Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 31-32
  • Bra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyira Pii wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Henanom Na Wodi Wiase Hann No Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Hann Kurafo—Ma Atirimpɔw Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 31-32

Bra “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam No Ase

“HWƐ! esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so.” (Yesaia 60:2) Hwɛ sɛnea nsɛm yi yɛ nokware nnɛ! Akyinnye biara nni ho sɛ atoro som ama nkurɔfo te sum mu a wonnim ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Dɛn ntia? Efisɛ Satan a ɔne nneɛma nhyehyɛe yi nyame no “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.”​—2 Korintofo 4:4.

Yehowa Adansefo yɛ wɔn a ɛsono wɔn koraa wɔ wɔn a Satan afura wɔn ani no ho. Wobetumi de odiyifo Yesaia nsɛm yi aka wɔn ho asɛm sɛ: “Yehowa bɛyɛ hann wɔ wo so, na n’anuonyam abɛda adi wɔ wo so.” (Yesaia 60:2, New World Translation) Hwɛ sɛnea wɔde aseda ma sɛ wɔafi sum mu aba Onyankopɔn hann nwonwaso no mu! Ɛyɛ honhom mu hann, Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛtew adwene mu, na ama wɔn a wɔn ani afura ankasa mpo atumi ahu nokware no.

Nokwarem no, mmoa ho hia. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi a ɔkenkan Bible no ara kwa a ɔmfa mmoa ahorow a wofi soro de ama nni dwuma no betumi ahu hann no. Enti na Yehowa de “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” a wɔkaa ne ho asɛm siei wɔ Mateo 24:45-47 no ama no. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Sodikuw no gyina hɔ ma saa “akoa” no. Ɛyɛ saa kuw yi akwankyerɛ ase na wɔayɛ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ho nhyehyɛe no.

Nhyiam yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa Yehowa nkurɔfo nyinaa na wɔayɛ hann kurafo pa, ma ɛne Paulo nsɛm a ɛwɔ Filipifo 2:15 no ahyia. Ɛhɔ na wotu Kristofo fo sɛ wɔnhyerɛn sɛ ‘hann wɔ wiase no mu’ no.​—Mateo 5:14, 16.

Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobefi United States “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam horow no ase Fida, June 5. Anɔpa 10:20 mu no, nnwom bi a wɔbɛbɔ no bɛboa obiara ma wasiesie ne koma ne n’adwene, ayɛ krado ama honhom mu dwumadi a ɛda n’anim no. Da biara wɔ n’asɛmti, na Fida asɛmti no ne: “Ma Wo Hann ne Wo Nokware.”​—Dwom 43:3.

Wɔbɛma ɔkasa titiriw, “Hann Kurafo​—Ma Atirimpɔw Bɛn?” wɔ Fida anɔpa dwumadi no mu. Nokwarem no, Kristofo nyɛ hann kurafo a wɔwɔ wɔn ankasa pɛsɛmenkominya botae bi. Mmom, atirimpɔw koro no ara a ɛmaa Yesu Kristo, Hann Kurafo Panyin no, baa asase so, a ɛne sɛ obedi nokware no ho adanse, na wahyɛ ne Bɔfo no din anuonyam no, nti na wɔsom. Yesu kaa ne ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.” (Yohane 9:5) Enti, ogyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. (1 Petro 2:21) Wɔbɛma ɔkasa na wɔayɛ Bible mu drama bi a ɛfa Ɔhene Yosia ho saa da a edi kan no awia, na mmofra ani begye ho titiriw.

Memeneda asɛmti ne “Mone Wiase Hann . . . Momma mo Kanea Nhyerɛn.” (Mateo 5:14, 16) Wɔbɛma ɔkasa ahorow bi a ɛtoatoa so wɔ anɔpa dwumadi no mu a eti asɛm ne “Mo Hann a Mobɛma Ahyerɛn.” Wɔbɛma wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no anya kwan abɔ asu. Wɔbɛma ɔkasa a ɛtoatoa so a ɛbɛma wɔahu nneɛma pii wɔ awia dwumadi no mu, na eti asɛm ne “Yesu Ba ne N’Ahoyi a Wɔma Wohu.”

Asɛmti a wɔapaw ama Kwasida a ɛne da a ɛto so abiɛsa ne nea etwa to no ne “Monkɔ so Nnantew sɛ Hann Mma.” (Efesofo 5:8) Wɔbɛma ɔkasa ahorow a ɛtoatoa so a eti asɛm se “Hwɛ a Yɛbɛhwɛ Yɛn ho Yɛn ho Wɔ Kristofo Fie no Mu” wɔ ampa dwumadi no mu, na ɛbɛka abusua mu asɛyɛde ahorow ho asɛm. Wɔbɛma ɔkasa bi nso a ɛbɛkyerɛkyerɛ nea ahobrɛase ma Onyankopɔn ne Kristo kyerɛ no mu.

Nhyiam no mu dwumadi titiriw no bɛba so Kwasida awia bere a wɔma baguam ɔkasa a eti asɛm ne “Di Wiase Hann no Akyi” no. Wɔbɛkyerɛkyerɛ Yohane 1:1-16 mu wɔ ɔkasa yi mu, akyerɛ hia a Bible mu nimdeɛ ho hia no, na wɔasi so dua sɛ Yesu Kristo ne wiase hann no. Wɔde afotu a emu yɛ den a ɛne sɛ “Monkɔ so Nnantew Hann no Mu” na ebewie nhyiam no.

Kyerɛ honhom fam apontow a Yehowa nam n’ahyehyɛde a aniwa hu no so de rema yɛn yi ho anisɔ. Bra ansa na wɔato dwom afi nhyiam no ase Fida anɔpa na tra hɔ kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde wie Kwasida awia no. Tie nea wɔbɛka wɔ asɛnka agua no so no nyinaa yiye. Kyerɛw nsɛntitiriw no na ama w’adwene atumi atra dwumadi no so na wode adi dwuma daakye nso. Awiei koraa no, yɛ nhyehyɛe na woatu wo ho ama ayɛ nhyiam no ase adwuma bi. Saa kwan no so no, ɛnyɛ ogye mu nhyira nkutoo na wubenya, na mmom ɔma mu nhyira a ɛyɛ kɛse no nso.​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena