Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 26-31
  • Yɛtetee Mmofra Baawɔtwe Wɔ Yehowa Kasakyerɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛtetee Mmofra Baawɔtwe Wɔ Yehowa Kasakyerɛ Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Akwan a Misuae
  • Mede Bere Nyinaa Som Adwuma yɛ Me Botae
  • Mmofra Ntetee​—Hokwan Foforo
  • Akwampae Adwuma Bio
  • Aba A Ɛde Akatua Kɛse Ba
  • Yehowa a Yɛsom No sɛ Abusua Biako
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 26-31

Yɛtetee Mmofra Baawɔtwe Wɔ Yehowa Kasakyerɛ Mu

SƐNEA OVERLAC MENEZES KA KYERƐE

“WƆTE baesekre a nnipa baanu tra so so na ɛbae.” Saa kwan yi so na Journal de Resende no fii yɛn abusua no ho amanneɛbɔ ase wɔ 1988 mu, bere a na yɛrefi Resende akɔ Lages wɔ Brazil kesee fam no.

Amanneɛbɔ no kɔɔ so sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɛkae awarefo a Resendefo hyɛɛ wɔn nsow esiane ɔkwan koro pɛ a ɛda nsow a wɔnam so tu kwan nti no: baesekre kɛse a ɛwɔ nkongua abien. Nea na ɔte anim reka baesekre no ne ‘ofirikafo’ no, Overlac Menezes; na nea ɔte akongua a ɛto so abien no so ne ne yere, Maria José. Afe no: 1956.

Asɛm no kyerɛwfo ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Arisio Maciel, a na ɔno ara ne ɛhɔnom radio adwumayɛbea no kwankyerɛfo. Yɛne no hyiaa nea edi kan wɔ 1956 mu, bere a me ne me yere nyaa kyɛfa wɔ Ɔwɛn Aban Asafo dapɛn dapɛn radio dwumadi a na wɔato din sɛ, Nneɛma a Nkurɔfo Resusuw Ho mu no. Saa asɛm no mu no, ɔkyerɛwee sɛ mekae sɛ bere a na yɛwɔ hɔ no, “yekɔɔ afie a ɛwɔ Resende nyinaa mu fi borɔn biako so kɔ borɔn foforo so.”

Wobɛpɛ sɛ wuhu nea ɛma wohuu yɛn yiye wɔ Resende saa no? Ne sɛnea bere a yɛwɔ hɔ no, yetumi tetee mmofra baawɔtwe ‘wɔ Yehowa kasakyerɛ mu,’ bere a yɛboa ma wɔde Ahenni asɛmpa no kɔɔ afie a ɛwɔ Resende nyinaa no mu anaa?​—Efesofo 6:4.

Yehowa Akwan a Misuae

Wɔ January 1950 mu no, Maria Minc, Yehowa Adansefo mu biako ne me nuabea Adeilde a ɔwɔ São Paulo no fii ase suaa Bible no. Saa bere no na madi mfe 16, na na wɔabɔ me asu sɛ Katolekni, nanso na magyae asɔrekɔ kakra. Nanso, na mewɔ Onyankopɔn mu gyidi ara, na na mepɛ sɛ mesom no. Enti, da koro anadwo bi, mekɔɔ Adeilde fie sɛ merekɔhwehwɛ ɔsom foforo a ɔresua ho ade no mu. Maria Minc too nsa frɛɛ me sɛ me mmɛtra adesua no mu bi, na saa da no ne bere a edi kan wɔ m’asetra mu a mihuu Bible. Wɔ adesua ahorow a edi hɔ no mu no, me ho dwiriw me bere a misua fii Bible no mu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, sɛ ɛrenkyɛ na asase no adan paradise, sɛ hell-gya ne ahodwiragya biara nni hɔ, ne sɛ onipa nni ɔkra a enwu da no. M’abusuafo ka kyerɛɛ me sɛ: “Bible akenkan pii bɛma woabɔ dam!”

Minyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ me Bible adesua no mu, na mifii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Belém Asafo no Ahenni Asa so wɔ São Paulo. Esiane sɛ na mehwɛ kwan sɛ mehu mpanyimfo nkutoo wɔ nhyiam no ase nti, ɛyɛɛ me nwonwa yiye sɛ mihui sɛ mmofra pii a wɔyɛ m’atipɛnfo nso wɔ hɔ bi. February 5, 1950 no, minyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa nea edi kan, na wɔ November 4, saa afe no ara mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔpaw me sɛ baguam ɔkasafo. Saa bere no, na eyi kyerɛ sɛ mɛma ɔkasa ahorow wɔ borɔn so ne prama so a mekasa gu akasam afiri bi a wɔde asi lɔre bi so mu. Na dwumadi foforo bi nso ne nsɛmma nhoma kyekyɛ. Saa bere no, na yɛtaa gyinagyina borɔn so a yekurakura yɛn nsɛmma nhoma bag na yɛteɛm sɛ: “Ɔwɛn Aban ne Nyan! Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ!” Mantumi amma nsɛmma nhoma pii, nanso mitumi nyaa akokoduru de kasae wɔ baguam.

Mede Bere Nyinaa Som Adwuma yɛ Me Botae

Ankyɛ na wɔtwee m’adwene sii hia a akwampae adwuma anaa bere nyinaa asɛmpaka adwuma no ho hia no so. Ná April 1, 1950 The Watchtower no kura asɛm bi a ne ti ne “Asɛmpa ho Akwampaefo Bebree.” Ɛkae sɛ: “Ahenni no a obi bɛhwehwɛ no kan no kyerɛ sɛ ɔbɛma Ahenni ho nneɛma atra n’adwenem bere nyinaa. Onii a ɔte saa no bɛhwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wasom ama Ahenni no, na ɔrenhwehwɛ n’ankasa honam fam ahiade kan daa na ɔremmoaboa wiase ahonyade ano nsie mma daakye.” Saa nsɛm yi duaa akwampae honhom no wɔ me komam.

Ankyɛ na awuraa fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Maria José Precerutti maa nsakrae baa m’asetra mu wɔ ɔkwan titiriw bi so. Na ɔrenya nkɔso fɛfɛ wɔ Bible adesua a Adansefo awarefo, José ne Dilia Paschoal ne no yɛ no mu. January 2, 1954 mu no, ɔbɛyɛɛ me yere dɔfo, ɔhokafo, adamfo, ne ɔboafo. Na ɔno nso botae ne sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo. Enti, asɛmpatrɛwfo te sɛ Harry Black, Edmundo Moreiro, ne Richard Mucha nhwɛso a wɔyɛe no hyɛɛ yɛn nkuran ma yɛkyerɛw kobisaa akwampae adwuma no yɛ ho kwan. Yɛ yɛn anigye​—ne ehu​—ho mfonini hwɛ, bere a yɛn nsa kaa mmuae sɛ: “Wɔapene kamfo a wɔakamfo wo akyerɛ sɛ ɔmansin sohwɛfo no so”!

Bere a me nsa kaa me ɔmansin dwumadi a edi kan no, me koma tui. Na saa bere no mu Brazil ahenkurow a ɛne Rio de Janeiro no mu asafo ahorow du, a ebi bɛn Betel ka me ɔmansin foforo no ho. Na asɛmpatrɛwfo fie bi a wɔn a wɔakɔ Ɔwɛn Aban Gilead Sukuu te mu wɔ asafo a edi kan a na merekɔsra wɔn no mu. Esiane sɛ na madi mfirihyia 22 pɛ nti, metee nka sɛ memfata koraa na meka kyerɛɛ Onua Mucha, a ɔno na na ɔhwɛ adwuma no so wɔ Brazil saa bere no sɛ: “Dɛn na metumi akyerɛ saa nnipa yi?” Obuae sɛ: “Onua, wode fa afotu a Bible no ne ahyehyɛde no de ma no di dwuma kɛkɛ.” Na ɛno yɛ afotu pa ampa!

Afe akyi no, Maria José nyinsɛnee, na na ɛsɛ sɛ yefi ɔmansin adwuma no mu. Nanso, nea na ɛyɛ anigye ne sɛ, yɛkɔɔ so traa bere nyinaa som adwuma no mu. Sɛ Finlandfo mmusua abien, Edvik ne Leiniös mmusua no adebisa ho mmuaema no, Asafo no de yɛn kɔɔ Resende, a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ asasesin bonin a emufo dodow bɛyɛ 35,000 mu sɛ akwampaefo atitiriw. Leiniös abusua no na wɔmaa yɛn baesekre a nnipa baanu tra so a wɔbɔɔ din wɔ asɛm a ɛwɔ Journal de Resende no mu no. Yɛde dii dwuma de duaa nokware no aba pii wɔ saa asasesin a ɛsow aba no mu, na yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ hɔ asram pii wɔ yɛn babea Alice awo wɔ 1956 mu no akyi. Yefii hɔ no, anuawanom baanu, Anita Ribeiro ne Marian Weiler, baa hɔ beguguu aba no so nsu na ‘Onyankopɔn ma ɛkɔɔ so nyinii.’ Nnɛ asafo ahorow akron a emu adawurubɔfo boro 700 na ɛwɔ Resende.​—1 Korintofo 3:7.

Nnipa a midii kan hyiaa wɔn wɔ Resende no mu biako ne Manoel Queiroz. Memaa no nhoma abien wɔ beae a ɔyɛ adwuma, bere bi a na meretwɛn bɔs no. Ɔno, ne akyiri no, ne yere Piedade, nyaa nkɔso fɛfɛ na wɔbɔɔ wɔn baanu nyinaa asu. Manoel bɛyɛɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu, na odii nokware kosii ne wu mu. Me ne Alvaro Soares nso suaa ade. Da a edi kan a ɔbaa adesua no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ nnipa baasia pɛ na wɔwɔ hɔ, nanso nnɛ, ɔno ne kuropɔn sohwɛfo wɔ Resende a nnipa bɛboro apem kɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ asafo ahorow no mu no ase. Wɔ 1978 mu no, Alvaro babarima Carlos waree yɛn babea Alice. Nnɛ Soares abusua no mufo bɛboro 60 yɛ Adansefo.

Na Resende a yerefi no kyerɛ sɛ yɛde Kristofo asɛyɛde foforo bi resesa yɛn bere nyinaa som adwuma no, ɛne ‘yɛn ankasa fifo a yɛbɛhwɛ wɔn no.’ (1 Timoteo 5:8) Nanso, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so akura akwampae honhom no mu, na yɛde bere nyinaa som adwuma no yɛɛ yɛn botae. Minyaa adwuma wɔ adwuma bi a ɛwɔ São Paulo mu, na afe biako mu no, na mitu kwan akwansin 190 dapɛn awiei biara, kɔ Resende kɔboa adawurubɔfo 15 a wɔwɔ hɔ no. Afei, wɔ 1960 mu no, yɛsan tu kɔtraa Resende.

Mmofra Ntetee​—Hokwan Foforo

Nokwarem no, na ɛnyɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛwo mma pii saa, nanso wɔtoatoaa so bae ara. Alice akyi no, yɛwoo Leo, afei Márcia, Maércio, Plínio, André, na awiei koraa no, yɛwoo ntafo Sônia ne Sofia. Yɛde anigye gyee wɔn mu biara toom sɛ ‘agyapade a efi Yehowa nkyɛn.’ (Dwom 127:3) Na yɛnam Yehowa mmoa so tetee wɔn mu biara wɔ ‘ne nyansakyerɛ’ mu.​—Efesofo 6:4.

Nanso, na eyi nnyɛ adwuma a ɛda fam. Sɛ ɛtɔ mmere bi a, nsɛnnennen no ma yesu. Nanso, na mfaso wom. Ɔkwan bɛn so na yɛtetee wɔn? Ɛdenam abusua adesua, nhyiam horow no ne asɛnka a yɛde wɔn kɔe fi wɔn mmofraase, nneɛma a yɛboom yɛe, hwɛ a yɛhwɛ yiye hu sɛ wɔbɔ fekuw pa, nteɛso pa a yɛde maa wɔn, ne nhwɛso pa a yɛn ankasa yɛ maa wɔn so.

Mfe kakraa bi a atwam ni no, wɔ nhyiam bi a wɔyɛɛ no Cruzeiro, São Paulo, dwumadi no mu no, ɔmansin sohwɛfo no bisabisaa yɛn nsɛm. Mekaa yɛn abusua adesua ho asɛm wiei no, ɔmansin sohwɛfo no bisaa me sɛ: “Kyɛfa bɛn na wo yere nyae wɔ eyi mu? Mekae sɛ m’ani tɛɛtɛɛ nsu, na pɔw kɛse bi bɛhyɛɛ me menewam ma enti, na mintumi mma mmuae. Dɛn ntia? Efisɛ na nokwarem no, m’ani sɔ kyɛfa a asɛm biara nni ho a Maria José nyae wɔ yɛn teokrase abusua no hwɛ mu. Sɛ mannya ne mmoa a efi nokwaredi mu no a, anka ɛbɛyɛ den yiye!

Efi bere a me ne Maria José yɛɛ aware nhyehyɛe ara pɛ na yefii ase suaa Bible no boom. Bere a yefii ase woe no, na ɛyɛ den yiye sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ adesua no bere nyinaa. Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn no, na mekyerɛw bere a yɛbɛyɛ dapɛn a edi hɔ no mu adesua ne nea yebesua no bɔ fridge no pon ho. Afei nso sɛ ɛho hia a, mehyɛ da yɛ dwumadi atitiriw ho nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, da koro bi Márcia ne Plínio koe bere a na yɛredidi. Enti, ade kyee no, wohui sɛ dwumadi a n’asɛmti ne “Sɛnea wo ne wo nuanom bɛtra asomdwoe mu” bɔ fridge no so. Wɔ adesua a edi hɔ no ase no, wɔn baanu nyinaa kaa nea wɔpɛ sɛ wɔka na wosiesiee wɔn ntam.

Na asɛnnennen foforo ne Kwasida anɔpa, bere a mmarimaa no ka sɛ wɔn ho a ɛmfa wɔn nti, wontumi nkɔ asɛnka no. Nà Léo ne Plínio ho akokwaw wɔ patuw a wɔpatuw nya ayamkeka ne nyarewa afoforo na ama wɔakwati asɛnka adwuma no a wɔne yɛn bɛkɔ akɔyɛ no mu. Sɛ ɛba sɛ m’adwenem yɛ me naa sɛ ebia wɔyare ampa a, mitumi ka biribi te sɛ: ‘Sɛ woyare paa ma enti wuntumi nkɔ asɛnka a, ɛnde akyiri yi, worentumi nya ahoɔden nkɔbɔ bɔɔl nso.’ Mpɛn pii no, wɔn ho taa tɔ wɔn ntɛmntɛm ma ɛyɛ nwonwa.

Na ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ yɛde ahwɛyiye di nsɛm ho dwuma. Bere a na Léo adi mfe 11 no, ɔne mfɛfo Adansefo kɔɔ sɛ wɔrekogye wɔn ani, na ɔtɔɔ prɛko nam nkaribo abien dii a yɛmmaa no kwan. Akyiri yi, bere a wɔde ɛho ka brɛɛ yɛn no, Maria José bisaa Léo sɛ: “Wo werɛ fii sɛ woatɔ prɛko nam anaa?” Ɔmaa mmuae te sɛ nea onnim ho hwee sɛ “Dabi, mantɔ hwee.” Ɛna Maria José kaa sɛ, “wiɛ, ɛnde yenkobisa aguadidan wura no.” Wɔnam kwan so rekɔ no, Léo awerɛfi no tew kɔe. Ɔkaa nokware sɛ, “makae afei; na me sika no nnɔɔso, enti mifirii na me werɛ fii sɛ metua.” Mankasa metuaa ka no, na meka kyerɛɛ aguadidan wura no sɛ ɔmma Léo ne no nyɛ adwuma nkosi sɛ obenya sika de atua me ka. Na ɛno ne n’asotwe. Anɔpa nnɔnnan biara no, na Léo na odi kan du adwuma mu hɔ, na wɔ ɔsram biako mu no, na watua me sika no nyinaa.

Na akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, ne Betel adwumayɛfo ba yɛn ne hɔ mmere nyinaa. Mmere pii no, na yenni television wɔ fie hɔ, na eyi boaa yɛn ma yetumi nyaa su horow a eye ma adesua ne Kristofo su pa ahorow. Saa tebea yi mu na yɛtetee yɛn mma no. Nkrataa horow a wɔkyerɛw yɛn bere a wonyinii no sii so dua sɛ eyi yɛɛ adwuma yiye.​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 30 no.

Akwampae Adwuma Bio

Bere a yɛn mma no mu dodow no ara nyinii no, mekaee asɛm a ɛwɔ March 1, 1955 The Watchtower no mu a ne ti ne sɛ “So Wubetumi Ayɛ Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma No?” Nsɛm a ɛkae no bi ne sɛ: “Ebia ebinom bebu bere nyinaa ɔsom adwuma no sɛ biribi a wopɛ a, na woyɛ. Nanso, wɔ eyi mu no, wodi mfomso, efisɛ Kristoni biara ahosohyira ntam a ɔkae no ma onya asɛyɛde sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛsom, gye sɛ tebea horow a ontumi nyɛ ho hwee ma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ saa.”

Da koro anadwo bi no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ommue kwan mma me bio na matumi ahyɛn bere nyinaa ɔsom adwuma no mu. M’abusua no boaa me, na me nnamfo hyɛɛ me nkuran. Nea ɛyɛɛ me nwonwa kɛse ne sɛ adwumakuw a na me ne wɔn ayɛ adwuma mfe 26 no panyin penee so sɛ mede me bere fã bɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na matumi asom sɛ daa ɔkwampaefo Enti, mede anigye fii adwuma a ɛho behiae sɛ migyae mfe pii a atwam ni no ase bio. Na mmofra no baasa dii me nhwɛso no akyi.

Yɛsomee mfe abien wɔ Itatiaia, a na mede mfe 15 asom sɛ ɔpanyin wɔ hɔ no, na afei yesii gyinae sɛ yebetu akɔ baabi a wohia mmoa kɛse. Na eyi kyerɛ sɛ, akatua a esua kakra a ɛbɛyɛ sɛ akatua pa nkyem anan mu biako na yebedi. Nanso, yɛkyerɛw asafo no wɔ yɛn nhyehyɛe a yɛayɛ no ho, a na yɛde yɛn ho ato Yesu bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:33 no so. Nnawɔtwe akyi no, yɛn ani gyei kɛse bere a yɛn nsa kaa wɔn mmuae sɛ: “Ɛte sɛ nea nyansa wom sɛ yɛde nyansahyɛ bɛma mo sɛ muntu nkɔ Lages kuropɔn no mu. Ɛwom sɛ ɛhɔfo boro 200,000 de, nanso adawurubɔfo 100 pɛ na wɔwɔ hɔnom asafo nketewaa abiɛsa no mu. Mobɛyɛ mmoa kɛse ama saa asasesin no.”

Yetui February 1988 mu. Na ɛha na yɛda so ara wɔ, a fi ha kɔ faako a yɛn mma ne yɛn nnamfo te no boro akwansin 600. Awɔw bere a ɛso bi mmae da bɛyɛ mfe 20 ni aba awiei wɔ ha nnansa yi ara. Me nkutoo ne ɔpanyin wɔ yɛn asafo no mu, enti pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Nanso, yɛanya nhyira kɛse. Nea ɛyɛ anigye titiriw ne asasesin no. Sɛ yɛbɔ nkurɔfo no pon a, wɔka sɛ: “Yɛsrɛ mo, mommra mu!” Bible adesua hyehyɛ yɛ mmerɛw. Sɛ nkurɔfo no nni sika a, yegye nneɛma afoforo sɛ ntoboa, na yɛde nneɛma te sɛ samina, anowatere, blade, mmofra ntade (ma yɛn nena), aburow, nnuadewa, nnuaba, yogurt (aduan bi a wɔde nantwi nufusu yɛ) bobesa, ne ice cream mpo ba fie. Bere bi yegyee akongua a wɔde dua asen!

Aba A Ɛde Akatua Kɛse Ba

Ɛnnɛ, bere a madi mfe 56 no, sɛ misusuw yɛn abusua no ho a, m’ani gye yiye. Mmofra no nyɛ wɔn a “wɔwoo wɔn nokware no mu.” Wɔwoo wɔn wɔ Kristofo fie, na na ɛsɛ sɛ yedua nokware no wɔ wɔn adwene ne koma a enyin no mu. Wɔn a wɔwaree no waree “Awurade mu.” (1 Korintofo 7:39) Ɛyɛ nokware sɛ yedii mfomso ahorow wɔ yɛn gyinaesi mu. Ɛtɔ mmere bi a, yebu atɛnkyea. Bere bi no, manyɛ nhwɛso pa anaasɛ mibuu m’ani guu m’asɛyɛde sɛ agya ne okunu no so. Mehuu nea mayɛ no, mesrɛɛ Yehowa ne me yere anaasɛ me mma hɔ bɔne fafiri, na meyeree me ho sɛ mɛyɛ nsakrae.

Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, abusua no​—a nsenom ne mmanananom ama ayɛ kɛse​—no mu baasia wɔ bere nyinaa ɔsom mu, mpanyimfo baanan, ne ɔsomfo biako. Mmanana no akyi no, obiara abɔ asu. Mmofra a wonnyinii a wɔda so wɔ yɛn nkyɛn no de bere nyinaa ɔsom adwuma no asi wɔn anim sɛ adwuma a wɔbɛyɛ daakye. Akatua a ɛso sen eyi bɛn na obi hwehwɛ? Meda Yehowa ase sɛ wama yɛn akwankyerɛ ma yɛde atete yɛn mma wɔ ne kasakyerɛ mu. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ wɔda so ara di ne nkyerɛkyerɛ so. Na me mpaebɔ ne sɛ yɛne wɔn nyinaa, remman mfi nkwa kwan no so da.

[Adaka wɔ kratafa 30]

Wonyinii no, ɛtɔ mmere bi a, yɛn mma no nam krataa a wɔkyerɛw yɛn no so da wɔn anisɔ adi wɔ ɔkwan a yɛfaa so tetee wɔn no ho. Wɔn nsɛm a wɔkae no mu kakraa bi ni:

“Paapa, nya awerehyɛm sɛ wo ne Maame yɛɛ nea mubetumi nyinaa maa yɛn, ɛwom sɛ ebia mudii mfomso ahorow bi de​—ɛtɔ mmere bi a, saa na ɛtaa si bere a me ne Carlos redi yɛn babarima Fabrício ho dwuma no.”

Yɛn babea Alice, 33, mmarimaa baanu na.

“Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ moboom bɔɔ mmɔden sɛ mode Yehowa kasakyerɛ bɛtete yɛn. Na mfaso bɛn ara na yerenya fi mu sɛɛ yi!”

Yɛn babea Márcia, 27, ne ne kunu, a ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo no.

“Mahu sɛ ɛnyɛ mmoa a mo baanu nyinaa de maa me ma meyɛɛ den honhom mu, nyaa ɔdɔ maa Yehowa ne ne som a, anka merentumi nya hokwan a mewɔ mprempren yi da.”

Yɛn babarima Maércio, 23, ɔkwampaefo titiriw.

“André, fa mfaso a wunya fi bɔ a wo ne Paapa bɔ no ne ne osuahu di dwuma yiye. Mmu w’ani ngu n’afotu so da. Mubetumi aboa mo ho mo ho. Mprempren m’ani gye sen bere biara.”

Yɛn babarima Plínio, 20, ɔwɔ Betel.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Foto: MOURA

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]

Foto: CALINO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena