Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 9/1 kr. 4-6
  • Yesu​—Ɔne Hena?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu​—Ɔne Hena?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɔsen Onipa Ara Kwa?
  • So Yebetumi Agye Amanneɛbɔ no Adi?
  • Yesu​—“Yehowa a Wɔka Ne Ho Asɛm wɔ Apam Dedaw no Mu No”?
  • Yesu Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Onipa A Ɔsen Biara A Watra Ase Pɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Kristosom—So na Yesu ne Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn Na Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ “Onyankopɔn A Kristo Yɛ No” Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 9/1 kr. 4-6

Yesu​—Ɔne Hena?

WIASE no kyerɛwtohɔ ahorow a ɛka Yesu ho asɛm no yɛ kakraa bi. Nanso ebi wɔ hɔ, na emu biako a ɛne The Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Saa ankorankoro kyerɛwtohɔ ahorow yi kyerɛ sɛ wɔ tete mmere no mu no, Kristosom ho asɔretiafo mpo annye nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no ho kyim da, ade a akyerɛwfo pii dii kan gyee ho kyim wɔ afeha 18 awiei ne afeha 19 mu ne afeha 20 mfiase a na egyina adanse a ɛnnɔɔso so no.”

Afei bisa wo ho sɛ, Sɛ Yesu asetra yɛ anansesɛm a, so anka ebetumi aba sɛ afeha 18 no mu ansa na worehu eyi? Afei nso, susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem biako na mprempren wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo no ho. Nkɛntɛnso a ne nkyerɛkyerɛ anya wɔ amammerɛ, nhomasua, ne nniso​—wiase abakɔsɛm mũ no nyinaa​—so no nyɛ nea wobetumi apow. So ɛyɛ nea ntease wom sɛ eyi nyinaa fi biribi ketewa bi te sɛ anansesɛm nti na ama aba saa?

Sɛ na nea ɔde Nkramosom bae, Arabiani diyifo Muhammed yɛ onipa ankasa a, ntease pa bɛn na yɛwɔ a ɛma yegye di sɛ Yesu Kristo, nea ɔde Kristosom bae no nyɛ onipa ankasa? Ɔtraa ase bɛyɛ mfe 600 ansa na wɔrewo Muhammed, nanso hyɛ no nsow sɛ nea ɔde Buddasom bae, Siddhartha Gautama​—Budda, anaasɛ “Nea Wahu Hann” no​—traa ase mpo ansa, bɛboro mfe 500 ansa na wɔrewo Yesu. Na sɛ na Budda yɛ onipa ankasa a, ntease pa bɛn na yɛwɔ a ɛma yegye di sɛ na Yesu nyɛ onipa ankasa?

Germanni abakɔsɛm kyerɛwfo ne tetefo ho nneɛma hwehwɛfo Hans Einsle kyerɛw sɛ Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus, Romafo akyerɛwfo Suetonius ne Pliny, ne ne titiriw Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus “nyinaa si Yesu ho abakɔsɛm ne n’asetra mu nokwasɛm atitiriw no so dua.”

So Ɔsen Onipa Ara Kwa?

Yesu traa ase​—nanso ɔtraa ase sɛ dɛn? Nnipa binom ka sɛ na ɔyɛ onipa ara kwa ɛwom sɛ wogye tom sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyansafo kɛse a na ɔka nokware de. N’atamfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu mpo gye toom saa ara bere a wɔkaa eyi no: “Kyerɛkyerɛfo, . . . wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu.”​—Marko 12:13, 14.

Nanso, afoforo susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nyɛ onipa ara kwa. Dɛn ntia? Efisɛ ade biako ne sɛ na otumi yɛ nneɛma a nnipa ntumi nyɛ. Sɛ nhwɛso no, so woahyia obi a otumi nantew nsu so, ɔma nsu dan bobesa, ɔde mpataa nketewa abien ne abodoo anum ma nnipa 5,000 di, ɔsa anifuraefo yare, anaasɛ onyan awufo pɛn?​—Mateo 14:25, 26; Marko 8:22-25; Yohane 2:1-11; 6:1-13; 11:30-44.

Na Yesu tumi hu nneɛma a nnipa ntumi nhu nso. Bere a ɔbea bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ onni kunu no, obuae sɛ: “Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu; na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu.” Esiane sɛ ɔbea no ho dwiriw no nti, ɔkae sɛ: “Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.” (Yohane 4:16-19) Ɛdefa nhwɛso a ɛfa sɛnea Yesu tumi dii kan hui sɛ Petro bɛpow no ho no, hwɛ Luka 22:31-34, 54-62.

Na Yesu wɔ tumi soronko. ‘Ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ nkurɔfo ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ kyerɛwfo no.’ (Marko 1:22) Bio nso, Yesu tumi maa ‘n’asuafo no ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.’​—Mateo 10:1.

So Yebetumi Agye Amanneɛbɔ no Adi?

Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso twɛn kakra. So ɛrentumi mma sɛ wɔagugu nsɛm a ɛfa nea Yesu yɛe no ho no mu dodo?’ F. F. Bruce a anka ɔyɛ Bible Kasatia ne Nkyerɛkyerɛmu ho ɔbenfo wɔ Manchester Sukuupɔn mu a ɔkyerɛw nea edidi so yi kyerɛ sɛ ɛnte saa: “Ɛntaa nyɛ nea wobetumi de abakɔsɛm mu akyinnyegyesɛm ada nokware a ɛfa tete nkyerɛwee mu nkyerɛkyerɛmu biara ho adi, sɛ ebia ɛwɔ Bible no mu anaasɛ enni mu no. Ɛdɔɔso sɛ yebenya ahotoso bi wɔ ɔkyerɛwfo bi nokwaredi mu; sɛ yetumi yɛ eyi a, ɛda adi titiriw sɛ ne nkyerɛkyerɛmu no yɛ nokware. . . Ɛda adi sɛ Apam Foforo no nso yɛ nokware wɔ abakɔsɛm mu efisɛ Kristofo gye tom sɛ nhoma ‘kronkron.’”

Biribiara di Asɛmpa no akyerɛwfo no nokwaredi ho adanse. Ɛwom sɛ ɛtɔ bere a ɛsono sɛnea wɔde wɔn nkyerɛkyerɛmu ma de, nanso abirabɔ nni nea wɔka no mu te sɛ nea abirabɔ nni nea adansefo bi a wohuu lɔre akwanhyia ka no mu bere a obiako ka sɛ kar kɔkɔɔ bi a na efi benkum fam ba no pem kar ahabammono bi a efi nifa fam ba no, bere a ɔfoforo nso ka sɛ Mercedes a ɛde n’ani akyerɛ kesee fam no pem Renault a ɛrekɔ kusuu fam no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsonsonoe kakra wɔ Asɛmpa no mu no kyerɛ pefee sɛ ɛyɛ nokware. Sɛ na wɔn akyerɛwfo pɛ sɛ wɔdaadaa nkurɔfo ma wogye anansesɛm bi di a, anka ɛda adi sɛ wobetumi abom akyerɛw asɛm biako.

Yesu atamfo mpo kae sɛ ne ho amanneɛbɔ ahorow ho no yɛ nokware. Yɛkenkan sɛ: “Wɔde mum bi a honhommɔne wɔ no so brɛɛ no. Na otuu honhommɔne no no, mum no kasae. . . . Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne.” (Mateo 9:32-36) Hyɛ no nsow sɛ Farisifo no ampow sɛ Yesu ayɛ anwonwade. Wɔpow sɛ wobegye atom sɛ Onyankopɔn honhom na ɛma otumi yɛ saa.

Adansefo foforo a ɛkyerɛ sɛ Yesu ho kyerɛwtohɔ ahorow no yɛ nokware no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ wodi nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no so a, etumi yɛ adwuma ankasa. Ɛma wonya asetra pa a anigye wom. Bio nso, nkɔm ahorow pii a Yesu hyɛe, te sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21 no anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu.

Yesu​—“Yehowa a Wɔka Ne Ho Asɛm wɔ Apam Dedaw no Mu No”?

Ɛda adi sɛ na Yesu nyɛ onipa ara kwa. Na ɔda nsow efisɛ sɛnea Bible no ka kyerɛ yɛn no, ɔtraa ase wɔ soro ansa na ɔreba asase so. (Yohane 6:38, 62) Enti ɔwɔ nimdeɛ ne tumi a ɛsen nnipa de. Eyi boa ma yɛkyerɛkyerɛ n’anwonwade ahorow ne ne nyansa soronko no mu.

Nanso so Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ onipa no kyerɛ sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn? Ɔkyerɛkyerɛfo bi nhoma kyerɛ saa bere a ɛka eyi no: “Bere biara a Yesu kaa ne ho asɛm sɛ, ‘I am’ a ɛkyerɛ ‘Mene’ wɔ Twi kasa mu no . . . , Na ɔda ne ho adi sɛ Yehowa a wɔka ne ho asɛm wɔ Apam Dedaw no mu no.” So eyi yɛ nokware?

Sɛnea King James Version kyerɛɛ Exodus 3:13, 14 ase no, Mose bisae sɛ: “Na sɛ midu Israelfo no nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: MENE NEA MENE. Na ose: Sɛnea ka kyerɛ Israelfo no ni: “MENE” na asoma me mo nkyɛn yi.” Ɛdefa kyerɛwsɛm yi ho no, The Pentateuch and Haftorahs (Hebri kyerɛwsɛm a wɔakyerɛ ase na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Engiresi kasa mu a Ɔbenfo J. H. Hertz saa mu no) ka sɛ wɔ saa asɛm a ɛne “Mene nea Mene no mu no . . . wosi wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ a wɔdaa no adi kɛse no so dua.” Enti dwuma a wɔde di sɛ Onyankopɔn abodin anaasɛ Ne din no fata efisɛ ɛdenam ne nkurɔfo a ogyee wɔn fii Misraim nkoasom mu so no, na Onyankopɔn rebɛda te a ɔte ase no adi akyerɛ ne nkurɔfo wɔ ɔkwan titiriw bi so. Hertz ka sɛ “nnɛɛmafo pii di Rashi [mfinimfini mmere no mu Franseni Bible ne Talmud ho nkyerɛkyerɛmufo a wagye din no] akyi na wɔkyerɛ ase sɛ ‘Mɛyɛ onipa a mɛyɛ no.’” Eyi ne New World Translation nkyerɛase no hyia, nea ɛkenkan sɛ: “MƐYƐ NEA MƐYƐ” no.

Wɔ Yohane 8:58 no, King James Version no ka sɛ Yesu de asɛm “I am” ka ne ho asɛm. Nanso wɔ ba no, ɛsono sɛnea asɛm no kyerɛ no koraa wɔ sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Exodus 3:14 no ho. Yesu amfa anni dwuma sɛ edin anaasɛ abodin na mmom ɔnam so de kyerɛkyerɛɛ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ onipa no mu. Enti, sɛnea New World Translation kyerɛ no, Yohane 8:58 nkyerɛase a ɛteɛ kɛse ne: “Ansa na Abraham reba nkwa mu no, na mewɔ hɔ.”

Ɛda adi sɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Yehowa a wɔka ne ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no. Ɔkyerɛkyerɛfo no nhoma a yɛafa mu asɛm aka dedaw no mpo gye tom sɛ: “Sɛ na Kristo atra ase ansa na wɔrewo No wɔ Betlehem no ankasa nkyerɛ sɛ na Ɔyɛ Onyankopɔn (Na obetumi atra ase sɛ ɔbɔfo bi) . Nokwarem no, eyi ne nea Bible no kyerɛkyerɛ. Wɔ Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ onipa no mu no, na ɔyɛ “onyame” anaasɛ obi a ɔyɛ kronkron, na ɛnyɛ Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn no.​—Yohane 1:1-3; 1 Tesalonikafo 4:16.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yesu anwonwade ahorow no daa no adi sɛ na ɔnyɛ onipa ara kwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena