Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Wɔka ‘Ogye Kyerɛ Nnommum’ Wɔ Brazil
YEHOWA honhom reyɛ adwuma ahoɔden so wɔ ne nkurɔfo so wɔ Brazil bere a wɔka ogye ho asɛmpa kyerɛ wɔn a atoro som afa wɔn nnommum no. (Yesaia 61:1, 2: Luka 4:18) Wɔ 1947 mu no, na Adansefo 648 pɛ na wɔwɔ saa ɔman no mu. Wɔ 1967 mu no, na wɔn dodow akɔ soro akodu 41,548. Yehowa nhyira nti, eduu dodow a ɛsen biara 302,000 wɔ 1991 mfiase pɛɛ! Nokwarem no, ‘Onyankopɔn ma enyinii.’ (1 Korintofo 3:7) Wɔbɔɔ 27,068 asu wɔ 1990 ɔsom afe no nkutoo mu.
Nkɔso a ɛte sɛɛ no maa wotumi hyehyɛɛ ɔmansin foforo biako ɔsram biara, na wohyiraa Ahenni Asa foforo 150 so wɔ afe biako pɛ mu. Bio nso, baa dwumadibea no tɔɔ asase nhama 450 a wɔde bɛtrɛw wɔn nhoma tintimbea no mu, faako a wɔn ankasa tintim wɔn Bible no. Enti, Adansefo a wɔwɔ Brazil no yɛ adwuma denneennen de boa wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase koma mu no na wɔafi “Babilon Kɛse” no mu ansa na “ahohia kɛse” no aba.—Adiyisɛm 7:9, 10, 14: 18:2, 4.
□ Ɔdawurubɔfo bi a wadi mfe awotwe maa polisifo panyin bi yere nhoma, na afei ne nkutoo kɔyɛɛ sankɔhwɛ. Na ne botae ne sɛ ɔbɛma awuraa no akenkan emu nsɛm no bi akyerɛ no na wakyerɛ no ntease a wanya afi emu nsɛm no biara mu. Bere a awuraa no kyerɛkyerɛɛ no nsɛm no mu no, ɔno ankasa ani gyee nhoma no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa no nkɔkyerɛ ne maame. Abarimaa no yɛɛ saa, na mprempren wɔne awuraa no yɛ ofie Bible adesua daa.
□ Wɔ 1984 mu no, na nyaatwomyɛ a Maria hu wɔ nkurɔfo ho no afono no, na ɔhaw ahorow a esisi wɔ wiase mu ho asɛm a ɔkenkanee no ma n’aba mu bui. Enti ɔde punk yɛɛ n’asetra kwan. Ose: “Na yɛn botae ne sɛ yɛbɛsɔre atia biribiara ne obiara. Na mehyɛ da siesie me ho sɛnea ɛbɛyɛ nkurɔfo ahobow—mehyɛ ntade tantan a ani biri, na mewɛre me ti nhwi fã bi. Mibuu m’ani guu me kunu, me mma, ne me fie so, na mifii ase nom wii ne kokaine sɛnea ɛbɛyɛ a merenhu nea ɛrekɔ so ankasa. Nanso eyi maa me tebea no sɛee mmom. Na misu. Sɛ mekenkan Bible no a, na mente ase. Enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me.
“Da koro, Adansefo baanu bɛsraa me wɔ fie, na nkɔmmɔbɔ tiawa bi akyi no, wɔmaa me nsɛmma nhoma abien. Bere a merebuebue biako mu no, mihuu asɛmti bi a ese ‘Ho a Wɔde Fi Onyankopɔn Ho—Dɛn Nti na Ɛmfata?’a Asɛm no kaa me koma. Metee nka sɛ Onyankopɔn atie me mpaebɔ, na Adansefo no fii ase ne me suaa Bible saa da no ara. Efi saa bere no, mesakraa me suban ma ɛyɛɛ papa. Mfiase no, me kunu ne m’abusuafo anni annye ho sɛ mesua Bible no, nanso wohuu nsakrae ahorow a mereyɛ no, wofii ase hyɛɛ me nkuran. Mprempren meyɛ Onyankopɔn somfo a wɔabɔ me asu.”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Brazil, te sɛ wɔn a wɔwɔ wiase afã horow nyinaa no, de nnamyɛ reka ‘ogye akyerɛ nnommum.’ Nnipa pii yɛ aso, na wonya nokware ahofadi ne anigye wɔ Yehowa som mu.
[Ase hɔ asɛm]
a November 1, 1985, The Watchtower.
[Adaka wɔ kratafa 30]
BRAZIL
Ɔmanfo dodow - 150,367,800
1990 Adawurubɔfo a Ɛsen Biara - 293,466
Ɔdawurubɔfo Biako Kasa Kyerɛ - 512
Wɔn a Wɔbɔɔ Wɔn Asu 1990 - 27,068
Akwampaefo Nkyekyem - 30,115
Asafo Dodow - 4,625
Bible Adesua Nkyekyem - 341,305
Dodow a Wɔbaa Nkaedi Ase - 790,926