Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/15 kr. 22-26
  • Adansedi Wɔ France​—Ɔman A Emu Nneɛma Gu Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adansedi Wɔ France​—Ɔman A Emu Nneɛma Gu Ahorow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • ALSACE
  • BRITTANY
  • THE ALPS
  • LOIRE BON
  • CORSICA
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/15 kr. 22-26

Adansedi Wɔ France​—Ɔman A Emu Nneɛma Gu Ahorow

FRANCE yɛ ɔman a nneɛma a egu ahorow wom. Mmepɔw fɛfɛ, abotan, mpoano anhwea a emu yɛ hyew, awi mfuw, mfuw nketewa a wɔagye ho ban, bobe turo akɛse, sare nsase, kwae ahorow, asese, nkuraa, nkurow, nnɛyi nkuropɔn​—eyinom ne nneɛma afoforo pii wɔ France.

Ɛwom sɛ ɔman no nkuraa mu fã kɛse no ara da so yɛ fɛ de, nanso Fransefo asetra asakra ntɛmntɛm wɔ nnansa yi mfe no mu. Francoscopie a ɛyɛ 1989 de no ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ Fransefo refa ɔhaw bere mu, na mmom basabasayɛ ankasa mu. Asetra mu nhyehyɛe, gyinapɛn ahorow, amammerɛ gyinapɛn ahorow, ne su horow resakra ntɛmntɛm.”

Nsakrae atitiriw yi bi aba nyamesom nso mu. Ɛwom sɛ Katolek asɔre na nnipa no mu fã kɛse ara kɔ de, nanso mprempren de ɛyɛ atetesɛm kɛse sen ɔsom a ennya emufo pii asetra so nkɛntɛnso ankasa. Anibiannaso a ɛrenya nkɔanim a nnipa no da no adi wɔ ɔsom ho no ama nkurɔfo nkɔdɔm asɔre ahorow no bio.

Nea ɛne eyi bɔ abira kɛse no, Yehowa Adansefo dwumadi wɔ France anya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ mfe kakra a atwam no mu. Adansefo no hyia nsɛm tebea horow, ne nnipa a wɔn asetra mu tebea gu ahorow fi Alsace wɔ kusuu fam apuei kosi Britanny wɔ Atlantic no ano, fi Alps tenten no so kosi Loire Bon a ɛwɔ fam no so, wɔ Mediteranea supɔw a ɛne Corsica mpo so. Ma yɛmfa mfonini ahorow so nkɔsra hɔ na yenhu sɛnea Ahenni asɛmpa no ka wɔ France, ɔman a nneɛma a egu ahorow wom no te.​—Mateo 24:14.

ALSACE

Alsace a ɛne Germany bɔ hye no yɛ ɔmantam a wɔde ne bobe turo ne nkuraa a nhwiren fɛfɛ ayɛ ase ma nim no yiye. Strasbourg, a ɛyɛ n’ahenkurow no yɛ baabi a Protestantfo atra titiriw fi bere a Ɔsesɛw no bae no, na Alsatiafo wɔ obu ma Bible no. Yehowa Adansefo reka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ ɔmantam yi mu fi afeha yi mfiase pɛɛ. Ɛnnɛ, adwuma no ase atim yiye, na abofra bi a wɔfrɛ no Sylvie a ɔde hokwan a onyae dii dwuma de kaa asɛm wɔ sukuu no suahu yɛ eyi ho nhwɛso yiye.

Bere a Sylvie ne ne mfɛfo sukuufo pii rebɔ nkɔmmɔ no, ɔpagyaw asetra atirimpɔw ne anidaso ma daakye ho asɛm. Abarimaa biako ani gyee ho yiye ma ɔmaa Sylvie ne Ɔdansefo foforo baa ne nkyɛn wɔ fie. Sylvie se: “Ɛwom sɛ Katolekni aberante yi ne asɔfo som wɔ asɔredan mu de, nanso na ɔwɔ nsemmisa pii a onyaa ho mmuae da. Yɛde Bible no buaa eyi mu binom, na ɔpenee so sɛ yɛne no nyɛ Bible adesua daa.” Afe biako akyi no, wɔbɔɔ aberante no asu, na bere a ɔfatae no, ɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma sɛ daa ɔkwampaefo. Efi saa bere no Sylvie nso afa saa ɔsom mu hokwan no.

BRITTANY

Britanny a ewura Atlantic no mu no yɛ ɔmantam a Katolekfo atetesɛm agye ntini wom. Nanso, esiane Adansefo no mmɔdenbɔ nti, nnipa a wɔwɔ beae yi pii regye Ahenni nkrasɛm no atom. Nea ɛrekɔ so wɔ France kusuu fam atɔe no nhwɛso bi ni.

Ɛhɔnom Ɔdansefo bi se: “Awarefo bi a wonyinii pii tu bɛtraa abansoro dan a ɛtoa yɛn de so no mu. Bere bi akyi no, mihyiaa ababaa no wɔ atrapoe no so, a na ne babarima da ne nsa so. Bere a metee sɛ ne din de Jonathan no, mibisae no sɛ onim faako a saa din no fi anaa. Obuae sɛ: ‘Misusuw sɛ efi Bible mu, nanso nea minim ara nen.’ Otiee nkyerɛkyerɛmu a mede mae no yiye, na ose Bible no ama ɔne ne kunu ho adwiriw wɔn. Na ɛwom sɛ yɛsan bɔɔ nkɔmmɔ bio de, nanso biribi pa bi amfi mu amma saa bere no.

“Bere kakra bi akyi no, awarefo no bisaa me ɔhaw ahorow bi ho afotu. Mede Bible buaa wɔn, na wɔn ani gyee amanneɛbɔ a ɛde ma no ho. Mesan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma yensua Bible no. Ade kyee no, ababaa no penee so. Adapɛn kakraa bi akyi no, ne kunu bɛkaa adesua no ho. Mprempren wɔn baanu nyinaa yɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu.”

THE ALPS

Alps no agye din esiane ne fɛ nti. Nkurɔfo kɔ hɔ kɔhwɛ n’atifi fɛfɛ no, ne titiriw Bepɔw Blanc, nea ɛware sen biara wɔ Europa Atɔe Fam no. Ahenni adawurubɔfo a wɔrehyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam redɔɔso wɔ ɔmantam yi mu nso. Nnipa a ɛsono mfe a wɔadi ne wɔn asetra mu gyinapɛn nyinaa abɛka wɔn ho, sɛnea kyerɛwtohɔ a edi hɔ no kyerɛ no.

Na saa mpɔtam hɔ mmofra baanan bi agye dimmɔne. Na wowia kar ahorow ne nneɛma afoforo, na wɔtaa bow nsa, wɔnom nnubɔne na wɔtɔn bi, wɔbɔ aguaman na wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Na wɔnyɛ adwuma, polisifo taa kyere wɔn, na na wɔn nyinaa ada afiase pɛn. Nanso, na wɔn baanan nyinaa ate nokware no ho asɛm pɛn wɔ wɔn mmofraase, efisɛ na wɔn mmusua ne Yehowa Adansefo asua Bible no wɔ bere ne bere mu.

Bere a wɔabu ɔbra bɔne mfe dodow bi akyi no, mmofra no mu biako sakrae na osii gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa. Eyi maa nsɛm afoforo sisii. Da koro bi a na polisifo reyɛ nhwehwɛmu bi a wɔtaa yɛ daa no, wɔka kyerɛɛ mmofra no mu biako sɛ ommue ne bag mu. Esiane sɛ na wɔhwɛ kwan sɛ wobehu nnubɔne anaa awifode nti, wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wohuu Bible ne nhomawa bi nkutoo. Aberante no de Bible no kyerɛkyerɛe nea ɛma ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asetra mu no mu. Esiane sɛ na ɛyɛ den ma polisini biako sɛ obegye adi nti, obisae sɛ: “Wokyerɛ sɛ wonnom sigaret, nsa, ne nnubɔne bio?” Awiei koraa no, polisifo no gyee nkyerɛkyerɛmu no toom, na wɔma ɔkɔe a wɔanhaw no bio. Ɛnnɛ wɔabɔ saa mmerante baanan yi asu, na wɔn nyinaa resom sɛ asafo mu asomfo, na wɔn mu baasa yɛ daa akwampaefo.

LOIRE BON

Wɔfrɛ Loire Bon no sɛ France turo. Efi Orléans wɔ kilomita 110 (akwansin 70) wɔ Paris kesee fam, kosi Loire Asubɔnten no ano wɔ Atlantic Mpoano. Wɔde abankɛse pii, adehye kan atrae ne ahayɔ adan na enim beae yiye. Yehowa Adansefo asafo ahorow wɔ beae yi nkurow akɛse nyinaa mu.

Bere a da koro wɔrekogye wɔn ahome wɔ sukuu mu no, abofra Emma, abeawa a wadi mfe asia a ɔwɔ adamfofa su ne ɔdɔ no san kɔɔ ne sukuudan mu sɛ okokyia ne kyerɛkyerɛfo. Esiane sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu ne kyerɛkyerɛfo no sɛ ɔrenom sigaret nti, ofii ase sui, na otuu mmirika fii adi. Ɔkyerɛkyerɛfo no dii n’akyi na obisae nea enti a osu no, nanso Emma anka hwee. Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no hyɛɛ no sɛ ɔnka no, Emma de nusu buae sɛ: “Efisɛ wonom sigaret. Wobɛyare na woawu!”

Ade kyee no, ɔkyerɛkyerɛfo no kɔɔ Emma maame nkyɛn kɔkaa sɛnea nea ne babea no yɛe no kaa ne koma ho asɛm kyerɛɛ no. Enti ne maame kyerɛkyerɛɛ Adansefo gyinabea wɔ tawa ho no mu kyerɛɛ no. Afei ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ n’abusua aka akyerɛ no dedaw sɛ onnyae sigaretnom, nanso wantumi annyae. Nanso, afei de, nea Emma yɛe no kaa no araa ma ogyaee sigaretnom wɔ nnafua abien pɛ ntam.

CORSICA

Ɛwom sɛ wɔfrɛ Corsica supɔw no sɛ “supɔw a etu hua” de, nanso wɔde ɛsotefo komaden a ɛtaa ma wɔko ntɔkwaw a wohwie mogya gu wom no nso nim no. Mfe pii no na wobu Adansefo no sɛ ɔsom a efi “Asasepɔn no so.” Nanso tumi a Bible mu nokware wɔ no resakra wɔn a wɔte hɔ no pii koma.

Ɔdansefo biako a wɔabɔ no asu foforo kae sɛ bere bi ɔsan fii akwamma ba behui sɛ wɔawia ne nnwinnade a emu yɛ hare nyinaa afi n’afum. Ose: “Esiane sɛ mede me ho too Yehowa so nti, manyɛ m’ade sɛnea anka meyɛ kan no.” Bere a ɔne n’afipamfo rebɔ nkɔmmɔ no, ɔde boasetɔ kaa ne nneɛma a ayera no ho asɛm.

“Akyiri yi n’afipamfo bi hyiaa ɔhaw ahorow. Mifii m’adwumam sɛ merekɔboa wɔn. Nna kakraa bi akyi no, wɔn mu biako frɛɛ me telefon so sɛ memmra ntɛm ara sɛnea metumi. Esiane sɛ misusuwii sɛ wanya asɛm bio nti, mekɔɔ ntɛm ara. Ɔka kyerɛɛ me sɛ mentra ase, na obisae sɛ: ‘So wunim nea enti a mefrɛɛ wo sɛ bra no? Ɛfa w’adwinnade no ho. Me na miwiae. Nanso bere a mihuu w’ayamye ne w’adamfofa su no, meka kyerɛɛ me ho sɛ, “Merentumi nyɛ no saa!” Na woboaa yɛn akyi no, mantumi anna anadwo bio.’” Biribi pa fii nokware Kristosom a ɔdaa no adi no mu bae.

Bere a wɔsan fii Ahenni adansedi adwuma no ase bio wɔ France wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no awiei no, na Adansefo 1,700 na wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na ɛte sɛ nea wɔrentumi nyɛ adwuma a ɛne Ahenni nkrasɛm no a wɔde bɛkɔ ɔman no mufo nyinaa nkyɛn no. Nanso, mfe no twaam no, Yehowa maa ne nkurɔfo a wɔwɔ France no nyaa adwinnade a wohia no​—nhoma tintimbea, Ahenni Asa, Nhyiam Asa ahorow, ne ade​—ne ɔpɛ honhom a wɔde bɛyɛ adwuma no. Ɛnnɛ, ɛdenam asɛnkafo bɛboro 117,000 so no, wɔreka nkrasɛm a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Ahenni a ɛnam Kristo so no ne adesamma anidaso koro pɛ no ho asɛm wɔ ɔman a emu nneɛma gu ahorow no mu nyinaa.

[Asase Mfonini/​Mfonini wɔ kratafa  23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

FRANCE

BRITTANY

LOIRE VALLEY

THE ALPS

ALSACE

ATLANTIC OCEAN

MEDITERRANEAN SEA

ENGLISH CHANNEL

CORSICA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena