Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/15 kr. 29
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nnipa a Wɔkyerɛw Bible no, Yɛbɛtumi Ahu Wɔn Din Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/15 kr. 29

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Bible kyerɛwfo bɛn na na ɔyɛ “ɔsahene,” sɛnea wɔaka wɔ The Bible-God’s Word or Man’s no mu no?a

Saa Onyankopɔn Asɛm ho nhoma a ɛboa no ka wɔ kratafa 10 sɛ: “Afei nso. Bible no da nsow esiane nsɛm a n’akyerɛwfo mu pii ka nti. Nnipa bɛyɛ 40, a ahene, nguanhwɛfo, apofofo, aban adwumayɛfo, asɔfo, anyɛ yiye koraa no ɔsahene biako, ne oduruyɛfo ka ho, nyaa Bible no afa horow kyerɛw mu kyɛfa. Nanso akyerɛwfo no kaa asɛm koro a edi so yi mpɛn pii: ɛnyɛ wɔn ankasa nsusuwii na wɔkyerɛw na mmom Onyankopɔn de.”

Ebinom abisa sɛ Bible akyerɛwfo bɛn na na wɔyɛ nnwuma ahorow yi. Ɛdefa eyi ho no, yɛsrɛ wo susuw nea edidi so yi ho:

Ahene: Na Bible akyerɛwfo dodow bi yɛ ahene. Dawid ne Salomo ho asɛm betumi aba adwene mu ntɛm ara. (Dwom 3, atifi asɛm; Mmebusɛm 1:1; Ɔsɛnkafo 1:1) Nanso, Hesekia na ɔkyerɛw dwom a ɛwɔ Yesaia 38:10-20. (Nkyekyem 9) Nhomanimfo pii nso gye di sɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ Dwom 119 nso. ebia ansa na ɔrebɛyɛ ɔhene. Hesekia nyaa Mmebusɛm atiri 25-29 hyehyɛ mu kyɛfa. (Mmebusɛm 25:1) ‘Ɔhene Lemuel’ na ɔhyehyɛɛ Mmebusɛm ti a etwa to no. Ebinom se ɔne Ɔhene Hesekia, nanso afoforo susuw sɛ ɔne Ɔhene Salomo.​—Mmebusɛm 31:1.

Nguahwɛfo: Dawid ne odiyifo Amos yɛɛ adwuma sɛ nguanhwɛfo. (1 Samuel 16:11-13; 17:15, 28, 34; Amos 1:1) Amos na ɔkyerɛw Bible nhoma a ne din da so no, na Dawid hyehyɛɛ nnwom pii. Akyinnye biara nni ho sɛ Dwom 23 a agye din no kyerɛ sɛnea na Dawid nim nguanhwɛ adwuma no.

Apofofo: Wɔ Yesu asomafo a na wɔyɛ apofofo no mu no, wɔde honhom kaa Yohane ne Petro ma wɔkyerɛw Bible nhoma ahorow. (Mateo 4:18-22) Wɔde honhom kaa Yohane ma ɔkyerɛw Asɛmpa kyerɛwtohɔ ne nhoma afoforo abiɛsa ne Adiyisɛm nhoma no. Petro kyerɛw nhoma abien a efi honhom mu.

Aban Adwumayɛfo: Na Daniel ne Nehemia yɛ ɔman foforo bi a edi Onyankopɔn man so tumi no adwumayɛfo (Nehemia 1:1, 11; 2:1, 2; Daniel 1:19; 2:49; 6:1-3) Mmarima baanu yi din da Bible nhoma abien so.

Asɔfo: Onyankopɔn adiyifo baanu a wɔde wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no yɛ asɔfo. Wɔne Yeremia ne Hesekiel. (Yeremia 1:1; Hesekiel 1:1-3) Bio nso, na Esra yɛ Aaron fi sɔfo a “ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakokwaw Mose mmara . . . mu.” ‘Osiesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.’​—Esra 7:1-6, 10, 11.

Ɔsahene: Yosua fam de a ɔyɛe de dii asraafo no anim bere a Israelfo hyɛn Bɔhyɛ Asase no so na wɔko tiaa atamfo pii no ma ɔfata sɛ ɔsahene (Yosua 1:1-3; 11:5. 6) Onyaa hokwan kyerɛw Yosua nhoma no. Afei nso, Bible akenkanfo binom bebu Dawid sɛ ɔbarima a na ɔyɛ ɔsahene ansa na ɔrebɛyɛ ɔhene.​—1 Samuel 19:8; 23:1-5.

Oduruyɛfo: Awiei koraaa no, Kolosefo 4:14 ka “Luka, oduruyɛfo dɔfo no” ho asɛm. Luka na ɔkyerɛw Asɛmpa a ne din da so no, na ɛda adi sɛ ɔno na ɔkyerɛw Asomafo no Nnwuma no nso.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo a ɛwɔ New York, Inc, na etintim wɔ 1989 mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena