Oduruyɛfo Bi Kyerɛɛ Ho Anisɔ
Ɛnyɛ sɛ oduruyɛfo bi a ɔwɔ Frankfurt, Germany, a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan nkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no de sika manae nko na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ mu nso sɛ:
“Ɛyɛ me ahodwiriw bere nyinaa sɛ mihu sɛ nsɛm a eye na ɛyɛ anigye pii—a emu pii mfa nyamesom ho—no bo nyɛ den. Ɛwom sɛ m’ankasa minni bere pii de, nanso metaa tra m’asa so anwummere de kanea kenkan mo nsɛmma nhoma no. Meda mo ase bio wɔ mo mmɔdenbɔ ahorow no ho.”
Dɛn nti na wonkenkan saa nsɛmma nhoma a eye yi? Wubetumi ama wɔde nsɛmma nhoma abien a ɛsom bo yi amana wo wɔ wo fie denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ na wode amana no so.
Mesrɛ mo merekra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! afe biako. Mede ¢600.00 ahyem de retua ka.