Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 26-30
  • Madi Botae A Mede Sii M’anim Bere A Na Madi Mfe Asia No Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Madi Botae A Mede Sii M’anim Bere A Na Madi Mfe Asia No Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Meyɛ me Botae no ho Adwuma
  • Yɛkɔ Gilead Afei!
  • Asɛmpatrɛwfo wɔ Morocco
  • Yɛkɔ Afrika Mfinimfini Fam
  • Awiei Koraa no, Yɛkɔ Sierra Leone
  • Yɛn Awofo Akyerɛkyerɛ Yɛn Ma Yɛadɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 26-30

Madi Botae A Mede Sii M’anim Bere A Na Madi Mfe Asia No Akyi

SƐNEA SANDRA COWAN KA KYERƐE

Awofo pii paw wɔn mma asetra mu adwuma ma wɔn, te sɛ nnwom anaa asaw na wofi ase kyerɛkyerɛ wɔn wɔ wɔn mmofraase pɛɛ. Saa pɛpɛɛpɛ na me maame yɛɛ me. Efi bere a midii nnawɔtwe abien no, ɔde me kɔɔ Kristofo nhyiam horow no nyinaa ne asɛnka.

BERE a midii mfe anan no, Maame susuwii sɛ me nkutoo metumi aka asɛm no. Mekae bere a edi kan a meyɛɛ saa no yiye. Na yɛde kar akogyina ofie bi a ɛwɔ afuw mu anim, na bere a Maame ne nkaefo no retwɛn wɔ kar no mu no, misii fam nantew kɔɔ ɔpon no ano. Awuraa yamyefo bi tiei bere a mede nhomawa du maa no no. Ɔmaa me samina kɛse bi de tuaa ho ka. Na ɛsɛ sɛ mede me nsa abien nyinaa som. M’ani gyei pii!

Saa afe no ara, 1943 mu no, wofii ase tetee bere nyinaa akwampaefo asomfo maa asɛmpatrɛw adwuma no wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu mu. Maame hyɛɛ me nkuran sɛ memfa asɛmpatrɛw adwuma nyɛ m’asetra mu botae. Saa bere no na Wiase Ko II rekɔ so wɔ Europa, na ɛyɛ a Maame ka Europa Adansefo mmofra a wɔtew wɔn fi wɔn awofo nkyɛn no ho asɛm kyerɛ me. Na ɔpɛ sɛ meyɛ den na matumi agyina sɔhwɛ biara ano.

Wɔ 1946 ahohuru bere mu no, wɔbɔɔ me asu wɔ Cleveland, Ohio amanaman ntam nhyiam no ase. Ɛwom sɛ na mfe asia pɛ na madi de, nanso na masi me bo sɛ medi m’ahosohyira ma Yehowa no so. Mesom nea edi kan sɛ ɔkwampaefo wɔ saa ahohuru bere no mu. Mekae sɛ da koro bi anɔpa mede nsɛmma nhoma 40 memaa nnipa a wɔtete The Plaza a ɛwɔ San Diego, California mu no. Migye di sɛ sɛnea misua na mepɛ kasa no nso ka ho bi na mitumi yɛɛ saa.

Na yɛtaa ka asɛm no wɔ baabi a ɛbɛn Beth-Sarim, a na ɛhɔ na Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, Onua Rutherford, a ɔyare no tra wɔ awɔw bere mu ansa na ɔrewu wɔ 1942 mu no. Na yɛtaa kɔ hɔ ne bere nyinaa asomfo a wɔwɔ hɔ no kodidi. Nsrahwɛ a ɛyɛ anigye sɛɛ no ma misii gyinae sɛ eyi ne asetra kwan a mepɛ ampa. Saa bere no na mede Gilead Sukuu ne asɛmpatrɛw adwuma no yɛɛ m’asetra mu botae.

Afe a edi hɔ no, m’awofo gyaee aware, nanso abusua no mu nsɛm tebea a ɛsakrae no ammrɛ yɛn honhom fam yiyedi ase. Na Maame yɛ ɔkwampaefo na na ntetee a me ne me nuabarima no benya ho hia no yiye. Na Kristofo anuanom mmarima ne mmea nsrahwɛ ma yɛn dan ketewaa a wɔde afiri twe no mu yɛ anigye bere nyinaa. Na Maame bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mahyia wɔn a wɔawie adesua wɔ Gilead. Wɔn mu baanu ne Lloyd ne Melba Barry a na wɔreyɛ ahwɛfo akwantufo adwuma no de atwɛn bere a wɔbɛkɔ wɔn amannɔne dwumadi mu wɔ Japan no. Wogyee bere de hyɛɛ me​—abeawa ketewaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo​—nkuran, na m’ani gyee ɛno ho yiye.

Bere a midii mfe du no, Maame waree Ɔdansefo bi a ne ho yɛ anigye a ɔno nso yɛ ɔkwampaefo somfo. Ɔde me ne me nuabarima no yɛɛ ne mma, ɛnyɛ krataa so nkutoo, na mmom wɔ ne komam nso. Na ne dɔ ma Yehowa ne ne nnamyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no tumi san afoforo.

Maame ne Paapa boom yɛɛ adwuma de akwankyerɛ maa yɛn mmofra baanu no nyinaa wɔ bere a yennii mfe aduonu no mu. Mede anigye kae sɛnea na yɛn fie yɛ beae a yenya honhom fam ahobammɔ no. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔde sika kakraa bi a wonya no bɛyɛ akwampae adwuma no na wɔatete mmofra baanu bere koro no ara mu; na egye ho a wɔde bɔ afɔre. Nanso Maame ne Paapa de wɔn ho too Yehowa so na wɔde Ahenni nneɛma dii kan.

Hwɛ sɛnea mekae amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City wɔ 1950 mu no yiye! Paapa kɔbɔɔ bosea wɔ sikakorabea, na yɛfaa nnipa baasa wɔ yɛn kar no mu na yɛde atetew yɛn ka ahorow so. Me ne me Maame, Paapa, ne me nuabarima no traa kar no anim agua no so fi San Diego araa koduu New York, na afoforo no traa akyi hɔ agua no so. Esiane sɛ Paapa adwumawura ampene so sɛ ɔbɛma no kwan ma ɔde nnawɔtwe abien akɔ nhyiam no nti, saa nhyiam no a ɔkɔe no maa n’adwuma sɛee. Nanso sɛnea Paapa maa yɛn awerɛhyem no, Yehowa bɛma yɛn nsa aka yɛn ahiade ahorow, na Ɔyɛɛ saa. Paapa tɔn kar no de tuaa bosea a okogyei wɔ sikakorabea hɔ no, na afei onyaa adwuma a eye sen kan de no. Eyi ne osuahu afoforo a ɛte saa ara ho baa me mfaso kɛse wɔ mfe bi akyi, bere a me ne me kunu hyiaa tebea horow a emu yɛ den no.

Bere a yefi New York resan akɔ fie no, yɛkɔsraa Kingdom Farm, faako a mihuu Gilead Sukuu nea edi kan no. Mekae sɛ mikogyinaa adesua adan no biako mu see me ho sɛ: ‘Minnii mfe 11 ɛ. Merentumi mma ha dabi da. Harmagedon bedi kan aba.’ Nanso saa nsrahwɛ no maa me bo a masi sɛ mede Gilead bɛyɛ me botae no mu yɛɛ den sen kan no.

Meyɛ me Botae no ho Adwuma

Bere a mekɔ sukuu no mu nyinaa, efi mangoo a edi kan so de kɔ no, na meyɛ akwampae adwuma no ahohuru bere mu akwamma biara. Afei, miwiee ntoaso sukuu wɔ June 1957 mu akyi dapɛn abien ara pɛ, meyɛɛ daa ɔkwampaefo.

Ɔmantam nhyiam ase nhyiam a wɔyɛ ma wɔn a wɔwɔ Gilead ho anigye a wɔyɛe wɔ Los Angeles nhyiam no ase wɔ 1957 mu no kyerɛɛ biribi titiriw maa me. Bere a merekɔ ntamadan a wɔbɛyɛ saa nhyiam no wom no mu no, mihyiaa Bill, onua aberantewa bi a minim no fi bere a na madi mfe asia no. Na wakɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse wɔ Louisiana wɔ afe a etwaam no mu. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehui sɛnea yɛn baanu nyinaa ani gye asɛmpatrɛw adwuma no ho. Asram asia akyi no, yesii gyinae sɛ yɛbɛbom ayɛ saa adwuma no. Yɛkyerɛw Asafo ti no bisae sɛ wɔmma yɛn faako a yɛbɛyɛ adwuma, na aka ɔsram biako ma yɛahyia ayeforo no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Romney, West Virginia.

Yetu kɔɔ hɔ bere a na yɛrekɔ New York nhyiam no wɔ 1958 mu no. Saa nhyiam no ase no, yɛkɔɔ nhyiam a wɔyɛ maa wɔn a wɔwɔ Gilead ho anigye no. Nnipa ɔhaha pii baa ase. Yɛhuu nnipadɔm no, yɛtee nka sɛ ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛfrɛ yɛn akɔ Gilead. Nanso, yɛkyerɛw akwammisa krataa a edi kan kɔe, ɛwom mpo sɛ na yɛaware nnawɔtwe 11 pɛ de. Afe a edi hɔ, wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Philadelphia no ase no, yɛkyerɛw akwammisa krataa a ɛto so abien kɔe.

Me ne Bill suaa sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na waboa yɛn wɔ tebea horow a emu yɛ den mu wɔ Romney. Na Romney yɛ kurow a emufo bɛyɛ 2,000. Na adwuma nya yɛ den. Na yɛte ɔdan a afiri twe bi a ne tenten yɛ mita 5 a wɔhyɛɛ da yɛ maa California wim tebea no mu. Na yenni nsu, nea ɛbɛma yɛn ɔhyew, ne fridge wɔ ɔdan no mu. Na emu tumi yɛ nwunu araa ma na ɛsɛ sɛ yebubu nsukyenee a ɛwɔ bokiti no mu no na yɛanya nsu. Anuanom no boaa yɛn sɛnea wobetumi, maa yɛn aduan a na wonya no bi. Yɛwee ɔforɔte, aboa bi a ɔte sɛ aberebeɛ, ne apurow bi. Na ɛtɔ mmere bi a, yesusuw sɛ yɛrennya hwee nni saa da no, na afei yebedu fie no, yɛbɛto sɛ wɔabegyaw nnuaba bi ne kyiisi agu yɛn pon ano.

Yɛbɔɔ mmɔden de sika kakraa a yenya a ɛtɔ mmere bi a ɛnso yɛn koraa no hwɛɛ yɛn ho asram akron. Awiei koraa no, yesii gyinae sɛ nyansa wom sɛ yebetu akɔ Baltimore, Maryland, faako a Bill betumi anya adwuma. Yɛkaa yɛn gyinaesi no ho asɛm kyerɛɛ anuanom no, wosui na yɛn nso yesui. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ so atra hɔ kakraa.

Ɛno akyi pɛɛ na Ɔdansefo bi a ɔyɛ aguadidan bi mu panyin wɔ Westernport, Maryland, bɛyɛ kilomita 60 kwan no, maa Bill adwuma bi a ɔde ne bere fã bɛyɛ. Saa ɔsram no ara, yɛn Bible asuafo no mu biako maa yɛn ofie ketewaa fɛfɛ bi a wɔasiesie mu dedaw na sutof kɛse bi wom. Saa bere no na Malaki 3:10 bɛyɛɛ kyerɛwsɛm a m’ani gye ho yiye. Na Yehowa ahwie nhyira a ɛboro nea yɛhwɛɛ kwan agu yɛn so.

Yɛkɔ Gilead Afei!

Yɛn nkwa nna mu nea ɛyɛ anigye sen biara mu biako ne da bi wɔ November 1959 mu a yɛn nsa kaa krataa a wɔde too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Gilead no. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ adesuakuw a ɛto so 35 no, nea etwa to a wɔyɛe wɔ Kingdom Farm no. Bere a mikogyinaa adesua dan koro no ara a mekɔɔ mu wɔ me mmofraase no mu no, minyaa anigye bi a mintumi mfa nsɛm nkyerɛkyerɛ mu.

Na Gilead yɛ honhom fam ahomegyebea. Na ɛte sɛ nea yɛakɔtra nhyehyɛe foforo no mu asram anum. Ɛntaa mma wɔ asetra mu sɛ yɛde mfe pii bɛtwɛn biribi, na afei ɛbɛba no, yebehu sɛ eye sen sɛnea na yɛhwɛ kwan no. Nanso na saa pɛpɛɛpɛ na Gilead te.

Wɔmaa yɛn dwumadi wɔ India, nanso awiei koraa no, wɔamma yɛn tumi krataa a yɛde bɛkɔ hɔ. Enti, bere a yɛde afe atwɛn wɔ New York City akyi no, Ɔwɛn Aban Asafo no san maa yɛn dwumadi wɔ Morocco, wɔ Afrika Kusuu Fam.

Asɛmpatrɛwfo wɔ Morocco

Yedii mfe 24 a ɛyɛ anigye wɔ Morocco, na yekoduu hɔ ara pɛ na yenyaa nkurɔfo no ho anigye. Yesuaa Franse ne Spania kasa nyinaa a ɛboaa yɛn ma yetumi ne nnipa a wofi aman pii so a wɔte hɔ no dii nkitaho. Wɔn a wofi aman afoforo so no titiriw na wotiee Ahenni nkrasɛm no.

Na ɔbea bi a me ne no suaa Bible no saw Spaniafo flamenco asaw wɔ asanombea bi a ɛwɔ Casablanca mu. Osuaa Bible nnyinasosɛm ahorow akyi no, ogyaw asanombea wura no a na ɔne no twe mpena no na ɔsan kɔɔ Spain. Ɛhɔ na odii n’abusuafo nyinaa adanse, na wɔn mu binom gyee Bible mu nokware ahorow a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn no toom. Ɛno akyi no, ɔsan baa Casablanca, faako a ɔkɔɔ so dii nokware maa Onyankopɔn kosii sɛ owui wɔ 1990 mu.

Mfe kakraa bi a edi kan a yedii wɔ Morocco no mu no, Ahenni adawurubɔfo no dodow kɔɔ anim. Nanso, bere a ɛyɛɛ den maa ahɔho sɛ wobenya adwuma ne ɛhɔnom tra ho tumi krataa ahorow no, Adansefo no pii tu kɔɔ Europa. Wɔn a yɛne wɔn suaa ade no mu binom wɔ New Zealand, Canada, United States, Bulgaria, Russia, ne France mprempren, na wɔn mu binom reyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no bi.

Mpofirim ara, wɔ April 1973 mu no, wɔbaraa yɛn asɛnka adwuma no wɔ Morocco. Hwɛ sɛnea na ɛno yɛ awerɛhosɛm! Na Yawda anwummere bi, yɛyɛ nnipa a wɔn ani agye wɔ Ahenni Asa so rekasa kosi sɛ wodunnum akanea no de kyerɛɛ yɛn sɛ bere adu sɛ yɛkɔ fie. Na yennim saa bere no sɛ yɛrenhu saa akanea no sɛ ɛrehyerɛn wɔ Kristofo baguam nhyiam ase bio. Bere a afei wɔabara yɛn no, yɛyɛɛ yɛn nhyiam ne ɔmansin nhyiam horow no sɛ akuw nketenkete wɔ nkurɔfo afie mu. Na Adansefo no tu kwan kɔ France anaa Spain na wɔakɔ Ɔmantam nhyiam horow wɔ hɔ.

Bere a yɛn dodow so tewee no, Adansefo kakraa bi a ɛkaa wɔn wɔ Morocco no ne wɔn ho wɔn ho ntam abusuabɔ mu bɛyɛɛ den. Enti bere a Ɔwɛn Aban Asafo no sii gyinae awiei koraa sɛ wɔbɛto baa dwumadibea no mu na wɔama yɛn dwumadi wɔ baabi foforo no, yɛn nyinaa sui pii.

Yɛkɔ Afrika Mfinimfini Fam

Baabi a wɔmaa yɛn dwumadi foforo ne Central African Republic. Nsonsonoe kɛse bɛn ara na na ɛwɔ hɔnom ne Afrika Kusuu Fam sɛɛ yi! Bere a na Morocco wim tebea te sɛ California kesee fam de no, afei de yehui sɛ yɛakɔ beae a owia bɔ wɔ hɔ na ɛhɔ yɛ hyew.

Na ɛsɛ sɛ yegyina nsɛnnennen afoforo ano. Sɛ nhwɛso no, na afei ɛsɛ sɛ midi mmoaa a wɔwea wɔ fam ho suro no so. Ɔketew bɛhwee me ti so mprɛnsa bere a merefa ɔpon mu no. Ɛtɔ mmere bi a, bere a mereyɛ Bible adesua bi no, okisi bi si gyinae sɛ ɔbɛba abɛka yɛn ho! Ɛwom sɛ na ɛyɛ me sɛ mensɔre nguan de, nanso misuae sɛ medi me ho so, a minyi m’ani mfi Ɔpanyin Okisi so da, na memma me bag ne m’anan nka fam kosi sɛ obesi gyinae sɛ obefi hɔ. Mihui sɛ sɛ wokɔ so yɛ biribi a wompa abaw a, ne yɛ bɛkokwaw wo.

Bere a yɛadi asram asia wɔ hɔ no, wɔde amanneɛbɔ mae wɔ radio so sɛ wɔabara yɛn adwuma no. Enti wɔtotoo yɛn Ahenni Asa ahorow no mu, na wɔka kyerɛɛ asɛmpatrɛwfo no sɛ womfi ɔman no mu. Yɛne awarefo foforo bi nkutoo na yetumi kɔɔ so traa baa dwumadibea hɔ mfe abiɛsa bio. Afei Kwasida bi anɔpa a na yɛreyɛ yɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no, polisifo a wokurakura atuo ba bɛfaa yɛn kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti. Wogyaa mmea ne mmofra no, nanso wɔannyaa anuanom mmarima 23, a me kunu Bill ka ho. Nnansia akyi no, wogyaa no sɛ ɔnkɔ fie nkɔboaboa ne nneɛma ano; ne nnansa so no, yefii ɔman no mu wɔ aban ɔhyɛ ase wɔ May 1989 mu. Na ɛno nso yɛ awerɛhow bere bio wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ, faako a yɛn nuanom adɔfonom pii ne yɛn bedii nkra no.

Awiei Koraa no, Yɛkɔ Sierra Leone

Mprempren de faako a yɛyɛ adwuma ne Sierra Leone, Afrika Atɔe Fam, ɔman fɛfɛ bi a wɔwɔ mpoano fɛfɛ a ɛhɔ anhwea yɛ fitaa no. Nkurɔfo wɔ adamfofa su na asɛnka adwuma no yɛ anigye. Wɔma yɛn agua wɔ ofie biara mu, mpɛn pii no wɔ mango dua anaa kube dua bi onwini ase. Nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn ho nkɔmmɔ na wɔanya wɔn ankasa Bible a wɔde bedi nkɔmmɔbɔ no akyi.

Me ne Bill nyinaa yɛ adwuma wɔ Freetown Betel Fie hɔ. Meyɛ adwuma sɛ ahɔhogyefo na meyɛ nsɛmma nhoma kra ne asafo ahorow sika akontaabu nso ho adwuma. Bere a yɛde mfe 16 ayɛ adwuma wɔ aman a wɔabara yɛn asɛnka adwuma no wɔ hɔ akyi no, ɛyɛ anigye sɛ yɛwɔ ɔman bi a wɔma adwuma no ho kwan na ɛredi yiye mu.

Midii mfe 30 wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu wɔ June 1991 mu. Nokwarem no, Maame de botae bi a ɛso wɔ mfaso yiye na esii m’anim. Sɛ ɔda so te ase a, anka m’ani begye sɛ mɛka akyerɛ no bio sɛ, “Maame, Meda wo ase!” Nea ɛyɛ anigye ne sɛ metumi aka ara sɛ, “Paapa, Meda wo ase!”

[Mfonini wɔ kratafa 28]

New York convention, 1958

[Mfonini wɔ kratafa 29]

35th class​—July, 1960

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Bill and Sandra Cowan, 1991

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena