Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 9/8 kr. 9-11
  • Daakye a Osuro Nnim Bɛba Da Bi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye a Osuro Nnim Bɛba Da Bi!
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Efi Titiriw
  • Wiase Nniso Bi De Biakoyɛ Bɛba Mmaa Nyinaa
  • “Kommyɛ ne Ahotoso”
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nuklea ho Asiane—Woyi Fi hɔ Koraa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Akodi—Yebetumi Akwati?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 9/8 kr. 9-11

Daakye a Osuro Nnim Bɛba Da Bi!

“Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.”—YESAIA 14:7.

“YƐTE nuklea akode mu akatakyie ne ɔbra pa mu nkokoaa wiase mu. Yɛwɔ akodi ho nimdeɛ sen asomdwoe, yɛwɔ awudi ho nimdeɛ sen sɛnea yɛbɛtra ase.” Saa nsɛm no a U.S. Sahene bi kae wɔ 1948 mu no kae yɛn asɛm a ɛwɔ Bible mu yi: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Sɛ nnipa nya nuklea atopae a, ɛnyɛ sɛ wobetumi de apira wɔn yɔnko nnipa nko; wobetumi de atɔre wɔn ase!

Nnipa pii gye tom sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ nkurɔfo benya nuklea akode na wɔde adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, kan U.S. Wim Akofo sahene bi a wɔfrɛ no George Lee Butler kae sɛ: “Sɛ obi wɔ nuklea akode kɛkɛ a, adwene a ɛwɔ akyiri ara ne sɛ, . . . wɔ tebea bi mu no, yebetumi de saa akode no adi dwuma. Ɛnteɛ koraa.”

Nanso, Britaniani sɛnkyerɛwfo Martin Woollacott ka sɛ: “Ɛmfa ho nea nyansakyerɛfo ne wɔn a abrabɔ ho nsɛm hia wɔn ka fa mfaso a enni nuklea akode so ne fata a ɛmfata ho no, wɔkyerɛ ho anigye. Aban mpanyimfo gye di sɛ wohia na wɔde abɔ ɔman ho ban; afei nso nea ɛma wɔn ani gye ho ne sɛ akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo te nka sɛ nuklea akode ma wonya tumi soronko a amammuifo ne asraafo gye tom na wɔpɛ sɛ wonya bi.”

Ɛyɛ nokware sɛ mfe aduonum a atwam ni no, nnipa atumi akwati nuklea akodi. Nanso bere koro no ara mu no wɔde akode afoforo akunkum nnipa mpempem pii. Sɛ yɛhwɛ nea nnipa ayɛ a, ntease wom sɛ yebesusuw sɛ bere bi bɛba a, wɔde saa akode huhuuhu yi bedi dwuma.

Nea Efi Titiriw

Wobetumi ayɛ ama nnipa agyae ko? Ebinom ka sɛ nkwaseasɛm, pɛsɛmenkominya, ne anuɔden a ɛmfata na ɛma nnipa di ako. Nhomanimfo Kenneth Waltz ka sɛ: “Sɛ eyinom ne ade titiriw a ɛde ɔko ba a, ɛnde gye sɛ wɔyɛ nnipa adwene yiye ma wɔn ntetee ansa na wɔatumi ayi akodi afi hɔ.”

Afoforo ka sɛ amammui nhyehyɛe no na ɛde akodi ba. Esiane sɛ ɔman biara hwehwɛ nea eye ma ne manfo nkutoo nti, wontumi nnyae akodi. Esiane sɛ wɔmmɔɔ kwan biara a wɔbɛfa so asiesie nsɛm yiye ntoo hɔ nti, ɛde ɔko ba. William E. Burrows ne Robert Windrem kyerɛw wɔ wɔn nhoma Critical Mass mu sɛ: “Baabi a ɛyɛ den paa ne amammuisɛm. Nniso biara ntumi nnyina gye sɛ wɔde wɔn ani asi so sɛ wobegyae akode akɛse a wɔreyɛ no na wɔayi nea ɛwɔ hɔ no mpo afi hɔ.”

Susuw Nuklea Akode Biara a Wɔnsɔ Nhwɛ Ho Apam a wogu so resusuw akwan a wɔbɛfa so de ayɛ adwuma ho no ho hwɛ. Guardian Weekly kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “nneɛma a aman a wɔwɔ nuklea akode sen biara no ne aman a wɔwɔ nuklea akode wɔ sum ase dedaw anaa wɔwɔ nimdeɛ a wobetumi de ayɛ bi ntɛm no di ho anobaebae dennennen.” Asɛm koro no ara gye tom sɛ: “[Akuw no] mu biara nni nhyehyɛe biara sɛ wɔbɛtow wɔn akode no anaa ɛho nimdeɛ agu, mmom wɔpɛ sɛ wonya mu nkɔso.”

Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ aman nyinaa yɛ biako ansa na wɔatumi ayi nuklea ho asiane nyinaa afi hɔ. Critical Mass nhoma no ka sɛ: “Enti ɛsɛ sɛ obiara gye ne yɔnko di wɔ mmaa nyinaa sen sɛ wobenya adwene a ɛne sɛ sɛe me ma mensɛe wo, . . . anyɛ saa a asɛnkɛse bi besi da bi.” Awerɛhosɛm ne sɛ amanaman ntam nkitahodi ne agyinatu a ɛkɔ so nnɛ no taa kɔyɛ sɛnea odiyifo Daniel kaa ho asɛm mfeha 26 ni no: ‘Wɔka atosɛm adidipon biako ho.’—Daniel 11:27, Byington.

Wiase Nniso Bi De Biakoyɛ Bɛba Mmaa Nyinaa

Nanso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ankasa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nokware biakoyɛ aba mmaa nyinaa wɔ wiase nniso bi a etu mpɔn ase. Nnipa mpempem pii abɔ saa nniso yi ho mpae a wɔn adwene mma so wɔ Awurade Mpaebɔ yi mu: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ahenni yɛ nniso. Na saa Ahenni nniso no Sodifo ne Asomdwoe Hene, Yesu Kristo. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba . . . Asafo [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” (Yesaia 9:6, 7) Bible hyɛ saa nniso a Yesu bedi so hene no ho bɔ sɛ: “Ebebubu ahenni horow” anaa nnipa nniso “nyinaa ama asã.”—Daniel 2:44.

Wiase nniso yi na ɛde nokware asomdwoe ne ahobammɔ bɛba—na ɛnyɛ nuklea akode a obiara de bɔ ne yɔnko hu anaa akode ho apam ahorow a enni mu na ɛde bɛba. Dwom 46:9 hyɛ nkɔm sɛ Yehowa Nyankopɔn na “ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.” Mfaso biara nni akwan a wɔfa so yɛ nneɛma a ahotoso nni mu no so. Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no bɛyɛ pii asen nuklea akode kɛkɛ a ɛbɛtew so—ebeyi ɛno ne akode afoforo nyinaa afi hɔ koraa.

Nuklea ho asiane biara remma efisɛ aman a wɔyɛ den wɔ ɔko mu biara remma, ahohwifo man biara remma, na amumɔyɛfo biara remma. Nokware asomdwoe na ɛbɛtra hɔ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.” Nsɛm a efi honhom mu yi fi Onyankopɔn a ontumi nni atoro no hɔ.—Mika 4:4; Tito 1:2.

Sɛnea Dwom 4:8 kyerɛ no, Yehowa Nyankopɔn nhyehyɛe nkutoo na ebetumi ama yɛanya nokware asomdwoe ne ahobammɔ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo [Yehowa, NW], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” Sɛnea nnipa abakɔsɛm ada no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so no, sɛ ɛnyɛ Yehowa Ahenni no a, “asomdwoe ne ahotɔ” bɔhyɛ biara a efi baabi foforo no ntumi nyɛ papa.—Fa toto 1 Tesalonikafo 5:3 ho.

“Kommyɛ ne Ahotoso”

Nanso sɛnea nnipa ankasa pɛ akodi no nso ɛ? “Wiasefo [besua] trenee.” (Yesaia 26:9) Trenee ho adekyerɛ a ɛte saa no bɛsesa nnipa su ne wiase tebea koraa: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa.” (Yesaia 32:17) Anuɔdensɛm ne basabasayɛ nyinaa befi hɔ ama yɔnko dɔ ne afoforo yiyedi ho a wosusuw aba ma obiara ho atɔ no. Asase sofo de “wɔn nkrate [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

Yesaia kaa no nkɔmhyɛ kwan so sɛ nnipa a wɔyɛ wɔn ade te sɛ mmoa bɛsesa. Ɔkae sɛ bere bi bɛba a “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma.” Ne saa nti, “habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so.”—Yesaia 11:6-9.

Gyidi a Yehowa Adansefo wɔ wɔ Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow yi mu no ama wɔanya asetram anidaso. Sɛ yɛhwɛ nea ɛda yɛn anim a, yehu sɛ daakye nuklea akode rensɛe asase yi pasaa. Mmom no, yehu Bible nkɔmhyɛ yi mmamu: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Ebia ebinom bɛka sɛ saa gyidi yi yɛ mmofrasɛm na enni nnyinaso. Nanso hena na odi mmofrasɛm ankasa? Nea ogye Onyankopɔn bɔhyɛ di anaa nea ogye amammuifo bɔhyɛ hunu no tom? Wɔn a wɔpɛ asomdwoe no fam no, mmuae no da adi pefee.a

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo aboa nnipa mpempem pii ama wɔagye Bible no asɛm a anidaso wom no atom denam ofie Bible adesua a wontua ho hwee so. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe ama wɔabɛsra wo denam nkitaho a wo ne wɔn a wɔkyerɛw nsɛmma nhoma yi bedi anaa Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ a wobɛkɔ hɔ no so.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4

[Kratafa 9 mfonini ahorow]

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, mmusua ‘bɛtra hɔ dwoodwoo,’ na wobeyi akode nyinaa afi hɔ

[Kratafa 10 mfonini]

Sɛ nkurɔfo sua Onyankopɔn Asɛm Bible no de di dwuma a, eyi su a ɛma nnipa di ako no fi hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena