Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ No Ba Awiei wɔ Mfirihyia Apem no Mu
1. Dɛn na Yudafo a wɔwɔ Israel Adehyeman mu no mmɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan de asi hɔ, na dɛn ntia?
WƆ ISRAEL Adehyeman (a wɔde sii hɔ 1948 mu) no mpo no, Yudafo pii a wosusuw sɛ wɔhyɛ Mose Mmara no ase no nsan mfaa Ahosɛpɛw afe no nsii hɔ bio. Na sɛ wɔsɔ hwɛ mpo a ɛde ɔhaw pii bɛba. Anka sikasɛm mu nsɛnnennen pii bɛsɔre, esiane agyapade ho asɛm a ɛwom no nti. Israel Adehyeman no ahye nnu asase a na tete musuakuw 12 no te so no so. Asɔrefi biara nso nni hɔ a ɛwɔ ɔsɔfo panyin a ofi Lewi abusua no mu, esiane mmusua a wofi mu a wonhu bio no nti.
2. Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom afi ase redi Ahosɛpɛw afahyɛ bi a wɔde tete Israel de no yɛɛ ho mfonini no?
2 Ɛnde, ɛdefa Ahosɛpɛw afahyɛ bi mu nhyira horow ho no, dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn? Yɛkae sɛ na tete Ahosɛpɛw afahyɛ no yɛ ahofadi afe afahyɛ—Israelfo a wɔatɔn wɔn ho akɔ nkoasom mu no san dee wɔn ho na wɔsan de mmusua nsase wuranom ade maa wɔn. (Leviticus 25:8-54) Wɔ asɛm a yedii kan susuw ho no mu no, yehui sɛ saa nhyehyɛe no ne Mose Mmara apam no baa awiei wɔ afe 33 Y.B. mu. (Romafo 7:4, 6; 10:4) Apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma a na Onyankopɔn betumi de gyidifo bɔne afiri wɔn, de honhom kronkron asra wɔn na ɔde wɔn ayɛ mma a ɔde wɔn bɛkɔ soro. (Hebrifo 10:15-18) Nanso na wɔn a wobenya saa apam foforo nhyehyɛe yi mu mfaso no yɛ “kuw ketewa” a wɔn dodow yɛ 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so.” Enti ɔkwan bɛn so na Kristofo anokwafo afoforo ɔpepem pii no benya ahofadi a wɔde Ahosɛpɛw afahyɛ no yɛɛ ho mfonini no?—Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1-4.
AFƆREBƆ MA WƆN NYINAA!
3. Yesu afɔrebɔ no tu mpɔn dɛn na na ebegye bere tenten ahe?
3 Ansa na Kristofo mmere no reba no, na Mpata Da mu mfaso ahorow no tra hɔ afe biako pɛ. Awurade Yesu Kristo ogye afɔre no mu mfaso ahorow no kɔ so daa. Enti na ɛho nhia sɛ sɛnkyerɛnne kwan so Ɔsɔfo Panyin, Yesu, san bɛyɛ onipa bio, na ɔde ne ho bɔ afɔre, na ɔsan kɔ ɔsoro afe biara de n’afɔre no bo a ɛsom no kɔma wɔ Yehowa Nyankopɔn Kronkron mu Kronkron hɔ. Sɛnea Kyerɛwnsɛm ka no: “Kristo a wonyan no fii awufo mu no renwu bio; owu renni ne so bio.”—Romafo 6:9; Hebrifo 9:28.
4, 5. (a) Dɛn na afi Yesu afɔrebɔ no a wɔde yɛɛ adwuma fi Pentekoste, afe 33 Y.B. mu no mu aba? (b) Dɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtrɛw n’afɔrebɔ no adwuma a ɛyɛ no mu?
4 Enti, efi mfe a edii Pentekoste da afe 33 Y.B. akyi reba no mu no, esiane sɛ na gyidifo no abɛyɛ Awurade Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no asuafo a wɔde honhom awo wɔn nti, na wɔafi ase redi Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no. Bere a ‘wɔade wɔn ho afi bɔne ne owu mmara no mu’ no, na wɔanya ahofadi a ɛma denhyɛ. (Romafo 8:1, 2) Wɔn nso aka Kristofo asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso benya bɔne fafiri, wɔasra wɔn, na wɔabɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Nanso, so na ɛno kyerɛ sɛ, sɛ obi nka saa kuw no mufo a wɔn dodow yɛ 144,000 no ho a, ɔrentumi nnya ahofadi mu anigye mprempren anaa?
5 Nea ɛfa eyi ho a ɛho hia ne ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo 8:19-21 no: “Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase [esiane sɛ ɛwɔ bɔne na entumi nyi bɔne mfi hɔ nti].” Afei Paulo sii so dua sɛ ‘anidaso wɔ hɔ sɛ abɔde no ankasa bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma ahofadi anuonyam adehyedi mu.’ Enti, na ahofadi a ɛte saa no nyɛ wɔn a wɔabɛyɛ “Onyankopɔn mma” wɔ ɔsoro no nkutoo dea. Nsɛm a ɛte saa ara a ɛwɔ Yohane 3:16 no si ɛno so dua. Na sɛnea yɛaka no, ɔsomafo Yohane a wɔasra no no kae sɛ Kristo wu de yɛɛ “yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”—1 Yohane 2:2.
1919—Ahofadi A Edi Kan
6, 7. Efi 1919 reba no, wɔapae ahofadi bɛn, na dɛn nti na efi saa bere no titiriw?
6 Ɛnnɛ bere yi mu no, wɔn a wɔasra wɔn a wɔredi Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no aka ahofadi asɛmpa no, titiriw efi 1919 reba. Sɛ woyɛ obi a wɔwoo no nnansa yi a, ebia wobɛka sɛ ‘Dɛn nti na efi saa bere no?’ Ma yɛnhwɛ, bere a woma ɛtra w’adwene mu sɛ ahofadi a wubenya ho asɛm wom no.
7 Mfe du du bi ansa na saa da no reba no, wɔn a Yehowa asra wɔn no daa Bible mu nokware ahorow adi te sɛ nea na ɛwɔ Studies in the Scriptures (1886-1917) a egyee din pii no mu no. Wɔde nhomawa ne nsaano nkrataa a ɛda nsɛm pii adi nso mae. Wiase Ko I bere no mu no, wohyiaa ɔsɔretia, sɔhwɛ ne nhuhuwso, ne wɔn adwuma no ano a ɛbrɛɛ ase. Nanso wɔ 1919 mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no de ahoɔden foforo kaa Bible mu nokware ahorow no kyerɛe. Sɛnea Yesu tumi kae wɔ afe 30 Y.B. mu sɛ wɔasra no sɛ ɔmmɛka “ogye nkyerɛ nnommumfo ne adehu nkyerɛ anifuraefo” no, saa ara na na asafo yi a wɔasra no nnɛ no nso betumi aka. Wɔ nhyiam bi a ɛyɛ anigye a wɔyɛe September 1-7, 1919a akyi no, wɔde ahoɔden kɛse kɔɔ so kaa nokware ahorow no ho asɛm kyerɛe na ɛmaa nnipa pii dee wɔn ho.—Luka 4:18.
8, 9. Ɔkwan bɛn so na wɔama nnipa pii ade wɔn ho, na nhoma ahorow bɛn na wɔde adi dwuma de apae saa ahofadi no?
8 Sɛ nhwɛso no, susuw Bible sua mmoa nhoma, The Harp of God (1921) a ɛde nokware a ɛho hia mae te sɛ sanku so nhama du no ho. Nhoma no kae sɛ wɔnam nkyerɛkyerɛ te sɛ “abɔnefo asotwe . . . ne hell bi a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu ayayade a wɔyɛ wɔn daa no so apam nnipa pii afi Bible no sua ho.” Wɔn a wɔkenkan saa nhoma yi mfuamfua bɛyɛ 6,000,000 a wotintimii no behui sɛ saa nkyerɛkyerɛ no rentumi “nyɛ nokware, anyɛ yiye koraa no, esiane ntease ahorow anan bi nti: (1) efisɛ ntease nni mu; (2) efisɛ ɛne atɛntrenee nhyia; (3) efisɛ ɛne ɔdɔ nnyinasosɛm no nhyia; ne (4) efisɛ ennyina kyerɛwsɛm biara so.” Wubetumi ahu sɛnea na eyi yɛ ahofadi ma wɔn a na daa ayayade wɔ hell ne ahodwiragya mu amanehunu ho hu akyekyere wɔn no!
9 Yiw, Bible mu nokware a saafo a wɔasra wɔn no ka kyerɛe no maa nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa a na atoro nkyerɛkyerɛ, gyidihunu, ne nneyɛe a ennyina Kyerɛwnsɛm so (te sɛ ebia nananom-som, nsamanfo anaa ahohommɔne ho hu, ne wɔn sika a asɔfo sisi wɔn gye) de wɔn ayeyɛ nkoa no dee wɔn ho. Bible sua mmoa nhoma no bi din kɛkɛ mpo kyerɛ sɛnea enyaa nnipa ɔpepem pii ahofadi so nkɛntɛnso no.b Enti Yesu asɛm no yɛ nokware, bere a ɔkae sɛ n’asuafo bɛyɛ ‘nnwuma akɛse’ asen sɛnea n’ankasa yɛe no. (Yohane 14:12) Sɛ wɔde toto honhom mu mfitiase ahofadi adwuma a Yɛsu yɛe bere a ɔkaa ‘ogye kyerɛɛ nnommum’ no ho a, Onyankopɔn nnɛyi nkoa no ayɛ nea ɛkyɛn so kɛse—wɔde asɛm no adu ɔpepem pii hɔ wɔ wiase nyinaa.
10. Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ahofadi foforo a ɛyɛ kɛse?
10 Nanso, kae sɛ afeha a edi kan no mu no, ogye foforo nso fii ase Pentekoste da afe 33 Y.B. mu. Saa bere no na Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no fii ase maa “kuw ketewa” no mufo a wɔde wɔn bɔne befiri wɔn ma wɔabɛyɛ “Onyankopɔn mma” wɔ ɔsoro no. Na yɛn bere yi mu nso ɛ? So na wobegye Kristofo afoforo a wɔatu wɔn ho ama no afi bɔne nnommumfa mu na wɔadi Ahosɛpɛw afahyɛ bi a ɛso kyɛn so anaa? Yiw, na ɔsomafo Petro daa eyi adi bere a ɔkaa “bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu” ho asɛm no.—Asomafo no Nnwuma 3:21.
Ahosɛpɛw Afahyɛ Ma Ɔpepem Pii
11. Ɔkwan bɛn so na Leviticus ka biribi a ɛkyerɛ sɛ yebetumi ahwɛ ahofadi foforo kwan wɔ honhom mu Israelfo de no akyi?
11 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ mpɛn abien wɔ Leviticus ti 25 no, wɔkaee Israelfo no sɛ, wɔ Yehowa ani so no wɔyɛ ne “nkoa” a wagye wɔn afi Misraim. (Nkyekyem 42 ne 55) Na saa ti a ɛfa Ahosɛpɛw afahyɛ no ho no bɔ “atudanfo” ne ‘ahɔho a wɔatu abɛtra wɔn nkyɛn’ din. Eyinom te sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔne honhom mu Israelfo no bom ka Kristofo asɛmpa no.
12. Efi 1985 reba no, nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na akɔ so?
12 Efi 1935 reba no, “oguanhwɛfo pa” Yesu de wɔn a ɔfrɛɛ wɔn “nguan foforo” no ne nkaefo a wɔasra wɔn no aba fekubɔ a emu yɛ hyew mu. Eyinom na na ɛsɛ sɛ ɔde wɔn “ba” na wɔbɛyɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako” ase no. (Yohane 10:16) Mprempren yi “nguan foforo” no dodow adu ɔpepem pii. Sɛ woka saa nnipa dodow a wɔwɔ anigye no ho a, ɛnde wɔabu wo trenee sɛ Onyankopɔn adamfo dedaw, na sɛ́ abɔde a woyɛ ɔdesani no, worehwɛ kwan sɛ ‘wobɛde wo ho afi ɔsom a wosom porɔwee no mu’ wɔ “bere a wɔbɛhyɛ nneɛma nyinaa ananmu” wɔ asase so no mu. Eyi nyɛ anidaso bi a enni nnyinaso.—Romafo 8:19-21; Asomafo no Nnwuma 3:20, 21.
13. Nhyira titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ “ahohiahia kɛse” no akyi?
13 Bere a ɔsomafo Yohane huu 144,000 a wonya Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no mu anigye wɔ ɔsoro anidaso mu no akyi no, ɔkaa “nnipakuw kɛse” bi ho asɛm sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohiahia kɛse no mu, na wɔahoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu. Enti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.”—Adiyisɛm 7:14, 15.
14, 15. Dɛn nti na “nnipakuw kɛse” no wɔ ntease kɛse nti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye mprempren?
14 Mprempren mpo, ansa na ahohiahia kɛse no bɛba no, eyinom rekyerɛ gyidi wɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu na wɔnam saayɛ so nya n’afɔrebɔ wu no mu mfaso. Wɔn ani gye nso sɛ wɔagye wɔn afi Babilon Kɛse no mu, sɛ́ wɔwɔ gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim, ne sɛ wɔanya hokwan sɛ wɔbɛma Mateo 24:14 anya mmamu denam Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka ansa na awiei no aba no so.
15 Na nnipakuw kɛse no hokwan a wɔwɔ sɛ wobegye wɔn afi bɔne ne sintɔ a wonya fii awo mu no nso ɛ? So saa bere no abɛn anaa? Yɛwɔ ntease pa a enti yebetumi agye adi sɛ adesamma awo ntoatoaso a Yesu kaa ho asɛm siei sɛ ɛrentwam ansa na nneɛma a wɔaka ho asɛm asie no nyinaa abam no mufo binom da so ara ne yɛn wɔ hɔ. (Mateo 24:34) Enti, “nneɛma nhyehyɛe yi awiei” bere a etwa to no yɛ nea abɛn yiye.—Mateo 24:3, NW.
Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ No Afã A Etwa To A Ɛyɛ Anigye
16. Ɛhe na yegyina wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho dwumadi no mu, na dɛn na ɛda yɛn anim?
16 “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, da kɛse mu ko no” ba ntɛmntɛm na “kuw ketewa” no mufo ne wɔn mfɛfo anokwafo “nnipakuw kɛse” no bɛkɔ so akura wɔn mudi mu ama Yehowa Nyankopɔn na wɔahwɛ kwan sɛ wobenya ɔsoro ahobammɔ. Wɔde ahopere hwɛ Yehowa nkonim koraa a obedi wɔ n’atamfo so, ne n’Amansan Tumidi no ho a ɔbɛtew no kwan. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a wonya Kristofo ahofadi a ɛte sɛɛ mu kyɛfa no!—Adiyisɛm 16:14; 19:19-21; Habakuk 2:3.
17. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii bɛkɔ so anya ahofadi wɔ Ahosɛpɛw afahyɛ kɛse bi mu?
17 Ɔhene nkonimdifo Yesu Kristo adedi wɔ asase a wɔatew so so no bedi akyi aba a wɔahyɛ Yehowa amansan tumidi no mu den, na Yesu Kristo bedi asase nyinaa so tumi sɛ ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Ɛno na afei ɔde n’afɔrebɔ no bo a ɛsom no bedi adesamma ɔpepem pii a wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu a wɔkyerɛ gyidi na wofi wɔn pɛ mu gye bɔne fafiri a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so de ma no tom no ka ho. Nea ebedi eyi ho adanse ne sɛnea Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio” no. (Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ ɛno nyɛ nokware ahofadi a, ɛnde na dɛn bio?
18. Sɛ wode nhyehyɛe foforo no toto sɛnea na tete ahosɛpɛw afahyɛ no te no ho a, dɛn na ɛbɛba asase no so?
18 Afei nso, wɔremma nnipa adifudepɛfo, adwumayɛkuw ahorow ne nnipa nniso ahorow biara kwan mma wonni asase no so na wɔnsɛe no bio. (Adiyisɛm 11:18) Mmom no, wɔbɛdan de ama nokware Kristofo. Wɔde adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobenya Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu mu kyɛfa no bɛhyɛ wɔn nsa: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, . . . wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.” (Yesaia 65:21-25) Enkosi Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no, na wɔapopa bɔne ne sintɔ a adesamma nya fii awo mu no nyinaa afi hɔ na Onyankopɔn nkoa anokwafo begye wɔn ani wɔ nnepa pii a ɛde Ahosɛpɛw afahyɛ no bɛba awiei no ho. Enti saa bere no de, na wɔn nsa aka ahofadi a wɔde Ahosɛpɛw afahyɛ no yɛɛ ho mfonini no.—Efesofo 1:10.
Bere A Ahosɛpɛw Afahyɛ No Aba Awiei Wɔ Mfirihyia Apem No Mu Akyi
19, 20. Ɔkwan bɛn so na Satan ne n’adaemone no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho begye nhyira horow a ebefi Mfirihyia Apem Ahosɛpɛw afahyɛ no mu aba no mu, na dɛn na ebefi mu aba?
19 Adiyisɛm 20:1-3 ka siei sɛ wobeyi Satan Ɔbonsam, a odi adaemone dɔm so no afi hɔ bere a Kristo de mfirihyia apem di adesamma so no. Wɔ mfirihyia Apem no akyi bere a wɔagyaa ɔbonsam ne n’adaemone no kakra no, saa ahonhommɔne yi behu sɛ asase no nte sɛ nea na ɛte no bio, na mmom baabiara adan paradise fɛfɛɛfɛ. Wobehu sɛ “nnipakuw kɛse” anokwafo no ne nnipa ɔpepepem pii a wɔanyan wɔn afi awufo mu a wɔn nti na Yesu Kristo wui sɛ ogye afɔre no na wɔte asase no so. Enkosi sɛ Mfirihyia Apem no bɛba awiei no, na Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no atumi adi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ebegye adesamma afi nneɛma a efi bɔne mu ba mu no ho dwuma awie. (Romafo 8:21) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ adwemmɔne ne animguasesɛm sɛ obi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe saa tebea fɛfɛɛfɛ no! Nanso bere a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ama kwan no, Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden a etwa to sɛ ɔbɛyɛ eyi, na ɔde anibere kɛse na ɛbɛsɔre ahyɛ wɔn. Ɛdefa eyi ho no wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 20:7-10, 14 sɛ:
20 “Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi afiase, na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anhwea. Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu.”
21. Bere a Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no aba awiei wɔ Mfirihyia Apem no akyi no, Onyankopɔn ɔsoro mma no adeyɛ bɛn na ɛbɛyɛ te sɛ asɛm a ɛwɔ Hiob 38:7 no?
21 Wɔbɛkɔ so anya nokware ahofadi a Ahosɛpɛw afahyɛ nhyehyɛe no de aba no wɔ baabiara; abɔde nyinaa bɛde wɔn ho na wɔahyɛ Onii a ɔno nkutoo na ne din de Yehowa no anuonyam. (Dwom 83:18) Ɛno bɛyɛ nokware bere a Yehowa kɔ so di n’atirimpɔw ho dwuma wɔ amansan yi nyinaa mu no. Bere a wɔbɔɔ asase a na wonya mfaa nnipa ntoo so no, “adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose” wɔ ne fɛ a ɛyɛ no ho. (Hiob 38:7) Hwɛ sɛnea wɔbɛyɛ saa kɛse bere a wohu sɛ mmarima ne mmea a wɔada no adi sɛ wɔahyira wɔn ho so koraa ama Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na wɔakura wɔn mudi mu no na wɔte asase no so no.
22. Nea ɛne afotu a ɛwɔ Dwom 150:1-6 hyia no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su?
22 Sɛ yegyina sɛnea wɔretow hann a ɛhyerɛn kɛse gu Kyerɛwnsɛm no so no so susuw nneɛma nyinaa ho a, yɛrentumi nyɛ biribi foforo biara, gye sɛ yɛne ɔsoro nyinaa ka bom ka sɛ, Aleluia! Ɛno ne afotu a wɔde ma yɛn a ɛde Nnwom nhoma no ba awiei: “Halelu-ia! Munyi Nyame ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ, ne tumi wi no mu! Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛso te! Munyi no ayɛ ntorobɛnto nne so, munyi no ayɛ ɔbɛnta-sanku ne sankuten so! Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so! Munyi no ayɛ nsambɔ-nnawuru a ɛne sõ so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so! Moma nea ɛhome nyinaa nyi Yehowa ayɛ! Munyi Yehowa ayɛ! Halelu-ia!”—Dwom 150:1-6, Twi Bible Dedaw.
[Ase hɔ nsɛm]
a Woyii nsɛmma nhoma foforo a na ɛbɛyɛ te sɛ “ɛnne bi a ɛwɔ sare bi a sakasakayɛ wɔ so so, a na n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ Afe Pa no ho dawuru” adi. Ɛnnɛ wɔfrɛ saa nsɛmma nhoma yi Nyan!
b Millions Now Living Will Never Die (1920); Deliverance (1926); Freedom for the Peoples (1927); Liberty (1932); “The Truth Shall Make You Free” (1943); What Do the Scriptures Say About “Survival After Death”? (1955); Daa, Nkwa—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu (1966); Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu (1968); The Path of Divine Truth Leading to Liberation (1980).
Wobɛma Mmuae Dɛn?
◻ Dɛn mu na wogyee Yesu asuafo no fii wɔ Pentekoste da, afe 33 Y.B. mu no, na efii dɛn ase maa wɔn?
◻ Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ ahofadi kɛse bi a ɛsen nea ɛbae wɔ afeha a edi kan mu no kwan?
◻ Ahofadi bɛn na akɔ so fi 1919?
◻ Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na “nnipakuw kɛse” no benya Ahosɛpɛw afahyɛ kɛse no mu mfaso?
◻ Sɛ Ahosɛpɛw afahyɛ no ba awiei a, asase no bɛyɛ te sɛ dɛn?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Wɔpaee Ahofadi wɔ Cedar Point wɔ 1919 mu
[Mfonini wɔ kratafa 29]
“Nguan foforo” no nya Mfirihyia Apem Ahosɛpɛw afahyɛ no mu kyɛfa