Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/15 kr. 3-4
  • So Wɔbɛfa Wo Akɔ Soro?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wɔbɛfa Wo Akɔ Soro?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Wohwim Wɔn Kɔ ho Adwenhorow
  • ‘Wɔfa Wɔn Kohyia Awurade’—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/15 kr. 3-4

So Wɔbɛfa Wo Akɔ Soro?

NIPA pii gye di sɛ sɛ wowu a, wɔbɛkɔ soro. Nanso ebinom susuw sɛ wobɛfa wɔn akɔ soro wɔ nea wɔfrɛ no ohwim no mu. So ɛno na wohwɛ kwan?

Ohwim ne “nnipa ɔpepem pii a wotu yera mpofirim a wonhu wɔn akyi kwan koraa!” Saa na Protestantfo ɔsɛnkafo bi kae. Sɛnea Evangelical Dictonary of Theology kyerɛ no, asɛmfua “ohwim” no kyerɛ “asɔre no a ɛne Kristo ka bom wɔ ne ba a ɛto so abien no mu.” Sɛ ebinom susuw ho sɛ wobegyaw wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo hɔ akohyia Yesu Kristo a, ɛhaw wɔn. Nanso, pii gye di sɛ ɛsɛ sɛ wohwim ebinom kɔ. So ɛbɛba? Sɛ saa a, bere bɛn?

Nnipa a Wohwim Wɔn Kɔ ho Adwenhorow

Bible no kyerɛ sɛ ansa na Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no befi ase no bere bi a wɔfrɛ no “ahohiahia kɛse” bɛba. Yesu kae sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21; Adiyisɛm 20:6) Ebinom kyerɛ sɛ wobehwim nnipa akɔ ansa na ahohiahia kɛse no aba. Afoforo hwɛ kwan sɛ ɛbɛba wɔ ahohiaha kɛse no mu. Afoforo nso susuw sɛ wobehwim nnipa akɔ wɔ saa ahohiahia a ebi mmae da no akyi.

Ná adwene a ɛne sɛ ɛbɛba wɔ ahohiahia no akyi no ne nea ɛwɔ hɔ titiriw kosi afeha 19 mfiase. Afei wɔ England no, wɔtew ahyehyɛ de bi a na John Nelson Darby a anka ɔyɛ Ireland Asɔre no sɔfo tua ano. Wɔbɛfrɛɛ ɔne Anglikanfo a na ɔne wɔn kura adwene koro no sɛ Brethen. Derby fii Plymouth a ɛhɔ na ɔtew n’asɔre no tuu kwan kɔkaa asɛm wɔ Switzerland ne Europe mmeae afoforo. Ɔkae sɛ Kristo sanba no bɛyɛ afã abien. “Ahotefo” a wobehwim wɔn akɔ ansa na mfe ason ahohiahia a ɛbɛsɛe asase no pasaa aba no na ebefi nnipa a wobehwim wɔn akɔ a wonhu no ase. Afei Kristo a “ahotefo” yi ka ne ho bɛba a aniwa behu no, na wɔbɛbom adi asase so mfirihyia apem.

Derby sii hia a ehia sɛ wɔtwe wɔn ho fi wiase no ho so dua, na awiei koraa no wɔbɛfrɛɛ wɔn a wɔne no yɛ adwene no sɛ Exclusive Brethren. B. W. Newton dii kuw foforo a wogye dii sɛ wobehwim nnipa akɔ nanso ɛremma ansa na ahohiahia no aba no anim. Alexander Reese a ogye dii sɛ wobehwim nnipa akɔ wɔ ahohiahia no akyi no kae sɛ “Ohwim a Wonhu ho nkyerɛkyerɛ no betumi asɛe Kristo Ba ho anidaso no.”

Wɔn a wogye di sɛ wobehwim nnipa akɔ ansa na ahohiahia no aba no gye di sɛ adwene a ɛsonsonoe no yɛ aniberesɛm araa ma ebetumi asɛe “Kristo ba ho anidaso a [wokura] no.” Afoforo de wɔn ho too “nnipa mu fã bi a wobehwim wɔn akɔ ho nkyerɛkyerɛ” so, na wogye dii sɛ wobedi kan afa wɔn a wodi Kristo nokware sen biara no akɔ kan, na wɔabɛfa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ wiase no mu kɛse no akɔ akyiri yi.

Asɛnkafo akuw pii bɔ Kristofo anokwafo a wobehwim wɔn akɔ a abɛn ho dawuru. Nanso, adwenhorow a ɛsonsonoe nti, nhomawa bi a Britania Elim Pentecostal Church tintimii ka sɛ: “Ɛwom sɛ yegye Awurade Yesu sanba no ho nsɛm pii a asisi no di de . . ., nanso wɔma ahofadi ho kwan wɔ nkɔmhyɛ asekyere mu sɛnea onii no gyidi te. Pii nyɛ katee wɔ wɔn gyinabea ho, na wɔde boasetɔ twɛn sɛ nsɛm a esisi no ankasa bɛma nkɔmhyɛ dwumadi no ada adi.”

Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee a ɛne Bible no ne gyinapɛn a ehia sɛ yɛde hwɛ nokware a gyidi horow nyinaa yɛ no. (2 Timoteo 1:13; 3:16, 17) Enti, dɛn na ɛka fa nnipa a wobehwim wɔn akɔ no ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena