Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 7/1 kr. 14-15
  • “Ofi Yi Yɛ Wo De”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ofi Yi Yɛ Wo De”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Ntrɛwmu Nnansa yi Ara?
  • Afɔrebɔ Ahorow ne Adema a Efi Ayamye Mu
  • Ɛda a Wohyiraa Ɔdan no So
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 7/1 kr. 14-15

“Ofi Yi Yɛ Wo De”

“OFI YI yɛ wo de​—yɛde bi aka ho.” Hwɛ sɛnea nsɛm yi daa wɔn a wɔde mfe abien ayɛ adwumaden awie nnansa yi ara wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no, nkate adi wɔ ɔkwan a ɛfata so! Na wɔreka nsɛm yi akyerɛ Yehowa Nyankopɔn, na na ɛyɛ dwom bi a wɔhyehyɛ maa dwumadi titiriw bi fã. Dwumadi titiriw bɛn? Na ɛyɛ adan afoforo a wɔasi aka Betel fie ne adwumayɛbea no ho a wɔrehyira so.

Ntrɛwmu Nnansa yi Ara?

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wohyiraa Betel dan a saa bere no na wɔasi no foforo no so saa ara wɔ Ingleburn a ɛwɔ Sydney kesee fam atɔe wɔ Australia no, na ennii mfe ason ɛ. Dɛn nti na ntrɛwmu ho behiae bere tiaa bi akyi saa?

Ade biako ne sɛ Adansefo dodow a wɔwɔ Australia no akɔ anim fi nea ennu 32,000 wɔ 1981 mu akodu 51,152 wɔ October 1989 mu, na ɛno ma ɛho behiae sɛ wonya Betel adwumayɛfo no bi ka ho. Nea ɛka ho bio no, nhoma ahorow a wɔde fii Australia kɔɔ baa dwumadibea afoforo no dodow kɔɔ anim ma ɛyɛɛ nwonwa. Mprempren Australia tintim nhoma wɔ kasa ahorow 37 mu, ma wɔde di mmeae ahorow a edidi so yi ahiade ho dwuma, Fiji, Indonesia, Papua New Guinea, New Caledonia, New Zealand, Solomon Islands, Tahiti, Vanuatu, Niue, Western Samoa, Tonga, Tuvalu, ne Wallis Islands, a Australia nso ka ho. Ne saa nti, Betel abusua no adɔɔso ntɛmntɛm ma wɔn dodow abɛyɛ 164.

Sɛnea ɛbɛyɛ na abusua a ɛredɔɔso yi anya baabi ayɛ adwuma nti, wɔ 1987 mfiase pɛɛ no, wosii dwumadibea foforo abansoro a ɛtoa so abiɛsa kaa nea ɛwɔ hɔ no ho, na ɛmaa wonyaa beae a wɔbɛyɛ adwuma a na ɛho hia no pii kaa ho. Afei, Sodikuw no maa kwan sɛ wonsi adwumayɛbea abansoro a ɛtoa so abiɛsa nka nea ɛwɔ hɔ no ho, ne adan a wɔbɛtra mu a ɛyɛ abansoro a ɛtoa so anum. Wɔ January 1988 mu no, wofii ase sii adan a wɔresi aka ho no, a na ɛbɛma wɔanya adwumayɛbea a ne trɛw bɛyɛ anammɔn 38,800 aka ho. Asram kakraa bi akyi no, wofii ofi a wɔbɛtra mu a ɛbɛma wɔanya adan 51 a wɔbɛtra mu aka nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho ase.

Afɔrebɔ Ahorow ne Adema a Efi Ayamye Mu

Wɔtoo nsa frɛɛ anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa a wobetumi atu wɔn ho ama abɛyɛ “abusua a wobesi dan” no mufo bɛyɛ mfe abien. Na nnyeso no yɛ ahodwiriw, na wɔn a wɔyɛ nnwuma ahorow nyinaa fi wɔn pɛ mu tuu wɔn ho mae. Akwammisa krataa bɛboro 700 na nsa kae, na wɔ bere a wɔde sii ɔdan no nyinaa mu no, wɔn a wotuu wɔn ho mae nyinaa bɛyɛɛ adwuma no bi no dodow si 270, na nna dodow a ebinom a wɔbae no de yɛɛ adwuma no fi nnawɔtwe abien kosi mfe abien.

Na onua bi wɔ fam tutu adwuma bi wɔ atifi mantam a ɛne Queensland no mu. Ɔtɔn n’adwuma no fã bi, na ɔne ne yere bɛkaa abusua a wɔresi dan no ho fi bere a wɔhyehyɛe no mfiase pɛɛ. Ɔtɔɔ fam tutu afiri kɛse bi, na ɔde yɛɛ fam tutu adwuma a na ɛho hia no mu fã kɛse a Asafo no antua hwee. Bere a wowiee fam tutu adwuma no mu fã kɛse no, ɔtɔn afiri no, na ɔkɔɔ so nyaa ɔdansi adwuma no afã horow mu kyɛfa. Eyi yɛ ahofama honhom fɛfɛ a obiara daa no adi wɔ adwuma no yɛ mu nyinaa no ho nhwɛso biako pɛ.

Adansefo de kɔnkrit mfiri mae ma wɔde dii dwuma de hyɛɛ kɔnkrit cubic basafa 4,300 a ɛho hia na wɔatumi asi adan ahorow abien no. Afoforo nso de nneɛma a ɛho hia na wɔatumi ayɛ ade a wɔde nsu gu mu abiɛsa a wɔde kɔnkrit ayɛ a nsu galɔn 5,800 bɛkɔ mu no mae, na Adansefo a wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea hɔ no de wɔn ahoɔden yɛɛ nneɛma a wɔde nsu gu mu no.

Mmom no, na ɛnyɛ wɔn a wɔde wɔn ho mae no nyinaa na wɔyɛ adwumfo. Nokwarem no, mmerante pii suaa nnwuma afoforo wɔ ɛhɔnom ara. Wɔn mu pii bɛyɛɛ ntayaatofo a wɔn ho akokwaw bere a wɔboa ma wɔtoo ntayaa ɔpepem fã a na ɛho hia ma adwuma no yɛ no. Afoforo nso suaa sɛnea wɔto ɔfasu ne fam ntayaa, na wɔ adapɛn kakraa bi pɛ mu no, onuawa biako ho kokwawee wɔ sɛnea wɔde nkrataa fomfam ɔfasu ho no mu.

Ɛda a Wohyiraa Ɔdan no So

Ɛda a wohyiraa ɔdan no so, Memeneda, November 25, 1989 no, wim tewee fɛfɛɛfɛ a na owia rebɔ​—fefɛw bere mu da fɛfɛ bi. Na wɔaprapra adwumayɛbea foforo a wɔasi no mu nea ɛtoa so abien no mu na wɔayɛ ɔdan no so hyira dwumadi no wom. Wɔnam television so maa wɔn a wɔwɔ adwumayɛbea adan abien a aka no, ne nhoma amenae, ne Betel asa kɛse no, ne Betel adidibea mu no, huu dwumadi a ɛrekɔ so no. Eyi maa nnipa bɛboro 3,000 nyaa baabi trae wɔ ɔdan mu hɔ ma wɔn ho tɔɔ wɔn.

Esiane sɛ na ɔkwan a ɛwɔ hɔ no sua nti, wɔn a na wɔabɔ wɔn asu bɛyɛ mfe 40 ne akyi nkutoo na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn, a Betel ne ɔdansi adwumayɛfo no ankasa ahɔho a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ka ho. Wɔde nnɔkɔnnɔkɔwade mae anɔpa no, na wɔmaa wɔn awia aduan a ɛyɛ dɛ dii awia bere mu. Ɛbɔɔ anɔpa 9:00 no, wɔyɛɛ Australia Ɔwɛn Aban Asafo no afe afe nhyiam no, na Australia de no mufo 21 no nyinaa kɔɔ bi. Bere a wodii mmara kwan so nneɛma a ɛfa adwuma no ho ho asɛm ho dwuma wiei no, wɔtoo nsa frɛɛ afoforo ma wɔbaa nhyiam no ase, na obiara de anigye tiee ɔkasa a Theodore Jaracz a ɔka Sodikuw no ho mae no.

Ɛbɔɔ awia 1:45 no, wɔbɔɔ Ahenni nnwom simma 15 de fii ɔdan no so hyira dwumadi no ase. Atiefo no de anigye tiee amaneɛbɔ, aseresɛm a ɛyɛ anigye, osuahu, ne nsɛm ahorow a Sodikuw no mufo baasa a na wɔaba hɔ no de mae no ho. Wɔ wɔn mu no, na eyi ne nea edi kan a Carey Barber ne Daniel Sydlik rekɔ Australia. Asɛmti a Onua Barber kaa ho asɛm no ne “Otwa no Ne Mmere no Awiei.” bere a Onua Sydlik dii asɛmti “Anigye Ne Nnipa a Wɔn Nyankopɔn Ne Yehowa” no ho dwuma. Onua Jaracz, a na ɔresom Australia baa no sɛ dantaban sohwɛfo no na ɔmaa ɔdan no so hyira ɔkasa no.

Dwumadi no fã bi a na ɛyɛ anigye kɛse ne dwom bi a ekura nkyekyem anan a wɔtow ansa na wɔrema ɔdan no so hyira ɔkasa no. Na dwom no a egyina Yesaia nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:22 so no asɛmti ne ‘Nea Osua Koraa no Dan Apem.’ Wɔ dwom no mu nsɛm mu no, wɔde aseda maa Yehowa sɛ wɔn a wɔde wɔn ho mae pii a wɔwɔ ɔpɛ no anya hokwan sɛ wɔde bi aka ‘ne fi’ ho, wɔ wiase nyinaa asasesin no fã yi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔdan foforo a wɔasi aka Ɔwɛn Aban nhoma tintimbea a ɛwɔ Ingleburn, Australia no ho

C. Barber

T. Jaracz

D. Sydlik

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena