Wiase Tumidi Resakra
SƐ WUTUMI paw nniso a wopɛ a, anka nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ wobɛtra ase? Ɛda adi sɛ anka yɛn mu pii bɛpaw nniso a ɛtra hɔ daa a ɛma obi nya ahofadi bi. Ɛbɛyɛ nea yɛpɛ nniso a ebetumi asiw nsɛmmɔnedi ano, ɛbɛma asomdwoe anya nkɔso, ɛde asetra mu atɛntrenee ne honam fam yiyedi bɛba. Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ nea yɛpɛ nniso a ɛnyɛ nhyɛso anaasɛ ɔporɔw nni mu.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, nniso ahorow pii nte saa. Sɛ yesusuw sɛnea wiase no te wɔ afeha a ɛto so 20 yi fã a etwa to no mu ho a, dɛn na yehu? Ohia, ɔporɔw, nneɛma a wontumi nyɛ no yiye, nhyɛso, asetra mu nsisi, nsɛmmɔnedi ne amanaman ntam akameakamedi. Eyi na afi onipa nniso a atra hɔ mfe mpempem pii no mu aba.
Ɛwom sɛ ɛyɛ ampa sɛ sodifo binom ada adwene pa adi na wɔatumi ayɛ biribi. Na nniso ahorow bi atumi atra hɔ akyɛ kakra na atumi adi nneɛma ho dwuma kakra. Nanso nkogu a onipa nniso adi wɔ nea yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ etumi yɛ ma adesamma no mu no ma Bible asɛm yi yɛ nokware: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23)
Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔanyɛ onipa sɛ onni n’ankasa ho so a mmoa foforo bi nka ho.
Ɛno nti na eye sɛ yebehu sɛ wiase tumidi resakra. Nea yɛka yi kyerɛ dɛn? Yɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ biara sɛnea wodi adesamma so da biara no bɛba abedi nniso foforo a ebedi nkonim no nsam. Onyankopɔn kaa nniso mu nsakrae kɛse a ɛbɛba no ho asɛm siei. Nokwarem no, ɛne Bible no asɛmti ankasa.
Susuw a Onyankopɔn Susuw Nniso Ho
Onyankopɔn susuw sɛnea wodi adesamma so no ho bere nyinaa. Ɔhwɛ faako a nnipa nniso horow di wɔn asɛyɛde ho dwuma kodu no yiye na ɛtɔ bere bi a ɔne wɔn bu akontaa. Ampa, wɔkaa nniso atitiriw a aba wɔ mfe 2,500 a atwam no mu no ho abakɔsɛm siei wɔ Bible no mu. Wɔkyerɛw nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa tete Babilon asehwe, ne Medo-Persia, Hela ne Roma nso ba ne wɔn asehwe ho asɛm siei wɔ Daniel nhoma a wɔkyerɛw no mfe bɛboro 500 ansa na wɔrewo Kristo no mu. Nkɔmhyɛ ahorow no kaa ba a Anglo-Amerika Wiase Nyinaa Tumidi a ɛwɔ yɛn bere yi mu no bɛba ho asɛm siei mpo. Susuw a yebesusuw nkɔmhyɛ ahorow yi mu binom ho tiawa no bɛboa yɛn ma yɛate nea asɛm a ɛkyerɛ sɛ wiase tumidi resakra no ase.
Nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi mu nea edi kan no yɛ adaeso bi a wofi soro de mae a wɔde ohoni kɛse bi gyinaa hɔ maa wiase amammui tumi a efi Daniel bere so besi yɛn bere yi mu no wom. Afei ɔbo bi a ɛnyɛ onipa nsa na ɛtow bɛbɔɔ ohoni yi na ebubuu no. Ɔbo no yam wiase nyinaa tumi horow yi ma ɛdan dɔte te sɛ “ahohuru bere mu awiporobea so ntɛtɛwa na mframa sesaw kɔe na wɔanhu no baabiara bio.”—Daniel 2:31-43.
Daniel nhoma no ti yi ara kyerɛkyerɛ nea na eyi kyerɛ no mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔde nniso a ɛkorɔn besi nnipa nniso horow a ɛredi nkogu no ananmu. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asa, na ɛno de, ebegyina daa. . . Na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware.”—Daniel 2:44, 45.
Nanso na ɛno nyɛ asɛm no awiei. Wɔ anisoadehu a ɛto so abien no mu no, wɔde akekaboa akɛse a wɔn su te sɛ tumi a wɔyɛ ho mfonini no gyinaa hɔ maa wiase nyinaa tumi horow a ebedidi so aba no. Wɔmaa Daniel kwan maa ohuu “Nea Ne Nna Akyɛ” no ɔsoro ahengua a ɛyɛ hu no na wɔkyerɛɛ no biribi a ɛbɛba a ɛnyɛ nea ɛbɛba wɔ ne bere so na mmom wɔ bere a yɛn bere yi mu Anglo-Amerika Wiase Nyinaa Tumi no redi tumi no mu. Ohuu Yehowa ɔsoro Asennibea Kɛse no sɛ ɛrebu wiase nyinaa tumi horow yi atɛn. (Daniel 7:2-12) Sɛnea nkyekyem ahorow a edidi so no kyerɛ no, wɔde ɔsoro ahyɛde mae sɛ nsakrae mmra tumidi mu. Hena na wɔde tumidi yi bɛma no?
Obi a Ɔte sɛ Onipa Ba
Daniel de mmuae a ɛyɛ anigye yi ma:
“Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu Nea Ne Nna Akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—Daniel 7:13, 14.
Enti wɔde Daniel dii dwuma ma ɔka siei sɛ “Nea Ne Nna Akyɛ,” Yehowa Nyankopɔn, ankasa bɛsɛe nnipa nniso horow a ɛhyɛ afoforo so no tumidi a enye no. Ɔde nniso bi a eye sen nea adesamma betumi asusuw ho—Ahenni a aniwa ntumi nhu a ebefi soro adi tumi besi ananmu. Nanso hena ne “obi a ɔte sɛ Onipa Ba” a wɔde Ahenni no bɛma no yi?
Wɔamma yɛn adwenem anyɛ yɛn naa wɔ ho. Yesu daa ne ho adi sɛ “Onipa Ba.” Ɔkaa ne ba a ɔbɛba no ho asɛm sɛ bere a “Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka no ho.” (Mateo 25:31) Bere a Yudafo Ɔsɔfo Panyin no hyɛe sɛ Yesu nka nkyerɛ asennibea no sɛ ebia ɔne ‘Kristo, Onyankopɔn Ba’ no, Yesu buae sɛ: “Woaka: Nanso mise mo sɛ efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte tumi no nifa na ɔreba wɔ ɔsoro mununkum so.”a—Mateo 26:63, 64.
Onipa Wiase Nyinaa Tumi a Etwa To
Bɛyɛ mfe 600 wɔ bere a Daniel traa ase akyi no, wɔde honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛw Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no. Saa nhoma no frɛ saa wiase nyinaa tumi horow no sɛ “ahene” atumfoɔ bere a ɛka eyi no: “Ɛyɛ ahene baason. Anum agu, biako wɔ hɔ, ɔfoforo no nya mmae, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.”—Adiyisɛm 17:10.
Na anum a agu dedaw bere a Yohane kyerɛw eyi no ne Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, ne Hela. Na Roma Ahemman no da so ara “wɔ hɔ.” Ɛda adi sɛ na nea ɛto so ason a ɛne Anglo-Amerika Wiase Nyinaa Tumi a ɛwɔ yɛn bere yi mu no nnya mmae. Sɛnea Adiyisɛm kyerɛ no, wiase nyinaa tumi biara remma wɔ ason no—nea ɛwɔ hɔ nnɛ no akyi. Eyi ne nea etwa to. Ebi remma bio.
Nanso, ɛnsɛ sɛ eyi yɛ nsusuwii a ɛyɛ hu—ɛyɛ nea ɛyɛ anigye! Ɛkyerɛ sɛ adesamma nniso a ɛnteɛ a ɛde ne ho hyɛ akodi mu no awiei abɛn. Nkɔmhyɛ ahorow no de biakoyɛ ka nsakrae kɛse a ɛbɛba ɔkwan a wɔfa so di asase no so no mu ho asɛm—wɔbɛsakra onipa pɛsɛmenkominya nniso no na wɔde ɔsoro trenee nniso a ɛne Onyankopɔn Ahenni asi ananmu.
Ahenni Nniso No
Nanso saa Ahenni no yɛ dɛn? Eyi yɛ biribi a ɛsen tumi a ɛma wɔyɛ adepa ara kwa a ɛwɔ nnipa koma ne wɔn asetra mu. Ɛyɛ biribi a ɛsen nea wose a ɛyɛ Kristofo asɔre ara kwa. Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso ankasa. Ɛwɔ ɔhene, mfɛfo sodifo, asasesin ne nkoa. Ɛde nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a yɛaka ho asɛm dedaw no bɛba.
Wonim Yesu sɛ ɔne Ahenni no so Hene. Ɔde ne ho too ɔdehye bi a ‘ɔkɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n‘ahenni na wasan aba’ no ho. Ɔkae wɔ saa bere a ɛbɛba no ho sɛ: “Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka no ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so.”—Luka 19:12; Mateo 25:31.
Bere bɛn na “Onipa Ba” no bɛba? Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim de mmuae no ma. Yesu nsɛm yi yɛ nea a ɔde buaa asemmisa a edi so yi no fã: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3, 30) Sɛnea wɔada no adi mpɛn pii wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu no, saa “ba” no fii ase wɔ soro a aniwa antumi anhu wɔ “amanaman no bere” awiei wɔ 1914 mu.b —Luka 21:24.
Sɛnea Adiyisɛm ti 12 kae sɛ ɛbɛba no, afei Yesu faa ne tumi na ɔtow Satan fii soro kyenee asase so. Ɛnne bi fi soro kae sɛ: “Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene.” Eyi kyerɛkyerɛ wiase tebea horow a asɛe fi saa bere no mu no mu. Enti ɛnne a efi soro no toaa so sɛ: “Asase ne po nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:9-12.
Ɛrenkyɛ saa bere tiaa no bɛba awiei. Wɔ ti kakraa bi a edi eyi akyi no mu no, wohu Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no sɛ ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so. Wɔfrɛ no “Onyankopɔn Asɛm,” na ‘ɔbɛbobɔ amanaman’ no na “ɔde dade poma bɛyɛn wɔn”—te sɛ nea na Daniel ada no adi no, Onyankopɔn Ahenni a ɛte sɛ ɔbo a ɛbɛtrɛw ayɛ asase ma no bɛsɛe amanaman no na ahyɛ asase so nyinaa ma.—Adiyisɛm 19:11-16; Daniel 2:34, 35, 44, 45.
Nnipa amammui tumi ahorow a ɛte sɛ akekaboa no renhyɛ adesamma so bio!
Mfɛfo Adedifo
Nanso pii ka ho. Wɔde honhom kaa Daniel ma ɔkae sɛ ɛnyɛ sɛ wɔde Ahenni no bɛma “obi a ɔte sɛ onipa ba” nko, na mmom wɔde bɛma “Ɔsorosoroni no akronkronfo man” nso.—Daniel 7:27.
Eyinom yɛ henanom? Adiyisɛm ka Oguammaa, Kristo Yesu, ho asɛm sɛ: ‘Woatɔ yɛn ama Onyankopɔn afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn na wobedi asase so ahene.’ Ɛka nso sɛ wɔbɛyɛ “Nyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.” Wɔakyerɛ sɛ wɔn dodow yɛ 144,000.—Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1; 20:6.
Eyinom na Ɔsorosoro Nyankopɔn no paw wɔn sɛ wɔne ne Ba Yesu Kristo nnya wiase nyinaa nniso no mu kyɛfa. So obi betumi abɔ yɛn daakye ho ban asen eyinom a Onyankopɔn paw wɔn no? Dabi, Ahenni yi bɛyɛ nea eye sen biara—eye sen biribiara a nnipa ahu pɛn. Wɔbɛma asase nyinaa adan Paradise a mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba no wɔ ne nniso ase.
Kenkan asɛm a edi so yi na hwɛ sɛ ebia eyi ne nniso a wobɛpaw sɛ wobɛtra ase no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛdefa Daniel anisoadehu no ho no. New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ na Daniel reka asɛm bi a ɛho hia bere nyinaa wɔ awiei bere no mu wɔ ha.” Ɛde ka ho sɛ: “Asɛm a Yesu kae wɔ Sanhedrin no anim no de Onipa Ba a Ɔyɛ no ho adanse a akyinnye biara nni ho ma na ɛtwe adwene si Ne ba wɔ tumi mu no so pefee.”
b Hwɛ October 1, ne December 1, 1982 Ɔwɛn-Aban mu.
[Adaka wɔ kratafa 4]
“Yesu Nkyerɛkyerɛ Asɛmti Titiriw”
“Onyankopɔn Ahenni asɛmti ne Yesu asɛnka no asɛmti titiriw.”—New Catholic Encycopedia.
“Wɔtaa bu [Onyankopɔn Ahenni] no sɛ Yesu asɛnka no asɛmti titiriw.”—Encyclopædia Britannica.
Nanso bere bɛn na etwa to a wotee sɛ wɔka “Yesu nkyerɛkyerɛ asɛmti titiriw” no ho asɛm wɔ asɔre bi mu?
[Adaka wɔ kratafa 5]
Adwene a Atu Afra Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho
Nkurɔfo bi anya adwene sɛ “asase so asɔre no” ne Onyankopɔn Ahenni no. bere a afoforo nso agye adi sɛ wiase a ɛwɔ hɔ mprempren no “benya nkɔso wɔ Kristofo nkɛntɛnso ase kosi sɛ ɛbɛdan ayɛ Ahenni no.” Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn Ahenni ne “Onyankopɔn tumidi a ɛwɔ obi komam ne n’asetra mu.”
Nanso so eyi ne nea Onyankopɔn Ahenni kyerɛ—nyamesom bi, amammui mu nsakrae a ɛba nkakrankakra anaasɛ honhom mu tebea bi a ɛwɔ nnipa komam?