Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/1 kr. 6-7
  • Nuklea ho Asiane—Woyi Fi hɔ Koraa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nuklea ho Asiane—Woyi Fi hɔ Koraa!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Asomdwoe ne Ahotɔ”—Nea Ɛyɛ Nnaadaa
  • Asomdwoe ne Ahotɔ—Nea Ɛyɛ Nokware
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Daakye a Osuro Nnim Bɛba Da Bi!
    Nyan!—1999
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/1 kr. 6-7

Nuklea ho Asiane—Woyi Fi hɔ Koraa!

ƐNYƐ Onyankopɔn pɛ ne sɛ adesamma bɛtra ehu mu. Sɛ́ ‘anigye Nyankopɔn no,’ ɔpɛ sɛ wonya asomdwoe ne dwoodwoo asetra—ne tiawa mu no, ɔpɛ sɛ wɔn ani gye. (1 Timoteo 1:11) Ɛda adi pefee sɛ eyi ntumi nyɛ yiye wɔ wiase a nuklea ho asiane ayɛ mu ma mu.

“Asomdwoe ne Ahotɔ”—Nea Ɛyɛ Nnaadaa

Ɛsɛ sɛ wohu sɛ nuklea ho asiane no da so wɔ hɔ. Nanso, ɛmfa ho amammui, sikasɛm, ne asetram basabasayɛ a ɛrekɔ so no, ɛte sɛ nea aman nyinaa da so wɔ awerɛhyem bi. Mmɔden kɛse a wɔakɔ so abɔ sɛ wobeyi asiane no afi hɔ no ada adi fi 1986, Amanaman Nkabom no Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no.

The Bulletin of the Atomic Scientists no asan wɔn ɔsɛe da ho dɔn no nsa akɔ akyi wɔ mfe du a atwam mu—ɔkwan a wɔnam so kyerɛ ba a nuklea ko betumi aba—afi simma 3 akɔ akyi simma 17 ansa na yɛadu ɔdasu mu. Stockholm International Peace Research Institute kae wɔ 1989 mu sɛ “wɔanya ɔkwampa a wɔbɛfa so asiesie ɔko ho nsɛm asomdwoe mu sen afe foforo biara fi bere a Wiase Ko II baa awiei no.”

Wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔahyɛ Amanaman Nkabom no den na adi amanaman a wɔredi ako ho dwuma. Bere a wɔn mmɔdenbɔ no ntumi nsii yiye biara no, atumi ama nnipa nyinaa anya awerɛhyem bi. Ɛda adi sɛ ebedi nkonim afoforo daakye. Ebia “asomdwoe ne ahotɔ” ho mpaemuka no bɛyɛ kɛse na emu ayɛ den. Na ebia nkurɔfo pii benya wɔn mu gyidi mpo.

Nanso hwɛ yiye! Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” Enti, “asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka bɛkyerɛ ɛbere a Onyankopɔn de ‘ɔsɛe bɛba wɔn a [wɔnam efĩ, nuklea ho fĩ ne akwan foforo so] resɛe asase no so.’—1 Tesalonikafo 5:3, 4; Adiyisɛm 11:18.

Hyɛ no nsow sɛ Bible no nka sɛ amanaman no benya “asomdwoe ne ahotɔ.” Ɛda adi sɛ wɔbɛka ho asɛm wɔ ɔkwan soronko so, na wɔada awerɛhyem ne gyidi a wonnyaa bi da adi. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔabɛn asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho sen bere biara. Ɛmfa ho nuklea ho asiane a ɛrekɔ so no, wɔbɛdaadaa amanaman no ma wɔate nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ.

Nanso, wɔrennaadaa nokware Kristofo. Wɔde anigye bɛhwɛ biribi pa kwan asen nnipa asomdwoe ne dwoodwoo asetra no!

Asomdwoe ne Ahotɔ—Nea Ɛyɛ Nokware

Sɛnea Dwom 4:8 kyerɛ no, ɛnam Yehowa Nyankopɔn nhyehyɛe nkutoo so na wobenya nokware asomdwoe ne dwoodwoo asetra: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, [Yehowa], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” “Asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka biara a wɔbɛda no adi wɔ Yehowa Ahenni nhyehyɛe no akyi bɛyɛ nnaadaa ara kwa. Entumi mfa biribi a ɛtra hɔ kyɛ mma.

Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no renni nneɛma ho dwuma bi-ne-bi. Ɔsoro nniso bɛyɛ nea ɛsen nuklea akode so kɛkɛ a ɛbɛtew; ɛbɛsɛe ɛno ne akode foforo nyinaa koraa. Dwom 46:9 hyɛ bɔ sɛ: “Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.”

Saa ara na nuklea ho asiane a nuklea ahoɔden mfiri a entumi nyɛ adwuma yiye anaa nsõ a awuduru wom de ba no befi hɔ koraa. Sɛ amma a saa nsɛm yi bɛyɛ atoro: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa] ano na aka.” Onyankopɔn ntumi nni atoro. Ɛnsɛ sɛ biribiara ma yɛadwenem yɛ yɛn nãã wɔ ne nsɛm ho.—Mika 4:4; Tito 1:2.

So w’ani begye sɛ wubenya wiase a wobeyi nuklea ho asiane afi mu koraa mu asetra ho anidaso? Wubetumi anya, efisɛ Onyankopɔn Asɛm da ɛho ahwehwɛde ahorow no adi pefee. Ɛdenam ɛho ade a wubesua ne tra a wode bɛtra ase sɛnea ɛsɛ so no, ebia da koro wode ahotɔ bɛka no anigye so sɛ: “Nuklea ho asiane no—atwam afei!”

[Kratafa 7 mfonini]

Asomdwoe bedi nkonim wɔ Onyankopɔn wiase foforo a nuklea ho asiane biara nni hɔ mu

[Asɛm Fibea]

M. Thonig/H. Armstrong Roberts

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]

U.S. National Archives photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena