“N’adɔe Sõ”
SƐNEA JOSẼ VERGARA OROZCO KA KYERƐE
Wususuw sɛ wubetumi anya biribi a ɛkanyan wo foforo wɔ w’asetram bere a wadi mfe 70 anaa? Minyaa bi. Na ɛno sii bɛyɛ mfe 35 a atwam ni.
Ɛdenam Yehowa adɔe so no, masom sɛ daa ɔkwampaefo fi 1962 mu ne sɛ ɔhwɛfo wɔ El Carrizal Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Jalisco mantam mu wɔ Mexico no mu fi 1972. Ma menka me ho asɛm kakra menkyerɛ wo.
WƆWOO me wɔ Michoacán mantam a ɛwɔ Mexico no mu, wɔ August 18, 1886. Na me papa yɛ kuw a wɔfrɛ wɔn Freemason no muni, enti na yɛn abusua no nkɔ Katolek Asɔre, na saara na yɛamfa yɛn ho anhyɛ Katolek asɔre no afahyɛ ahorow no biara mu, na na yenni nyamesom ahoni biara wɔ yɛn fie.
Bere a midii mfe 16 no, me papa tuu bata kɔɔ United States, nanso ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbarima bi nkyerɛ me nsaanodwuma. Nanso mfe abien akyi no, ɔbarima no de me kɔɔ Mexico City sɛ menkosua ade wɔ sraadi sukuu bi mu. Ɛno akyi no, mifii ase yɛɛ adwuma sɛ ɔsraani wɔ Mexico asraafo mu.
Wɔ Sraadi mu ne Ɛno Akyi
Mekoe wɔ Mexico Ɔman Anidan a efii ase wɔ 1910 mu no mu. Yɛn mmerante a yɛwɔ sraadi sukuu, no mu hɔ nyinaa gyinaa Francisco I. Madero, a na ɔyɛ ɔman anidanfo bi a ɔsɔre tiaa Porfirio Díaz kankabi nniso no akyi. Yegyinaa Madero akyi kosii sɛ owui wɔ 1913 mu, na ɛno akyi no, yekogyinaa Venustiano Carranza, a odii ɔmampanyin fi 1915 kosii 1920 no akyi. Na wɔfrɛ yɛn sɛ Carranzistafo.
Mebɔɔ mmɔden mpɛn anan sɛ mɛma wɔayi me afi sraadi mu, nanso anyɛ yiye. Awiei koraa no, miguan na medan obi a wɔhwehwɛ no akyere no. Eyi nti wɔde me papa a na wasan aba Mexico no kɔtoo afiase. Da koro bi, meyɛɛ me ho sɛ ne wɔfaase kɔsraa no wɔ afiase. Yɛnam nsɛm a yɛkyerɛw guu nkrataa asinasin so dii nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a awɛmfo no rente nea yɛreka no. Sɛnea ɛbɛyɛ na obiara anhu onii ko a meyɛ no, mewee krataa no.
Woyii me papa fii afiase no, ɔbɛsraa me na ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa me ho nkɔma atumfo no. Meyɛɛ saa, na nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no ankyere me. Mmom no, ɔhyɛɛ me nyansa sɛ menkɔ United States. Mede ne nyansahyɛ no dii dwuma na mekɔtraa hɔ fi 1916 kosii 1926.
Wɔ 1923 mu no, mewaree Mexiconi bea bi a na ɔno nso te United States. Misuaa ɔdansi mu adwuma bi, na yegyee abeawa ketewaa bi sɛ yɛn ba. Odii asram 17 no, yɛsan kɔɔ Mexico na yɛkɔtraa Jalpa, wɔ Tabasco. Afei ‘Cristero atuatew’ no fii ase, na ɛkɔɔ so fi 1926 kosii 1929.
Na Cristerofo no pɛ sɛ mekɔka wɔn ho. Nanso, na me ne m’abusua no pɛ sɛ yeguan kɔ Aguascalientes Mantam mu mmom. Bere a yɛatra Mexico ɔman no mu mmeae ahorow akyi no, yɛkɔtraa Matamoros, Tamaulipas wɔ 1956 mu, faako a mifii ase hwɛɛ ɔdansi nnwuma ahorow so.
Nsakrae Ba M’asetra Mu
Saa bere yi na m’asetra fii ase sakrae. Na me babea no a saa bere yi waware na ɔte ɔhye no akyi wɔ Brownsville, Texas, U.S.A. no taa bɛsra yɛn. Da koro ɔkae sɛ: “Paapa, mmusua ahorow pii rehyiam wɔ ɔman asa no so mprempren yi ara. Yɛnkɔ nkɔhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ hɔ.” Na ɛyɛ Yehowa Adansefo nhyiam. Me ne me babea, m’asebarima, me banana, ne me yere nyinaa kɔɔ nhyiam no ase nnanan no nyinaa.
Efi saa afe no so no, yɛkɔɔ Yehowa Adansefo Kristofo nhyiam ahorow no. Minyaa honhom mu nkɔso wɔ Mexico na me babea no nso yɛɛ saa wɔ United States. Ankyɛ na mifii ase kaa Bible mu nokware ahorow a meresua no ho nsɛm kyerɛɛ me mfɛfo adwumayɛfo no. Na migye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma biara a ɛba no mu du na mekyekyɛ ma me mfɛfo adwumayɛfo no. Wɔn a wɔwɔ adwumayɛbea hɔ no mu baanum, ne mfiridwumayɛfo baasa ne adwumayɛfo afoforo no bi bɛyɛɛ Adansefo.
Oo, hwɛ sɛnea na awɔw wom saa December 19, 1959 da no, bere a wɔbɔɔ me asu wɔ asubɔnten no mu no! Obiara a wɔbɔɔ no asu saa da no yaree esiane sɛnea na nsu no ayɛ wiridudu nti. Wɔbɔɔ me babea no asu ansa na wɔrebɔ me asu, na ɛwom sɛ me yere ammɔ asu de, nanso obehuu Bible mu nokware no, na na ɔne me yɛ biako yiye.
Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma No
Metee nka sɛ mede Onyankopɔn adɔe nyinaa ho ka, enti wɔ February 1962 mu, bere a madi mfe 75 no, mifii bere nyinaa som adwuma ase sɛ ɔkwampaefo. Mfe kakraa bi akyi no, me yere wui wɔ 1968 mu. Saa bere no na mepɛ sɛ mesom wɔ ɔman foforo so, nanso esiane mfe a na madi no nti, anuanom no susuwii sɛ ɛno renyɛ papa. Nanso, wɔ 1970 mu no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo wɔ Colotlán a ɛwɔ Jalisco mantam mu no, faako a na asafo ketewaa bi wɔ no.
Wɔ September 1972 mu no, ɔmansin sohwɛfo no hyɛɛ me nyansa sɛ mintu nkɔ kurow ketewaa El Carrizal, a ɛbɛn Colotlán no mu. Wɔ saa afe no November mu no, wɔhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ, na wɔpaw me sɛ ɔpanyin. Ɛwom sɛ ɛyɛ kurow a atew ne ho de, nanso nnipa bɛyɛ 31 ba nhyiam horow no.
Mfe a madi nyinaa akyi no, meda so ara yɛ ɔsom adwuma no, bɔ mmɔden denneennen sɛ mɛboa afoforo ma wɔasusuw wɔn gyidi horow ho. Sɛ nhwɛso no, Katolekfo akomapafo tĩ mu ka Maria Mo mpaebɔ no wɔ Rosary no mu sɛ: ‘Maria, Mo, ɔdom ayɛ wo ma; Awurade di w’akyi.’ Mpaebɔ no de ka ho sɛ: ‘Maria Kronkron, Onyankopɔn Na.’ Mibisa wɔn sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ yiye saa? Sɛ Onyankopɔn ne nea ogye Maria a, ɛyɛ dɛn na Ɔyɛ ne ba bere koro no ara mu?’
Mprempren madi mfe 105 na mede bɛyɛ mfe 20 asom sɛ ɔpanyin ne daa ɔkwampaefo wɔ El Carrizal, Jalisco. Mete nka sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ nti na matra ase mfe pii sɛɛ yi, efisɛ saa kwan yi so no, mɛyɛ adwuma de ahyɛ m’asetra mu mfe pii a mesɛee no bere a na mensom No no ananmu.
Ade biako a masua ne sɛ ɛsɛ sɛ yenya ahotoso bere nyinaa sɛ yɛn Temmufo Pumpuni no fi ne trenee ahengua no so rehwɛ yɛn na ɔma yɛn nsa ka yɛn ahiade ahorow. Sɛnea Dwom 117:2 ka no: “N’adɔe sõ yɛn so.”