Asasesin A Akyɛ Sen Biara Wɔ Asase So No Mu Nsɛnnennen Ho Dwuma A Wodi
“ƆSORO ahenni no abɛn.” Saa nkrasɛm no a wɔbɔ no dawuru no ho hia “asɛmpa” adawurubɔfo 370 a wɔwɔ nnɛyi Israel Ɔman no mu no titiriw. Dɛn ntia? Efisɛ ɛha na Yesu Kristo dii kan bɔɔ Ahenni nkrasɛm no dawuru bɛyɛ mfe 2,000 ni. (Mateo 4:17; 24:14) Ɛno ma Israel yɛ asasesin a akyɛ sen biara wɔ asase so a wɔreka asɛmpa no wɔ hɔ.
Nanso, efi mfiase pɛɛ no, ayɛ asasesin a nsɛnnennen wom. Ɛwom sɛ pii ani gyee Yesu nkrasɛm no ho de, nanso kakraa bi pɛ na wɔkɔɔ anim sen saa. (Yohane 6:2, 66) Ɛnnɛ, asɛnnennen no wɔ nyamesom, amammerɛ, ne amammui nsusuwii a ɛyɛ ahorow ahorow no mu.
Ɔfã biako no, Arabfo ɔpepem 2.2 no wɔ hɔ. Wɔn mu na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo, Nkramofo ankasa ne wɔn a wɔka ara kwa sɛ wɔyɛ bi, Druze gyidi no mufo, ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnye onyame biara nni no wɔ. Afei nso wɔde wɔn ho ahyehyɛ amansɛm mu wɔ akwan a ɛsonsonoe so, a ebinom pene Palestinafo man a ɛde ne ho a wɔde besi hɔ wɔ West Bank ne Gaza Strip no so.
Ɔfã foforo no, Yudafo Israelfo ɔpepem 3.5 no wɔ hɔ a wɔn nso wɔn mu apaapae akwan pii so. Ebinom tu fii Morocco, Yemen, Iraq, ne Syria na ɛbae. Afoforo fi Europa ne Rusia. Afoforo nso fi India, Amerika, Ethiopia, South Africa, ne mmeae afoforo. Wɔte akuw mu a wɔwɔ wɔn ankasa amammerɛ ne atetesɛm ahorow ne wɔn ankasa Yudasom nkyerɛase ne sɛnea wɔde de di dwuma.
Sɛ nhwɛso no, rabi panyin wɔ hɔ ma Ashkenazi (Europafo) Yudafo na biako wɔ hɔ ma Sephardi (Mfinimfini Apuei) Yudafo no. Bere a dodow no ara ani gye amansɛm ho kɛse no, Yudafo a wɔyɛ nyamesomfo kɛse wɔ hɔ a wonnye wɔ a Israel Ɔman wɔ hɔ no mpo ntom na wɔpow sɛ wobetua tow ahorow. Afei wɔn a wonyaa nkwa wɔ Awudi no mu a wɔn amanehunu a atwam no da so ara haw wɔn mu pii, na obiara wɔ n’ankasa osuahu a ɛma koma botow a ɔbɛka akyerɛ no nso wɔ hɔ. Wɔn a wɔn dodow rekɔ anim nso ne wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnye onyame biara nni na wokura wɔn ankasa nyansapɛ ahorow mu no. Ade biako pɛ a ɛka Yudafo no bom ne nkwa a wobenya sɛ ɔman ne amammui nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no.
Nsɛnnennen no ho Dwuma a Wodi
Bere a wɔagyae Ahenni ho asɛnka adwuma no bɛboro mfe 1,800 akyi no, wɔsan fii ase wɔ ha ɔkwan ketewaa bi wɔ 1913 mu. Saa bere no, aberantewaa bi a n’ani gye Bible no ho fii ase guu Ahenni aba wɔ Ramallah a ɛwɔ Yerusalem kusuu fam bɛyɛ akwansin du. Asɛmpa no trɛw fi hɔ kɔɔ Arabfo atrae a ɛne Beit-Jala ne Haifa. Wiase Ko II akyi bere tiaa bi no, Adansefo anuanom mmea baanu a wɔn ase fi Yudafo mu fii adwuma no ase wɔ Tel Aviv/Jaffa mpɔtam hɔ. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo asafo ahorow asia ne akuw abien na ɛresom wɔ Haifa, Tel Aviv, Bethlehem, Ramallah, Lod, ne Beer-Sheba mpɔtam hɔ.
Sɛnea na ɛte mfeha 19 a atwam ni no, afie afie adwuma no da so ara yɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔde hu wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho. (Luka 8:1; fa toto Asomafo no Nnwuma 5:42 ho.) Nokwarem no, sɛ wode toto nsase binom ho a, ɛyɛ anigye sɛ wubedi adanse saa kwan no so wɔ ha. Ɔfã kɛse no ara no, nnipa pɛ sɛ wohu nkrasɛm no mu na wɔto nsa frɛ Ahenni adawurubɔfo no ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Mpɛn pii no saa asɛmpɛ yi ma wogye yɛn nsɛmma nhoma ne Bible ho nhoma afoforo no. Wɔtaa de nhoma ahorow a ɛtete saa no moma wɔn afipamfo, na ɛma ankorankoro pii sua Bible mu nokware no.
Nanso, saa asɛmpɛ yi ara taa bɛyɛ ɔhaw ma nokware aba a ennyinii a ɛwɔ afoforofo no komam no. (Mateo 13:20, 21) Afipamfo, nnamfo, ne titiriw no nyamesom akannifo yɛ nea wobetumi nyinaa de nhyɛso, fɛwdi, ahunahuna, ne wɔ nsɛm no bi mu no honam mu ayayade ba wɔn a wɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye no so. Nea afi mu aba ne sɛ ebinom ahwere wɔn nnwuma, bere a afoforo nso nnamfo ne abusuafo apow wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn a wogyina pintinn na wɔba bɛyɛ Yehowa Adansefo no gyina ɔsɔretia a emu yɛ den ano.—Fa toto Yohane 9:22 ho.
Ɔsɔretia ba akwan afoforo so nso. Kwasampafo kuw atua Adansefo a wɔn ase fi Yudafo mu no. Ogyahyewfo de wɔn ani asi baa dwumadibea ne Ahenni Asa a ɛwɔ Tel Aviv ne Ahenni Asa a ɛwɔ Haifa no so. Mprempren wɔde nhyɛso kɛse ba Arabfo ne Yudafo Adansefo so sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ Palestinafo man a wɔde besi hɔ ho amammuisɛm mu akasakasa no mu. Esiane sɛ anuanom no nni afã biara wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu nti, wɔde anifere kyerɛkyerɛ mu sɛ onipa nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi adi adesamma a wɔyare no nsɛnnennen no ho dwuma. Mmom no, bere a Adansefo no suasua wɔn Kannifo Yesu Kristo no, wɔda Onyankopɔn Ahenni no adi sɛ ɛne ano aduru biako pɛ.—Yohane 17:16; 18:36.
Wɔasow Ahenni Aba
Nsɛnnennen a ɛwɔ asasesin a akyɛ sen biara no mu no nyinaa akyi no, wɔn a ‘wɔte asɛm no, na wɔte ase’ no resow Ahenni aba wɔ saa afuw yi mu. (Mateo 13:23) Bere nyinaa somfo bi kae sɛ: “Nnipa a nokware no ho sukɔm de wɔn, trenee adɔfo a wɔrehwehwɛ ankasa wɔ hɔ. Wɔmmma afoforo nsusuwii anaa nhyɛso nnya wɔn so nkɛntɛnso. Sɛ wonya hokwan a wɔde besua nokware no a, wɔde di dwuma.” Osuahu ahorow pii di eyi ho adanse.
Nea Bible ka fa “onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi” a ɛne sɛ “obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu” no kaa Benvenida a wɔtetee no wɔ mmea nkokorafo sukuu mu wɔ Greece no koma kɛse. (Yakobo 1:27) Sɛ́ Yudani abeawa no, wanhu hwee sɛ “amanehunu a ɛba ntoatoaso” sɛnea ɔka no no. Ogyinaa Nasifo a wɔbɛfaa wɔn kurow ne amanko a ɔhweree ne kunu wom ano. Nanso anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu nnipa anokwafo a wɔnyɛ pɛsɛmenkominya no ano ammrɛ ase da.
Bere a Benvenida tu bɛtraa Israel wɔ 1949 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔwogyefo kosii sɛ ogyaee adwumayɛ wɔ 1974 mu. Ɔkae sɛ: “Saa bere no nyinaa no, mekɔɔ so bisaa me ho sɛ, ‘Saa nnipa pa anokwafo a Bible no ka wɔn ho asɛm no wɔ he? Ɛhe na atɛntrenee wɔ wɔ saa wiase yi mu?’” Ɔde ne ho hyɛɛ Yudasom mu, ɔkɔɔ hyiadan mu na odii Homeda ne nnapɔnna afoforo. Nanso afoforo ho nsɛnkeka ne akasakasa a ɛwɔ asafo a ɔwom no mu no maa “onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi” no ho kɔm dee no kɛse.
Awiei koraa wɔ 1985 mu wɔ Benvenida nsrahwɛ a ɔde kɔɔ akwahosan beae bi a ɛwɔ Greece mu no, Ɔdansefo ɔbea bi a ɔrehwɛ ne ho yare wɔ hɔ ne no fii nkɔmmɔbɔ ase. Nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so bere tenten. Saa anadwo no ara, Benvenida kɔɔ ne nhyiam a edi kan wɔ kurom hɔ Ahenni Asa so na anuanom mmarima ne mmea no dɔ ne nokwaredi no kaa ne koma kɛse.
Benvenida toaa n’adesua no so bere a ɔsan baa Israel no, na bɛyɛ afe biako ne fã akyi no, wɔbɔɔ no asu de yɛɛ ne ho so a wahyira ama nokware Nyankopɔn Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Ɔkae sɛ: “Awiei koraa, wɔ mfe yi nyinaa mu ne bere a madi mfe 70 no, mihuu nnipa ahobrɛasefo a Bible no ka wɔn ho asɛm, wɔn a wobu me sɛ onipa no. Mprempren, ɛda biara a mede tra ase no yɛ ɛda a anigye ne atirimpɔw wom!”
Ná Moshe yɛ nokware hwehwɛfo foforo a na nea ɔretwɛn ara ne sɛ ‘ɔbɛte oguanhwɛfo no nne.’ (Fa toto Yohane 10:14-16 ho.) Ɛwom sɛ na Moshe ani gye Kyerɛwnsɛm no ho bere nyinaa de, nanso ɛyɛ “Apam Foforo” bi a na ne nuabarima rekɔtow akyene mu na osuaa Yesu Kristo ho ade, na ɛkaa ne koma kɛse. Bere bi akyi no, Moshe kɔkaa ne mfɛfo odwumayeni bi Bible adesua a ɔne Ɔdansefo bi yɛ no ho na ɔkotiee ɔkasa bi a ɔkasafo ɔkwantufo bi mae no bi. Ɔteɛɛm wɔ saa nhyiam a edi kan no akyi sɛ, “Eyi ne nea na mepɛ sɛ mete bere nyinaa!”
Wɔ mfiase no akyirisan bi akyi no, Moshe nyaa nkɔso ntɛmntɛm. Asram asia mu no, wɔbɔɔ no asu. Nanso, ne nkɔso no de abusuafo ɔsɔretia bae, titiriw ne yere. Eyi mu bɛyɛɛ den bere a ɔno a ɔyɛ ɔba panyin no powee sɛ obenya kyɛfa wɔ guasodeyɛ mpaebɔ mu wɔ n’agya ayi ase no. Nea ɛka ho no, nnamfo ne abusuafo ka kyerɛɛ ne yere sɛ ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ biribi ntɛm’ ansa na ɔde biribiara akyɛ asafo no. Moshe kae sɛ: “Midwudwoo ne suro no ano denam ka a mekae sɛ mede ne din na ɛbɛyɛ ɔdan no ho nkrataa no so.” Na ɛdenam ne bere a ɔhyehyɛɛ no yiye so no, otumi karii pɛ wɔ abusua ne asafo mu asɛyɛde ahorow mu.
Nanso, ɛnyɛ abusuafo nyinaa na wɔsɔre tia nokware no. Nehai kaa nea wasua afi Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu Hanna a saa bere no na ɔyɛ hyew yiye wɔ amansɛm mu no. Ankyɛ, wɔn baanu nyinaa behui sɛ Onyankopɔn Ahenni no ne adesamma a wɔhyɛ wɔn so no anidaso koro pɛ. Enti wɔbɛyɛɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so na wofii ase dii Arabfo mmusua a wɔwɔ Haifa ne nkuraa a ɛbemmɛn hɔ mu no adanse. Wodii adanse titiriw wɔ wɔn ankasa abusua a ɛso a emufo yɛ nnipa bɛyɛ 250 no mu.
So eyi ayɛ asɛnnennen? Yiw, efisɛ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔka kar kɔ Arabfo nkuraa no ase dɔnhwerew biako ne fã wɔn kɔ ne wɔn mmae nyinaa mu ansa na wɔakɔsra wɔn no akyi no, wohia ntoboase ne animia kɛse. Hanna kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a ebinom ka kyerɛ wo sɛ wɔmpɛ sɛ wobetie bio. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wugyae kasa. Akyiri yi, ebia wubetumi de anifere akɔfa asɛmti no aba bio. Ɛte sɛ nea wɔapam wo afi pon ano na worekɔfa mfɛnsere mu.” Akatua afi eyi nyinaa mu aba. Ebesi saa bere yi no, n’abusuafo a wɔbɛn so kɛse a wɔyɛ 36 no mu 24 na wɔakyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu anigye anibere so, na wɔn mu 13 ne Hanna ne Adansefo afoforo resua Bible no. Ebedu nnɛ no, n’abusuafo a wɔbɛn so kɛse no mu baanum ne n’ankasa mma ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na baasa renya nkɔso abɛyɛ saa.
Dodow Nkɔanim Afoforo wɔ Asasesin a Akyɛ Sen Biara no Mu
Osuahu ahorow a ɛma koma ani gye te sɛ eyinom no redɔɔso wɔ Israel, na hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yebenya nkɔanim no hyɛ nkuran kɛse. Ahenni adawurubɔfo dodow duu nea ɛsen biara a ɛyɛ 370 wɔ 1988 mu. Sɛ wɔkyekyem a Bible adesua dodow a wɔyɛ ɔsram biara wɔ anigyefo afi mu no fi 89 wɔ 1979 mu koduu 301 wɔ 1988 mu—nkɔanim a ɛboro ɔha biara so 240!
Eyi nyinaa de anigye kɛse brɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ tete asase yi so no. Yɛhwɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa no nhyira kɛse kwan bere a yɛkɔ anim wɔ asuafoyɛ adwuma no mu wɔ asasesin a akyɛ sen biara wɔ asase so no mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]
Atifi: Ɔboda Turo, Jerusalem
Nhwɛanim: Guaso ne mmorɔn so mmeae bi wɔ Israel
Asehɔ: Baa dwumadibea wɔ Tel Aviv