Tawa ne Asɔfo
BƐBORO mfe 115 a atwam ni no, oduruyɛfo John Cowan kyerɛw nhoma bi a wɔato din The use of Tobacco vs. Purity, Chastity and Sound Health. Esiane nea wɔasua afa sɛnea tawa tumi pira ho wɔ nnansa yi mfe mu nti, nsɛm a ɔka faa nom a asɔfo bɛnom ho no da ade a wohu kɔ akyiri yiye adi na ɛfata sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn nne no hu. Oduruyɛfo Cowan kae wɔ ti 4 a ɛka abrabɔ mu nkɛntɛnso a tawanom de ba ho asɛm no mu sɛ:
“Sɛ tawanom nyɛ wɔ honam fam—sɛnea wɔada no adi pefee no—a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ennye wɔ abrabɔ fam; efisɛ ɛyɛ honam akwaa mu mmara sɛ ‘biribiara a ɛsɛe anaa ɛhaw nipadua no, ɛsɛe nkate nkwaadɔm no, na ɛnam so sɛe amemene no, ma enti ɛsɛe adwene no nso.’ Sɛnea obi de ne nipadua di dwuma yiye anaa ɔsɛe no no, nya n’adwene—ne nsusuwii, nsɛm a ɔka, ne nneyɛe, so nkɛntɛnso. Tawa din ankasa ne ɛho nneɛma yɛ fĩ, na—sɛ yɛammu sɛnea epira no ho akontaa koraa mpo a—ɛbɛyɛ dɛn na abrabɔ ho nkate ne nneyɛe a ɛho tew, ɛyɛ kronn, ɛteɛ, aba adwene no mu anaa anya nkɔso wom? Susuw ho nso —sɛ wobetumi asusuw ade a ɛte saa ho a—sɛ bere a Kristo rebɔ Ne bra pa wɔ asase so —ɔkyerɛkyerɛ na ɔka kronnyɛ, ahotew, ɔdɔ ne ayamye ho asɛm no—ɔnom tawa, sonoo bi, na ɔwee bi. So eyi ho adwene kɛkɛ nkyerɛ animtiaabu kɛse? Nanso asɔfo—wɔn a wodi Ne mmara ne nkyerɛkyerɛ ahorow akyi, wɔka ho asɛm na wɔkyerɛkyerɛ mu—sɛe wɔn nipadua no na wɔde wura a ɛyɛ fĩ na edi awu no gu wɔn akra ho fĩ. So saa nnipa yi anaa wɔn akyidifo betumi abɔ wɔn bra te sɛ Kristo —abrabɔ pa a ɛkorɔn? Misusuw sɛ wontumi.
“Sɛ wubetumi a, susuw odidifo, ɔsadweam, anaa tawanomfo ne koma a ɛho tew ho abom? Ɛho a wosusuw bom no da biribi a ɛmfata, ɛyɛ abofono, ɛyɛ tan adi. Sɛnea nipadua mu akɔnnɔ ne nkatede ahorow a ɛda adi asɛe no, saa ara na onipa a ɔyɛ wɔ ne mu, n’abrabɔ su no sɛe koraa. Honhom a ɛho tew no, rentra, entumi ntra nipadua a ɛyɛ fĩ mu. Abusuabɔ bi da honam fam ne honhom fam nneɛma ntam, ma enti biako su horow kyerɛ sɛnea foforo no te. Nyamesom kyerɛkyerɛfo ne tawa akoa . . . Ebia ɔde nokwaredi ne komapa nyinaa begye atom sɛ tawanom yɛ su bi a edi awu, ɛmfata wɔ abrabɔ fam; nanso ebia obenya nkate bi wɔ ne mu, ne honam akwaa mu mmara bi, a ɛnyɛ awosu mu de, a ɛka no ma onya akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ ɔnkɔ so nyɛ ade no, na mmara a ɛnyɛ awosu mu de yi mu betumi ayɛ den asen n’awosu mu ntease ne ahonim a aka abom. So tawanom nyɛ Onyankopɔn mmara a ɔde ahyɛ yɛn nipadua mu no mu biako so a wobu pefee? So Onyankopɔn mmara biako biara so bu nyɛ mfomso ne bɔne? Na sɛ obi bu Onyankopɔn mmara bi so daa a, so ɛrenyɛ mmerɛw sɛ obebu mmara afoforo so? Na nea etwa to no, ɛbɛyɛ dɛn na wɔabu obi a ɔde n’ankasa abrabɔ kɔ so kamfo bɔne a ɔyɛ tia ne mu mmara horow daa kyerɛ ne yɔnko abɔde sɛ abrabɔ pa ho ɔkyerɛkyerɛfo?”BƐBORO mfe 115 a atwam ni no, oduruyɛfo John Cowan kyerɛw nhoma bi a wɔato din The use of Tobacco vs. Purity, Chastity and Sound Health. Esiane nea wɔasua afa sɛnea tawa tumi pira ho wɔ nnansa yi mfe mu nti, nsɛm a ɔka faa nom a asɔfo bɛnom ho no da ade a wohu kɔ akyiri yiye adi na ɛfata sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn nne no hu. Oduruyɛfo Cowan kae wɔ ti 4 a ɛka abrabɔ mu nkɛntɛnso a tawanom de ba ho asɛm no mu sɛ:

“Sɛ wubetumi a, susuw odidifo, ɔsadweam, anaa tawanomfo ne koma a ɛho tew ho abom? Ɛho a wosusuw bom no da biribi a ɛmfata, ɛyɛ abofono, ɛyɛ tan adi. Sɛnea nipadua mu akɔnnɔ ne nkatede ahorow a ɛda adi asɛe no, saa ara na onipa a ɔyɛ wɔ ne mu, n’abrabɔ su no sɛe koraa. Honhom a ɛho tew no, rentra, entumi ntra nipadua a ɛyɛ fĩ mu. Abusuabɔ bi da honam fam ne honhom fam nneɛma ntam, ma enti biako su horow kyerɛ sɛnea foforo no te. Nyamesom kyerɛkyerɛfo ne tawa akoa . . . Ebia ɔde nokwaredi ne komapa nyinaa begye atom sɛ tawanom yɛ su bi a edi awu, ɛmfata wɔ abrabɔ fam; nanso ebia obenya nkate bi wɔ ne mu, ne honam akwaa mu mmara bi, a ɛnyɛ awosu mu de, a ɛka no ma onya akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ ɔnkɔ so nyɛ ade no, na mmara a ɛnyɛ awosu mu de yi mu betumi ayɛ den asen n’awosu mu ntease ne ahonim a aka abom. So tawanom nyɛ Onyankopɔn mmara a ɔde ahyɛ yɛn nipadua mu no mu biako so a wobu pefee? So Onyankopɔn mmara biako biara so bu nyɛ mfomso ne bɔne? Na sɛ obi bu Onyankopɔn mmara bi so daa a, so ɛrenyɛ mmerɛw sɛ obebu mmara afoforo so? Na nea etwa to no, ɛbɛyɛ dɛn na wɔabu obi a ɔde n’ankasa abrabɔ kɔ so kamfo bɔne a ɔyɛ tia ne mu mmara horow daa kyerɛ ne yɔnko abɔde sɛ abrabɔ pa ho ɔkyerɛkyerɛfo?”