Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Wɔn a Wɔhwehwɛ Nokware Tie Bɔnnɔ So Asɛnka
BIBLE no bɔ yɛn amanneɛ sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan betie Oguanhwɛfo Pa no nne. (Yohane 10:27) Saa na aba wɔ nsase pii so, a Britain nso ka ho.
◻ Sɛ nhwɛso no, wɔ 1988 mu, aka bere tiaa bi na wɔadi Buronya no, Pamela a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no kotiee telefon a ɛwɔ n’adwumam office hɔ, na ɔne odwumayeni bi a ɔyɛ adwuma wɔ adwuma koro no ara mu wɔ England fã baabi kasae. Wowiee kasa no, ɔbarima no bisaa sɛ: “So woawie w’ahosiesie ma Buronya no?” Pamela kae sɛ: “Dabi!” Ɔbarima no bisae sɛ: “So wonkaa akyiri ɛ?” Pamela buae sɛ: “Minni Buronya.” Ɔbarima no kae sɛ ɛno yɛ nwonwa na obisaa nea ntia ɛte saa. Pamela ka kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako, na ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ahyɛde biara nni Bible mu sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yesu awoda, na afei nso, wɔanwo Yesu December 25. Bio nso, mfiase no na Buronya yɛ abosonsomfo afahyɛ. Ɔbarima no kae sɛ nsɛm no nyinaa yɛ anigye.
Asram abiɛsa akyi no. Pamela kotiee telefon no, na nea ɔne no kasae no kae sɛ: “Wokae sɛ wo ne me kasae ansa na wɔredi Buronya na woka kyerɛɛ me sɛ wunni Buronya? Wiɛ, mahu nokware no!” Na ɛyɛ ɔbarima koro no ara, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Buronya akyi adapɛn abien no. Adansefo baanu baa ne fie. Ɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ ɔdan mu, na wofii Bible adesua ase. Ɔkae sɛ wanya nkɔso ntɛmntɛm wɔ n’adesua no mu. Ɔka kyerɛɛ ne mpena a ɔne no te sɛ wɔn asetra kwan no nsɔ Yehowa ani, enti wodii ntetewmu, na mprempren wɔn baanu nyinaa kɔ nhyiam horow ase wɔ Ahenni Asa so.
Afe no baa awiei no, wogyee wɔn toom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu, na 1990 mfiase no, wɔwaree. Afei wɔbɔɔ wɔn asu boom. Anigyesɛm kɛse a efii telefon so bɔnnɔ so adansedi tiawa mu bae bɛn ara ni!
◻ Yehowa hyiraa onuawa foforo bi a odii bɔnnɔ so adanse wɔ England no. Bere a insurance odwumayɛfo bi baa ne fie no, onuawa no bisaa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ onya akwahosan pa, anigye, ne daa nkwa ho anidaso anaa. Ɔbarima no penee so na obisaa no insurance nhyehyɛe ko a ɔreka ho asɛm no. Bere a ofi Bible mu kyerɛɛ no daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so ho bɔhyɛ a Onyankopɔn de ama no, ogyee nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no biako na ɔkenkan nhoma mũ no nyinaa anadwo biako. Bere a ɔkɔsraa onuawa no bio no. ɔka kyerɛɛ no sɛ emu nsɛm no yɛ anigye yiye—na aka gyidi a ɔde begye adi. Onuawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ehia sɛ osua Bible no na ɔkɔ Ahenni Asa so nhyiam horow no. Wɔhyehyɛɛ Bible adesua, na ofii ase kɔɔ nhyiam horow. Wɔbɔɔ no asu saa afe no ara twabere mu. Afe biako pɛ akyi no, ɔwaree onuawa a odii kan dii no adanse no babea. Onuawa no se: “Enti, menam me bɔnnɔ so adansedi so nyaa onuabarima ne asew!”
Ɛyɛ nokwasɛm sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no tie bere a wɔnam bɔnnɔ so adansedi so ka Bible mu nokware kyerɛ wɔn no. Sɛnea Yesu kae no, ne nguan tie ne nne.