Dɛn Na Bible No Ka Wɔ Yafunu A Wotu Gu Ho?
Ɛno ne asɛm a awarefo bi a wɔwɔ Argentina bisaa ɔbea bi a na wabɛsra wɔn esiane sɛ na wonim sɛ onim Bible no mu yiye nti. Ná awarefo no pɛ sɛ wohu sɛ Onyankopɔn bu yafunu a wotu gu sɛ ɛfata anaa. Ná ɔyere no anyinsɛn asram abien na na ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ obetu yafunu no agu, ɛwom sɛ na ne kunu no mpene so de.
Ɔbea a wabɛsra awarefo yi no yii Reasoning From the Scriptures nhoma no fii ne bag mu na obuee kratafa 25. Ɔkenkan yafunu a wotu gu nkyerɛase no na afei ɔmaa awarefo no kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no, na ɔkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn bu abofra a wonnya nwoo no no. Asram ason akyi no wɔwoo abofra no. Ɛbere no mu no, ná awofo a wɔn ani agye no abɛyɛ Bible adesuafo.
Wo nsa betumi aka saa Bible ho nhoma a ɛsom bo a ɛbɛma nsemmisa ɔhaha pii a ɛyɛ ne bere mu de ho mmuae no bi.
Mesrɛ mo momfa Reasoning From the Scriptures a akyi yɛ den na ekura nkratafa 448 no biako mmana me. Mede ¢400.00 ahyem de retua ka.