Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/1 kr. 31
  • “Ahemmotiri Ne Adanse No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ahemmotiri Ne Adanse No”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/1 kr. 31

“Ahemmotiri Ne Adanse No”

“ƐNA [Ɔsɔfo Yehoiada] yii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no Adanse no too no so, na wosii no hene, na wɔsraa no.” (2 Ahene 11:12, New World Translation) Saa na Ahene nhoma no ka sɛnea wosii Ɔhene Yoas hene ho asɛm. Wohyɛɛ no nsow sɛ “ahemmotiri,” anaa ahenkyɛw no akyi no, Yehoiada de “Adanse” no nso too ɔhene kumaa yi so? Dɛn ne Adanse no? Na dɛn nti na na ɛyɛ ahensi no fã?

Mpɛn pii no, Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “Adanse” wɔ ha no yɛ Mmara Du anaa Onyankopɔn Mmara no nyinaa. (Exodus 31:18; Dwom 78:5, Revised Standard Version) Nea ɛne eyi hyia no, saa asɛm no ara a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 23:11 no kenkan wɔ The Jerusalem Bible (1966) no mu sɛ: “Na Yehoiada yii ɔhene ba no fii adi, bɔɔ no ahemmotiri, na ɔde Mmara no too no so.” Nanso, wɔ 2 Ahene 11:12 no, Bible nkyerɛase yi ara de asɛmfua “kapo” si “Adanse no” ananmu, ɛwom sɛ Hebri asɛmfua koro no ara na epue wɔ nkyekyem ahorow abien no nyinaa mu. Dɛn ntia?

Germanfo Bible nkyerɛkyerɛmu nhoma bi a wonim no yiye, Herders Bibelkommentar, kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnsen asekyerɛfo binom tirim sɛ Ɔhene no de Mmara no bɛhyɛ ne ti anaa ne nsa. Esiane sɛ bere a 2 Samuel 1:10 reka Ɔhene Saulo ho asɛm no, ɛbɔ kapo din ka ahemmotiri a na ɛhyɛ no no ho nti, wogye di sɛ ebia mfiase no, kyerɛwsɛm a ɛwɔ 2 Ahene 11:12 no kenkan sɛ “ahemmotiri no ne nkapo no.” Nanso eyi yɛ nsusuwii ara kwa. “Nkapo” a wɔde si “Adanse no” ananmu no yɛ nsakrae kɛse a wɔyɛ wɔ kyerɛw nsɛm mu.

Enti The New Jerusalem Bible (1985) no san de Mmara no, anaa mmara apam no ho adwene si hɔ, bere a ɛkyerɛ kasamufa no ase sɛ “na ɔde apam no maa no.” Nanso so Yehoiada de “Adanse no” maa Yoas anaa? Ɛyɛ nokware sɛ wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “ɔde too” no ase nso sɛ “ɔde maa.” Nanso wɔ Ahene ne Beresosɛm nyinaa mu no, epue pɛnkoro pɛ, na ɛfa ahemmotiri ne Adanse no nyinaa ho. Bio nso, Hebri asɛmfua “so” na ɛtoa so pɛɛ. Enti, “ɔde too no so” ne nkyerɛase a ɛfata. Wɔde ahemmotiri no ne Adanse no nyinaa “too” Ɔhene kumaa Yoas “so,” sɛnea New World Translation no kyerɛ no.

Enti, dɛn nti​—na ɔkwan bɛn so​—na ɔsɔfo panyin no de Adanse no “too” ɔhene kumaa no so? Susuw nea Germanni nhomanimfo Otto Thenius kae no ho: “Mmara no, nhoma bi a wɔakyerɛw Mose ahyɛde ahorow no wom. Wokuraa eyi mu wɔ ɔhene no atifi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, bere a wɔde ahemmotiri no abɔ ne ti no akyi.” (Die Bücher der Könige, a Otto Thenius yɛe) Saa ara nso na Ɔbenfo Ernst Bertheau ka sɛ: “Nokwarem no, Mmara no a wɔde to [ɔhene no so] no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔhene no di tumi ma ɛne no hyia.”​—Die Bücher der Chronik, a Ernst Bertheau yɛe.

Onyankopɔn hyɛe sɛ sɛ ɔhene no bɛtra agua so a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw Mmara no bi fa, osua na ɔde di dwuma wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. (Deuteronomium 17:18-20) Ebetumi aba sɛ “Adanse no” a na wɔde to ɔhene foforo no so no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ ɛwom sɛ wabɛyɛ ɔhene de, nanso ɔnkorɔn nsen Yehowa Mmara no. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɔsɔfo panyin Yehoiada wu akyi no, Yoas werɛ fii asuade a ɛho hia yi na ɔde nkakrankakra fii Yehowa som ho, na awiei koraa no, owui wɔ awudifo nsam.​—2 Beresosɛm 24:17-25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena