Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa—Nya Wɔn Ho Anigye Daa
    Nyan!—2004
  • So Wubetumi Anya Paradise Mu Anigye Mprempren?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wɔahyɛ Yɛn Daakye Ho Nkɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
    Asetra Wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Dɛn nti na Yesaia 11:6 ka wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu sɛ “pataku ne oguanten ba bɛtra kakra”? So asomdwoe a ɛte saa no rentra hɔ daa?

Mmoa ntam asomdwoe a ɛyɛ anigye a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 11:6-9 no bɛtra hɔ daa. Nanso Yesaia 11:6 asekyerɛ a wɔde ahwɛyiye yɛ da no adi pefee sɛ saa mmoa no rentra mmom daa.

Yesaia 11:6 kenkan wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu sɛ: “Pataku ne oguanten ba bɛtra kakra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ nyinaa bɛtra faako; na abofra ketewa aka wɔn.”

Bible nkyerɛase pii kenkan sɛ: “Habɔdɔm nso ne oguammaa bɛtra.” Nkyerɛase a ɛte sɛ betumi ada adwene a ɛne sɛ pataku ne oguammaa bɛtra bere nyinaa sɛ ayɔnkofo, te sɛ nea wɔte abusua anaa asetra nhyehyɛe foforo mu.

Nanso Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ ‘tra’ no ne gur. Sɛnea nsɛm asekyerɛfo William Gesenius kyerɛ no, ɛkyerɛ sɛ “sɛ wubetu kwan, sɛ wobɛtra baabi kakra, sɛ wobɛtra ase te sɛ nea wunni fie, sɛ nhwɛso no, sɛ ɔnanani, ɔmamfrani, ɔhɔho.” (A Hebrew and English Lexicon of the Old Testament a Edward Robinson kyerɛɛ ase) Nkyerɛase a F. Brown.S. Driver, ne C. Briggs yɛe no de ntease a ɛne “akwantu, sɛ wobɛtra baabi bere bi anaasɛ daa, sɛ wobɛtra hɔ sɛ ɔhɔho . . . a wonni hokwan ahorow a wowɔ kan no.”

Onyankopɔn de gur dii dwuma ka kyerɛɛ Abraham sɛ ‘ɔntra ase sɛ ɔhɔho’ wɔ Kanaan. Na asase no renyɛ agya panyin no de, nanso obetumi ayɛ ɔmamfrani a wɔbɔ no ho ban. (Genesis 26:3: Exodus 6:2-4; Hebrifo 11:9, 13) Saa ara na Yakob kae sɛ na ‘ɔte’ Haran mpɔtam hɔ ‘sɛ ɔhɔho’ efisɛ ɔbɛsan akɔ Kanaan.​—Genesis 29:4; 32:4.

Wɔ Paradise a ɛrenkyɛ na Onyankopɔn de bɛba no mu no, asomdwoe bɛtra mmoa ne nnipa ntam. Na ɔhaw biara rento oguammaa bere a ɔne pataku wɔ hɔ, anaa bere a nantwi ba ne ɔsebɔ wɔ hɔ no. Na te sɛ nea ɛkyerɛ sɛnea tebea no bɛyɛ soronko nnɛ no, kasa no ma wonya adwene mpo sɛ pataku bɛyɛ ɔmamfrani a oguammaa bɔ no ho ban.​—Yesaia 35:9; 65:25.a

Nanso, mmoa a wɔte sɛɛ no betumi anya trabea a egu ahorow ara. Ɛfata sɛ mmoa bi tra kwaem, afoforo tra sare so, na afoforo nso tra mpoano anaasɛ bepɔw so. Bere a na mfitiase paradise no wɔ hɔ mpo no. Onyankopɔn kaa ‘afie mmoa ne wuram mmoa’ ho asɛm. (Genesis 1:24) Ɛda adi sɛ afie mmoa ne wɔn a ebia wɔtaa bɛn nnipa ne baabi a wɔte no. Ɛwom sɛ wuram mmoa no nyɛ keka de, nanso ɛda adi sɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nnipa ho. Enti, sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no hyɛ bɔ no, “pataku ne oguanten ba bɛtra kakra,” nanso ɔrenkɔ so ntra afie mmoa a wɔte sɛɛ no nkyɛn bere nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Yesaia 11:6 no, The Bible in Living English ka sɛ: “Na oguanten bɛyɛ pataku fiewura.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Zoological Research Center, Tel-Aviv Hebrew University

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena