asubɔ​—so no so. Ɔsɔfo Panyin a wɔfrɛ no Augustine hui sɛ ɛne ne ho bɔ abira. Augustine bisae sɛ, ‘Sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu a, ɛnde wɔn a wɔammɔ wɔn asu no nso ɛ? Asɛm a ɛte sɛ nea nyansa wom a na wobetumi aka ara ne sɛ saafo no behu amane wɔ hell-gya mu efisɛ wɔammɔ wɔn asu. Bere a wɔkaa eyi no, afei Augustine bisaa n’asɛm a emu yɛ den no: Esiane sɛ nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu hu amane nti, dɛn na ebetumi de eyi aba sɛ ‘mfitiase bɔne’ no?

Pelagius nkyerɛkyerɛ no gui. Ɛno akyi no, asɔre no bagua a ehyiaam wɔ Carthage no kae sɛ Pelagius nkyerɛkyerɛ no yɛ abususɛm. ‘Mfitiase bɔne’ no bɛyɛɛ Katolek asɔre no nkyerɛkyerɛ fã, te sɛ nea bɔne-ka yɛ no. Na afei de ɔkwan a asɔre no nam so ne nnipadɔm adwensakra​—mpɛn pii denam ɔhyɛ so​—a wɔde gye nkurɔfo fi ‘hell-gya mu’ ho nkuran a wɔhyɛ. Nkokoaa asubɔ ammɛyɛ amanne a agye din ara kwa na mmom nkwagye adwinnade ankasa, adwinnade a Protestantsom nso gye toom.

’Wɔ Hell Ahye So’

Augustine nkyerɛkyerɛ no maa nsemmisa bi a emu yɛ den sɔree: ɔkwan bɛn so na ɔdɔ Nyankopɔn betumi ama nkokoaa a wɔn ho nni asɛm ahu amane wɔ hell? So nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu benya asotwe koro no ara te sɛ abɔnefo a wɔn koma apirim? Nsemmisa yi ho mmuae nyɛ mmerɛw mma asɔfo no. Katolek sɔfo Vincent Wikin se: “Ebinom ka sɛ nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu no kɔ hell ogyaframa no mu ankasa, afoforo gye di sɛ ogya no nhyew wɔn ankasa na mmom ɛma wɔn ho hyehye wɔn kodu baabi a wonnya ahotɔ ankasa; afoforo nso ka sɛ ahotɔ a wonnya no ne ade ketewa a wobetumi ayɛ wɔn wɔ hell ebinom nso ka sɛ wɔkɔ asase so paradise bi mu.”b

Nanso nkyerɛkyerɛ a agye din wɔ ne nyinaa mu ne ka a wɔka sɛ wɔde nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu no akra kɔ limbo no. Nea asɛmfua yi kyerɛ ne “ano” (te sɛ atade ano anaa ne mmuano) na ɛka beae bi a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ hell ahye so ho asɛm. Wɔ asɔfo fam no, limbo yɛ adwene a eye a wonya. Anyɛ yiye koraa no, ɛbrɛ nkokoaa amanehunu ho asɛm no ase.

Nanso te sɛ nnipa nkyerɛkyerɛ biara no, limbo wɔ ne haw ahorow. Dɛn nti na wɔmmɔ din wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? So nkokoaa betumi afi limbo? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ nkokoaa a wɔn ho nni asɛm kɔ hɔ koraa? Ntease mu no, nea asɔre no ka no wom bere a ɛka sɛ limbo “nhyɛ da nyɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ no.”“​—.New Catholic Encyclopedia.

Akyinnyegye No Sɔre Bio

Wɔ mfehaha pii mu no, Katolekfo kuraa Augustine adwene yi mu na wɔbɔɔ wɔn mma asu de bɔɔ wɔn ho ban fii limbo a wɔbɛkɔ ho. Nanso, efi 1950 mfe no mu no, nkokoaa asubɔ ho akyinnyegye no asan asɔre kɛse. Katolekfo adenimfo adwenem afi ase yɛ wɔn naa kɛse sɛ adeyɛ no nyɛ nea ɛwɔ Bible mu. Afoforo gye tom sɛ ɛnyɛ nea wɔpene Augustine hellgya adwene no anaa limbo so.

Nanso mfiase no. asɔre no tete asɔfo powee sɛ wobegye atom. Wɔ 1951 mu no, Paapa Pius XII kasa kyerɛɛ awogyefo bi. Ɔresi gye a ogye di sɛ “ɔdom wɔ owu bere mu yɛ nea ɛho hia ma nkwagye” no so dua no, ɔhyɛɛ awogyefo no nkuran sɛ wɔn ankasa mmɔ akokoaa a wɔawo no foforo a ɛda adi sɛ ebia obewu no asu. Ɔkae sɛ. “enti monhwɛ sɛ mobɛyɛ adɔe yi.” Saa ara na wɔ 1958 mu no, wofi Vatican de kɔkɔbɔ a emu yɛ den mae sɛ “ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu ntɛm ara sɛnea ebetumi.”

Nanso, akyinnyegye sɔree bio wɔ Vatican II nhyiam a agye din kɛse no akyi. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ ebegyina adwene ahorow abien yi ntam. Bagua no kae sɛ, ‘asubɔ ho hia ma nkwagye.’ Sɛnea ɛte no, na wɔn a “wonnim Kristo asɛmpa a ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔama aba saa” no nso betumi anya nkwagye.c

Afei asɔre no san yɛɛ nsakrae wɔ nkokoaa asubɔ ho amanne no mu. Ebi ne sɛ afei de na asɔfo wɔ hokwan sɛ wɔpow sɛ wɔbɛbɔ akokoaa bi asu, sɛ awofo no anhyɛ bɔ sɛ wɔbɛtete no sɛ Katolekni a. So afei de asɔre no atwe ne ho afi Augustine nkyerɛkyerɛ no ho? Ná ebinom susuw saa na wofii ase bisaa hia a nkokoaa asubɔ ho hia no ho asɛm.

Afei wofi Vatican de “Nkokoaa Asubɔ ho Akwankyerɛ” no mae a ɛka sɛ: “Asɔre no . . . nnim ɔkwan foforo biara ka asubɔ a ɛma wohu sɛ mmofra bɛkɔ daa anigye mu no ho.”. Wɔhyɛɛ asɔfo mpanyin sɛ “wɔnsan mfa wɔn a wɔatwe wɔn ho afi tete adeyɛ yi ho no mmra mu bio.” Na nkokoaa a wɔmmɔ wɔn asu na wowu no nso ɛ? “Nea Asɔre no betumi ayɛ ara ne sɛ ɛde wɔn bɛhyɛ Onyankopɔn nsa wɔ ne mmɔborohunu no mu.”

Nkokoaa Asubɔ Ne Wo Ba

Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom nyinaa ama Katolekfo koma pafo pii ayɛ basaa ankasa. Nanso ebia ebinom bɛte nka sɛ anyɛ yiye koraa no, Katolekfo nkyerɛkyerɛ yi ma mmofra no nya nhyɛase pa wɔ nyamesom mu. Nanso so ɛte saa? Katolekni biako a ɔyɛ ɛna kae sɛ: “Mewɔ mmofra nkumaa baanu a wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu bere a wɔyɛ nkokoaa, nanso minhu adom ketewaa bi mpo wɔ wɔn mu, nea ɛbɔ ɛno abira na mihu ankasa.”

Asu a wɔbɔ abofra ketewaa no nyɛ nea ɛboa no ma ɔkɔ so wɔ gyidi mu. Nokwarem no, ebu Yesu ahyɛde no so: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo mommɔ wɔn asu.’ (Mateo 28:19) Sɛ ɛnyɛ nea obi anyin sɛnea ɛsɛ a obetumi ayɛ osuani a, asubɔ nkyerɛ hwee. Ampa, nkokoaa asubɔ yɛ “atetesɛm a akyɛ yiye.” Nanso so Yesu ankasa antia wɔn a ‘wɔde wɔn atetesɛm sɛee Onyankopɔn asɛm’ no?​—-Mateo 15:6. Enti, Bible no hyɛ awofo nkuran sɛ wɔntete wɔn mma wɔ honhom mu nneɛma ho ‘fi mmofraase.’ (2 Timoteo 3:14-17) Enti Yehowa Adansefo bu Bible afotu no aniberesɛm na wɔtete wɔn mma “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Wɔtaa yɛ eyi denam abusua Bible adesua a wɔyɛ daa so. Awofo a wɔte sɛɛ kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔkɔ Kristofo nhyiam ahorow na wonya mu kyɛfa. (Hebrifo 10:24, ‘25) Wɔhyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnka wɔn gyidi ho asɛm wɔ ‘baguam.’ (Romafo 10:10) Wɔ bere a ɛsɛ mu no, eyi betumi akanyan wɔn mma no ma wɔn ankasa ahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne. Eyi ne Kyerɛwnsɛm no hyia na ɛyɛ nea ntease ne akomatɔyam wom sen sɛ obi bɛhwɛ ma wɔayɛ amanne ahorow wɔ akokoaa a ɔnte nea wɔreyɛ no ase ho no.

Sɛ Kristoni bi ba wu a wɔammɔ no asu a, ɛho nhia sɛ n’awofo suro sɛ wɔbɛhyew no wɔ hell anaasɛ ɔnenam limbo. Bible no kyerɛ sɛ awufo nnim hwee. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Enti awofo no betumi anya awerɛkyekye wɔ Yesu bɔhyɛ no mu sɛ “dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi” a wɔwɔ nkwa wɔ Paradise a wɔasan de aba ho anidaso. (Yohane 5:28, 29; Luka 23:43) Anidaso a egyina Bible so yi yɛ nea awerɛkyekye wom kɛse sen nea wotumi sakra no​—na ntease nnim-a ɛyɛ nnipa atetesɛm no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛda adi sɛ ɛtɔ bere bi a asɛm “ofi mũ” a ɛwɔ Bible mu no yɛ nea nkokoaa nka ho. Sɛ nhwɛso no, Tito 1:11 ka wɔn a wɔawae a ‘wɔdan afi mũ butuw’ ho asɛm.​—-Hwɛ 1 Samuel 1:21, 22 nso.

b Augustine ankasa kae sɛ nkokoaa a wɔammɔ wɔn asu no “benya afobu a emu nyɛ den pii.”

c Bere a afeha a ɛto so 18 asɔre no bagua bi bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛka sɛ limbo yɛ “Pelagius ayɛsɛm” no, Paapa Pius VI hyɛɛ mmara a ɛkasa tiaa nhyiam no sɛ ɛyɛ abususɛm. Ɛwom sɛ paapa no mmara no annye limbo antom ankosi ase de nanso ɛmaa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so traa ase.

Katolekni sɔfo Tad Guzie kaa asɔre no gyinabea foforo no ho asɛm sɛ “adeyɛ kronkron a ayɛ basaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ serew so a nsu a wode bɔ asu yɛ adeyɛ a edi kan a ɛho hia wɔ mmofra nkwagye mu, nanso wɔ ɔkwan a ɛso so no. ɛyɛ adeyɛ a etwa to ma obi foforo biara.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 7]

Nkokoaa Asubɔ Ho Abakɔsɛm Mu Nsɛntitiriw

Date (Y.B) Nea Esii

bɛyɛ 193 Tertullian ka sa mpanyimfo asubɔ na eye

253 Carthage Bagua no ka sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa

asu ntɛm ara’

412-417 Pelagius ne Augustine ntam akyinnyegye a ɛfa

‘mfitiase bɔne’ ho

417 Carthage Bagua no bu Pelagius adwene no sɛ

abususɛm. Nkokoaa asubɔ ba bɛyɛ Katoleksom

mu adeyɛ

1201-1208 Paapa Innocent III kyerɛwee sɛ nkokoaa asubɔ ye

1545-1563 Trent Bagua no ka sɛ “nnome nka” obiara a ɔbɛkame nkokoaa asubɔ

1794 Paapa mmara Auctorem Fidei kasa tia Jansenia

Nhyiam a ɛkae sɛ limbo yɛ abususɛm no Paapa.

1951 Pius XII si hia a nkokoaa asubɔ ho hia so

dua denam awogyefo a ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ

wɔnyɛ eyi bere a ɛho hia no so

1968 Vatican hyɛ sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu ntɛm ara sɛnea ebetumi’

1963-1965 Vatican Bagua a Etia Abien hyɛ sɛ nkwagye

tumi yɛ yiye bere a wɔmmɔɔ asu. Wɔhyɛ sɛ

wɔnyɛ nsakrae wɔ nkokoaa asubɔ ho amanne mu

1980 Vatican hyɛ nkokoaa asubɔ mu den bio, na ɛka sɛ

’ennim ɔkwan foforo biara a mmofra nam so

bɛkɔ daa anigye mu’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena