“Dodow A Wokenkan No, Dodow No Ara Na Wani Gye Ho”
Ɔkenkanfo bi a ofi Philippines kyerɛw sɛ, “Sɛ wode Bible no to nkyɛn a, Wubetumi Atra Ase Daa wo Paradise wɔ Asase So no ne nhoma a ɛsen biara a edi hɔ. Sɛnea ɛte no ma wufi wo koma ne wo kra nyinaa mu kyerɛ ho anigye. Makenkan saa nhoma no fi ti akɔpem ti mprenu, nanso mekɔn dɔ ara sɛ mɛkenkan bio. Dodow a wokenkan no, dodow no ara na w’ani gye ho. Ɛyɛ nea afotu wom kɛse. . . . Sɛ wɔde nhoma no mu nsɛm di dwuma a, ɛyɛ nea ɛdɔɔso a ebetumi ama wiase no asakra.”
Saa nhoma a emu nsɛm yɛ anigye yi kura nkratafa 256 a ne trɛw te sɛ nsɛmma nhoma yi, mfonini ahorow bɛboro 150 a wɔde kyerɛkyerɛ a wɔde nnuru ahorow ayeyɛ wom. Wubetumi anya biako bere a woahyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na wode ¢250 aka ho amana no. Nketewa no yɛ ¢125.
Mesrɛ mo momfa Wubetumi Atra Ase Daa, wɔ Paradise wɔ Asase So no biako mmana me. Mede ¢250 [anaa ¢150] ahyem de retua ka.