Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/1 kr. 3-4
  • Wubu Bɔne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubu Bɔne Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne ho Adwene a Ɛreyera wɔ Atɔe Fam
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Dɛn Ne Bɔne?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Adɛn Nti na Nnipa Wu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/1 kr. 3-4

Wubu Bɔne Dɛn?

ƆBEA warefo bi a na Yehowa Adansefo mu biako ne no sua Bible no bisae sɛ: “Dɛn nti na ɔkɔ so ara srɛ yɛn bɔne fafiri wɔ mpaebɔ mu? Ɛma ɛyɛ te sɛ nea meyɛ nsɛmmɔnedifo.” Ɛnnɛ, nnipa pii te sɛ ɔbea yi, a wonnim sɛ bɔne wɔ wɔn ho gye sɛ wɔadi nsɛmmɔne bi ansa.

Eyi te saa titiriw wɔ Apuei Fam nsase ahorow so, faako a nnipa no nnim bɔne a yenya fii awo mu a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudafo ne Kristofo nyamesom mu no ho biribiara no. (Genesis 3:1-5, 16-19; Romafo 5:12) Sɛ nhwɛso no, Shintofo bu bɔne sɛ ɛte sɛ efi a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛpopa denam ɔsɔfo abaa bi a wɔde krataa anaa ntamasin bi asɛn ano a obehim no so. Nea obi ayɛ no ho ahonu biara ho nhia wɔ adeyɛ yi mu. Dɛn ntia? Kodansha Encyclopedia of Japan no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ nneyɛe bɔne nko na wɔfrɛ no tsumi [bɔne], na mmom ɔhaw ahorow a wontumi nyɛ ho hwee nso.” Ná wobu tsumi a ɛyɛ asiane ahorow a ɛnyɛ nnipa na wɔde ba no sɛ bɔne ahorow a ahodwira amanne ahorow yi fi hɔ.

Eyi ma wosusuwii sɛ bɔne biara ne bɔne a wɔboapa yɛ mpo (gye sɛ nsɛmmɔnedi a mmara ma wonya ho asotwe) yɛ nea wɔnam ahodwira amanne horow so betumi apopa afi hɔ. Wɔ asɛmti “Amammuifo a Wɔtew Wɔn ho Amanne wɔ Japan” ase no, The New York Times twee adwene sii nsusuwii a ɛte sɛɛ no so na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Japan amammuifo a wɔayɛ animguasede ahorow bu no sɛ “wɔatew” wɔn ho bere a wɔtow aba paw wɔn bio no. Enti, wɔnyɛ nsakrae ankasa biara na ebetumi ama wɔayɛ animguasede a ɛte saa ara bio.

Budhafo a wogye samsara, anaasɛ ba a obi ba ma wɔsan wo no bio, ne Karma nkyerɛkyerɛ di no wɔ adwene foforo. The New Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea karman nkyerɛkyerɛ no kyerɛ no, nneɛma a eye na ɛyɛ anigye fi nneyɛe pa mu ba, na ɛma obi nya adwene sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ nnepa a ɛte saa ara, bere a nea efi nneyɛe a enye mu ba yɛ bɔne na ɛma obi nya adwene sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ nnebɔne no.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nneyɛe bɔne sow aba a ennye. Wɔde Karma nkyerɛkyerɛ no bata ba a obi ba ma wɔsan wo no nkyerɛkyerɛ no ho efisɛ wɔkyerɛ sɛ Karmafo no binom aba a wɔsow wɔ wɔn daakye asetra mu no yɛ soronko koraa wɔ asetra a wɔyɛɛ bɔne wom no ho.

Nkyerɛkyerɛ yi ka wɔn a wogye di no dɛn? Budhani ɔbea bi a na ogye Karma di nokwarem no kae sɛ: “Misusuwii sɛ ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ mehu amane wɔ biribi a wɔde woo me nanso minnim ho hwee ho. Ná ɛsɛ sɛ mefa no sɛ me nkrabea. Kankye a mekankyee ne mmɔden kɛse a mebɔe sɛ mɛma m’asetra ayɛ papa no antumi anni me haw ahorow no ho dwuma. Mebɛyɛɛ obi a ne bo nkyɛ fuw na onni akomatɔyam a onwiinwii bere nyinaa.” Budhafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa nea efi nneyɛe bɔne mu ba ho no ma ɔtee nka sɛ ɔmfra.

Konfusiosom, Apuei Fam nyamesom foforo bi, kyerɛkyerɛɛ ɔkwan foforo a wɔfa so di onipa bɔne ho dwuma. Sɛnea Hsün-tzu a ɔyɛ Konfusio nyansapɛfo akɛse baasa no mu biako kyerɛ no, onipa su yɛ bɔne, na ɛtɔ kɔ pɛsɛmenkominya so. Sɛnea ɛbɛyɛ na asetra mu nneɛma akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ nnipa a wɔyɛ abɔnefo mu no, osii hia a li a ɛkyerɛ nneyɛe a ɛfata, obu ne nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ ho hia no so dua. Ɛwom sɛ na Meng-tzu a ɔno nso yɛ Konfusio nyansapɛfo foforo no da adwene soronko adi wɔ onipa su ho de, nanso ogyee wɔ a bɔne ahorow wɔ hɔ no toom, na esiane sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ onipa betumi ayɛ ade pa nti, ɔde ne ho too nkɔso a obi ankasa benya so sɛ ano aduru. Wɔ emu biara mu no, Konfusio nyansapɛfo kyerɛkyerɛɛ hia a ɔkyerɛkyerɛ ne ntetee ho hia na ama wɔatumi ako atia bɔne wɔ wiase. Ɛwom sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ gye hia a li ho hia tom de, nanso wɔn adwene wɔ bɔne ne bɔneyɛ ho no mu nna hɔ.​—Fa toto Dwom 14:3; 51:5 ho.

Bɔne ho Adwene a Ɛreyera wɔ Atɔe Fam

Bɔne ho adwenhorow yɛ nea anka wonim no pefee wɔ Atɔe Fam bere nyinaa, na nnipa pii agye atom sɛ bɔne wɔ hɔ na ɛsɛ sɛ wɔkwati. Nanso, Atɔe Famfo su wɔ bɔne ho no resesa. Nnipa pii pow bɔne wɔ a ɛwɔ hɔ ho adwene nyinaa, na wɔka wɔn ahonim a ɛkasa kyerɛ wɔn no ho asɛm sɛ “afɔdi nkate,” biribi a ɛsɛ sɛ wɔkwati. Paapa Pius XII kae bɛboro mfirihyia 40 a atwam ni sɛ: “Afeha yi bɔne ne bɔne ho adwene nyinaa a ayera no.” Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wotintimii wɔ Katolekfo dapɛn dapɛn krataa Le Pèlerin mu kyerɛ no, nnipa a wɔwɔ Franse, faako a nnipa dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Roma Katolekfo no mu ɔha biara mu 90 nnye nni bio sɛ bɔne wɔ hɔ.

Ampa, ɛte sɛ nea mprempren Apuei ne Atɔe Famfo pii wɔ anibiannaso tebea bi mu a bɔne ho adwene biara nhaw wɔn. Nanso so ɛno kyerɛ sɛ bɔne nni hɔ? So yebetumi abu yɛn ani agu so ama yɛn ho atɔ yɛn? So bɔne befi hɔ da bi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena