Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/1 kr. 30-31
  • So W’ani Sɔ Yehowa Asase So Ahyehyɛde No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ani Sɔ Yehowa Asase So Ahyehyɛde No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwati sɛ Wobɛyɛ Katee wɔ Afoforo Su Ho
  • ‘Biakoyɛ wɔ Adwenkoro Mu’
  • “Mayɛ Wo Momaso sɛ Ahemmo”
  • “Me Nkoa Ani Begye”
  • Wubetumi Anya Honhom Mu Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Tra Onyankopɔn Ahyehyɛde No Mu Na Nya Ahobammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Ahyehyɛde no Rekɔ N’anim​—Wo ne no Rebɔ Anan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Wɔbɛtrɛw Akɔ Akyiri Wɔ Wiase A Emu Yɛ Hu Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/1 kr. 30-31

So W’ani Sɔ Yehowa Asase So Ahyehyɛde No?

SƐ WOHWƐ dɛnkyɛmmo fɛfɛ bi a wɔatwa no yiye a, dɛn na wuhu? Ɔbohene bi a ɛyɛ fɛ ampa. Nanso sɛ wode maekroskop (adehwɛ afiri bi a ɛma wohu nneɛma kɛse) hwehwɛ saa dɛnkyɛmmo no ho yiye a, dɛn na wuhu? Ebetumi aba sɛ ɛho asensan, apaapae, nneɛma afoforo hyehyem, anaa sintɔ afoforo wɔ ho.

So wobɛsɛe dɛnkyɛmmo no anaa wobɛtow akyene esiane sɛnea wode maekroskop hwɛ a ɛte no nti ara kwa anaa? Dabida! Wo de fi maekroskop no ho ara kɛkɛ, na wobɛkɔ so ahu sɛnea ɛyɛ fɛ ne sɛnea ɛhyerɛn anwonwa kwan so a ɛma ɛda nsow wɔ aboɔden abo nyinaa mu no.

Te sɛ dɛnkyɛmmo no, Yehowa asase so ahyehyɛde no da nsow wɔ akwan ahorow pii so. Ahyehyɛde foforo biara nni asase so a ɛne Ɔbɔadeɛ no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den te sɛ ɛno. Ɔsomafo Petro kaa abusuabɔ titiriw yi ho asɛm wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa afeha a edi kan Kristofo a wɔasra wɔn, a na wɔwɔ ɔsoro anidaso no mu. Ɔkae sɛ: “Moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.” (1 Petro 2:9) Ɛnnɛ nnipakuw kɛse bi a wɔyɛ “nguan foforo” a wɔwɔ daa nkwa wɔ asase so ho anidaso no, abɛka saa “ɔman kronkron” no nkaefo no ho resom Onyankopɔn. (Yohane 10:16) Akuw abien yi bom yɛ ahyehyɛde bi a ɛda nsow te sɛ aboɔdenbo fɛfɛ bi a ɛhyerɛn ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.

Kwati sɛ Wobɛyɛ Katee wɔ Afoforo Su Ho

Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔwɔ wiase nyinaa ahyehyɛde yi mu. Enti, sɛ yɛde sɛnkyerɛnne kwan so maekroskop hwɛ mu a, dɛn na yebehu? Yiw, yebehu su bɔne ahorow ne nipasu mu sintɔ ahorow wɔ ankorankoro a wɔyɛ emufo no ho.​—Romafo 3:23.

Ɔsomafo Paulo gye toom sɛ ɔwɔ sintɔ ahorow a ɛtete saa. Ɔkae sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu.” (Romafo 7:21) Kristoni biara hyia saa asɛnnennen no. Yɛn nyinaa di mfomso ahorow. Bio nso, bere bi tumi ba a pii hu amane esiane obi foforo bi mfomso nti. Sɛ yɛn mfɛfo Kristofo sintɔ ahorow da adi a, so ɛsɛ sɛ yɛn aba mu bu anaa anigye a yɛwɔ no so tew? So ɛsɛ sɛ ɛno ma Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ a yɛwɔ no ano brɛ ase? Dabida! Mmom no, ɛsɛ sɛ yegyae maekroskop no mu hwɛ, sɛ yɛbɛka no saa a, na yegyae ankorankoro sintɔ ahorow a ɛno nkutoo na yɛhwɛ no.

Kyerɛwnsɛm no bobɔ su horow bi a ɛbɛma wɔahu wɔn a honhom kronkron no wɔ wɔn so no din. Ebi ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (Galatifo 5:22, 23) Nea ɛne ɛnonom bɔ abira no, wiase yi mu nyamesom, amammui, ne aguadi ahyehyɛde ahorow no taa da nea Bible no frɛ no ɔhonam nnwuma no adi: “ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa.” (Galatifo 5:20, 21) Enti, te sɛ dɛnkyɛmmo a ɛhyerɛn wɔ abo bi mu no, Yehowa nkurɔfo da nsow wɔ wiase bi a aporɔw wɔ honhom fam no mu.​—Mateo 5:14-16.

‘Biakoyɛ wɔ Adwenkoro Mu’

Ade biako a ɛda nsow wɔ dɛnkyɛmmo ho ne sɛnea emu atom ahorow no akeka abom denneennen no. Saara na Yehowa asase so ahyehyɛde no da ɔkyerɛkyerɛ ne onuayɛ mu biakoyɛ bi a ebiara ne no nsɛ adi. Wɔn a wɔyɛ saa ahyehyɛde no mufo de afotu a ɛwɔ Bible no mu wɔ 1 Korintofo 1:10 no di dwuma, nea ese: “Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” Yehowa Adansefo adi mmusua afoforo ho adwene a ɛnteɛ ne obi man a ɔde hoahoa ne ho nso so nkonim. Esiane sɛ wɔwɔ “nyansa a efi soro” no nti, wɔnyɛ ‘nnipa mu nyiyim.’ (Yakobo 3:17) Yɛhyɛ Yehowa anuonyam sɛ watumi ayɛ ade a ɛte sɛɛ wɔ ahyehyɛde a emufo yɛ nnipa a wɔtɔ sin no mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, The Christian Century nsɛmma nhoma reka afe 1990 ho asɛm no, ɛkae sɛ “ɛte sɛ nea nyamesom akuw ne mmusua mu mpaapaemu ne ɔman ho dɔ nsusuwii ahorow a abusuabɔ pintinn da ɛne nyamesom gyidi horow ntam no apaapae wiase no mu sen bere biara. Efi India kosi Europa ne efi Mfinimfini Fam Apuei kosi Pasifik no, nyamesom ne mmusua ne ɔman ho dɔ mu nokwaredi adi afra​—ma mpɛn pii no ekowie amammuisɛm mu basabasayɛ mu.” Ɛda adi pefee sɛ ahyehyɛde a ɛwɔ Yehowa honhom ne nhyira no nkutoo mu na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no betumi akɔ.

“Mayɛ Wo Momaso sɛ Ahemmo”

Dɛnkyɛmmo ne abɔde mu ade a ɛyɛ den sen biara a nnipa nim. Bible no ka sɛnea wɔde dɛnkyɛmmo di dwuma de kyerɛw ade wɔ nneɛma a ɛyɛ den so no ho asɛm. (Yeremia 17:1) Hyɛ Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Hesekiel no nso nsow: “Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo momaso ayɛ den ahyɛ wɔn momaso. Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo.” (Hesekiel 3:8, 9) Yehowa maa Hesekiel nyaa akokoduru a ɛyɛ den sɛ dɛnkyɛmmo ma otumi hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn.​—Hesekiel 2:6.

Saara na nnɛ, Yehowa ama ne nkurɔfo anya denhyɛ te sɛ dɛnkyɛmmo a wɔde hyia ɔsɔretia. Yehowa Adansefo atumi agyina bara a wɔbara wɔn wɔ mmara mu, nnipakuw basabasayɛ, tow a wotow hyɛ wɔn so kum wɔn, ɔhwe, afiasenna a ɛnteɛ, ayayadeyɛ, ne okum mpo ano. Nanso wɔada wɔn gyidi adi sɛ ɛyɛ nea wɔrentumi mma wonnyaa mu.

“Me Nkoa Ani Begye”

Bible kaa bere bi a nnipa bɛyɛ wɔn ho sɛ ‘wɔwɔ onyamesom pa bi’ nanso “wɔbɛpa emu ahoɔden” no ho asɛm siei. (2 Timoteo 3:1, 5) Atesɛm krataa bi bɔ amanneɛ sɛ “Protestantfo, Roman Katolekfo ne Yudafo” asɔre a nnipa regyae ne hyia adan a ɛso rehuan no “ho asɛm haw wɔn nyinaa.” Nanso, Yehowa Adansefo de, wɔma wɔn ani ku Bible no sua ho. Mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, a wɔn dodow kɔ so yɛ kɛse no nyinaa kɔ dapɛn dapɛn nhyiam horow no. Krataa bi a wɔde kɔmaa atesɛm krataa bi kaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔn ɔsom no ne ade a ɛsom bo sen biara ma wɔn, na nea ehia wɔn ara ne sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.”

Su a ɛte saa no ma Yehowa ahyehyɛde no da nsow te sɛ dɛnkyɛmmo a ɛsom bo. Na ɛho nidi no yɛ Onii a ɔnam ne honhom kronkron no so hyɛ nnipa a wɔtɔ sin den na ɔkyerɛ wɔn kwan no dea.

Odiyifo Yesaia ka siei sɛ: “Sɛ Awurade Nyankopɔn [Yehowa] se ni: Hwɛ me nkoa bedidi . . . Hwɛ, me nkoa bɛnom . . . Hwɛ, me nkoa ani begye . . . Hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom.”​—Yesaia 65:13, 14.

Yehu nkɔmhyɛ yi mmamu nnɛ. Onyankopɔn hwɛ ne nkurɔfo wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so! Enti, sɛ wo ne wɔn bɔ a, mma kwan na nsusuwii a ɛnteɛ biara ama wahwere w’anigye. Hwɛ ahyehyɛde mũ no nyinaa na kae sɛ: Asase so ahyehyɛde foforo biara nni hɔ a ɛwɔ Onyankopɔn ɔhwɛ ne n’ahobammɔ titiriw. Nnyae da sɛ wubebu hokwan a wanya sɛ woyɛ emuni no sɛ ɛsom bo ma wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena