Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/1 kr. 16-17
  • Samaria​—Kusuu Fam Nhenkurow Mu Ahenkurow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Samaria​—Kusuu Fam Nhenkurow Mu Ahenkurow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wamma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Dɛn Na Wɔahu wɔ Yesreel?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/1 kr. 16-17

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Samaria​—Kusuu Fam Nhenkurow Mu Ahenkurow

BABILON, Niniwe, ne Roma. Ná ɛyɛ nhenkurow wɔ Bible mmere mu. Nanso, sɛ yegyina Bible so kasa a, wɔ Yerusalem ankasa akyi no, ɛda adi sɛ na ɛnyɛ emu biara ne ahenkurow a egyee din sen biara, na mmom na ɛyɛ Samaria. Bɛyɛ mfe 200 mu no, na ɛne Israel mmusuakuw du ahenni no ahenkurow, na nkɔmhyɛ nkrasɛm pii fa Samaria ho. Nanso dɛn na wunim wɔ Samaria ho? Dɛn nti na na ɛyɛ ‘kusuu fam nhenkurow mu ahenkurow’?

Hwɛ asase mfonini no na kae bere a Israel mmusuakuw du tew wɔn ho fii Yehowa hene ne asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem ho no akyi abakɔsɛm no bi. Yerobeam a odii anim ma wɔhyehyɛɛ kusuu fam ahenni no dii hene bere tiaa bi wɔ Sekem, wɔ bepɔw so kwan a efi kusuu fam kɔ kesee fam no so. Akyiri yi, Yerobeam yii n’ahenkurow no kɔɔ Tirsa a na ɛwɔ Wadi Far’ah atifi no. Ɔkwan bi a na efi Yordan bɔn no mu faa Tirsa na ɛkɔbɔɔ bepɔw so kwan no mu. So na wunim sɛ na Tirsa ne mmusuakuw du ahenni no ahenkurow wɔ Nadab, Baasa, Ela, Simri, ne Omri mpo ahenni bere so?​—Genesis 12:5-9; 33:17, 18; 1 Ahene 12:20, 25, 27; 14:17; 16:6, 15, 22.

Nanso, mfe asia akyi no, Omri hyehyɛɛ ahenkurow foforo. Wɔ he? Ɔtɔɔ bepɔw a wuhu wɔ benkum so a ɛne Samaria no. (1 Ahene 16:23-28) Ɛwom sɛ mprempren ɛwɔ nsuka pii a wɔde yɛ kua de, nanso ɛda adi sɛ Omri pawee ɛno esiane sɛ na ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛbɔ koko a ɛso yɛ tratraa a epue fi asasetaw no mu ho ban nti. Ne ba Ahab toaa so kyekyere Samaria, a ɛda adi sɛ ɔde afasu a ɛso trɛw n’aban dennen no mu. Afei nso osii asɔrefi maa Baal ne ahemfi maa ne ho ne ne yere Isebel a na ɔyɛ Foinikeni no. Fam tutu a wɔde hwehwɛ tetefo nneɛma ama wɔahu Ahab ahemfi no amamfo, a wohu wɔ kratafa a edi hɔ no so no. Ná wɔde saa ahemfi no mu afɛfɛde ne nsɛmmɔnedi a ɛtra so na ehu no. (1 Ahene 16:29-33) Yɛ odiyifo Elia a ɔreforo akɔ saa kurow yi mu na ɔnam ɔtempɔn a ɛkɔ ahemfi hɔ no so, a ɔrekɔkasa atia Ahab bɔne a egyina Baal som so no ho mfonini wɔ w’adwenem.​—1 Ahene 17:1.

Wɔ 1910 mu no, fam tutufo a wɔhwehwɛ tetefo nneɛma huu nkyɛmfɛre wɔ hɔ a na wɔakyerɛkyerɛw so, a na ɛyɛ nsa anaa ngo a wɔde manae anaa ho tow a wotuae ho kyerɛwtohɔ. Nanso na baʹal wɔ nkurɔfo din ahorow a wohui no pii mu. Ebia w’ani begye ho sɛ wubehu sɛ fam tutufo a wɔhwehwɛ tetefo nneɛma huu asonse a wɔde yɛɛ adan ho nneɛma asin asin nso, sɛnea wɔakyerɛ wɔ ha no. Kae sɛ bere tenten ni no, 1 Ahene 22:39 kaa “asonse adan” a Ahab sii ho asɛm. Ebia na nea ɛka eyinom ho ne nneɛma a wɔde nnua ayɛ a wosen asonse bobɔɔ ho te sɛ “asonse mpadua” nwonwaso a odiyifo Amos kaa ho asɛm ɛno akyi afeha no. (Amos 3:12, 15; 6:1, 4) Ná mfonini ahorow a ɛbobɔ ho no bi yɛ anansesɛm mu kakae bi a wɔwowɔ ntaban ne Misrifo anansesɛm mu mfonini afoforo.

Ebia Ahab ne Isebel din a wɔbɔ no bɛma woakae sɛnea wowuwui no. Ahab hweree ne nkwa wɔ ɔko bi a na nyansa nnim a ɔne Siria koe mu. Bere a wɔkɔhohoroo ne teaseɛnam no mu”Samaria ɔtare mu no, akraman bɛtaforoo ne mogya,” sɛnea na Elia asɛm no te. (1 Ahene 21:19; 22:34-38) Wɔtow ɔhemmaa Isebel fii ahemfi mfɛnsere mu ma ɔbɛhwee fam wui. So na ɛyɛ Samaria ahemfi yi mu? Dabi. Ná Ahab wɔ ahemfi wɔ Yesreel bon mu kesee fam nso. N’ani beree Nabot bobeturo a na ɛbɛn hɔ no. Efi saa ahemfi no atifi na ɔwɛnfo a ɔrehwɛ apuei fam no hui sɛ Yehu ka teaseɛnam dennen wɔ bon no so no. Na ɛhɔ na nea na anka ɔyɛ Samaria hemmaa no fi bɛhwee fam benyaa n’awiei a na ɛyɛ hu nanso na ɛfata no.​—1 Ahene 21:1-16; 2 Ahene 9:14-37.

Bere a Samaria kɔɔ so yɛɛ ahenkurow no, annya Onyankopɔn mpeneso anaasɛ ne nhyira. Mmom no, ɛbɛdaa Yerusalem a na ɛyɛ ne kesee fam ahenkurow no ho ninkuntwe ne nitan adi. Yehowa somaa adiyifo pii kɔbɔɔ ne sodifo ne ne nkurɔfo kɔkɔ wɔ wɔn abosonsom, ɔbrasɛe, ne obu a wonni mma ne mmara no ho, nanso ɔkwa. (Yesaia 9:9; 10:11; Hesekiel 23:4-10; Hosea 7:1; 10:5; Amos 3:9; 8:14; Mika 1:1, 6) Enti wɔ 740 A.Y.B. mu no, wɔmaa Samaria buu akontaa, na Asiriafo sɛe no pasaa. Wɔfaa emufo pii kɔɔ nnommumfa mu, na wɔde ananafo besii wɔn ananmu.​—2 Ahene 17:1-6, 22-24.

Akyiri yi, titiriw wɔ Herode Ɔkɛse bere so no, Helafo ne Romafo san de anuonyam bi baa Samaria. Enti na Yesu ne n’asomafo no mpo nim saa ahenkurow yi yiye wɔ kusuu fam nhenkurow mu.​—Luka 17:11; Yohane 4:4.

[Asase mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Yesreel

Tirsa

Samaria

Sekem

Yerusalem

Yordan Asubɔnten

[Mfonini Fibea]

Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 17]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

Garo Nalbandian

Inset: Israel Department of Antiquities and Museums; photograph from Israel Museum, Jerusalem

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena