Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/15 kr. 13-18
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn wɔ Mogya Ho
  • Boa Afoforo ma Wɔnyɛ Wɔn a Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn
  • Awofo​—Monkyerɛkyerɛ Yiye
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Obu A Nyamesuro Wom Ma Mogya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nkwa ne Mogya—So Wubu sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/15 kr. 13-18

Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ

“[Yehowa], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.”​—DWOM 86:11.

1, 2. Dɛn na ɛka Yehowa Adansefo ma wɔpow sɛ wobegye mogya?

“EBIA ɛteɛ sɛ Yehowa Adansefo pow sɛ wɔde nneɛma a wɔde mogya ayɛ bedi dwuma, efisɛ ɛyɛ nokware sɛ wɔnam mogya a wɔde ma so betumi de mmoawa a wobetumi de nyarewa aba dodow bi ama.”​—Fransefo aduruyɛ nsɛmma nhoma Le Quotidien du Médecin, December 15, 1987.

2 Ebinom a wɔkenkan saa asɛm no betumi ate nka sɛ akraye bi na ɛmaa Yehowa Adansefo powee sɛ wɔbegye mogya bere tenten ansa na wɔrehu sɛnea asiane wom, anaasɛ ebetumi adi awu mpo no. Nanso gyinae a Yehowa Adansefo asi wɔ mogya ho no nyɛ sesɛkwa adeyɛ bi, na ɛnyɛ mmara bi a fekusom soronko bi hyɛe, gyinae a suro a wosuro sɛ nyarewa wɔ mogya mu nti na wosii. Mmom no, Adansefo no pow sɛ wobegye mogya esiane wɔn bo a wɔasi sɛ wɔde osetie bɛnantew wɔn Kyerɛkyerɛfo Kɛse​—Onyankopɔn anim nti.

3. (a) Dawid tee nka dɛn wɔ Yehowa a wɔde wɔn ho bɛto no so no ho? (b) Esiane sɛ Dawid de ne ho too Onyankopɔn so nti, dɛn na ɔhwɛɛ kwan sɛ ebefi mu aba?

3 Ɔhene Dawid a ɔtee nka sɛ ne nkwa gyina Onyankopɔn so no sii ne bo sɛ ɔbɛma wakyerɛkyerɛ no, na ‘wanantew ne nokware mu.’ (Dwom 86:11) Wɔde afotu maa Dawid bere bi sɛ, sɛ wanni mogya ho fɔ wɔ Onyankopɔn anim a, ‘wɔbɛkyekye ne kra wɔ nkwa boaa mu wɔ Yehowa nkyɛn.’ (1 Samuel 25:21, 22, 25, 29) Sɛnea nnipa kyekyere nneɛma a ɛsom bo de bɔ ho ban na wɔakora so no, saa ara na Onyankopɔn betumi abɔ Dawid nkwa ho ban na wakora so. Esiane sɛ Dawid gyee afotu a nyansa wom no toom nti, wanhwehwɛ sɛ ɔnam n’ankasa mmɔdenbɔ so begye no ho nkwa, na mmom ɔde ne ho too Nea ɔmaa no nkwa no so: “Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, anika a ɛmee wɔ w’anim, anigyede wɔ wo nifa daa.”​—Dwom 16:11.

4. Na dɛn nti na Dawid pɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ no?

4 Esiane sɛ na Dawid wɔ saa su no nti, wante nka sɛ n’ankasa betumi apaw ɔsoro mmara a ɛteɛ anaasɛ ehia sɛ odi so. Su a na ɔwɔ ne sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so.” “[Yehowa], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din. O [Yehowa], me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase.” (Dwom 27:11; 86:11, 12) Ɛtɔ da bi a, ɛte sɛ nea nokware no mu nantew wɔ Onyankopɔn anim no haw adwene, anaasɛ ebetumi akyerɛ afɔrebɔ kɛse, nanso na Dawid pɛ sɛ ɔkyerɛ no ɔkwan a ɛteɛ no na wafa so.

Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn wɔ Mogya Ho

5. Na Dawid nim dɛn wɔ Onyankopɔn gyinabea a ɛfa mogya ho no ho?

5 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ fi bere a na Dawid yɛ abarimaa no, na wɔakyerɛ no adwene a Onyankopɔn kura wɔ mogya ho, na na saa adwene no nyɛ ɔsom mu ahintasɛm bi. Bere a wɔkenkan Mmara no kyerɛ nnipa no, na Dawid bɛte asɛm yi sɛ: “Efisɛ ɔhonam kra wɔ mogya no mu, na mede mama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra. Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu ɔkra biara nnni mogya, na ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.”​—Leviticus 17:11, 12; Deuteronomium 4:10; 31:11.

6. Na dɛn nti na ehia sɛ wɔkɔ so kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkoa mogya ho ade?

6 Bere tenten a Onyankopɔn de Israel dii dwuma sɛ n’asafo no de, na ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani no mogya ho ade. Enti wɔkyerɛkyerɛ Israelfo mmarimaa ne mmeawa awo ntoatoaso ahorow ade. Nanso so wɔbɛkɔ so de nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ no ama, bere a Onyankopɔn gyee Kristofo asafo no toom na ɔyɛɛ wɔn “Onyankopɔn Israel” no? (Galatifo 6:16) Yiw, ɛte saa. Onyankopɔn adwene wɔ mogya ho no ansakra. (Malaki 3:6) Na ne gyinabea a wakyerɛ wɔ mogya a ɛnsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so ho no, wɔ hɔ ansa na Mmara apam no bae, na ɛkɔɔ so traa hɔ wɔ bere a Mmara no baa awiei no akyi.​—Genesis 9:3, 4; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

7. Dɛn nti na nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn de ma yɛn wɔ mogya ho no ho hia?

7 Obu ma mogya yɛ ade titiriw wɔ Kristosom mu. Ebia obi bebisa sɛ: ‘So ɛnyɛ asɛm a wɔagugu mu dodo?’ Nanso, sɛ ɛnyɛ Yesu afɔrebɔ na ɛho hia titiriw wɔ Kristosom mu a, ɛnde na ɛyɛ dɛn? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno [Yesu] mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no, [sɛnea] ne dom bebree [te].” (Efesofo 1:7) The Inspired Letters a Frank C. Laubach kyerɛɛ ase no kyerɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Yesu mogya na etua maa yɛn, na mprempren yɛyɛ Ne dea.”

8. Ɔkwan bɛn so na nkwa a “nnipakuw kɛse” no benya gyina mogya so?

8 Wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu, na wɔanya Onyankopɔn nhyira horow wɔ paradise asase so no nyinaa nkwa gyina Yesu mogya a ohwie gui no so. Adiyisɛm 7:9-14 ka wɔne nea wɔayɛ dedaw no ho asɛm sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa Oguammaa no mogya no mu.” Hyɛ kasa a wɔde di dwuma wɔ ha no nsow. Ɛnka sɛ eyinom a wɔagye wɔn wɔ ahohiahia no mu no ‘agye Yesu atom,’ anaasɛ ‘wɔanya ne mu gyidi,’ ɛwom sɛ ɛda adi sɛ saa nneɛma no ho hia de. Ɛka kɔ akyiri sen saa, ɛka sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa [Yesu] mogya no mu.” Ɛte saa efisɛ ne mogya wɔ agyede bo.

9. Dɛn nti na Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho sodi no yɛ aniberesɛm saa?

9 Sɛnea ɛsom bo ho anisɔ a Yehowa Adansefo wɔ no na ɛboa wɔn ma wosi gyinae pintinn sɛ wɔremfa mogya nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, sɛ oduruyɛfo bi de koma pa kyerɛ sɛ mogya a wɔde bɛma ho hia mpo a. Ebia obegye adi sɛ mogya a wɔde bɛma mu mfaso horow a wobetumi anya no dɔɔso sen akwahosan mu asiane ahorow a mogya ankasa de ba no. Nanso, Kristoni ntumi mmu n’ani ngu asiane a anibere kɛse wom no mpo so, asiane a ɛne Onyankopɔn anim dom a ɔbɛhwere denam mogya a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so a ɔbɛpene so no so. Bere bi Paulo kaa wɔn a ‘wonya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi wɔboapa kɔyɛ bɔne’ no ho asɛm. Dɛn nti na bɔne biara a ɛte saa no yɛ nea anibere kɛse wom? Efisɛ onipa a ɔte sɛɛ no ‘atiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude.’​—Hebrifo 9:16-24; 10:26-29.

Boa Afoforo ma Wɔnyɛ Wɔn a Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn

10. Dɛn na ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi mogya ho no?

10 Yɛn a yɛn ani sɔ Yesu agyede afɔrebɔ no hwɛ yiye sɛ yɛmfa bɔneyɛ nyɛ yɛn su, na ama yɛapow ne mogya bo a egye nkwa no. Bere a yɛadwen asɛm no ho yiye awie no, yehu sɛ ɛsɛ sɛ aseda kɛkɛ a yɛde bɛma Onyankopɔn wɔ nkwa ho no kanyan yɛn ma yɛpow sɛ yebebu ne mmara a ɛteɛ no so, a yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn yiyedi​—yɛn daa yiyedi nti na ɔde mae. (Deuteronomium 6:24; Mmebusɛm 14:27; Ɔsɛnkafo 8:12) Na yɛn mma nso ɛ?

11-13. Adwene a ɛnteɛ bɛn na Kristofo awofo binom anya wɔ wɔn mma ne mogya ho, na dɛn ntia?

11 Bere a yɛn mma yɛ nkokoaa anaa wosua dodo sɛ wɔbɛte nneɛma ase no, Yehowa Nyankopɔn betumi agyina yɛn ahofama so abu wɔn sɛ wɔn ho tew na wɔsɔ n’ani. (1 Korintofo 7:14) Enti ɛyɛ ampa sɛ ebia Kristofo abusua bi mu nkokoaa nnya ntee Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho a wobedi so no ase, na wɔapaw nea wɔbɛyɛ wɔ ho. Nanso, so yɛreyɛ nea yebetumi biara akyerɛkyerɛ wɔn wɔ asɛm a ɛho hia yi ho? Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo susuw ɛno ho anibere so, efisɛ ɛte sɛ nea awofo binom kura su bi a ɛnteɛ wɔ wɔn mma ne mogya ho. Ɛte sɛ nea ebinom te nka sɛ wonni mogya a ebia wɔde bɛma wɔn mma a wosusuae no so tumi kɛse. Dɛn nti na wokura adwene a ɛnteɛ yi?

12 Aman pii wɔ mmara ahorow anaa aban ahyehyɛde ahorow a wɔde bɔ mmofra a wɔapow wɔn na wɔyɛ wɔn ayayade no ho ban. Sɛ awofo si gyinae sɛ wɔmma kwan ma wɔmmma wɔn babarima anaa wɔn babea a wɔdɔ no mogya, na bere koro no ara mu wobisa sɛ wɔmfa biribi foforo a nnɛyi aduruyɛ betumi de ama nni dwuma nsi ɛno ananmu a, na ɛnyɛ nea wɔrepow Yehowa Adansefo mmofra anaasɛ wɔreyɛ wɔn ayayade. Wɔ aduruyɛ fam mpo no, eyi nkyerɛ sɛ wɔpow wɔn anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade, sɛ yesusuw mogya a wɔde ma de sa yare no mu asiane ahorow a wogye tom no ho a. Ɛyɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔkari asiane a ɛwom no hwɛ, na afei wɔpaw ayaresa no.a Nanso, ayaresabea adwumayɛfo binom a wɔhwehwɛ sɛ wonya tumi de hyɛ wɔn ma wɔn mogya a wɔmpɛ no, akogye mmara mu tumi a wɔde bɛyɛ saa.

13 Ebia awofo binom a wonim sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama ayaresabea adwumayɛfo sɛ wɔbɛma asennibea agyina wɔn akyi ma wɔama abofra bi mogya no, bɛte nka sɛ asɛm no nni wɔn nsam, na biribiara nni hɔ a awofo betumi ayɛ anaa ehia sɛ wɔyɛ. Hwɛ sɛnea adwene yi nteɛ!​—Mmebusɛm 22:3.

14. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛkyerɛɛ Dawid ne Timoteo wɔ wɔn mmofraase?

14 Yɛahu sɛ wɔde Onyankopɔn akwan kyerɛɛ Dawid fi ne mmofraase. Ɛno siesiee no ma obuu nkwa sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛma ohui sɛ mogya gyina hɔ ma nkwa. (Fa toto 2 Samuel 23:14-17 ho.) Wɔkyerɛɛ Timoteo Onyankopɔn adwene ‘fi ne mmofraase.’ (2 Timoteo 3:14, 15) So wunnye ntom sɛ bere a na Dawid ne Timoteo nnii mfe a nnɛ wobu no wɔ mmara mu sɛ mpanyin mfe mpo no, na wotumi kyerɛ wɔn adwene yiye wɔ nsɛm a ɛfa Onyankopɔn apɛde ho no ho? Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Kristofo mmofra nkumaa a wɔwɔ hɔ nnɛ no Onyankopɔn akwan bere tenten ansa na wɔanyin ayɛ mpanyimfo.

15, 16. (a) Adwene bɛn na wɔanya wɔ mmeae bi wɔ hokwan ahorow a mmofra wɔ ho? (b) Dɛn na ɛma wɔmaa abofra bi mogya?

15 Mmeae bi no, wɔma mmofra a wɔkyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw no hokwan ahorow a ɛte sɛ nea mpanyimfo wɔ no ara bi. Wobetumi agyina mfe a abofra bi adi anaa sɛnea n’adwene anyin, anaasɛ n’abien nyinaa so abu no sɛ wɔanyin yiye sɛ osi n’ankasa gyinae ahorow wɔ ayaresa wɔ ayaresabea ho. Faako a eyi nyɛ mmara mpo no, ebia atemmufo anaa aban mpanyimfo besusuw nea abofra a otumi kyerɛkyerɛ mogya ho gyinae a wasi pintinn no mu pefee pɛ no ho yiye. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ abofra bi ntumi nkyerɛkyerɛ ne gyidi horow mu pefee ne ahokokwaw mu a, asennibea bi betumi ate nka sɛ ɛsɛ sɛ esi nea eye sen biara ho gyinae ma no, te sɛ nea ɛbɛyɛ ama akokoaa bi no.

16 Na aberantewaa bi sua Bible no na wagyae wɔ mfe pii mu, nanso na wɔmmɔɔ no asu ɛ. Ɛwom sɛ na aka dapɛn ason pɛ na wadi mfe a obenya “hokwan a ɔde bɛpow ayaresa a wɔde bɛma no wɔ ayaresabea” no de, nanso ayaresabea bi a ɛsa ne yare wɔ akisikuru ho no kogyee krataa a wobegyina so ama no mogya fii asennibea, a ɔne n’awofo mpene so. Ɔtemmufo a ɔyɛ n’adwuma yiye no bisaa aberantewaa no nsɛm faa gyidi a ɔwɔ wɔ mogya ho no ho, na obisaa no mfiase nsɛm te sɛ Bible mu nhoma anum a edi kan no din. Aberantewaa no antumi ammobɔ din, na wantumi amfa adanse a edi mũ amma sɛ ɔte nea enti a ɔpow mogya no ase. Awerɛhosɛm ne sɛ ɔtemmufo no hyɛe sɛ wɔmma no mogya, na ɔkae sɛ: “Mogya a ɔpow sɛ obegye no nnyina n’ankasa ɔsom mu gyidi horow mu ntease a ɛyɛ papa so.”

17. Gyinae bɛn na abeawa bi sii wɔ mogya a wɔde bɛma no ho, na dɛn na efii mu bae?

17 Nsɛm bɛyɛ soronko ama obi a wɔde Onyankopɔn akwan akyerɛkyerɛ no yiye, na ɔde nnamyɛ nantew Ne nokware mu no. Na Kristoni abofra bi wɔ saa akisikuru no ara bi. Na abeawa no ne n’awofo te ɔkwan a oduruyɛfo bi a ɔwɔ ayaresabea a agye din bi mu no bɛfa so asa ne yare no ase, na wɔpenee so. Nanso, wɔde asɛm no kɔɔ asennibea. Ɔtemmufo no kyerɛwee sɛ: “D.P. kae sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara a obetumi so apow mogya a wɔde bɛma no no. Obuu mogya a wɔde bɛma no no sɛ ntua a wɔde ba ne nipadua so, na ɔde totoo monnaato ho. Ɔka kyerɛɛ Asennibea no sɛ wɔnkyerɛ obu mma nea wapaw no, na wɔmma ɔnkɔ so nna [ayaresabea hɔ], na ɛnsɛ sɛ Asennibea no hyɛ sɛ wɔmma no mogya.” Kristofo nkyerɛkyerɛ a na wanya no boaa no wɔ bere a emu yɛ den yi mu.​—Hwɛ adaka no.

18. (a) Abeawa bi a na ɔrehu amane sii gyinae pintinn bɛn wɔ mogya a obegye ho? (b) Gyinae bɛn na ɔtemmufo no sii wɔ n’ayaresa no ho?

18 Na wɔresa abeawa bi a wadi mfe 12 yare wɔ ɔyare bi a wɔfrɛ no leukemia a ɛsɛe mogya no ho. Mmofra yiyedi ahyehyɛde bi de asɛm no kɔɔ asennibea na ama wɔatumi ahyɛ no ama no mogya. Ɔtemmufo no kae sɛ: “L. aka akyerɛ asennibea yi pefee sɛ, sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no mogya a, ɔde ahoɔden a obenya nyinaa bɛko atia saa mogya a wɔde bɛma no no. Ose ɔbɛteɛteɛm na wapere, na obetu paane no afi ne nsa ho, na wabɔ mmɔden asɛe mogya a ɛwɔ rɔba bag mu wɔ ne mpa atifi no, na migye di sɛ ɔbɛyɛ nea ɔkae no. Mempene so sɛ mede ahyɛde biara a ɛbɛma abofra yi afa saa amanehunu yi mu no bɛma . . . Wɔ ɔyarefo yi fam no, ayaresa a ayaresabea no kyerɛ sɛ ɛde bɛma no sa ɔyare no wɔ honam fam nkutoo. Entumi nni ne nkate mu ahiade ahorow ne ne ɔsom mu gyidi horow ho dwuma.”

Awofo​—Monkyerɛkyerɛ Yiye

19. Asɛyɛde titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ awofo di ho dwuma wɔ wɔn mma ho?

19 Osuahu ahorow a ɛte sɛɛ no kura asɛm a tumi wom ma awofo a wɔpɛ sɛ wɔn abusuafo nyinaa tra ase ma ɛne Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho hyia no. Ade biako nti a na Abraham yɛ Onyankopɔn adamfo no ne sɛ na Onyankopɔn nim sɛ tete agya no ‘bɛhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n’akyi no sɛ wonni Yehowa kwan so nyɛ ade trenee.’ (Genesis 18:19) So ɛnsɛ sɛ nnɛyi Kristofo awofo yɛ saa? Sɛ woyɛ ɔwofo a, so worekyerɛkyerɛ wo mma a wodɔ wɔn no ma wɔanantew Yehowa kwan so, na ama wɔayɛ krado bere nyinaa ‘akyerɛ obiara a obisa wɔn anidaso a ɛwɔ wɔn mu no ase, odwo ne osuro mu’?​—1 Petro 3:15.

20. Ade titiriw bɛn na yɛbɛpɛ sɛ yɛma yɛn mma hu na wogye di wɔ mogya ho? (Daniel 1:3-14)

20 Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mma hu mogya a wɔde ma mu nyarewa ne asiane ahorow de, nanso Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ a ɛfa mogya ho a yɛde yɛbɛkyerɛ yɛn mma no nkyerɛ titiriw sɛ yɛbɛbɔ mmɔden de mogya ho suro ahyɛ wɔn mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔtemmufo bi bisa abeawa bi nea enti a ɔmpɛ sɛ wɔma no mogya, na mmuae titiriw a ɔma ne sɛ osusuw sɛ asiane wɔ mogya mu anaa ɛyɛ hu dodo a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Ɔtemmufo no betumi anya adwene sɛ ne ho nkokwawee, na ehu ntraso na aka no, sɛnea ebia ehu bɛka no wɔ mfunkyire oprehyɛn ho mpo ma wasu, na wapow oprehyɛn a n’awofo te nka sɛ eye sen biara ma no no ara pɛ. Afei nso, yɛadi kan aka sɛ ade titiriw nti a Kristofo pow mogya a wɔde ma no ne sɛ, ɛnyɛ sɛ nyarewa wɔ mogya no mu nti, na mmom ɛsom bo ma yɛn Nyankopɔn ne Nkwamafo no. Ɛsɛ sɛ yɛn mma hu eyi, ne aduruyɛ mu asiane ahorow a ɛhyɛ yɛn ɔsom mu gyinabea no mu den no.

21. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo hu wɔ wɔn mma ne adwene a Bible no kura wɔ mogya ho no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma wɔ mogya ho?

21 Sɛ wowɔ mma a, so wugye di sɛ wogye yɛn gyinabea wɔ mogya ho a egyina Bible so no tom, na wobetumi akyerɛkyerɛ mu? So wogye gyinabea yi di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn apɛde? So wogye di sɛ Onyankopɔn mmara so bu bɛyɛ aniberesɛm araa ma ebetumi ama daa nkwa ho anidaso a Kristoni wɔ no ho aba asɛm? Awofo a wɔyɛ anyansafo ne wɔn mma, sɛ ebia wosusua yiye anaasɛ aka kakraa bi ma wɔayɛ mpanyimfo bɛsan asusuw nsɛm yi ho. Awofo betumi asua nea wɔbɛyɛ, na wɔabisa abofra biara nsɛm a ɔtemmufo anaasɛ ayaresabea dwumayɛni betumi abisa no. Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛma abofra bi asua nokwasɛm anaa mmuae a yɛapaw agu ne tirim na watĩ mu aka. Ehia kɛse sɛ wohu nea wogye di, ne nea enti a wɔyɛ saa. Nokwarem no, awofo anaasɛ afoforo betumi de mogya mu asiane ahorow ne ayaresa afoforo a ɛwɔ hɔ ho amanneɛbɔ ama bere a wɔredi asɛm no wɔ asennibea no. Nanso nea ɔtemmufo anaa aban panyin bi bɛpɛ sɛ ohu fi yɛn mma a wɔne wɔn bɛkasa no mu no ne sɛ, ebia wɔte tebea a wɔwom no ne nneɛma afoforo a wobetumi apaw no ase yiye, ne afei nso sɛ ebia wɔwɔ wɔn ankasa gyinapɛn ne gyidi a ɛnsakra.​—Fa toto 2 Ahene 5:1-4 ho.

22. Ade a ɛbɛtra hɔ daa bɛn na ebetumi afi mogya ho ade a Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn no mu aba?

22 Ehia sɛ yɛn nyinaa hu Onyankopɔn adwene wɔ mogya ho, na yekura mu pintinn. Adiyisɛm 1:5 ka Kristo ho asɛm sɛ obi a “ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu.” Yɛnam Yesu mogya no bo nkutoo so na ebetumi anya yɛn bɔne nyinaa ho fafiri a ɛtra hɔ daa. Romafo 5:9 ka pefee sɛ: “Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.” Ɛnde, hwɛ nyansa a ɛwom sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛne yɛn mma wɔ asɛm yi ho, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛnantew ne kwan so daa!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ How Can Blood Save Your Life? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 21-2, 28-31.

Ɔkyerɛkyerɛ Nsɛntitiriw

◻ Adwene bɛn na ɛsɛ ‘sɛ yenya wɔ nkyerɛkyerɛ a Yehowa de ma yɛn no ho?

◻ Dɛn nti Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no sodi ho hia saa?

◻ Dɛn nti na ehia sɛ mmofra tumi kyerɛkyerɛ wɔn gyidi a wokura wɔ mogya ho no mu pefee?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo awofo bɛboa wɔn mma ma wɔayɛ wɔn a wɔakyerɛkyerɛ wɔn Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no yiye?

[Adaka wɔ kratafa 17]

ASENNIBEA NO ANI SƆE

Dɛn na asennibea no gyinaesi ka faa D.P. a yɛaka ne ho asɛm wɔ nkyekyem 17 no ho?

“Asennibea no ani sɔɔ nyansa, akokoduru, nidi, ne tumi a abofra a wadi mfe 14-1/2 yi de kasae no. Ebia nim a na onim sɛ akisikuru bi a ebetumi akum no aka no no abunkam no so . . . Nanso, na ɛyɛ abofra a ne ho akokwaw na ɔbaa Asennibea sɛ obedi adanse. Ɛte sɛ nea na ɔde n’adwene asi asɛnnennen a ɛda n’anim no so pefee. Obetiee afotu ahorow a wɔde mae no nyinaa, ɔpenee ayaresa nhyehyɛe bi so, onyaa sɛnea obegyina aduruyɛ mu asɛnnennen ano sɛ onipa no ho nyansapɛ a abirabɔ nnim, na ɔde adesrɛ a ɛka koma baa Asennibea hɔ: monkyerɛ obu mma me gyinaesi . . .

“Wɔ D.P. ahokokwaw akyi no, ɔde ne gyinaesi no ho nnyinaso a ɛdɔɔso maa Asennibea no a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma. Ayaresa nhyehyɛe a mogya a wɔde bɛma no ka ho bedi n’awu wɔ honhom mu, adwene fam, abrabɔ fam, ne nkate mu. Asennibea no bɛkyerɛ obu ama ayaresa a ɔbɛpaw no.”

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ebia ɔtemmufo anaa ayaresabea adwumayɛfo panyin bi bɛpɛ sɛ ohu nea Kristoni abofra bi gye di, ne nea enti a ogye di

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena