Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/15 kr. 2-4
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Aguadi Bere”
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Buronya—Dɛn Nti na Wodi Wɔ Apuei Fam Mpo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/15 kr. 2-4

Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?

Wubebua dɛn? Buronya yɛ (1) bere a wo ne w’abusua hyiam; (2) apontow bere; (3) ɔsom bere; (4) ɔhaw bere; (5) anigyina bere; (6) aguadi a ɛmfata bere.

ƐWOM sɛ ebia ɛbɛyɛ nwonwa de, nanso nnipa bɛboro 1,000 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ Britain no mu nkyem 6 pɛ na wobuu Buronya sɛ ɔsom mu afahyɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔha mu nkyem 48 buu Buronya sɛ bere a wɔne wɔn mmusua hyiam titiriw. Ampa, pii ka sɛ ɛyɛ bere soronko ma mmofra. Sɛ nhwɛso no, bere a wobisaa abeawa bi a wadi mfe 11 sɛ dɛn titiriw na ɔpɛ wɔ Buronya ho no, obuae sɛ: “Emu anigye, anigye nka a mete, [ne] nneɛma a wɔde kyekyɛ no.” The Making of the Modern Christmas gye tom sɛ “akyinnye biara nni ho sɛ nea na wɔtwe adwene si so sen biara wɔ . . . ‘tete’ Buronyadi mu ne fie, abusua ne mmofra titiriw.”

Nanso atɔe fam Kristoman mu titiriw na Buronya yɛ abusua afahyɛ, bere a abusuafo hyiam ma wɔn ho akyɛde. Wɔ aman a Apuei Fam Ortodoks Asɔre no wɔ nkɛntɛnso kɛse wom mu no, Easter na wodi titiriw; nanso, Buronya taa yɛ bere a wɔnkɔ adwuma.

“Aguadi Bere”

The New Encyclopædia Britannica ka sɛ Buronya “adan . . . aguadi ma ɛyɛ nwonwa.” Ebia, baabiara nni hɔ a eyi yɛ nokware sen Japan.

Washington Daily Record bɔ amanneɛ sɛ: “Japanfo apow nea wosusuw sɛ ɛfa ɔsom ho no nyinaa adan Buronya aguadi koraa.” Ɛde ka ho sɛ, wɔ Japan no, “ɛyɛ afahyɛ a ɛtwe adwene si aguadi so kɛse koraa sen ɔsom mu nneyɛe a ɛwom no.”

Wɔ aman pii a wɔfrɛ wɔn Kristofo mpo mu no, wɔntaa nhu “ɔsom” a ɛbata ho yi. Bɛyɛ mfe 40 ni no, kratawa bi a ɛkasa tia Buronya kae sɛ: “Aguadifo na wɔma Buronya nya nkɔso. Ɛyɛ bere a wonya sika sen biara wɔ afe no mu. Mmarima aguadifo a wose wɔyɛ Kristofo hwɛ Buronya bere kwan, ɛnyɛ Kristo nti na wɔyɛ saa, na mmom sika a wobenya nti.” Ɛnnɛ saa nsɛm no yɛ nokware dɛn ara! Wɔ aman pii mu no, yemfi asram abiɛsa a etwa to wɔ afe no mu ase mpo na yɛate nna dodow a aka na yɛatɔ akyɛde ama Buronya a ɛreba no ho nkaebɔ ahorow. Aguadi kɔ so yiye bere a afe no reba awiei no, na wɔtɔn nneɛma a wɔtɔn no afe biara no mu nkyem anan mu biako wɔ Buronya bere mu.

Sɛnea Buronya kyerɛ ma wo mprempren biara no, ebia wubebisa sɛnea ɛyɛe a efii ase. So ɛyɛ nokware sɛ Bible no foa akyɛde a wɔde ma wɔ Buronya mu no so? Buronya a wodi nnɛ no yɛ Kristofo afahyɛ ampa? Ma yɛnhwɛ.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim: Thomas Nast/Dover Publications, Inc., 1978

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena