Dwoodwoo Asetra Bɛn Na Wo Kɔn Dɔ?
NIPA ahorow wɔ dwoodwoo asetra ho adwene a egu ahorow. Ebinom bu no sɛ sraadi tumidi ahorow a wɔsɔre tia wɔn ho wɔn ho ntam asomdwoe. Sɛ nhwɛso no, atumfo a wɔwɔ tumi sen biara wɔ wiase no mu no ne wɔn nnamfo a wɔwɔ Europa no adwene ahyia wɔ nneɛma pii a wɔbɛyɛ na ama nsɛm nketenkete a ebetumi ama wiase nyinaa Nuklea akodi aba ho asiane ano abrɛ ase no ho. Stockholm International Peace Research Institute Yearbook 1990 da ahodwiriw adi wɔ sɛnea aman a “wɔwɔ wiase no mmeae afoforo” ani nnye nneɛma a ɛte sɛɛ ho no ho.
Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman a ahia wɔn so no fam no, “dwoodwoo asetra” kyerɛ aduan ne akwahosan pa. Amammuisɛm ho ɔdenimfo Yash Tandon kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɛba ‘asomdwoe ne dwoodwoo asetra’ ho nsusuwii so a, adwenhorow a wɔanya wɔ Atɔe Fam amammerɛ a abu so mu na edi akoten. . . . Wobu ‘dwoodwoo asetra’ sɛ ɛfa akode ne akode a wobeyi afi hɔ ho, na ɛmfa dwoodwoo asetra ho ɔhaw a wiase mufo nkyem abiɛsa mu abien a wodi kɔm na wonni dabere wɔ no ho koraa.”
Nanso Bible no hyɛ bɔ sɛ akodi remma Onyankopɔn Ahenni no mu. “Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew teaseɛnam.” (Dwom 46:9; Yesaia 2:4) Honam fam ɔyare bɛyɛ ade a atwam. “Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.
Sikasɛm mu ahokyere renhaw obiara wɔ saa Ahenni no ase. “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni.”—Yesaia 65:21, 22.
Nanso, nea ɛho hia koraa sen ɛno no, Ahenni no beyi ade titiriw nti a asomdwoe ne dwoodwoo asetra nni hɔ no afi hɔ. Hena na ɔhyɛ onipa nniso a adi nkogu na ɛde nhyɛso aba bere tenten no akyi? Bere a Onyankopɔn fi ntease pa mu ama wɔn kwan ma wɔakɔ so atra hɔ no, nea asodi no da no so ne Satan, efisɛ Bible no se ‘wiase nyinaa hyɛ ne tumidi ase.’—1 Yohane 5:19.
Ɛnde hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahotɔ, sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no, Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Romafo no bɛbam koraa: “Na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm”! (Romafo 16:20) Onyankopɔn soro Ahenni a ɛhyɛ Ɔhene Yesu Kristo ase no nkutoo na ebetumi ayɛ ade a ɛte saa. Enti, ɛyɛ saa Ahenni no ase nkutoo na wɔbɛdan asase no ayɛ no paradise.—Genesis 1:28; Luka 23:43.
Yiw, dwoodwoo asetra a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Bible no mu no ye kyɛn so na ɛde mfaso pii bɛba sen biribiara a onipa ayɛ. Yɛkenkan mpo sɛ “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio”! (Adiyisɛm 21:4) So yebetumi anya bɔhyɛ ahorow a ɛtete saa mu ahotoso? Yiw, efisɛ Ɔbɔadeɛ a ɔne ade nyinaa so tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn na ɔhyɛe, nea ɔka sɛ: “M’asɛm a efi m’anom . . . rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:11) Nneɛma a Yehowa Nyankopɔn redi ho dwuma mprempren mpo na ama adesamma anya asomdwoe, dwoodwoo asetra, ne yiyedi a ɛbɛtra hɔ daa na ɛyɛ anigye, a ɔde bɛsan Ne daa tumidi ho no yɛ nea ebedi nkonim ɔkwan biara so.