“Abofra a ɔwɔ anigye na ebesi no yiye ntetee ho aduru”
WƆ SAA asɛmti yi ase no, nsɛmma nhoma Medical Aspects of Human Sexuality kaa asɛm bi a emu no, Ɔbenfo Irene Jacab, a ɔkyerɛ adwene ho nimdeɛ ho ade wɔ sukuupɔn bi mu no, daa nea ɔte nka sɛ ɛho hia ma wɔatumi atete abofra ma wanyin abɛyɛ ɔpanyin pa no adi. Nea ɛka ‘aduru’ a ɔde mae no ho ne hia a ehia sɛ awofo dɔ wɔn ba, wɔma no nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho akwankyerɛ, na wɔkyerɛ no sɛnea wosi gyinae ahorow.
Ɔtee nka sɛ ɛnsɛ sɛ “aduru” no yɛ nea awofo bo a efuw ntɛmntɛm, biribiara a wɔpɛ no ferenkyemm, adwennwen mmoroso, anaa biribiara hokwan a wɔma ka ho koraa.
Ɔbenfo Jacab “ano aduru” no ye. Nokwarem no, mfe mpempem pii a atwam ni no, Bible no de afotu a ɛte saa ara maa awofo. (Sɛ nhwɛso no, hwɛ Mmebusɛm 4:1; 13:24; 22:6; Kolosefo 3:21) Nanso, Bible no de biribi a Ɔbenfo Jacab anka ho asɛm ka ho: hia a ehia kɛse sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wonya ɔdɔ ma wɔn Bɔfo no na wohu n’Asɛm yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4; Deuteronomium 6:4-7.
Sɛ mmofra annya ntetee a ɛte sɛɛ a, wobenyin a wonni abrabɔ pa nnyinaso biara. Nea ebefi mu aba no betumi ayɛ nea asiane kɛse wom wɔ wiase a ɔbrasɛe ne ɔporɔw ayɛ mu ma yi mu.