Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 4/1 kr. 31
  • Nsemmisa Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • 1 Samuel Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 4/1 kr. 31

Nsemmisa Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛfata sɛ anuanom mmarima baanu anaa baasa bɛbom abɔ obi asu bere a wɔrebɔ Kristofo asu no?

Sɛnea ɛte bere nyinaa no, wohia ɔsomfo biako pɛ a ɔyɛ ɔbarima na wabɔ obi asu.

Ɛwom sɛ Bible no nhyɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ Kristofo asu no ho mmara de, nanso yebetumi ahu ho biribi wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu. Asu a wɔbɔɔ Yesu wɔ nsu mu no yɛ akwankyerɛ titiriw ma yɛn.

Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnna Yesu fi Galilea baa [Osuboni] Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.” (Mateo 3:13) Hyɛ no nsow sɛ ɛka sɛ “ɔmmɔ” na ɛnyɛ wɔmmɔ. Asɛmpa no ho kyerɛwtohɔ nka biribiara a ɛkyerɛ sɛ obi ne Yohane nyaa asu a ɔbɔɔ Yesu no mu kyɛfa. Nokwarem no, ɛda adi sɛ na obiara nni hɔ bere a Yohane bɔɔ Yesu asu no, efisɛ ne nkutoo na mfiase no, ohuu Yesu sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ” no. (Yohane 1:29, 33, 34) Enti Yesu asubɔ no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obi hyɛ nsu no ase koraa na ɛkyerɛ nso sɛ Onyankopɔn somfo biako a ɔyɛ ɔbarima na ɛsɛ sɛ ɔbɔ obi asu.

Ebetumi aba sɛ na ɔdansefo biako anaa nea ɛboro saa na ɔwɔ hɔ bere a Filipo bɔɔ Etiopiani piani no asu wɔ ‘asu bi mu’ no, nanso Filipo nkutoo na ɔbɔɔ no asu. (Asomafo no Nnwuma 8:36-39) Afei nso, Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa asubɔ afoforo ho no nkyerɛ sɛ anuanom mmarima baanu anaa baasa nyaa onua foforo bi a wɔde no hyɛɛ nsu no ase na afei wɔmaa no so fii mu no mu kyɛfa. Nanso wɔ nsɛm ahorow pii mu no, na ɛda adi sɛ nkurɔfo anaasɛ adansefo wɔ hɔ bere a wɔbɔɔ wɔn asu no.

Ɛwom, wɔ mfe pii a atwam no mu no, wɔahyia tebea horow soronko bi a na ɛho hia sɛ wosusuw ho bere a na wɔrebɔ nnipa binom asu no. Sɛ nhwɛso no, bere a asuten biako pɛ a ɛwɔ hɔ no ɔhweam ano yɛ den na ɛma ɛyɛ nea asiane kɛse wom no, bɔ a wɔbɛbɔ wɔn ho ban no betumi ama anuanom baanu abɔ wɔn asu. Anaasɛ esiane nea ɔrehwehwɛ asubɔ no apɔwmuden, te sɛ ebia mmubui a ɔyare anaasɛ mmerɛw kɛse a ɔyɛ nti no, ebetumi ama ayɛ nea ɛho hia sɛ anuanom baanu anaa nea ɛboro saa bɛbɔ onii no asu. Nanso eyinom yɛ nsɛm soronko a ɛsɛ sɛ wɔde nyansa di ho dwuma. Nea Yehowa Adansefo yɛ ne sɛ wɔma ɔbarima biako bɔ nea ɔhwehwɛ asubɔ no asu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena