Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 7/15 kr. 31
  • Nsɛm No Mu Nhumu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm No Mu Nhumu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Katolekfo ne Asubɔ
  • Nsɛm a Wɔnte Bi
  • Okununom—Munsuasua Kristo Tiyɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 7/15 kr. 31

Nsɛm No Mu Nhumu

Katolekfo ne Asubɔ

Le Monde a ɛyɛ Fransefo atesɛm krataa bi no bɔ amanneɛ sɛ Roman Katolek Asɔre no rebɔ mpanyimfo a wɔn dodow kɔ anim asu wɔ France. Nokwarem no, krataa no kyerɛ sɛ “dodow no abu abɔ ho wɔ mfe anan a atwam no mu.” Fransefo a wɔanyinyin a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu sɛ Katolekfo bɛboro 4,000 na wɔkɔ nkyerɛkyerɛ a edi asubɔ anim no ase. Wɔn mu nkyem abiɛsa mu abien yɛ mmea a wɔwɔ wɔn mfe 20 ne 40 mu hɔ. Nkyem anan mu biako yɛ wɔn a wɔnyɛ Fransefo

Nanso mpanyimfo asubɔ ho ahosiesie no betumi agye mfe abien anaa abiɛsa Ɔsɔfo Guy Cordonnier a ɔno na ɔhwɛ nkyerɛkyerɛ a edi asubɔ anim a ɛte saa no so no kyerɛ sɛ: “Sɛ wɔbɛbɔ obi asu a, ɛnnɔɔso sɛ ɔbɛka sɛ ogye Onyankopɔn di. Ɛho hia sɛ osua sɛnea ɔbɛtra kuw bi mu.”

Nokwarem no, mpanyimfo asubɔ nyɛ biribi foforo biara. Wɔbɔɔ Yesu ankasa asu bere a na wadi mfe 30. Sɛ́ wɔhwehwɛ nea ɛsen Onyankopɔn mu gyidi ansa na wɔabɔ obi asu no nso nyɛ ade foforo. Yesu ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo ne sɛ ‘wɔnyɛ asuafo . . ., wɔmmɔ wɔn asu’ na wɔnkyerɛkyerɛ sɛ wonni n’ahyɛde so.​—Mateo 28:19, 20

Nanso, esiane sɛ Katolek Asɔre no abɔ nkokoaa asu mfehaha pii ni no nti, asɔre no gyinabea wɔ mpanyimfo asubɔ ho no ayɛ te sɛ abirabɔ a nokware bi wom. Asɔre mpanyimfo kyerɛ sɛ egye mfe abien anaa abiɛsa ansa na wɔabɔ obi a wanyin asu, nanso wɔda so kura mu sɛ nkokoaa asubɔ fata. Wɔka sɛ asubɔ hohoro bɔne a wonya fii awo mu fi nkokoaa ho, nanso ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.” (1 Yohane 1:7) Esiane sɛ nkokoaa ntumi nkyerɛ Onyankopɔn ne Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu?

Nsɛm a Wɔnte Bi

The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmea awarefo 3,800 a Japanfo sikasɛm mu ahobammɔ adwumakuw bi yɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no mu fã “ntee nsɛm a ɛne ‘Medɔ wo’ mfii wɔn kununom hɔ mfe kakraa a atwam ni no mu.” Ɔyerenom a wɔnte saa nsɛm yi no nkyekyem kɔ soro a egyina mfe a wɔadi no so, na wɔ wɔn a wɔwɔ wɔn mfe 50 mu no fam no, wɔn mu ɔha biara mu 82 a ɛyɛ ahodwiriw kae sɛ wɔntee saa nsɛm yi mfii wɔn kununom hɔ da. Wɔ yerenom a wɔwɔ wɔn mfe 20 mu mpo mu no, wɔn mu ɔha biara mu 10 pɛ na wɔte sɛ wɔn kununom ka saa nsɛm no da biara.

Wɔ Ɔhene nyansafo Salomo ɔdɔ ho asɛm a ɛfa abarimaa oguanhwɛfo bi ne ababaa ɔhoɔfɛfo bi a ofi tete kurow Sunem mu ho no mu no, ɛyɛ “ɔdɔ nsɛm” na ɛmaa abarimaa no nyaa ababaa no. (Nnwom mu Dwom 1:2, New World Translation) Bere a okununom anya wɔn yerenom awie no, so ɛnyɛ nea ɛho da so ara hia sɛ wɔda wɔn dɔ adi anaa? Yiw! Bible no tu fo sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no no.”​—Efesofo 5:25, New World Translation.

Anadwo a woyii Yesu mae no, ɔkɔɔ so daa ɔdɔ a ɔwɔ ma n’asuafo no adi. (Yohane 13:34; 14:19-21; 15:9, 10, 12) Ɛsɛ sɛ okunu susuw hia a ne yere hia sɛ ɔkɔ so kyerɛ no sɛ ɔdɔ no no ho. Ɛsɛ sɛ okununom kae nso sɛ Kristo ‘de ne ho mae maa asafo no.’ Enti, ɔde nsɛm ne nneyɛe nyinaa daa ɔdɔ adi. Ɛda adi pefee sɛ eye sɛ okununom besuasua Kristo nhwɛso no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena