Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/15 kr. 31
  • Kuw A Wɔsomaa Wɔn Sɛ Wɔmfa Mmoa Nkɔma Wɔ Ukraine

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kuw A Wɔsomaa Wɔn Sɛ Wɔmfa Mmoa Nkɔma Wɔ Ukraine
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/15 kr. 31

Kuw A Wɔsomaa Wɔn Sɛ Wɔmfa Mmoa Nkɔma Wɔ Ukraine

AWERƐHOSƐM ayɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ma bio. Sikasɛm a ayɛ basaa, ne aduankɔm, rekɔ so wɔ asase no so​—saa bere yi de, wɔ kan Soviet Union mmeaemmeae. Nnansa yi Yehowa Adansefo Sodikuw no ka kyerɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no Denmark baa dwumadibea no sɛ wɔnyɛ mmoa ho nhyehyɛe mma Ukraine Adansefo a ahia wɔn no. Dɛn na Denmark anuanom no yɛe?

Wodii ho dwuma ntɛm ara! Baa dwumadibea no somaa anuanom ntɛm ara sɛ wɔnkɔ gua ahorow so nkɔhwehwɛ nnuan a eye sen biara ntɔ. Wɔkaa nneɛma a wohia no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Denmark asafo ahorow no mu nyinaa. Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ: “Na asafo ahorow no nyinaa wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wobeyi biribi ama. Awiei koraa no, yetumi yɛɛ biribi pɔtee de kyerɛɛ ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn a wɔrehu amane no.” Lɔre anum ne bɔs a wɔde fa nneɛma abien ne afirikafo a wɔatu wɔn ho ama 14 baa Denmark baa dwumadibea December 7, 1991. Baa dwumadibea adwumayɛfo no hyehyɛɛ nnuan a wɔakɔtotɔ no wɔ lɔre no mu.

Dwoda awia a ɛyɛ December 9 no, lɔre no fii akwantu tenten no ase fi Europa kɔɔ Ukraine. Baa dwumadibea no kyerɛw sɛ: “Betel abusua mũ no nyinaa boaa wɔn ano maa wɔn nantew yiye no, na ɛka koma yiye. Esiane sɛ na yenim sɛ wɔatow ahyɛ akuw a wɔde mmoa rekɔma afoforo no mu pii so nti, yɛbɔɔ mpae maa yɛn nuanom no wɔ akwantu no nyinaa mu.”

December 18 no, yɛn koma tɔɔ yɛn yam. Denmark baa dwumadibea no tee sɛ wɔakodu Lviv, Ukraine, dwoodwoo. Ukraine anuanom no nsa aka mmoa no. Hwɛ sɛnea wɔn dadwen baa awiei bere a woyii nnaka 1,100 a emu biara mu duru yɛ kilogram 20​—na nam, asikresiam, ɛmo, asikyire, ne nneɛma atitiriw afoforo wɔ emu biara mu no! Wɔ ne nyinaa mu no, lɔre ahorow no de nneɛma bɛyɛ tɔn 22 na ɛkɔe. Denmark baa dwumadibea no kyerɛw sɛ: “Yɛwɔ anigye kɛse, bere a yɛda Yehowa ase wɔ ahobammɔ ne hokwan yi a ɔma yenyae de mmoa mae no ho no.”

Wɔayɛ nhyehyɛe nso sɛ wɔde ntade bɛkɔ akɔma wɔn. Baa dwumadibea no de eyi ho amanneɛbɔ nso ma sɛ “asafo ahorow no aboa yiye.” Nokwarem no, Yehowa ‘ma ne nkurɔfo nya wɔn ho wɔ ayamye biara ho.’ (2 Korintofo 9:11) Wɔn nso, wɔte anigye kɛse a efi wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔma wɔn ade kwa mu ba no nka. Enti ɔdɔ a woyi kyerɛ no yɛ Yesu akyidifo agyiraehyɛde (Yohane 13:35) Wɔntaa nhu ɔdɔ a ɛte sɛɛ wɔ ohia wiase yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena