Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/15 kr. 28-29
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa Ɔba “Hohwini”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nkwa Yɛ Akyɛde A Ɛnsɛ Sɛ Wototo No Ase
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/15 kr. 28-29

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Sɛ saa a, hwɛ sɛ ebia wubetumi abua nsemmisa a edidi so yi::

◻ Nnyinaso bɛn na honhom mu nguanhwɛfo wɔ sɛ wobedi kan akɔ ebinom a wɔatu wɔn no nkyɛn akɔhwɛ sɛ ebia wɔbɛkanyan wɔn ma wɔakyerɛ ahonu?

Bere a na Israelfo no wɔ nnommumfa mu na wonnuu wɔn ho mpo no, Yehowa dii kan hwehwɛɛ wɔn te sɛ oguanhwɛfo, ɔsomaa n’adiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Kristofo nguanhwɛfo ani gye ho sɛ wɔbɛboa obiara a onu ne ho, a ebia ɔte sɛ oguan a wayera no. (Fa toto Luka 15:4-7 ho.)​—4/15, nkratafa 21-3

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho no kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka, ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a wɔsan gye obi ba Kristofo asafo no mu no? (Luka 15:22-32)

Ɛsɛ sɛ botae a yɛwɔ ne sɛ yebesuasua Agya a n’ani gyee ne ba ohohwini no sanba no ho no. Enti ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu ne onua a wɔasan agye no no kasa, na afei yɛhyɛ no nkuran sɛ onnya nkɔso wɔ nokware no mu.​—4/15, krafata 25.

◻ Ahwɛyiye a eye bɛn na yebetumi ayɛ na amma wɔanni yɛn nsɛmmɔne?

Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, nkɔfa mmeae a ɛhɔ yɛ hu anadwo. Fa w’agude sie, na fa nneɛma te sɛ mfoninitwa afiri hyɛ aguadi bag mu kura. Hwɛ wo ho so yiye wɔ kwankyɛn a wobɛfa no ho, ne titiriw no sɛ wokura bag a. (Hwɛ Mmebusɛm 3:21-23.)​—5/1,nkratafa 5-6.

◻ Dɛn nti na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sefania 2:3 no ka sɛ: “Ebia wɔbɛkora mo so [Yehowa] abufuw da no”?

Nkwagye a ɛma nkwa no gyina nokwaredi ne boasetɔ so. (Mateo 24:13) Enti, wɔn a wodi Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow so, na wɔkɔ so ka kasa kronn no nkutoo na wɔbɛkora wɔn so Yehowa abufuw da no. (Sefania 2:1, 2)​—5/1, kratafa 14.

◻ Onyankopɔn a wɔde no bedi kan wɔ abusua asetra mu no kyerɛ dɛn?

Ɛsɛ sɛ awofo ne mmofra som Yehowa na wɔyɛ ade ma ɛne ne gyinapɛn ahorow a wɔada no adi wɔ Bible mu no hyia.​—5/15, kratafa 5.

◻ Dɛn nti na Yehowa ntwee nnebɔneyɛfo aso ntɛm ara?

Ade biako ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wohu Onyankopɔn din wɔ asase so nyinaa. (Fa toto Romafo 9:17 ho.) Ade foforo nso ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma bere na wɔde bua Onyankopɔn tumidi ne onipa mudi mu kura ho nsɛmpɔw a Eden atuatew no de bae no. Bio nso, Onyankopɔn abodwokyɛre ma abɔnefo nya hokwan sakra wɔn adwene na wosiesie wɔn akwan. (2 Petro 3:9)​—5/15, kratafa 11-12.

◻ Nokwasɛm ahorow bɛn na edi adanse sɛ Bible no fi obi a ɔkorɔn sen onipa hɔ?

Akyerɛwfo ahorow bɛyɛ 40 a wokura asetra mu dibea ahorow ahorow a wɔtraa ase wɔ mfe bɛboro 1,600 mu na wɔkyerɛw Bible no; nanso akyerɛwfo yi nyinaa kaa asɛmti titiriw biako ho asɛm. Sɛ wɔankyerɛ ne kyerɛw kwan anaasɛ wogyaw maa nnipa sɛ wɔnkyerɛ ne kyerɛw kwan a, anka abirabɔ bɛba emu nsɛm no mu.​—6/1, kratafa 5.

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmea ma ɛtra wɔn adwenem wɔ agude a wɔhyɛ ne nnuru a wɔde srasra wɔn ho no ho?

The warning at Revelation 17:16 shows that Babylon the Great’s political paramours will one day turn on her. As a result, Christendom will be completely destroyed along with all the other false religions. This will be Jehovah’s strange deed and his unusual work for our day.​—6/1, pages 22-3.

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmea ma ɛtra wɔn adwenem wɔ agude a wɔhyɛ ne nnuru a wɔde srasra wɔn ho no ho?

Bible no mmara nneɛma a ɛte sɛɛ a wɔde besiesie wɔn ho ma wɔn ho ayɛ fɛ no. (Exodus 32:2, 3; Ester 2:7, 12, 15) Nanso ɛsɛ sɛ wɔde anidahɔ yɛ saa. Ɛrenyɛ den koraa sɛ ɔbea bi besuasua wiasefo nneɛma yɛbea, na ɔde aduru akeka n’ano, n’afono ho anaa n’ani akyi ma atra so te sɛnea Isebel yɛe no. (2 Ahene 9:30) Ehia nso sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamfa nnuru a wɔde srasra wɔn ho ankeka wɔn ho ma antra so, na agude a wɔhyɛ no anyɛ nea ɛhyerɛn tra so dodo.​—6/1, nkratafa 30-1.

◻ Ɔkwan bɛn so na Israelfo no kwatii ‘Misraim nyarewa bɔne nyinaa’ a na abu so wɔ tete no? (Deuteronomium 7:15)

Ɛda adi sɛ wɔkwatii saa nyarewa ahorow yi esiane ahotew ho nneyɛe a ɛkɔ anim a wɔhyɛɛ ho mmara wɔ Mmara apam no mu no so a wodii titiriw no nti.​—6/15, kratafa 4.

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn ahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ nnipa di mogya (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:10, 11; Asomafo no Nnwuma 15:22-29)

Nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na nkwa gyina ade nsunsu a ɛma nkwa a wɔfrɛ no mogya no so. (Dwom 36:9) Sɛ adesamma bu mogya sɛ ade titiriw a, na wɔkyerɛ sɛ wɔn nkwa a wobenya gyina Onyankopɔn so. Enti, ɛnyɛ ade titiriw nti a Onyankopɔn hyɛɛ mogya ho mmara no ne sɛ ne di bɛma wɔayare, na mmom mogya kyerɛ biribi titiriw ma Onyankopɔn.​—6/15, nkratafa 8-9.

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo awofo ne mmofra betumi ahyɛ gye a ebia wobegye mogya a abofra bi pow sɛ obegye no atom no mu den?

Ɛwom sɛ onnii mfe a mmara kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin de, nanso ɛsɛ sɛ Kristoni abofra tumi kyerɛkyerɛ nea ogyina so wɔ ɔsom mu pow mogya no mu pefee. Awofo betumi ne wɔn mma no asuasua nea wɔbɛka no na ama wɔn ho akokwaw wɔ wɔn ankasa gyidi a wɔkyerɛkyerɛ mu no mu.​—6/15, kratafa 18.

◻ Ɔkwan bɛn so na wohyiraa mmea kɛse wɔ Yesu asase so ɔsom adwuma no mu?

Yesu fii adwuma a ɛde awerɛkyekye, anidaso, ne nidi foforo brɛɛ mmea a wofi mmusua nyinaa mu ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mmea honhom mu nokware ahorow a emu dɔ. (Yohane 4:7, 24-26) Wɔ ne som adwuma no mu no, ɔpenee so ma mmea som no bere a okyinkyin asase no so no. (Marko 15:40, 41)​—7/1, nkrafata 14-15.

◻ Akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe bɛn na awofo ahu sɛ wɔfa so kyerɛkyerɛ wɔn mma a etu mpɔn?

Ɛyɛ papa sɛ awofo de mfatoho ahorow di dwuma ma wɔn mma nkumaa koma kɔn dɔ Kristofo nokware ahorow, na ebia wobetumi de nsemmisa a wɔasusuw ho yiye adi dwuma de ahu nea wɔn mma a wɔn ani afi no redwen ho ankasa. (Fa toto Mateo 17:24-27 ho.)​—7/1,kratafa 26.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi adɔe akyi?

Adɔe su ma Onyankopɔn ne afoforo ani gye yɛn ho. Ɛma ahɔhoyɛ su nya nkɔso. na ɛma yedwen afoforo ho kɛse. Ɛhyɛ abusua no mu ne Kristofo asafo no abusuabɔ mu den. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.​—7/15. kratafa 22.

◻ Dɛn nti na wobetumi adaadaa Kristoni wɔ fekubɔ mu? (1 Korintofo 15:33)

Ebia obi bɛda ne ho adi sɛ ɔwɔ adamfofa so na n’ani gye nnipa ho, nanso sɛ onnwen Yehowa adwuma ho anaa onnye Bible no nni sɛ Kristoni no a, ɔnyɛ ɔyɔnko pa. Dɛn ntia? Efisɛ n’asetra gyina nnyinasosɛm foforo so, na nneɛma a ebia ɛho hia Kristoni no nkyerɛ biribi titiriw mma no.​—7/15, kratafa 23.

◻ Dɛn nti na Atemmu Da yɛ bere a anidaso wom?

Atemmu Da yɛ bere a ne tenten yɛ mfirihyia apem. Onyankopɔn ankasa na ɔbɛhwɛ so, na Ne Ba Yesu Kristo a Onyankopɔn apaw no no ayɛ Ɔtemmufo. Eyi bɛyɛ bere a ɔde ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam ma ɛbɔɔ n’asefo no bɛma adesamma (1 Korintofo 15:21, 22)​—8/1, nkratafa 5-7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena