Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Afotu titiriw bɛn na Mmebusɛm 27:23 de ma honhom fam nguanhwɛfo ne Kristofo nyinaa nso?
Nkyekyem no kenkan sɛ: “Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan ho te yiye. Ma w’ani nku wo nguankuw ho.” (Mmebusɛm 27:23, New World Translation) Wɔde kyerɛwsɛm yi adi dwuma mpɛn pii de ahyɛ honhom fam nguanhwɛfo nkuran sɛ wɔnkyerɛ Kristofo a wɔwɔ asafo no mu ho anigye na wonhu wɔn tebea ne wɔn haw ahorow. Esiane sɛ Bible no de mpanyimfo toto nguanhwɛfo ho na ɛde asafo no toto nguankuw ho nti, nkuranhyɛ a ɛte sɛɛ no fata. (Asomafo no Nnwuma 20:28, 29; 1 Petro 5:2-4) Nanso, ɛwom sɛ nnyinasosɛm a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no fa asɛm yi ho de, nanso nkyekyem yi mfa honhom fam nguanhwɛfo ho titiriw.
Mmebusɛm nhoma no wɔ afotu atitiriw ntiantiaa mmiako mmiako pii, nanso Mmebusɛm 27:23 yɛ nkyekyem kuw bi fã: “Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan ho te yiye. Ma w’ani nku wo nguankuw ho; na akorade rentra hɔ daa, abotiri nso rentra hɔ nkosi awo ntoatoaso nyinaa. Wɔasesaw sare afi hɔ kɔ, na sare momono afifi, na wɔaboaboa mmepɔw so ahabamma ano. Adwennini ma wo ntama, na mpapo yɛ asase ti ade. Na mmirekyi nufusu dɔɔso ma w’aduan, wo fifo aduan ne wo mmabaa akɔnhamabɔde.”—Mmebusɛm 27:23-27, NW.
Nsɛm a efi honhom mu yi kamfo asetra kwan a mmɔdenbɔ, nsiyɛ, akɛsesɛm a yɛkwati, ne yɛn ho a yɛde to Yehowa so wom a yebenya kyerɛ. Ɛyɛ eyi denam Israelni oguanhwɛfo asetra ho asɛm a ɛka so, na ebia ɛde toto sɔsɔɔ asetra a egyina adwumayɛ ne sika a wonya no ntɛmntɛm so ho no so.
Ɛnyɛ den sɛ “akorade,” anaa ahonyade a wonya fi nnwuma a wɔde anitew yɛ mu, ne kɛseyɛ a efi mu ba (“abotiri”) no, bɛyera, sɛnea pii bedi ho adanse no. Enti mfaso pii wɔ asetra kwan a akɛsesɛm nnim, te sɛnea na tete nguanhwɛfo de hwɛ wɔn nguan no mu. Saa asetra kwan a akɛsesɛm nnim no nkyerɛ sɛ na hwee mfa ne ho. Na ehia sɛ oguanhwɛfo ma n’ani ku ne nguan ho, na ɔhwɛ hu yiye sɛ ne nguan no wɔ ahobammɔ. (Dwom 23:4) Sɛ bere a ɔrehwɛ wɔn no, ohu sɛ oguan bi yare anaa wapira a, ebia ɔde ngo a edwudwo ɛyaw ano betumi asrasra no ho. (Dwom 23:5; Hesekiel 34:4; Sakaria 11:16) Mpɛn pii no, oguanhwɛfo mmɔdenbɔfo a ɔma n’ani ku ne nguankuw ho no behu sɛ ne mmɔdenbɔ no resow aba—ɛne ne nguankuw no a wɔbɛdɔɔso nkakrankakra.
Na oguanhwɛfo a ɔyɛ nsi ne ahwɛyiye no wɔ ɔboafo a obetumi de ne ho ato no so—Yehowa. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Wiɛ, Onyankopɔn na ɔma mmere ne wim nsakrae a ɛma sare a ɛdɔɔso ba ma nguan we no. (Dwom 145:16) Sɛ esiane mmere no mu nsakrae nti, sare momono sa wɔ mmeae a asase no da fam a, ebia na pii wɔ mmeae a ɛkorɔn, faako a oguanhwɛfo a n’ani ku ne mmoa ho no betumi de ne nguan no akɔ.
Mmebusɛm 27:26, 27 ka nea efi adwuma a ɛte sɛɛ mu ba no biako ho asɛm—aduan ne atade. Ɛwom, nea wɔka ho asɛm no nyɛ nnuan dɛdɛɛdɛ a wɔde bere tiaa yɛ anaa nea nnuan ho abenfo anoa, na ɛnyɛ nea ɛma odwumayɛfo bi hwɛ kwan sɛ obenya ntade a aba so foforo anaa ntamatam a eye sen biara. Nanso sɛ oguanhwɛfo bi wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ ne ho mmɔden a, ɔne n’abusua no betumi anya nufusu (ne kyiis), ne asaawa a wɔde bɛyɛ ntade a ɛwɔ ahoɔden afi ne nguan no hɔ.
Enti afotu a ɛne sɛ: “Ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wo nguan ho te yiye” no nyɛ nea wɔde ma honhom fam ahwɛfo titiriw; wɔde ma Kristofo nyinaa. Ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ sɛnea yɛbɛma nea yebedi ne nea yebefura a yenya fi adwuma a yɛkɔ so de nsi yɛ mu no asɔ yɛn ani, na yɛanya ahotoso sɛ Onyankopɔn rennyaw yɛn no mu. (Dwom 37:25; 2 Tesalonikafo 3:8, 12; Hebrifo 13:5) Sɛ yɛde Mmebusɛm 27:23-27 toto afotu a ɛwɔ Luka 12:15-21 ne 1 Timoteo 6:6-11 no ho a, yehu sɛnea Onyankopɔn akɔ so de asɛm yi ho afotu koro no ara ama. Enti yɛn mu biara betumi akan Mmebusɛm 27:23-27 bio, na yɛabisa yɛn ho sɛ. ‘So mema eyi tra m’adwene mu na mede di dwuma wɔ m’asetra mu anaa?’
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.