Nkate Ahorow Ho Dwuma A Wodi
Sɛ́ obi betumi adi ne nkate ahorow ho dwuma no yɛ asɛnnennen ankasa. Abeawa bi ka ne suahu kyerɛ: “Ná m’ani gye, nanso wɔ bere tiaa bi a edi hɔ mu no, mehaw kɛse. Ɛto bere bi mpo a na mintumi nhu sɛnea mete nka fa no. Ná ɛte sɛ nea mayera wɔ esum kabii bi mu. Ɛmfa ho sɛ hena na merekasa akyerɛ no no, na mintumi nkyerɛ sɛnea mete nka no ankasa. Na ɛte sɛ nea me ho nhia nnipa a wɔatwa me ho ahyia, ne titiriw no, wɔn a me ne wɔn kɔ sukuu no, efisɛ na me ho nyɛ fɛ pii. Ná saa nkate ahorow yi nyinaa de nkakrankakra rekum me wɔ me mu, na mifii ase tan me ho ne me nipasu.”
Abeawa no nsa kaa Your Youth—Getting the Best Out of It nhoma no biako. Ɔkyerɛw sɛ: “Na emu yɛ anigye pii, enti mepɛe sɛ mekenkan ti a ese ‘Bere a Wunyin Kɔ Mmea Mfe so No.’ Ná mintumi nnye nea merekenkan no nni, efisɛ saa ti no kyerɛkyerɛɛ sɛnea na mete nka nnansa yi no mu pɛpɛɛpɛ, na ɛde mmuae no mae. Ɛhyɛɛ me nkuran ankasa sɛ mihui sɛ ɛnyɛ nwonwa sɛ mete nka wɔ saa kwan no so. Nea ehia ara ne sɛ mehu ɔkwan pa a mɛfa so adi ho dwuma no.”
Wɔ sɛnea ɛboa mmerante ne mmabaa ma wodi nkate ahorow ho dwuma akyi no, saa nhoma yi ka nneɛma te sɛ boasipem ho asɛm na ebua nsemmisa te sɛ, So ɛsɛ sɛ mmofra nom nsa a ano yɛ den anaa? ne So ɛsɛ sɛ wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu ayɔnkofa ansa na woaware? nso. Wo nsa betumi aka bi denam kratasin a ɛwɔ ase ha yi a wobɛhyehyɛ na wode ¢100 aka ho de amana no so.
Mesrɛ mo momfa Your Youth—Getting the Best out of It no biako mmana me. Mede ¢100 ahyem de retua ka.