Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/15 kr. 3-4
  • Yesu Wu Ho Akyinnyegye No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Wu Ho Akyinnyegye No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agyede No​—Kristoman Ɔkyerɛkyerɛ A Ayera
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wɔkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu Dɛn?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
  • Nyamekyerɛ mu Akyinnyesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/15 kr. 3-4

Yesu Wu Ho Akyinnyegye No

WOKUM nnipa baasa Twam da, 33 Y.B. mu. Wɔde mmarima baasa a na wɔabu wɔn kumfɔ no kɔɔ baabi wɔ Yerusalem afasu akyi, na wokum wɔn wɔ akwan a eye yaw yiye na eye animguase mu biako so: wɔsɛn wɔn wɔ mpuran a esi hɔ so. Na wɔtaa kum nnipa saa wɔ Romafo mmere no mu, enti na wobetumi ahwɛ kwan sɛ ebedu nnɛ no, na werɛ afi nnipa a wokum wɔn Twam da no dedadaw. Nanso, mmarima a wokum wɔn no mu biako ne Yesu Kristo. Ne wu no de nyamesom mu nsakrae titiriw ne akyinnyegye bae.

Bɛyɛ mfe mpem abien ni a saa asɛm no sii, enti ebia wobɛpɛ sɛ wubu no sɛ tete abakɔsɛm bi kɛkɛ. Nanso, so wunim sɛ akyinnyegye a ɛbae no mmaa awiei koraa ɛ?

Sɛnea ebia wunim no, ɔpepem pii kyerɛ sɛ Yesu wu maa wɔn. Wogye di yiye sɛ wɔnam Kristo wu no so benya ogye ne bɔne fafiri, na ne wu mu gyidi so na wɔnam benya nkwagye. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ Anglican Theological Review no mu asɛm bi bɔ amanneɛ sɛ gyidi a nkurɔfo ani gye ho yi “ho aba asɛm.” Na nyamesom akannifo na wɔma ‘ho ba asɛm.’

Anglican Theological Review no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asɛm wɔ sɛnea Kristofo susuw mpata no ho no ho, efisɛ Bible mu nsɛm a wɔde si so dua no ho wɔ asɛm, na nsusuwii a ɛntra hɔ nkyɛ ayɛ ne hyehyɛ mu ma . . ., na ho asɛm a wɔka wɔ honhom mu nneɛma a agye din mu no abɛyɛ obi ankasa nkate ne ne ho bem a obu.” Nokwarem no, Protestantfo ne Katolekfo adwene ntumi nhyiae wɔ nea Yesu Kristo wu no kyerɛ no ho, sɛ ɛkyerɛ biribi mpo a.

Ebia wobɛte nka sɛ eyi yɛ nyamekyerɛfo abenfo kakraa bi ntam akasakasa kɛkɛ, na ɛmfa wo nkwa ho. Nanso susuw asɛm yi ho: Sɛ Yesu wu no fa gyinabea a wowɔ wɔ Onyankopɔn anim, ne daa nkwa wɔ (ɔsoro anaasɛ baabi foforo) ho anidaso a wowɔ ho a, ɛnde ehia sɛ wususuw akyinnyegye yi ho.

Dɛn nti na nyamekyerɛfo da so ara gye asɛm yi ho akyinnye? Sɛ nhwɛso no, susuw Roman Katolek Asɔre no ho. Ɛwɔ ɔkra a enwu da ne Baasakoro ho kyerɛkyerɛ a wɔakyerɛ mu yiye. Nanso, Asɔre no ntumi nsi gyinae pɔtee wɔ agyede a ɛnam Kristo wu so no ho. New Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ: “Wɔayɛ nhyehyɛe a egu ahorow pii a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a wogyee onipa fii bɔne mu na wɔma ɔsan nyaa ɔdom no mu . . . Nanso nhyehyɛe ahorow yi mu biara nni hɔ a atumi ayɛ saa korakora. . . . Agyede ho nyamekyerɛ no fã bi ntumi nyɛɛ nea wɔhwehwɛ no, na ɛda so ara yɛ ɔhaw wɔ nyamekyerɛ mu.”

Ɛnde ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ ɔpepem pii a wɔde anigye ka sɛ ‘Yesu wu maa yɛn’ no mu kakraa bi na wonim nea ɛno kyerɛ ankasa no ho biribi. Sɛnea Anglican Theological Review no ka no: “Sɛ wɔde nsemmisa pem no a . . . mpɛn pii no Kristoni a ogye di no ntumi nkyerɛ Bible mu asɛm a ɔkyerɛkyerɛ no gyina so, saa ara nso na ontumi nkyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ adwuma no mu.” Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛ a asɔre no mufo nte ase anaasɛ wontumi nkyerɛkyerɛ mu ayɛ adesoa ama wɔn nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehu sɛnea Kristo wu no fa wɔn nkwa ho.

Ogye ho nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ a Kristoman ntumi mfa nsi hɔ pefee no nso asɛe mmɔden a ɛbɔ sɛ ɔde Kristofo nkrasɛm no bɛkɔ Yudafo, Hindufo, Budhafo, ne afoforo nkyɛn no. Ɛwom sɛ saafo no mu pii ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ no pii ho na wɔwɔ obu ma de, nanso Kristo wu ne nea ɛkyerɛ no ho adwene a atu afra no yɛ akwanside ma gyidi a wobenya no.

So nea Kristo wu no kyerɛ no yɛ ahintasɛm kɛkɛ​—a nnipa rentumi nte ase? Anaasɛ nkyerɛkyerɛmu a egyina Bible so a ntease wom wɔ hɔ? Ɛfata sɛ wususuw nsemmisa yi ho, efisɛ Bible no ka asɛm a ɛyɛ nwonwa yi fa Kristo ho: ‘Wɔrensɛe obiara a ogye no di no na mmom obenya daa nkwa.’​—Yohane 3:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena