Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 32
  • “Yehowa Adansefo?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yehowa Adansefo?”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 32

“Yehowa Adansefo?”

ATIFI hɔ asemmisa yi puei sɛ asɛmti bi wɔ Finnish kasa mu Bulletin of the University of Helsinki no mu. Na krataa bi a Ɔbenfo Jorma Palo kyerɛwee wɔ asɛmti no ase, na nsɛm a ɛwom no bi ne sɛ: “Mehwɛɛ yɛn sukuupɔn no nsɔano a wɔatintim wɔ yɛn Bulletin no anim no yiye. Mihuu Hebri kyerɛwsɛm bi wɔ ɔfã a ɛwɔ atifi no mfinimfini, na mibisaa me hɔho bi a ɔyɛ Yudani nea ɛkyerɛ. Sɛnea saa nhomanimfo a onim Hebri kasa no kyerɛ no, saa asɛmfua no kyerɛ ‘Yehowa’ wɔ Finnish kasa mu.”

Onyankopɔn din a na ɛwɔ Finland sukuupɔn yi nsɔano so no yɛɛ nnipa binom nwonwa. Nanso, nokwarem no, sukuupɔn no adi mfe 350, na bere a wɔhyehyɛɛ no, na wonim din Yehowa no yiye na nnipa pii de di dwuma wɔ Europa nyinaa. Wohu din no wɔ ɔman adan, sika, ne nsɔano ahorow pii a wɔyɛe wɔ saa bere no mu ho.​—Hwɛ brochure The Divine Name That Will Endure Forever no mu.

Wɔ yɛn afeha yi mu no, Kristoman mfa Onyankopɔn din nni dwuma bio, na pii werɛ afi kan anigye a na wɔwɔ wɔ ho no. Kuw biako pɛ na wɔde saa din kronkron no di dwuma wɔ ɔsom mu na wɔka ho asɛm kyerɛ, ma ɛne Awurade Mpaebɔ no mu adesrɛde a edi kan no hyia sɛ: ‘Yɛn Agya a ɔwɔ soro, ma wo din ho ntew.’ (Mateo 6:9) Enti na bere a wohuu din nɔ wɔ sukuupɔn no nsɔano no so no, Yehowa Adansefo ho adwene baa nkurɔfo adwenem ntɛm ara no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Yliopisto

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena