Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 3
  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Buronya?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  •  Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 3

Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?

[Picture on page 3]

“Sɛnea nkurɔfo huru ho no, ebetumi aka obiara. Afahyɛ no ho amanne pii no abɛyɛ adwuma ama yɛn, na ɛmma yennya yɛn ho twabere koraa, enti ɛmma yennya adagyew mpo mma yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo. Ade a anka ɛsɛ sɛ yɛn ani gye no, ɛtɔ da bi a, ɔbrɛ a ɛwom nti yenhu anigye no mpo.”​—BRAD HENRY, NÁ ƆYƐ OKLAHOMA [U.S.A.] AMRADO, DECEMBER 23, 2008.

SƐ Buronya reba a, nnwom, sini ne dwumadi a wɔyɛ wɔ TV so no ma etumi ba nkurɔfo mu sɛ wɔbɛsɛpɛw wɔn ho paa. Sɛ edu Buronya bere a nkurɔfo pɛ sɛ wɔsɛpɛw wɔn ho no a, wohwɛ a dɛn na ɛsɛ sɛ ehia wɔn paa? So ɛyɛ

  • Yesu Kristo a wɔbɛkae no?

  • Nneɛma a wɔbɛkyekyɛ ama wɔn ani agye?

  • Biribi a wɔbɛyɛ de aboa ahiafo?

  • Abusuafo a wɔne wɔn behyia?

  • Nneɛma a wɔbɛyɛ ama asomdwoe aba?

Sɛnea Amrado Henry a yɛafa n’asɛm aka no kae no, nnipa a wodi Buronya no pii wɔ hɔ a, ɛyɛ den paa sɛ wɔn nsa betumi aka nneɛma a wɔde sisi wɔn ani so saa bere no. Buronya du a, nkurɔfo nnya wɔn ho adagyew koraa na ɛtaa de ɔbrɛ ne adwennwene ba, na nea enye koraa no, biribiara dan aguadi. Nnipa betumi anya ahosɛpɛw a wɔhwehwɛ no Buronya bere no anaa?

Bible hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnkae Yesu Kristo, yɛnkyɛ ade, yɛmmoa ahiafo na yennya bere mma yɛn abusuafo. Afei nso ɛma yehu sɛnea yɛne nnipa bɛtena asomdwoe mu. Enti nsɛmti a edidi kan yi mu no, yɛrenka nea enti a nkurɔfo nni Buronya,a na mmom nsɛmmisa a edidi so yi na yɛbɛka ho asɛm:

  • Dɛn na ebinom ka sɛ ɛno nti na wodi Buronya?

  • Dɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ nkurɔfo benya ahosɛpɛw a wɔhwehwɛ no Buronya bere no?

  • Bible mu nsɛm bɛn na aboa nnipa mpempem pii ama wɔanya biribi a ɛkyɛn Buronya?

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible aka a enti Kristofo binom nni Buronya a, hwɛ asɛm a wɔato din “Nsɛm a Akenkanfo Bisa—Adɛn na Ebinom Nni Buronya?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena