Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Hebrifo 9:16 se ɛsɛ sɛ apam yɛfo wu ansa na apam bi adi mũ. Nanso Onyankopɔn na ɔyɛɛ apam foforo no, na wanwu. Enti ɛsɛ sɛ yɛte nkyekyem yi ase dɛn?
Yɛkenkan wɔ Hebrifo 9:15-17, New World Translation, sɛ: “Enti na [Kristo] yɛ apam foforo bi ntamgyinafo, sɛnea ɛbɛyɛ na, owu a owui de yɛɛ kan apam no mu mfomso ho gye nti, wɔn a wɔabɔ daa agyapade din afrɛ wɔn no anya bɔhyɛ no. Efisɛ faako a apam wɔ no, ɛhɔ na etwa sɛ wɔkyerɛ sɛ [ɔdesani] apam yɛfo no awu. Na apam tim awufo so, esiane sɛ enni dwuma bere biara da wɔ bere a [ɔdesani] apam yɛfo no te ase nti.”a
Yehowa ne apam foforo no Yɛfo ankasa. Wɔ Yeremia 31:31-34 no, Onyankopɔn ka siei pɔtee sɛ ɔno ankasa na ɔne ne nkurɔfo bɛyɛ apam foforo no. Ɔsomafo Paulo fa ɛno de ka asɛm wɔ Hebrifo 8:8-13, na ɛkyerɛ sɛ na Paulo nim sɛ, sɛ wɔka no yiye a, Onyankopɔn ankasa na ɔhyehyɛɛ saa ɔsoro apam no.
Nanso, wɔ Hebrifo ti 9 no, Paulo kɔɔ so kaa dwuma ahorow a Yesu dii wɔ apam foforo no mu no ho asɛm. Kristo bae sɛ apam foforo no Sɔfo Panyin. Ɔkwan foforo so no, na Yesu ne apam foforo no afɔre; ‘Kristo mogya’ nkutoo na ebetumi ‘atew yɛn ahonim ho afi nnwuma funu mu.’ Na Kristo ne saa apam no Ntamgyinafo nso, sɛnea Mose yɛɛ Mmara apam no ntamgyinafo no ara pɛ.—Hebrifo 9:11-15.
Paulo kae sɛ owu ho hia ansa na Onyankopɔn ne nnipa ntam apam ahorow adi mũ. Mmara apam no yɛ ho nhwɛso. Na Mose ne ne ntamgyinafo, nea ɔma Onyankopɔn ne honam fam Israel ntam biakoyɛ yi ba. Enti Mose dii dwuma a ɛho hia kɛse, na na ɔne ɔdesani a odii lsraelfo no ho dwuma, bere a na wɔreba saa apam no mu no. Enti na wobetumi abu Mose sɛ Mmara apam a Yehowa na ɔhyehyɛe no mu ɔdesani apam yɛfo. Nanso so na ɛsɛ sɛ Mose hwie n’ankasa mogya gu na ama Mmara apam no atumi afi ase ayɛ adwuma? Dabi. Mmom no, wɔde mmoa bɔɔ afɔre, na wɔn mogya no sii Mose mogya anan mu.—Hebrifo 9:18-22.
Na Yehowa ne honhom fam Israel ntam apam foforo no nso ɛ? Yesu Kristo nyaa hokwan a anuonyam wom sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ne honhom fam Israel Ntamgyinafo. Ɛwom sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ saa apam yi de, nanso na egyina Yesu Kristo so. Ntamgyinafo a ɔyɛ akyi no, Yesu ne wɔn a wobedi kan de wɔn aba saa apam yi mu no dii nkitaho tee wɔ ɔhonam mu. (Luka 22:20, 28, 29) Bio nso, na ɔno na ɔfata sɛ ɔde afɔre a ehia na ahyɛ apam no mu den no ma. Na saa afɔrebɔ yi nyɛ mmoa de ara kwa, na mmom ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ de. Enti na Paulo betumi aka Kristo ho asɛm sɛ apam foforo no mu ɔdesani apam yɛfo. Bere a “Kristo . . . hyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn” no, apam foforo no dii mũ.—Hebrifo 9:12-14, 24.
Bere a Paulo reka Mose ne Yesu ho asɛm sɛ apam yɛfo a wɔyɛ nnipa no, na ɔnkyerɛ sɛ wɔn mu biara na ɔhyehyɛɛ apam ahorow, a nokwarem no, Onyankopɔn na ɔhyehyɛe no. Mmom no, saa nnipa baanu no nyaa apam ahorow no a wɔde bae no mu kyɛfa kɛse sɛ ntamgyinafo. Na wɔn mu biara fam no, na owu ho hia—mmoa sii Mose anan mu, na Yesu de n’ankasa mogya ma maa wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no.
[Ase hɔ asɛm]
a Hela nsɛmfua abien a wɔde dii dwuma wɔ ha maa “apam yɛfo” no yɛ nea wɔkyerɛ ase ankasa sɛ ‘(nea) ɔno ankasa ayɛ apam’ anaasɛ [nea] ɔyɛ apam.”—The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, ne The Interlinear Greek-English New Testament, a Ɔbenfo Alfred Marshall yɛe no.