Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/1 kr. 29-31
  • ‘Kɔ So Ma Wɔnyɛ Wo Pɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Kɔ So Ma Wɔnyɛ Wo Pɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛwɔ Pɛ a Wɔbɛyɛ Wɔn no Mu
  • Hia a Pɛ a Wɔbɛyɛ Yɛn no ho Hia Nnɛ
  • Ɔsoro Gyinapɛn Ahorow
  • Egye Mmɔdenbɔ
  • Wobɛkɔ So De Afotu Ayɛ Adwuma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Mpanyimfo​—Monteɛ Afoforo So Wɔ Odwo Honhom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/1 kr. 29-31

‘Kɔ So Ma Wɔnyɛ Wo Pɛ’

“WUGYE di yiye sɛ yɛrempa ho?” Ɔkwantufo no tow n’asemmisa no maa po so hyɛn mu panyin a odi kan no. Bere a po so hyɛn ketewaa no hinhim na ɛkɔ soro ba fam wɔ South Atlantic po no so beae bi a ennye koraa mu no, ɛyɛɛ no sɛ gye anwonwade bi na ɛbɛma wɔadu nea wɔrekɔ a ɛte sɛ osiwiei ketewaa bi wɔ asase mfonini so no.

Enti, po so hyɛn mu panyin a odi kan no frɛɛ no kɔɔ twene no so na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea po so akwantu mfiri horow yɛ adwuma no tuu​—kompase a etwa ne ho, afiri a wɔde hwehwɛ biribi, afiri a wɔde kyere ahunmu mfoninitwa afiri mu nsɛnkyerɛnne, ne afiri a wɔde hwɛ faako a po so hyɛn adu a obiara nim no mpo. Ɛwom sɛ na ɔnte mfiri adwumayɛ nkyerɛkyerɛmu no nyinaa ase nwie de, nanso ɔbɛtee po so akwantu mu nnyinasosɛm titiriw bi ase; akwankyerɛ a ɛremma wɔnfom kwan. Po so akwantu ho nneɛma boa po so hyɛn mu panyin ma otumi kwati ɛpo no mu ɔhweam ne ɛso mframa nkɛntɛnso denam nsakrae a ɔbɛyɛ bere nyinaa no so. Sɛ wanyɛ nsakrae saa a, obetwa faako a wɔrekɔ no ho akwansin pii.

Kristofo te sɛ po so hyɛn a ɛwɔ adesamma po no so. Yɛn botae ne sɛ ‘[Yehowa] behu yɛn sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.’ (2 Petro 3:14) Nanso sɛnea ɛte wɔ po so hyɛn ho no, tumi ahorow bi wɔ hɔ​—yɛn mu ne akyiri nyinaa​—a ɛpɛ sɛ ɛma yɛyera kwan. Ɛnde, hwɛ sɛnea Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo yi fata: ‘Eyi ara ho nso na yɛbɔ mpae, ɛne mo pɛpɛyɛ no. Monyɛ pɛ.’​—2 Korintofo 13:9, 11.

Nea Ɛwɔ Pɛ a Wɔbɛyɛ Wɔn no Mu

Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “yɛ pɛ” no fa biribi a wɔma “ɛkari pɛ” ho. (Hwɛ Reference Bible no ase hɔ asɛm.) Bible nkyerɛase ahorow bi mu no, wɔde di dwuma de ka biribi a wɔsan de ba tebea a ɛfata mu ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mateo 4:21 no, wɔde asɛm a ɛte saa ara di dwuma de ka asau “a wosiesie” ho asɛm. (Kingdom Interlinear) Ɛnde, dɛn na pɛ a wɔbɛyɛ Kristofo no kyerɛ?

Wiɛ, susuw Kristofo a na wɔwɔ Korinto a Paulo kyerɛw nhoma kɔmaa wɔn no ho. Wɔ krataa bi a na edi kan mu no, na Paulo ada tebea horow a ɛmfata a na ɛwɔ asafo no mu adi: fekusɛm, ɔbrasɛe a wɔpene so, anuanom ntam mansotwe, obu a wonni ma Awurade Anwummeduan no, ne nhyiam horow a wɔnyɛ no wɔ ano wɔ ano mpo. (1 Korintofo 1:10-13; 5:1; 6:1; 11:20, 21; 14:26-33) Enti na Korintofo no hia sɛ “wosiesie” tebea a na ɛwɔ hɔ no, kyerɛ sɛ wɔde onyamesom pa nnyinasosɛm ahorow bɛma ‘akari pɛ.’

Paulo nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa wɔn no da no adi sɛ saa ara na wɔyɛe. (2 Korintofo 7:11) Nanso, na Paulo nim sɛ nhyɛso a efi wiase, efi Satan hɔ, ne nea efi wɔn ankasa honam fam nsusuwii mu no betumi akɔ so apiapia wɔn afi ɔkwan no so bere ne bere mu. Enti, otuu wɔn fo ma ɛfatae sɛ ‘Wɔnkɔ so mma wɔnyɛ wɔn pɛ.’

Hia a Pɛ a Wɔbɛyɛ Yɛn no ho Hia Nnɛ

Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo kɔ so ma wɔyɛ wɔn pɛ saa ara nnɛ. Satan Ɔbonsam ‘retu yɛn so sa,’ na ɔreyɛ adwuma dennennen de asɛe yɛn nokwaredi. (Adiyisɛm 12:17; Efesofo 6:12) Afei nso wiase nyinaa nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma “sɛnea wim tumi no panyin te” no atwa yɛn ho ahyia. Ebia na yɛn mfɛfo adwumayɛfo ne yɛn mfɛfo sukuufo yɛ nkurɔfo a ‘wɔbɔ wɔn bra honam akɔnnɔ mu, na wɔyɛ nea ɔhonam pɛ.’ (Efesofo 2:2, 3) Afei nso yɛwɔ ɔko a yɛne su horow a ɛyɛ bɔne a yenya fii awo mu no ko daa. (Romafo 7:18-25) Sɛ wɔanyɛ yɛn pɛ bere nyinaa a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛman afi ɔkwan no so.

Ɔsomafo Petro osuahu bi bɛyɛ eyi ho nhwɛso yiye. Bere a Petro daa Yesu adi ɔkwan a ɛteɛ so sɛ ɔne ‘Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba’ no akyi no, ɔde nsɛm yi kamfoo no: “Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no.” (Mateo 16:16, 17) Ɛda adi pefee sɛ na Petro wɔ adwempa. Nanso, wɔ bere a egyei a nkyekyem asia a edi hɔ no ka ho asɛm mu no, na ɛsɛ sɛ Yesu ka n’anim dennen! Bere a Petro tee sɛ Kristo ‘behu amane pii. . . na wɔakum no’ no, ɔkyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Yesu buae ntɛm ara sɛ: “Fi me so, Satan! Woyɛ me hintidua, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen yi.”​—Mateo 16:21-23.

Ná Petro redwen ɔhonam fam adwene. Na ɛho hia sɛ wɔyɛ ne nsusuwii ne ne su no pɛ. So ade koro no ara nto yɛn bere ne bere mu? So ɛyɛ a yɛnhwɛ nneɛma sɛnea yɛn ankasa hu no mmom sen sɛ anka yɛbɛhwɛ no sɛnea Onyankopɔn hu no? Enti, ɛtɔ mmere bi a na yehia sɛ wɔyɛ yɛn pɛ. Te sɛ po so hyɛn a esi po so no, ɛtɔ mmere bi a na pɛyɛ a ɛte saa no yɛ ade ketewaa bi, nea ɛkame ayɛ sɛ ɛho nhia. Nanso ɛno na ebetumi akyerɛ sɛ’ yebedu faako a yɛrekɔ no anaasɛ yebegu asu wɔ honhom mu. Nokwarem no, nsakrae nketewa a yɛbɛyɛ mprempren no betumi ama yɛakwati nea ɛyɛ kɛse​—ebia nsakrae a emu yɛ yaw​—a yɛbɛyɛ no akyiri yi.

Ɔsoro Gyinapɛn Ahorow

Sɛ wɔankyinkyim po so hyɛn mu po so akwantu mfiri no pɛpɛɛpɛ a, wɔrentumi nnya akwankyerɛ pa a ɛremma wɔmmfom kwan. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ yebetumi de yɛn asetra asi kwan so a, yehia Onyankopɔn Asɛm Bible no akwankyerɛ a ɛyɛ pɛ no. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso, ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Saa Asɛm a efi honhom mu no de Onyankopɔn abrabɔ ne nsusuwii ho gyinapɛn ahorow ma. Kenkan a yɛbɛkenkan no daa ho hia na yɛadi “akwan trenee” akyi.​—Dwom 23:3.

Akwankyerɛ foforo fi Kristofo a wɔasra wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no nkyɛn na ɛba. Yehowa honhom aboa eyinom ma wɔate n’apɛde ase nkakrankakra. (Mateo 24:45-47; Mmebusɛm 4:18) Enti, sɛ akwankyerɛ fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ ba a, yebetumi afi nyansa mu de yɛn ho ahyɛ ase, a yenim yiye sɛ ɔkwan a ɛbɛma yɛanya daa mfaso nkutoo so na Yehowa de yɛn bɛfa.​—Yesaia 48:17.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, na yehia yɛn ankasa mmoa na yɛamfom kwan no. Paulo tuu fo wɔ Galatifo 6:1 sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” Mpanyimfo ne asafo mu asomfo ka wɔn a wɔfata honhom mu saa no ho. Mpɛn pii no wɔbɛda faako a ehia sɛ wɔyɛ yɛn pɛ no adi tee.

Egye Mmɔdenbɔ

Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia no wɔ yɛn asetra mu. Susuw Petro ho bio. Esiane sɛ wɔwoo Petro sɛ Yudani nti, onyinii no na okura nnipa a wofi mmusua afoforo mu ho adwene a ɛnteɛ a na abu so no bi. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Amanaman muni Kornelio no: “Mo ara munim sɛnea Yudani nni hokwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn.” Nanso, bere a Petro hui sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka Kristofo nokware no kyerɛ ɔbarima yi ne n’abusua no, ɔde baa awiei sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”​—Asomafo no Nnwuma 10:28, 34, 35.

Ná Petro ayɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa wɔ ne nsusuwii ne ne su wɔ mmusua afoforo ho no mu! Nanso ɛda adi sɛ na ɛho hia sɛ ɔkɔ so yɛ pɛ wɔ eyi mu, efisɛ mfe kakraa bi akyi no, Petro gyaa ne ho mu maa atipɛnfo nhyɛso na ofii ase buu Amanaman mufo gyidifo animtiaa. Ná ɛsɛ sɛ ɔsomafo Paulo ka n’anim, na ɔde nsɛm a emu yɛ den boa no ma wayɛ n’adwene pɛ bio!​—Galatifo 2:11-14.

Saa ara nso na nnɛ ebia na Kristoni bi nyinii faako a na nnipa mu nyiyim wɔ. Bere a waba nokware no mu akyi no, ebia obegye atom wɔ n’adwenem sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nanso na ɔda so ara wɔ mmusua mu nyiyim nkate no. Ɛwom sɛ ebia ɔntan wɔn a wofi mmusua afoforo mu no de, nanso ebia ɔbɛfa no prɛko pɛ sɛ wɔwɔ su horow bi a enye esiane mmusua a wofi mu no nti. Ebia ɔde mmusua ho aseresɛm anaa nsɛnkeka bi a ɛtwe adwene kɔ mmusua, anaa mmusua mu nsonsonoe so bɛsɔ wɔn boasetɔ ahwɛ. Ebia ɔbɛpow honhom mu afotu a ne yɔnko Kristoni bi a esiane ne nhoma a onnim anaa asetra mu nneɛma bi a wannya nti, ontumi nkasa ɔkwan pɔtee bi so de bɛma no no. Ɛda adi sɛ ebegye mmɔdenbɔ ankasa na obi a ɔte saa no ayɛ ne nsusuwii pɛ ma ɛne Yehowa de ahyia!a

Nanso sɛ ɔsɛmpɔw no yɛ nea ɛfa mmusua ho adwene a ɛnteɛ, honam fam ade dodowpɛ, anaasɛ nneɛma a wɔde wɔn ho hyehyɛ mu wɔ sukuu ne adwuma mu, anaa hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ Kristofo nhyiam horow ho no, ɛsɛ sɛ yegye akwankyerɛ a wɔnam Onyankopɔn Asɛm ne n’ahyehyɛde no so de ma no tom. Ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a edi mũ no nye mma yɛn na yebu yɛn ani gu so. Kae sɛ Israelfo a wɔanni nokware no kae sɛ: “[Yehowa] akwan nteɛ”! So ɛnyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ma ɛne Yehowa akwan hyia?​—Hesekiel 18:25.

Yedi ahurusi sɛ Yehowa ani gye ɔkwan a yɛfa so nantew n’anim no ho kɛse, na ɔde nteɛso ma ne nkurɔfo bere nyinaa. Ɛte sɛ nea Yesaia hyɛɛ nkɔm no: “Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: eyi ne kwan, sɛ mofa nifa o, mofa benkum o, monnantew so.” Ɛmmra sɛ, yɛn fam de, yebehu Yehowa akwankyerɛ a ɔdɔ wom no ntɛm na ‘yɛayɛ ntɛm atie.’ (Yesaia 30:21; Yakobo 3:17) Yiw, momma yɛnkɔ so mma wɔnyɛ yɛn pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwan a yɛfa so no de yɛn bɛkɔ daa asetra wɔ Onyankopɔn dom mu botae no ho!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ afoforo ho adwemmɔne ho nsɛm a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma yi hokafo March 8, 1985 Nyan! mu no. Hwɛ July 1, 1988 Ɔwɛn Aban, nkratafa 10-20 nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena